Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 3/8 kr. 16-17
  • So Ɛsɛ sɛ Kristofo Gyina Kumfɔ Akyi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛsɛ sɛ Kristofo Gyina Kumfɔ Akyi?
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Afoa No” a Wɔde Ma Nnipa Atumfoɔ
  • “Afoa No” a Wɔde Adi Dwuma Ɔkwammɔne So
  • Ɔfã Biara a Kristofo Nni
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Afa A Atumfo A Wɔkorɔn No Wɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Wɔwɔ Wiase Nso Wɔnyɛ Wiase No Fã
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ɛsɛ Sɛ Nyamesomfo De Wɔn Ho Hyehyɛ Amanyɔsɛm Mu Anaa?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 3/8 kr. 16-17

Bible no Adwene

So Ɛsɛ sɛ Kristofo Gyina Kumfɔ Akyi?

“ƐNTEƐ wɔ abrabɔ fam ne mmara kwan so.” “Ɛfata, na ɛteɛ.” Adwenhorow a enhyia yi fi asɔfo baanu a wɔn nyinaa frɛ wɔn ho Kristofo hɔ. Na wɔregye akyinnye wɔ nnɛyi nsɛmpɔw atitiriw no biako ho—owu asotwe. Atesɛm krataa a ɛfaa wɔn anom nsɛm kae no kyerɛe sɛ: “Sɛ nyamesom akannifo regye kumfɔ ho kyim a, afanu no nyinaa fa Bible mu nsɛm de foa wɔn gyinabea no so.”

Ebinom ka sɛ owu asotwe bɔ wɔn a wɔn ho nni asɛm ho ban, ɛma atɛntrenee kɔ so, na esiw nsɛmmɔnedi a anibere wom ano. Afoforo kyerɛ sɛ ɛnteɛ—ɛyɛ basabasayɛ a wɔde basabasayɛ foforo a ɛkyɛn so di ho dwuma, na ɛnyɛ ɔkwan a ɛfata a wɔfa so yɛ ade te sɛ ade pa a ɛne sɛ wosiesie amumɔyɛfo, boa wɔn ma wɔbɛyɛ nnipa a wɔn ho wɔ mfaso wɔ asetram no.

Saa akyinnyegye yi kɔ so denneennen wɔ United States amanyɔfo mu titiriw, na nyamesom akannifo ntwentwɛnee wɔn nan ase sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ mu. Nanso ebia wubebisa sɛ, ‘Bible ka owu asotwe ho biribi?’ Nokwarem no, ɛyɛ saa.

“Afoa No” a Wɔde Ma Nnipa Atumfoɔ

Noa bere so Nsuyiri no akyi pɛɛ no, Yehowa Nyankopɔn sii ɛbo a nnipa nkwa som no so dua, na ɔkae sɛ: “Nea ohwie onipa mogya gu no, onipa so na wɔnam behwie ne mogya agu.” (Genesis 9:6) Nokwarem no, na eyi nyɛ hokwan a obiara betumi agyina so atɔ were. Mmom no, na ɛkyerɛ sɛ efi saa bere no rekɔ no, wɔbɛma nnipa atumfoɔ a wɔfata akum wɔn a wokum afoforo no.

Wɔ tete Israel no, Mmara a Onyankopɔn nam Mose so de mae no hyɛe sɛ wommu obi kumfɔ wɔ bɔne a anibere wom bi ho. (Leviticus 18:29) Nanso, na Mmara no ka biribi a ɛbɛma wɔabu atɛn a ɛteɛ, nnipa a wohuu asɛm no a wodi ho adanse, na wosiw ɔporɔw ano nso. (Leviticus 19:15; Deuteronomium 16:18-20; 19:15) Na ɛsɛ sɛ atemmufo no yɛ mmarima a wosuro Nyankopɔn, na na wɔwɔ asodi wɔ Onyankopɔn ankasa anim! (Deuteronomium 1:16, 17; 2 Beresosɛm 19:6-10) Enti na nneɛma bi wɔ hɔ a esiw kumfɔ a wobebu nkurɔfo basabasa no ano.

Ɛnnɛ nniso biara nni asase yi so a ɛde ɔsoro atɛntrenee di dwuma sɛnea tete Israel yɛe no. Nanso akwan pii so no, nniso ahorow no di dwuma sɛ Onyankopɔn “asomfo,” anaa adwumayɛfo, a ɛkyerɛ sɛ wɔhwɛ ma nneɛma kɔ so wɔano wɔano ma asomdwoe ba, na wɔde ɔsom a ɔmamfo hia ma wɔn. Ɔsomafo Paulo kaee Kristofo sɛ wɔnyɛ osetie mma saa “tumi a ɛwɔ anuonyam” yi, na ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ woyɛ bɔne a, suro, na [sodifo no] wonkura afoa no kwa; na wɔyɛ Onyankopɔn asomfo a wodi were de abufuw ba nea ɔyɛ bɔne no so.”—Romafo 13:1-4.

“Afoa” a Paulo kaa ho asɛm no gyina hɔ ma hokwan a nniso no wɔ sɛ ɛtwe amumɔyɛfo aso—kum wɔn mpo. Kristofo bu saa hokwan no, nanso ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ wɔn adwene wɔ ɔkwan a wɔfa so di ho dwuma no ho anaa?

“Afoa No” a Wɔde Adi Dwuma Ɔkwammɔne So

Akyinnye biara nni ho sɛ mpɛn pii na nnipa nniso ahorow de “afoa no” adi dwuma de ahwehwɛ atɛntrenee. Nanso ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ wɔadi fɔ nso wɔ ɔkwammɔne a wɔafa so de adi dwuma no ho. (Ɔsɛnkafo 8:9) Na tete Roma nniso no di fɔ wɔ “afoa no” a wɔde buu Onyankopɔn asomfo a wɔn ho nni asɛm kumfɔ no ho. Na Yohane Osuboni, Yakobo, ne Yesu Kristo mpo ka wɔn a wɔde dii wɔn awu no ho.—Mateo 14:8-11; Marko 15:15; Asomafo no Nnwuma 12:1, 2.

Biribi a ɛte saa ara asi wɔ nnɛ bere yi mu. Wɔakunkum Yehowa asomfo a wɔn ho nni asɛm wɔ aman ahorow mu—denam tuo a wɔbɔ wɔn, afiri a wɔde twa tiri, sɛn a wɔsɛn wɔn, ne ɔdan a mframa a edi awu wom a wɔde wɔn gu mu so—a ne nyinaa nniso a wɔrebɔ mmɔden asiw Kristofo ano na wɔnam “mmara” kwan so yɛɛ saa. Atumfoɔ a wɔde wɔn tumi di dwuma ɔkwammɔne so nyinaa bebu akontaa akyerɛ Onyankopɔn. Hwɛ mogya ho afodi kɛse a ɛda wɔn so!—Adiyisɛm 6:9, 10.

Nokware Kristofo suro sɛ wobedi mogya ho fɔ wɔ Yehowa Nyankopɔn anim. Enti, bere a wɔkyerɛ obu ma hokwan a nniso bi wɔ sɛ ɛde “afoa no” di dwuma no, wɔn ani tua sɛnea wɔde adi dwuma ɔkwammɔne so no yiye. Wɔde adi dwuma sɛ adwinnade a wɔde taa nkurɔfo, na ɛtɔ da bi nso a wɔde hyɛ ebinom so esiane wɔn ho adwemmɔne nti, na woyi mmɔborohunu a ɛnsɛ adi kyerɛ afoforo.a Enti dɛn na Kristofo yɛ wɔn ade wɔ akyinnye a wogye wɔ kumfɔ ho no ho? Wɔde wɔn ho hyem ka sɛ wɔnsakra no anaa?

Ɔfã Biara a Kristofo Nni

Nea ɛnte sɛ asɔfo a yɛkaa wɔn ho asɛm mfiase no, nokware Kristofo bɔ mmɔden ma saa nnyinasosɛm a ɛho hia yi tra wɔn adwene mu: Yesu Kristo ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ ‘wɔnyɛ wiase no fã.’—Yohane 15:19; 17:16.

Kristoni betumi atie saa afotu no na bere koro no ara ɔde ne ho ahyɛ kumfɔ ho akyinnyegye no mu anaa? Ɛda adi sɛ ɛrenyɛ yiye. Anyɛ hwee koraa no, eyi yɛ asetra ne amammui mu ɔsɛmpɔw. Wɔ United States no, wɔn a wɔrepere ɔmampanyin dibea no taa de wɔn gyinabea wɔ kumfɔ ho—sɛ́ wɔpene so anaa wɔmpene so—no di dwuma sɛ wɔn nhyehyɛe no fã a ɛho hia wɔ wɔn dawurubɔ mu. Wogye asɛm no ho akyinnye denneennen, na wɔnam atenka a asɛm yi taa ma wɔda no adi so dan nnipa a wɔreto aba adwene ba wɔn nsusuwii so.

Ebia asemmisa a ɛsɛ sɛ Kristoni susuw ho ne eyi: Anka Yesu de ne ho bɛhyehyɛ akyinnyegye a ɛfa sɛnea wiase yi nniso horow de “afoa no” di dwuma ho no mu? Kae, bere a Yesu mamfo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ɔde ne ho ahyɛ amammuisɛm mu no, “ɔtwee ne ho, na ɔno nko ara kɔɔ bepɔw no so bio.” (Yohane 6:15) Enti ɛda adi kɛse sɛ anka obegyaw asɛm no ama wɔn a Onyankopɔn de hyɛɛ wɔn nsa no—nniso ahorow no.

Saa ara na nnɛ, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan sɛ Kristofo bɛhwɛ yiye na wɔampere wɔn ho amfa wɔn ho anhyehyɛ asɛm yi ho akyinnyegye mu. Wɔbɛkyerɛ obu ama hokwan a nniso ahorow wɔ sɛ wɔyɛ nea wɔpɛ. Nanso sɛ Kristofo asomfo a wɔnyɛ wiase no fã no, wɔrennyina owu asotwe akyi anaa wɔnka sɛ wontwam.

Mmom no, wɔma nsɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 8:4 no tra wɔn adwene mu sɛ: “Ɔhene asɛm di tumi, na hena na obetumi aka akyerɛ no sɛ: Dɛn na woreyɛ yi?” Yiw, wɔama wiase ‘ahene’ anaa amammui sodifo tumi sɛ wɔnyɛ nea wɔpɛ. Kristoni biara nni tumi sɛ ɔkasa tia wɔn. Nanso Yehowa betumi ayɛ saa. Na ɔbɛyɛ saa. Bible ma yɛhwɛ ɛda a Onyankopɔn bebu atɛn a ɛteɛ a edi akyiri wɔ asɛmmɔne biara ne “afoa no” a wɔde dii dwuma ɔkwammɔne biara so wɔ wiase dedaw yi mu ho no kwan.—Yeremia 25:31-33; Adiyisɛm 19:11-21.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ nhwɛso no, wɔabɔ U.S. afiase ahorow sobo sɛ afe biara wokunkum nsɛmmɔnedifo a wɔde wɔn gu afiase fã a wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ wɔ no mu ɔha biara mu 2 pɛ. Wɔn mu bebree wuwu desani wu, na ɛnyɛ sɛ wokunkum wɔn. Wɔabɔ wɔn sobo nso sɛ wɔhwɛ nnipa anim—efisɛ akontaabu kyerɛ sɛ sɛ obi kum oburoni a, ɛyɛ mmerɛw sɛ wobebu no kumfɔ sen sɛ obekum bibini.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 16]

The Bettmann Archive

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena