Anwansena a Wɔhaw Adwene No So Wɔn Ho Hia Sen Sɛnea Wususuw?
YƐN mu dodow no ara bu anwansena sɛ wɔhaw nnipa anaasɛ wɔyɛ asiane ankasa ma nnipa. Nanso, nkwa abɔde ho animdefo rehu sɛ ɛmfa ho sɛ anwansena tumi haw adwene no, wɔn ho hia sen sɛnea ebia yebesusuw.
Mmoa yi ahorow pii de adekyee mu bere fã kɛse kyinkyin nhwiren a ɛbɔ aduan ntɛmntɛm na ɛma saa akoekoemmoa a wɔkɔ so no nhwiren mu nsu ne aba no so. Anwansena bi a wotumi twe nhwiren aba mu aduan—adeyɛ a ɛno nkutoo mpo nna fam—no di aduan a ahoɔden wom kɛse yi de to wɔn nkesua.
Bere a anwansena no di akɔneaba wɔ nhwiren so no, wɔfa nhwiren aba a etumi tetare ade ho ntɛm a wɔnhyɛ da, bere a ɛfomfam wɔn ho no. Na nhwiren aba 1,200 na ɛwɔ nwansena bi a nkwa abɔde ho animdefo tɔɔ wɔn bo ase yɛɛ ne ho nhwehwɛmu ho! Bere a wɔayɛ nhwehwɛmu pii wɔ sɛnea anwansena pete nhwiren aba ho no, nyansahufo ahu sɛ nhwiren bi nkwa gyina wɔn so.
Natural History nsɛmma nhoma no ka nhwehwɛmu ahorow bi a wɔyɛe wɔ Colorado, Amerika Kusuu fam, ho asɛm. Wɔde kɔla a ɛhyerɛn yeyɛɛ musoid anwansena a ɛsɛ fie anwansena no ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu wɔn ntɛm. Bere a nhwehwɛmufo no hwɛɛ wɔn da biara dwumadi no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa sɛ wohui sɛ na anwansena no de nhwiren aba apetepete nhwiren a n’ankasa fifi no bi so kɛse sen nwowa, na na wokyin du akyiri sen nwowa.
Anwansena no adwuma ho hia dɛn? Wɔde atena kataa nhwiren bi so sɛnea ɛbɛyɛ a akoekoemmoa ntumi nkɔ so. Saa nhwiren yi ansow aba koraa—ma ɛne nea ɛbɛn hɔ a anwansena no de nhwiren aba petepetee so a ɛsow aba no bɔ abira koraa. Ɛwom sɛ nwowa titiriw na wɔde nhwiren aba petepetee nhwiren bi so de, nanso ɛdefa afoforo te sɛ siwabiri anaa geranium a n’ankasa fifi a ɛwɔ mmepɔw so ho no, anwansena no yɛɛ adwuma yi mu bɛboro ɔha biara mu 90.
Dɛn na Carol Kearns ne David Inouye a wɔyɛ nhwehwɛmufo no mu baanu kae? “Enti, wɔ nhwiren a n’ankasa fifi wɔ Colorado Rockies hɔ no fam no, anwansena di ho dwuma sen nwowa, afofantɔ, ne aserewa ahorow . . . Sɛ anwansena yi a nnipa dodow no ara bu wɔn sɛ wɔn ho yɛ ahoguan kakra no nni hɔ a, anka nhwiren a n’ankasa fifi a ɛma mmepɔw so sare so nsrahwɛ yɛ anigye kɛse no ntumi nsow aba.” Akyinnye biara nni ho sɛ, anwansena ho wɔ mfaso!