Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp23 nɔma 1 kr. 6-7
  • 1 | Mpaebɔ​—‘Tow Wo Dadwen Nyinaa Gu No So’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 1 | Mpaebɔ​—‘Tow Wo Dadwen Nyinaa Gu No So’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2023
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Wei Kyerɛ
  • Hwɛ Sɛnea Nea Edi So Yi Betumi Aboa Wo
  • Montow Mo Dadwen Nyinaa Ngu Yehowa So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Fa wo Dadwen Nyinaa To Yehowa So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nneyɛe A ɛka Nnipa Hɔ—So edi W’asetra So?
    Nyan!—1996
  • Dɛn na Bible Aka?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2023
wp23 nɔma 1 kr. 6-7
Aberante bi a wayɛ basaa rebɔ mpae, na ɔde ne nsa ato ne koko.

1 | Mpaebɔ​—‘Tow Wo Dadwen Nyinaa Gu No So’

BIBLE KA SƐ: “Montow mo dadwen nyinaa ngu [Onyankopɔn] so, efisɛ odwen mo ho.”​—1 PETRO 5:7.

Nea Wei Kyerɛ

Biribiara a ayɛ adesoa a ɛrehaw yɛn adwene no, Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ yɛka ho asɛm kyerɛ no. (Dwom 55:22) Yebetumi abɔ yɛn haw biara ho mpae, sɛ ɛso oo, sɛ esua oo. Nea yɛrebɔ ho mpae no, sɛ ɛho hia yɛn nko ara de a, ɛnde Yehowa nso, ɛho hia no, efisɛ odwen yɛn ho, na ɔte nka ma yɛn. Sɛ yɛpɛ sɛ yenya asomdwoe a, ade baako a yebetumi ayɛ ne sɛ yɛbɛbɔ Yehowa mpae.​—Filipifo 4:6, 7.

Hwɛ Sɛnea Nea Edi So Yi Betumi Aboa Wo

Sɛ yenya adwene mu yare na sɛ ɛreteetee yɛn a, ɛtɔ da a ɛma yɛte nka sɛ yɛayɛ ankonam. Sɛnea yɛte nka ne nea yɛrefa mu no, ebia ebinom rente ase. Nanso sɛ yefi yɛn komam bɔ sɛnea yɛte nka no ho mpae a, Yehowa benya abotare atie yɛn, na ɔbɛte yɛn ase. (Mmebusɛm 14:10) Yehowa hu yɛn, na ɛyaw ne abɛbrɛsɛ a yɛrefa mu nyinaa, n’ani tua. Biribiara a ɛhaw yɛn biara, ɔpɛ sɛ yɛka ho asɛm kyerɛ no.​—2 Beresosɛm 6:29, 30.

Sɛ yɛbɔ Yehowa mpae a, ɛma yenya awerɛhyem paa sɛ odwen yɛn ho. Odwontofo no kaa asɛm bi wɔ ne mpaebɔ mu, na yɛne no yɛ adwene. Ɔkaa sɛ: “Woahu m’amanehunu, na wunim m’ahohia bebrebe no.” (Dwom 31:7) Sɛ yehu sɛ nea yɛrefa mu no, Yehowa hu, na yɛn asɛm yɛ n’asɛm a, ɛno mpo betumi aboa yɛn ama yɛagyina ɔhaw biara a yɛrefa mu no ano. Ahohia a yɛrefa mu no, ɔnhwɛ kɛkɛ nyi n’ani, mmom ɔyɛ ho biribi. Nea yɛrefa mu no, ɔte yɛn ase sen obiara, na ɔboa yɛn ma yenya nkuranhyɛ fi n’Asɛm Bible no mu.

Sɛnea Bible No Reboa Julian

Sɛnea Dadwen Reteetee Me

Julian.

“Meyɛ obi a adwinnwen hyɛ me so, na mewɔ yare bi a yɛfrɛ no obsessive-compulsive disorder (OCD). Mewɔ hɔ a, mihu sɛ prɛko pɛ, na adwinnwen ahyɛ me so, migye me ho baabiara a ennye. Ɛtɔ da a, mewɔ hɔ a asɛ biribiara rekɔ yiye, nanso mehu ara ne sɛ prɛko pɛ, na biribiara asesa, na mafi ase redwinnwen. Nanso wobɛhwɛ na biribiara nsii. Sɛ me ne nkurɔfo wɔ hɔ a, saa bere no paa na ɛtaa ba. Nea nkurɔfo dwen fa me ho no, ɛyɛ a midwen ho dodo. Midwen ho pii saa a, na asɛe m’anigye.

“Wɔn a wɔnim sɛ mewɔ saa yare no, ɛyɛ a wɔyɛ nea wɔbetumi biara sɛ wɔbɛboa me. Ɛtɔ da a wɔtumi ka nsɛm bi a, me ara mitumi hu sɛ ɛmmoa me papa. Nanso nea wɔyɛ de boa me biara, m’ani sɔ.

“Ɛtɔ da a me yare no nti, ɛyɛ den sɛ mɛbɔ mpae. Mebrɛ paa ansa na matumi ne Yehowa akasa wɔ mpaebɔ mu, efisɛ ɛyɛ a ɛyɛ den sɛ mede m’adwene besi nea mereka no so. Midwen biribi ho a, ensi, wubehu ara ne sɛ meresan adwen foforo ho. Ɛba saa a, na m’adwene atu afra. Sɛ m’adwene kyinkyin saa a, nea mepɛ sɛ meka kyerɛ Yehowa no, ɛma ɛyɛ den sɛ mɛka.”

Sɛnea Bible Boa Me

“Bere a misuaa Bible no, mibehuu sɛ ɛnsɛ sɛ me mpae yɛ tenten, anaa mekyerɛ sɛ m’ano atew ansa na Onyankopɔn agye mpae no atom. Ɛtɔ da na merebɔ mpae na mihu sɛ, sɛnea mete nka no, mintumi nkyerɛ mu a, nea meka ara ne sɛ: ‘Yehowa mesrɛ wo boa me.’ Ɛba saa a, me ara mitumi hu sɛ Yehowa te me ase, na nea mihia no saa bere no, ɔde ma me. Mpaebɔ da nkyɛn a, ade foforo a mayɛ ne sɛ makohu adɔktafo. Saa nneɛma mmienu yi nti, metumi aka paa sɛ seesei me yare no abrɛ ase. Ɛwom, ɛsɛ sɛ mimia m’ani paa ansa na matumi abisa m’Agya a ɔwɔ soro no hɔ mmoa, nanso meyɛ, efisɛ minim sɛ, ɔdɔ me na ɔpɛ sɛ ɔboa me.”

Biribi a Ebetumi Aboa Mmabun

Video a yɛato din “Bra Bɛyɛ Yehowa Adamfo​—Bɔ Mpae Bere Biara.”

Sɛ wokɔ jw.org a, wubehu nea enti a wubetumi anya awerɛhyem sɛ wobɔ mpae a Yehowa tie, na ɔyɛ biribi de bua wo mpaebɔ.

Hwɛ video a yɛato din Bra Bɛyɛ Yehowa Adamfo​—Bɔ Mpae Bere Biara.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena