Nneyɛe A ɛka Nnipa Hɔ—So edi W’asetra So?
Keith ka sɛ: “Mesɔre nnɔn 6 anɔpa biara.a Makyim me nyansa dɔn no ma ɛno ara bɔ nnɔn 6. Minim sɛ makyim atɔ hɔ. Mensesa no da. Nanso, ɛyɛ a mekɔ so hwɛ. Anyɛ yiye koraa no, anadwo biara mehwɛ no mpɛn anum ansa na mada. Afei ade a wokyim de sɔ sutof no—ɛsɛ sɛ mehwɛ hu sɛ madum emu biara. Mitumi hu sɛ madum no, nanso ɛyɛ a mesan hwɛ bio, ne mprenu ne ne mprɛnsa so—sɛnea ɛbɛyɛ a me ho bɛtɔ me kɛkɛ. Afei ɛsɛ sɛ mehwɛ fridge no pon no mpɛn pii, de hwɛ hu sɛ mato mu. Ahunaniankansa no korɔkorɔ nso wɔ hɔ, ɛne korɔkorɔ abien a ɛda fie no abɔnten pon ano no nso . . . ”
KEITH wɔ adwene ne nneyɛe ho haw (OCD), a wɔkyerɛ ase sɛ mmerɛwyɛ tebea a ɛde nsusuwii (nsusuwii a egye obi adwene) ne nneyɛe (nneyɛe a ɛka obi hɔ) a ontumi nni so ba.b Obi a ɔwɔ OCD no te nka sɛ saa nsusuwii a egye n’adwene no ne nneyɛe a ɛka ne hɔ yi ara na ɛba. Ɛte sɛ nea ɛba obi mu prɛko pɛ na edi ne so.
Onipa biara nya nsusuwii ne nkate a n’ani nnye ho wɔ bere ne bere mu. Nanso wɔ OCD fam no, eyinom bɛyɛ ade a ɛkɔ so ara a ennyae da ma ɛka asetram nneyɛe ankasa na ɛma obi ho yeraw no kɛse ma ɛtɔ da bi a onya adwenemhaw. Obi a ɔwɔ ɔhaw no bi ka sɛ: “Asidi a ɛkɔɔ so wɔ m’adwene mu bere nyinaa no kaa me ma misusuw me ho a mekum ho.” Susuw ɔyare a ɛhaw adwene yi ho nsɛnkyerɛnne bi ho.
Ɛnyɛ Nea Ani Hu na Wogye Di
Sɛ Bruce de ne kar fa biribi so a, ehu kɛse bunkam ne so. Obisa ne ho sɛ, ‘Na sɛ mafa ɔnantefo so nso ɛ?’ Nkate no mu yɛ den ara kosi sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ ɔsan kɔ baabi a “asɛmmɔne” no sii kɔhwɛ—ɛnyɛ pɛnkoro pɛ na mmom mpɛn pii! Nokwarem no, Bruce nkɔto sɛ ɔnantefo bi apira da hɔ. Nanso, onnye nni! Enti sɛ odu fie a, ɔhwɛ sɛ ɔbɛte asiane bi a ɛfa obi a ɔde kar abɔ nipa aguan ho wɔ nsɛm amanneɛbɔ mu anaa. Ɔfrɛ polisifo mpo “kɔka bɔne a wayɛ kyerɛ.”
Te sɛ Bruce no, nnipa pii a wɔwɔ OCD no nya adwenem naayɛ sɛ: ‘Mipiraa obi anaa? Midum sutof no ansa na merefi fie? Metoo pon no mu?’ Ɛtɔ da bi a nnipa dodow no ara tumi nya nsusuwii a ɛtete saa, nanso obi a ɔwɔ OCD no bɛhwɛ, ahwɛ, ahwɛ ara, nanso ne ho ntɔ no. Oduruyɛfo Judith Rapoport kyerɛw sɛ: “Ɛte sɛnea m’ayarefo a wɔkɔ so hwɛ sɛnea nneɛma te no ka sɛ ‘yenya nimdeɛ fi nkatede nkutoo mu.’ Enti ɛsɛ sɛ wokyim pon no nsa mpɛn pii; wɔsɔ kanea no dum no mpɛn pii. Saa nneyɛe yi ma obi nya nimdeɛ bi ntɛm ara, nanso ɔnte ne ho ase.”
Ade a Ɛho Tew Ho Ntew Papa
Ná ehu a abarimaa bi a wadi mfe 14 a wɔfrɛ no Charles wɔ sɛ obenya ɔyare mmoawa no agye n’adwene. Na ne maame de nsaden popa biribiara a ne nsa betumi aka ho. Afei nso na Charles suro sɛ ahɔho de fĩ befi abɔnten aba hɔ.
Sɛ Fran rehoro nneɛma a, na ehu bi ka no. Ɔka sɛ: “Sɛ mereyiyi ntade afi afiri a wɔde horo nneɛma no mu na sɛ ɛka nkyɛn a, mesan horo no foforo.”
Te sɛ Charles ne Fran no, nneɛma a ɛfa ɔyare mmoawa ne efĩ ho gye nnipa pii a OCD haw wɔn no adwene. Eyi betumi ama wɔaguare anaa wɔahohoro wɔn nsa mpɛn pii de akosi sɛ wɔn ho bɛbobɔ mpumpunya—nanso nea ɔwɔ ɔhaw no nte nka sɛ ne ho atew da.
Obi Adwene a Ɛteetee No
Onyankopɔn ho nsusuwii a ɛmfata a ɛno ankasa na ɛba haw Elaine. Ɔka sɛ: “Eyinom yɛ nsɛm a anka memfa nhyɛ m’adwene mu da, na anka mɛpɛ sɛ miwu mmom sen sɛ mede bɛhyɛ m’adwene mu.” Nanso nsusuwii no nnyae. “Ɛtɔ da bi a sɛnea meko tia eyi da biara da no ma mebrɛ ankasa anadwo.”
Steven sintɔ ahorow ho afobu nka a ɔte no ka no ma “ɔhyehyɛ” Onyankopɔn “bɔ.” Ɔka sɛ: “Saa tebea yi hyɛ me awerɛhow efisɛ ɛte sɛ nea emfi me yam. Ɛno akyi no, m’ahonim hyɛ me ma midi me bɔhyɛ so. Eyi kaa me bere bi ma mesɛee biribi a ɛsom bo ma me yiye.”
Elaine ne Steven nyinaa nya nsusuwii a egye wɔn adwene wɔ wɔn tirim titiriw. Ɛwom sɛ wonhu nsɛnkyerɛnne no wɔ wɔn a nsusuwii bi agye wɔn adwene no ho ntɛm de, nanso afobu ne ehu a wonya no bere nyinaa hyɛ wɔn so.
Eyinom yɛ OCD ho nsɛnkyerɛnne pii no bi ara kwa.c Dɛn na ɛde ɔhaw yi ba? Wɔbɛyɛ dɛn atumi ayi afi hɔ?
Ade a Wontumi Nni so no Sodi
Oduruyɛfo bi ka OCD nneyɛe ho asɛm sɛ efi “amemene mu akwanside bi” a ɛmma nkatede mu nsɛnkyerɛnne nnu nea ɛrekɔ, na “tebea no kɔ so mpɛn pii.” Dɛn na ɛma adeyɛ yi kɔ so mpɛn pii saa? Obiara ntumi nkyerɛ ankasa. Ɛkame ayɛ sɛ efi amemene mu nkra soafo no, na wɔrehwehwɛ amemene no afã foforo nso mu ahwɛ. Ebinom ka sɛ mmofraberem osuahu ahorow, ne ebia awosu betumi aka abom de OCD aba.
Nanso, nea ɛde ba biara no, nokwasɛm biako da adi: Ka kɛkɛ a wobɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ OCD no sɛ wonnyae nneɛma horo anaa wonnyae nneɛma a wɔhwɛ no mpɛn pii no renkosi hwee. Ɛnyɛ hyɛ a obi bɛhyɛ ne ho kɛkɛ ne asɛm no.
Aduruyɛ aboa nnipa pii. Ɔkwan foforo a wobetumi afa so ne sɛ wɔbɛma ɔyarefo no akɔ tebea a osuro no mu, na wɔmma ɔnyɛ dekode a ɔtaa yɛ wɔ ho no. Sɛ nhwɛso no, wobetumi ama obi a ɔpɛ nneɛma horo akura biribi a ayɛ fĩ mu bere a wɔmma no nhoro. Nokwarem no, ayaresa a ɛte saa no mma obi ho ntɔ no prɛko pɛ. Nanso, ebinom te nka sɛ sɛ ɛtoa so a, ebetumi ama wanya ahotɔ.
Abenfo ahwehwɛ mu ahwɛ sɛ ebia anyɛ yiye koraa no, wɔ ebinom fam no, wobetumi atu OCD ase wɔ wɔn mmofraberem mu anaa. Wɔahyɛ no nsow sɛ mmofra pii a wodi wɔn ani no nyin benya nkate bi wɔ wɔn mu sɛ wɔmfata anaa wɔn ho ntew, na aguare bebrebe bɛyɛ adeyɛ a ɛka wɔn mu bi hɔ.
Nsusuwii a Egye Nnipa Adwene ne Nneyɛe a Ɛka Wɔn Hɔ mu Ahotɔ a Wobenya
Sɛ OCD haw wo a, ɛnsɛ sɛ wote nka sɛ woyɛ soronko anaa gyama worebɔ dam. Ɔbenfo Lee Baer kyerɛw sɛ: “Sɛ nneɛma a ɛma ehu ka wɔn a wɔwɔ OCD no da nkyɛn a, nneɛma kɔ so yiye ma wɔn wɔ wɔn asetra mu nneɛma a aka nyinaa mu.” Wubetumi anya mmoa! Kae, sintɔ na ɛde OCD ba. Ɛnkyerɛ abrabɔ fam mmerɛwyɛ anaa honhom fam nkogudi! Saa ara nso na ɛnkyerɛ sɛ Onyankopɔn nnye obi ntom. “Mmɔborohunufo ne ɔdomfo ne Awurade, ne bo kyɛ fuw, na n’adɔe dɔɔso. Na onim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.”—Dwom 103:8, 14.
Nanso sɛ nsusuwii a egye obi adwene yɛ te sɛ nea ɛmfata anaa ɛyɛ abususɛm nso ɛ? Sɛ obi wɔ OCD a, nsusuwii a ɛmfata a onya no ma ɔte afobu nka, na afobu betumi ama nsusuwii a ɛmfata no ayɛ kɛse mpo. Elaine ka sɛ: “Ɛma asɛm haw me ntɛmntɛm paa. Ɛma meyɛ basaa—na bere nyinaa misusuw sɛ ɛbɛyɛ sɛ Yehowa bo afuw me.” Ebinom mpo tumi te nka sɛ wɔn nsusuwii no yɛ bɔne a wɔmfa mfiri!
Nanso, ɛda adi pefee sɛ nsɛm a Yesu kae wɔ bɔne a wɔmfa mfiri ho, bɔne a etia Onyankopɔn honhom kronkron ho no, mfa nsusuwii a ɛba obi tirim prɛko pɛ a egye n’adwene no ho. (Mateo 12:31, 32) Na Yesu nsɛm no fa Farisifo no ho. Na onim sɛ wɔn ntua no yɛ boapayɛ ankasa. Na nneɛma a wɔhyɛɛ da yɛe no fi koma a nitan ahyɛ no ma mu.
Nokwarem no, ebia haw a ɛbɛhaw obi sɛ wafom Onyankopɔn no nkutoo betumi adi adanse sɛ ɔnyɛɛ bɔne a wɔmfa mfiri. (Yesaia 66:2) Afei nso, awerɛhyem wom sɛ yebehu sɛ Ɔbɔadeɛ no te ɔhaw yi ase. Ɔyɛ mmɔborohunufo, na ‘wayɛ krado sɛ ɔde befiri.’ (Dwom 86:5; 2 Petro 3:9) Sɛ yɛn ankasa koma bu yɛn fɔ mpo a, “Onyankopɔn sõ kyɛn yɛn koma na ohu ade nyinaa.” (1 Yohane 3:20) Onim nsusuwii ne nneyɛe biara a efi ɔhaw bi a yenni so tumi pii no. Enti obi a OCD haw no a ohu eyi no betumi akwati sɛ ɔde afobu a ɛnsɛ bɛhaw ne ho.
Hwɛ sɛnea yebetumi de aseda ama sɛ Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔde wiase foforo bi bɛba a honam, adwene, ne nkate fam nyarewa nyinaa befi hɔ! (Adiyisɛm 21:1-4) Ɛnkosi saa bere no, wɔn a ɛsɛ sɛ wogyina saa ɔhaw yi ano no betumi ayɛ nneɛma a mfaso wɔ so de abrɛ wɔn amanehunu no ase.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔasesa edin a ɛwɔ asɛm yi mu no bi.
b Nyan! nkamfo ayaresa pɔtee biara nkyerɛ. Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ saa ɔhaw yi hwɛ yiye na ayaresa a wɔbɛhwehwɛ no anyɛ nea ɛne Bible nnyinasosɛm ahorow nhyia.
c Ɛho sɛnkyerɛnne pii no mu bi ne adekan anaa nneɛma pii a wɔboaboa ano sie anaasɛ sɛnea wɔbɛhyehyɛ nneɛma yiye a egye obi adwene.
[Kratafa 28 adaka]
Sɛnea Wode Mmoa Bɛma
SƐ ADAMFO anaa obusuani no, wubetumi ayɛ pii de aboa obi a ɔreko adwene ne nneyɛe ho haw (OCD).
• Nea edi kan no, hwɛ w’ankasa wo su. Sɛ wugye di sɛ nea ɔwɔ ɔhaw no yɛ mmerɛw, onihafo, anaa asobrakye a, ɛyɛ dɛn ara a obehu eyi, na ɛrenhyɛ no nkuran mma onnya nkɔso.
• Wo ne nea ɔwɔ ɔhaw no nkasa. Hu nea ɔreko tia no. Mpɛn pii no, ade a edi kan a obi a OCD haw no hia na watumi adi ho nsɛnkyerɛnne no so ne sɛ obenya obi a ɔmfa nsɛm nsie na obedi no nokware a obetumi anya ne mu ahotoso aka ne tirim asɛm akyerɛ no.—Mmebusɛm 17:17.
• Ɛnyɛ ntotoho. OCD ma obi nya nkate a ɛhyɛ ne so a ɛnte sɛ nea wɔn a wonni bi no nya. Enti ɛntaa mmoa sɛ wobɛka sɛnea wudi wo nkate horow ho dwuma akyerɛ no.—Fa toto Mmebusɛm 18:13 ho.
• Boa nea ɔwɔ ɔhaw no ma ɔmfa botae a ntease wom nsisi hɔ na onnu ho. Paw sɛnkyerɛnne bi, na fa botae bi sisi hɔ a ɔde bedi so. Fa botae a ɛnyɛ den koraa sɛ obedu ho no di kan. Sɛ nhwɛso no, botae biako ne sɛ ebia ɔrenguare mmoro mpɛn dodow bi a wɔahyɛ ato hɔ.
• Fa nkamfo ma wɔ nkɔanim a ɛba ho. Nkamfo hyɛ nneyɛe pa mu den. Nkɔso biara—sɛnea esua no mfa ho—yɛ nea ɛho hia.—Mmebusɛm 12:25.
Obi a ɔwɔ OCD a wɔne no tra no betumi ama abusuafo abotow. Enti, ɛsɛ sɛ nnamfo yɛ wɔn a wɔte asɛm ase na wɔboa wɔ akwan a mfaso wɔ so biara a wobetumi so.—Mmebusɛm 18:24b.
[Kratafa 27 mfonini]
Nneɛma a wɔhoro ma ɛboro so ne nneɛma a wɔhwɛ no mpɛn pii—OCD ho sɛnkyerɛnne abien