Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp23 nɔma 1 kr. 8-9
  • 2 | ‘Awerɛkyekye a Wubenya Afi Kyerɛwnsɛm No Mu’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 2 | ‘Awerɛkyekye a Wubenya Afi Kyerɛwnsɛm No Mu’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2023
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Wei Kyerɛ
  • Hwɛ Sɛnea Nea Edi So Yi Betumi Aboa Wo
  • Adwenemhaw Redi Mmabun Nya—Adɛn Ntia? Dɛn na Ɛbɛboa?
    Nyan!—2017
  • 3 | Sɛnea Nnipa a Wɔn Ho Asɛm Wɔ Bible Mu Betumi Aboa Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2023
  • Adwenemhaw
    Nyan!—2013
  • Nneɛma a Ɛde Adwenemhaw Ba
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2023
wp23 nɔma 1 kr. 8-9
Akwakoraa bi te hɔ redwinnwen nea wakenkan wɔ Bible mu no ho.

2 | ‘Awerɛkyekye a Wubenya Afi Kyerɛwnsɛm No Mu’

BIBLE KA SƐ: “Biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw sɛ ɛnkyerɛkyerɛ yɛn, na yɛnam yɛn animia ne Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so anya anidaso.”​—ROMAFO 15:4.

Nea Wei Kyerɛ

Sɛ ɛkɔba sɛ yare nti, yenya adwene bi a ɛmfata a, Bible no wɔ awerɛkyekye nsɛm bebree a ebetumi ama yɛanya ahoɔden na yɛamia yɛn ani agyina ano. Ɛno da nkyɛn a, nsɛm a ɛwɔ Bible mu no ma yenya anidaso sɛ, ɛyaw ne adwinnwen a etumi hyɛ yɛn so no bɛyera nsesa mu anaa ebefi hɔ.

Hwɛ Sɛnea Nea Edi So Yi Betumi Aboa Wo

Ɛwom, yɛn nyinaa, ɛtɔ da a nneɛma tumi hyɛ yɛn so anaa yɛn werɛ how, nanso wɔn a wɔwɔ adwene mu yare a yɛfrɛ no depression anaa wɔn a dadwen hyɛ wɔn so no de, da biara yɛ da bɔne ma wɔn; ɛte sɛ nea da biara biribi haw wɔn. Sɛn na Bible betumi aboa wɔn?

  • Nsɛm a ɛhyɛ nkuran bebree wɔ Bible mu a wɔbetumi de asi adwene biara a ɛmfata ananmu. (Filipifo 4:8) Bible mu nsɛm betumi akyekye yɛn werɛ, na ebetumi ama yɛanya adwempa a ɛbɛboa yɛn ama yaw a yɛredi no so atew.—Dwom 94:18, 19.

  • Sɛ yenya adwene sɛ yɛn so nni mfaso a, Bible no betumi aboa yɛn ama yɛabɔ agu anaa yɛayi afi yɛn tirim.—Luka 12:6, 7.

  • Bible mu nsɛm bebree ma yenya awerɛhyem sɛ, ɛnkaa yɛn nko ara; yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ Ɔbɔadeɛ no te yɛn ase paa, na yɛn asɛm yɛ n’asɛm.—Dwom 34:18; 1 Yohane 3:19, 20.

  • Bible no hyɛ yɛn bɔ sɛ, nsɛm a asisi anaa yaw a yɛrefa mu no, Onyankopɔn beyi ne nyinaa afi hɔ, na ɛrenteetee yɛn bio. (Yesaia 65:17; Adiyisɛm 21:4) Sɛ ɛkɔba sɛ dadwen hyɛ wo so anaa woreteetee a, ma saa bɔhyɛ yi nhyɛ wo den, na ama woanya ahoɔden a wode begyina ano.

Sɛnea Bible No Reboa Jessica

Sɛnea Depression Reteetee Me

Jessica rekenkan Bible, na wafa mu ada.

“Bere bi, nneɛma hyɛɛ me so ara ma na mintumi nyɛ hwee. Mekɔɔ ayaresabea no, wɔka kyerɛɛ me sɛ manya adwene mu yare bi a yɛfrɛ no depression; na emu yɛ den paa. Saa bere no na madi mfe 25. Nea na yare no reyɛ me ne sɛ, mewɔ hɔ a nneɛma a ɛyɛ yaw a asisi wɔ m’abrabɔ mu no besi me tirim. Ɛba saa a, na agyaw me adwinnwen; meyɛ me ho hwee a ɛnyɛ yiye. Adɔktafo ma metee ase sɛ, nneɛma a atoto me wɔ abrabɔ mu a ɛyɛ a midwen ho no, ɛka ho bi nti na mewɔ hɔ a, adwene a ɛmfata ba me tirim no. Ɛno nti wɔde me too aduru so, na wɔsan kyerɛɛ me nneɛma bi a ɛbɛma mahu sɛ me yare no reyɛ aba ne nea metumi ayɛ de asɔ ano.”

Sɛnea Bible Boa Me

“Sɛ me yare no ba paa a, ɛreyɛ ara ni na me yam ahye me, na adwinnwen abɛtɔ me so. Afei nso mekɔ kɛtɛ so a, mintumi nna. Mpɛn pii no, anadwo a ɛsɛ sɛ meda no, na m’adwene nenam. Dwom 94:19 ka sɛ, sɛ dadwen hyɛ yɛn so a, Onyankopɔn betumi akyekye yɛn werɛ, na waka yɛn koma ato yɛn yam. Wei nti, mede me Bible ne nhoma ketewa bi a mekyerɛwkyerɛw Bible mu nsɛm a ɛhyɛ me nkuran wom guu me mpa ho. Sɛ ɛkɔba sɛ mintumi nna a, mekan Bible no sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn bɛkyekye me werɛ.

“Bible no tu yɛn fo sɛ, adwene biara a ɛmfata no, yentutu ngu anaa yenyi mfi yɛn tirim. Kan no, na mete nka sɛ me so nni mfaso, wode me yɛ hwee a ɛnyɛ yiye, na obiara nnɔ me. Nanso misuaa Bible no, mibehuu sɛ, saa adwene no nyinaa nye, na ɛne nea Bible ka no nhyia. Bible ka sɛ, Onyankopɔn yɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ ne ayamhyehye, na odwen yɛn mu biara ho paa. Afei nkakrankakra, sɛ adwene bi a ɛmfata ba me tirim a, na memma kwan mma ɛnhyɛ me so, mmom na mitumi di so. Mabehu sɛ Yehowa dɔ me, na ɔwɔ me ho adwempa, enti ɛsɛ sɛ me nso minya adwempa. Saa nokwasɛm a mibehui no aboa me paa ama memma adwene a ɛmfata kwan wɔ m’abrabɔ mu.

“Merehwɛ kwan sɛ daakye, nneɛma a atoto me wɔ abrabɔ mu a ɛyɛ a ɛkae me yaw ne adwene a ɛmfata a ɛba me tirim no, ne nyinaa befi hɔ. Afei nso, esiane sɛ mabehu sɛ daakye, adwene mu yare nyinaa befi hɔ nti, ɛma me ahoɔden bi de gyina nea merefa mu seesei no ano. Efisɛ minim sɛ ɛnkyɛ nkyɛ wɔ n’afe; daakye papa bi da m’anim retwɛn me. Saa bere no de, me ne adwene mu yare a yɛfrɛ no depression too nkwanta a yɛapae.”

Sɛ Wuhia Ɛho Nsɛm Pii a . . . 

Kenkan asɛm a yɛato din “Help From ‘the God of Comfort’.” Ɛwɔ July 2009 Nyan! Borɔfo de no mu. Wubehu wɔ jw.org.

Bible mu nhoma a ɛne Nnwom no, kenkan wɔ jw.org.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena