3 | Sɛnea Nnipa a Wɔn Ho Asɛm Wɔ Bible Mu Betumi Aboa Wo
BIBLE KA . . . Mmarima ne mmea anokwafo bi a na wɔwɔ “atenka te sɛ yɛn ara” ho asɛm.—YAKOBO 5:17.
Nea Wei Kyerɛ
Sɛ yɛhwɛ Bible mu a, yebehu mmarima ne mmea bebree a na wɔwɔ atenka te sɛ yɛn ara; na ɛsono obiara ne sɛnea ɔte nka. Sɛ yɛkenkan wɔn ho nsɛm a, yebenya Bible mu nipa bi a yebehu sɛ nea ɔfaa mu no, sɛɛ ɛno ara bi na yɛrefa mu.
Hwɛ Sɛnea Nea Edi So Yi Betumi Aboa Wo
Obiara ani gye ho sɛ obehu sɛ nkurɔfo te no ase. Nanso bere a yɛpɛ sɛ nkurɔfo te yɛn ase paa ne bere a yɛanya adwene mu yare. Ɛno nti sɛ yɛkenkan Bible no a, ɛma yehu nnipa bi a na wɔdwen te sɛ yɛn, na wɔte nka te sɛ yɛn. Ɛba saa a, ɛma yehu sɛ nea yɛrefa mu no, ebinom nso afa mu pɛn, enti sɛ ɔhaw ne adwinnwen bɛtɔ yɛn so a, ɛremma yɛnte nka sɛ aka yɛn nko ara.
Wɔn a na wɔte nka sɛ wɔn ani so atan wɔn, na wɔnni anidaso biara no, Bible no ma yehu nsɛm a wɔkae no bi. Woaka asɛm bi te sɛ, ‘Afei de mabrɛ, nea ebesi biara nsi’ pɛn? Sɛ woaka biribi saa pɛn a, ɛnyɛ wo nko ara. Mose, Elia ne Dawid nso tee nka saa.—Numeri 11:14; 1 Ahene 19:4; Dwom 55:4.
Bible no ka ɔbea bi a yɛfrɛ no Hanah ho asɛm. Bere bi, na awo ho ayɛ den ama no, na na ne kora nso serew no san di n’ani. Wei maa ne ‘werɛ howee.’—1 Samuel 1:6, 10.
Bible ka ɔbarima bi a yɛfrɛ no Hiob ho asɛm. Ebia nea ɔfaa mu no, wo nso worefa bi mu. Ɛwom, na ɔwɔ Yehowa mu gyidi, nanso nea ɔfaa mu no maa bere bi, ɔde yaw kaa sɛ: “Me nkwa afono me; mempɛ sɛ mekɔ so tena ase bio.”—Hiob 7:16.
Nnipa a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu yi, sɛ yɛkenkan nea ɛyɛe a wɔtumi gyinaa wɔn haw no ano a wɔamma nea wɔfaa mu no anhyɛ wɔn so no a, ɛbɛboa yɛn ama yɛn nso yɛanya ahoɔden a yehia de agyina yɛn haw ahorow a ɛreteetee yɛn no ano.