Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 4/8 kr. 26-29
  • Wubetumi Ama Sɛnea Wokae Ade Atu Mpɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wubetumi Ama Sɛnea Wokae Ade Atu Mpɔn
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkurɔfo Din a Yɛbɛkae
  • Sɛnea Wɔkaakae Nneɛma a Wɔahyehyɛ Din
  • Nea Wokenkan a Wobɛkae
  • Nea Wobɛyɛ A Wubetumi Akae Ade Yiye
    Nyan!—1992
  • Wubetumi Ama Sɛnea Wokae Ade no Atu Mpɔn
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • W’ani Sɔ Nneɛma a Onyankopɔn De Akyɛ Yɛn No Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
Nyan!—1996
g96 4/8 kr. 26-29

Wubetumi Ama Sɛnea Wokae Ade Atu Mpɔn

“MINTUMI nkaakae nsɛm koraa.” Woaka saa pɛn? Sɛ saa a, mma w’aba mu mmmu. Nyansahyɛ ne mmɔdenbɔ kakra betumi de mpontu a ɛyɛ nwonwa aba. Mmu w’amemene no adewa. Tumi a ɛwɔ no yɛ nwonwa.

ƆKWAN bɛn so na amemene no yɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa no? Wɔ nnansa yi mfe mu no, wɔayɛ amemene no mu nhwehwɛmu sen bere biara a atwam. Nanso bere a nhumu reyɛ kɛse no, nimdeɛ kakraa bi na yɛda so ara wɔ wɔ ɔkwan a amemene no tumi fa so yɛ nneɛma ankasa a ɛyɛ no ho.

Wontumi nhu sɛnea yesua nsɛm na yɛkae no pefee, nanso nhwehwɛmufo rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛte saa ahintasɛm yi ase. Nea ɛma yesua ade na yɛkae no bi ne ɛhon ntini bɛyɛ ɔpepepem 10 kosi ɔpepepem 100 a ɛwɔ amemene no mu no. Nanso anyɛ yiye koraa no, saa ɛhon ntini no bɛyɛ saa ɔpedudu pii. Nkyerɛkyerɛ biako ne sɛ bere a wɔde ɛhon ntini no, anaa synapse ahorow no di dwuma ma enya ahoɔden no, efi ase sua nneɛma.

Bere a yenyin no, tumi a adwene no wɔ no so betumi atew; na sɛnea yɛyɛ wɔ nneɛma ho no so betumi atew. Amemene mu nkwa mmoawa no nyɛ wɔn ho foforo, na ɛda adi sɛ mpanyimfo kɔ so hwere bi. Nanso bere tenten a yɛde yɛn amemene di dwuma no, yebetumi akora tumi a yɛn adwene no wɔ so bere tenten.

Yɛn nsusuwii nya amemene no so nkɛntɛnso. Adwempa ne animtew ma amemene no dwumadi tu mpɔn a mfe a obi adi mfa ho. Adwennwen bi betumi ayɛ nea mfaso wɔ so nanso adwennwen mmoroso mma amemene no ntumi nyɛ adwuma yiye. Apɔw mu teɛteɛ betumi aboa ma adwene mu nhyɛso so atew.

Ɛwom sɛ eyi betumi ayɛ nkuranhyɛ de, nanso yɛn werɛ betumi afi nsɛntitiriw bi, ɛmfa ho mfe biara a yɛadi. Yebetumi anya nkɔso? Beae biako a nnipa dodow no ara wɔ nsɛnnennen ne nnipa a yehyia wɔn din a yɛbɛkae.

Nkurɔfo Din a Yɛbɛkae

Nyansahyɛ tiawa kakraa bi betumi aboa wo kɛse ma woakae din ahorow yiye. Onipa no ho anigye a wubenya boa. Onipa din som bo ma no. Mpɛn pii no, yentumi nkae din no efisɛ mfiase no yɛante no yiye. Enti sɛ obi bɔ ne din kyerɛ wo a, tie no yiye. Sɛ ɛho hia a, ka kyerɛ onipa no sɛ ɔmmɔ ne din bio anaasɛ ɔnkyerɛ wo sɛnea wɔkyerɛw no mpo. Fa di dwuma mpɛn pii wɔ mo nkɔmmɔbɔ no mu. Sɛ wo ne onipa no redi nkra a, fa ne din frɛ no. Sɛnea nyansahyɛ kakraa yi bɛboa wo no bɛyɛ wo nwonwa.

Nyansahyɛ foforo a ebetumi ama woakaakae din kɛse ne sɛ wode obi din bɛtoto biribi a wubetumi ayɛ ho mfonini wɔ w’adwene mu ho. Sɛ wubetumi ama nneyɛe bi akɔ so wɔ mfonini mu a, ɛbɛboa kɛse.

Sɛ nhwɛso no, na ɛyɛ den ma obi sɛ ɔbɛkae ɔmanni bi a ɔne no mmɔ kɛse din, a na ɛne Ɔhemen. Enti bere a ohuu saa barima yi no, osusuw nea asɛmfua “ɔhene” kyerɛ ho, “obi a odi tumi.” Ɔyɛɛ ɔbarima yi ho mfonini sɛ ɔredi tumi, hwɛɛ anuonyam a ɔwɔ mu no. Ɛboaa no bere nyinaa; edin Ɔhemen baa n’adwene mu ntɛm ara.

Ebia edin pii wɔ hɔ a wunnim nea ɛkyerɛ, enti ɛho behia sɛ wode asɛmfua bi a ɛte sɛ saa din no besi ananmu. Sɛ asɛmfua a wode si ananmu no ne sɛnea wɔbɔ din no nhyia pɛpɛɛpɛ koraa a, ɛmfa ho. W’adwene betumi ama woakae din no yiye. Sɛ wohyehyɛ w’ankasa nsɛm na woyɛ nneɛma ho mfonini ahorow a, ɛma ɛka w’adwenem yiye.

Sɛ nhwɛso no, obi abɔ Owurayere Amoa din akyerɛ wo. Wubetumi de agyinamoa asi ananmu. Woyɛ mfonini wɔ w’adwenem sɛ agyinamoa bi redi agoru wɔ abrannaa bi so.

Ehia sɛ wugye bere bi de nsiyɛ suasua eyi yɛ, nanso ɛboa ankasa. Harry Lorayne kyerɛkyerɛ adeyɛ yi mu wɔ ne nhoma How to Develop a Super-Power Memory mu, na ɔde adi dwuma wɔ nhyiam pii ase. Ɔka sɛ: “Mpɛn pii na mahyia nnipa ɔha kosi ahanu wɔ simma dunnum anaa nea ennu saa mu, a me werɛ mfi edin biako mpo!”

Sɛnea Wɔkaakae Nneɛma a Wɔahyehyɛ Din

Ɔkwan bɛn so na wobɛfa atumi akae nneɛma a ɛsono mu biara a wɔahyehyɛ din? Ɔkwantiaa ne sɛ wobɛkeka abom de ayɛ biribi. Sɛnea edi dwuma ni: Woyɛ ade no mu biara ho mfonini wɔ w’adwene mu na afei wode ade a edi kan no ne nea ɛto so abien no abom ayɛ biribi, na afei wode nea ɛto so abien no ne nea ɛto so abiɛsa no ayɛ saa ara, ne nea ɛkeka ho.

Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ wokɔtɔ nneɛma ahorow anum wɔ adetɔnbea: nufusu, paanoo, light bulb, gyeene, ne ice cream. Fi ase denam paanoo a wode bɛka nufusu no ho so. Fa no sɛ worehwie nufusu afi paanoo mu. Ɛwom sɛ mfonini no betumi ayɛ serew de, nanso ebetumi aboa ma woakaakae nneɛma no. Afei nso, bɔ mmɔden sɛ wobɛma adeyɛ bi akɔ so wɔ mfonini a wode w’adwene ayɛ no mu a ɛkyerɛ sɛ worehwie nufusu no.

Bere a wode nufusu ne paanoo abom ayɛ biribi no, kɔ ade a edi hɔ no so, light bulb. Wubetumi de paanoo ne bulb no abom ayɛ biribi denam mfonini a wobɛyɛ sɛ worebɔ mmɔden de paanoo no ahyɛ ade a wɔde bulb hyɛ mu no mu so. Afei fa light bulb no ne gyeene no bom yɛ biribi denam mfonini a wobɛyɛ sɛ worehuan light bulb kɛse bi ho, na woresu bere a woyɛ no. Nokwarem no, ɛbɛyɛ papa sɛ w’ankasa wode nneɛma no bɛbom ayɛ biribi. Wubetumi de nneɛma a etwa to no, gyeene ne ice cream no abom ayɛ biribi? Ebia wubetumi asusuw sɛ woredi ice cream a wɔde gyeene ayɛ!

Hwɛ sɛ wubetumi akaakae nneɛma no din a. Afei fa edin a w’ankasa woahyehyɛ sɔ w’adwene hwɛ. Hyehyɛ no tenten sɛnea wopɛ. Kae, nea ɛbɛyɛ na woakae nneɛma a wode abom reyɛ biribi no yiye no, wubetumi ama ayɛ anika anaa serew mpo anaa nea biako so sen biako. Bɔ mmɔden ma adeyɛ bi nkɔ so wɔ mfonini no mu, na fa ade biako si foforo ananmu.

Ebia ebinom bɛka sɛ saa kwan yi gye bere tenten sen sɛ wobɛkyere nneɛma no din agu wo tirim kɛkɛ. Nanso, ne nkyerɛkyerɛmu gye bere tenten sen sɛ wode redi dwuma. Bere a woasɔ ahwɛ kakra no, wobɛkeka nneɛma no abobom de ayɛ biribi ntɛm, na sɛnea wokaakae nsɛm, ne ahoɔhare a wode sua ade no bɛyɛ papa asen sɛ wobɛbɔ mmɔden asua a nhyehyɛe a ɛte saa nka ho. Bere a wɔka kyerɛɛ nnipa 15 sɛ wɔnkaakae nneɛma 15 din no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, wotumi kaee 8.5. Bere a wɔde nhyehyɛe no dii dwuma no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, kuw koro no ara tumi kaee 14.3. Nokwarem no, sɛ wokae sɛ wode nneɛma yi din a woakyerɛw no bɛka wo ho akɔ bere a worekodi gua a, ɛno bɛma woakae 15 no—ne nyinaa!

Nea Wokenkan a Wobɛkae

Wɔ bere a nsɛm pii ayɛ mu ma yi mu no, beae foforo a yɛn mu dodow no ara hia mmoa ne ade a yebesua no yiye. Adesua ho hia titiriw wɔ sukuu mu, adwuma mu, mpɔn a obi betu mu, ne ahosiesie a wɔyɛ ma baguam ɔkasa mu. Nea ɛka ho no, ɛsɛ sɛ Kristoni yi bere si hɔ ma kokoam Bible adesua.—Yohane 17:3.

Ebia wobɛka sɛ, ‘nanso ɛyɛ den ma me sɛ mɛkae nea masua no.’ Dɛn na wubetumi ayɛ? Bere a wode sua ade a wobɛma mfaso aba so no betumi aboa wo ma woakae nea wokenkan no. Nyansahyɛ ahorow bi ni.

Sɛ woresua ade a, nhyehyɛe a w’ankasa wobɛyɛ ho hia. Nya nhoma ahorow, kyerɛwdua, ne krataa a wobɛkyerɛw so. Bɔ mmɔden sɛ wubesua ade wɔ baabi pa a dede nni hɔ, a nneɛma rentwetwe adwene kɛse na hann a ɛfata wɔ hɔ. Dum radio ne television no.

Nya bere ma adesua daa. Wɔ ebinom fam no, bere tiaa bi a wɔde besua ade da biara da no betumi asow aba kɛse sen sɛ wɔde bere pii besua ade bere koro no ara mu. Ɛyɛ papa sɛ wobɛkyekyɛ wo bere mu. Sɛ́ anka wubesua ade nnɔnhwerew abien a wunnyae no, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛkyekyɛ bere no mu fi simma 25 kosi 40, a simma kakraa bi na ɛdeda ntam. Nhwehwɛmu ada no adi sɛ eyi boa ma wokaakae nneɛma kɛse.

Hu ade a wopɛ sɛ wusua bere a woresua ade no. Eyi boa ma wode w’adwene si so. Ansa na wubefi nhoma bi ase no, di kan fa simma kakraa bi hwɛ mu. Hwɛ asɛmti no. Hwɛ nsɛmti a wɔahyehyɛ a ɛbɔ nhoma no mu nsɛm mua no. Afei kenkan nhyɛnmu anaa nnianim asɛm no. Ɛha na ɔkyerɛwfo no ka ne botae ne adwene a ɔwɔ ho asɛm.

Ansa na wubefi ase akenkan ti bi no, hwɛ mu. Hwɛ nsɛmti nketewa, mfonini, nsɛm ne akontaabu pon, nsɛm a wɔabɔ no mua, ne nkyekyem a efi ase ne nea ewie no. Hwɛ nkyekyem biara kasamu a edi kan no. Mpɛn pii no, saa kasamu ahorow yi mu na nsɛntitiriw no wɔ. Nya adwene a nhoma no kura no nyinaa. Bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na na ɔkyerɛwfo no repɛ akyerɛ? Dɛn na metumi anya afi saa asɛm yi mu? Dɛn ne nsɛntitiriw no?’

W’adwene a wode besi so ho hia. Ɛsɛ sɛ wode w’adwene si so koraa. Nea ɛbɛma woatumi ayɛ saa ne sɛ wobɛma bere a wode sua ade no ayɛ anigye sɛnea ɛbɛyɛ yiye bere biara. Ma ɛnyɛ anigye denam asɛm no mu nneɛma a wubetumi de adi dwuma no ho a wubesusuw so. Yɛ ho mfonini. Fa adwene no di dwuma denam ɛho mfonini a wobɛyɛ sɛ wote ne hua, ne dɛ, na wuso mu so, sɛ asɛm no bɛma woayɛ eyi a.

Bere a woahu atirimpɔw a ɛwɔ asɛm no mu no, ɛsɛ sɛ woyɛ krado sɛ wobɛyɛ nneɛma bi ho kyerɛwtohɔ. Nneɛma ho kyerɛwtohɔ a wobɛyɛ no yiye no betumi ama wo ntease ayɛ kɛse na woakae asɛm no. Ɛho nhia sɛ nneɛma ho kyerɛwtohɔ a woyɛ no yɛ ɔkasamu nyinaa, na mmom ɛsɛ sɛ ɛyɛ nsɛntitiriw anaa ɔkasasin a ɛboa wo ma wokae nsɛntitiriw no.

Asɛm no a wobɛte ase no nkyerɛ ankasa sɛ wubetumi akae ne nyinaa daakye. Nokwasɛm no ne sɛ wɔ nnɔnhwerew 24 ntam wɔ adesua a woyɛ akyi no, wo werɛ betumi afi asɛm no mu bɛyɛ ɔha mu 80, anyɛ yiye koraa no, wɔ bere tiaa bi mu. Ɛno yɛ abasamtu, nanso sɛ wutĩ asɛm no mu a, wubetumi akae saa ɔha mu 80 no mu bi anaa dodow no ara. Wɔ adesua biara akyi no, fa simma kakraa bi yɛ ntimu. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, tĩ mu bio da a edi hɔ no, ne afei dapɛn biako akyi, ne ɔsram biako akyi. Nyansahyɛ ahorow yi a wode bedi dwuma no betumi aboa wo ma woanya w’adesua bere a ɛsom bo no mu mfaso a ɛsen biara na woakae nea wokenkan no.

Enti mmu w’amemene adewa. Wubetumi ama sɛnea wutumi kae nneɛma no atu mpɔn. Abɔde ho nyansahufo bi kaa amemene no ho asɛm sɛ “ade a ɛnyɛ mmerɛw koraa sɛ wobehu sɛnea ɛte ankasa a ɛde besi nnɛ wɔahu wɔ yɛn amansan yi mu.” Ɛyɛ nkamfo ma nyansa ne tumi a ɛyɛ hu a ne Bɔfo, Yehowa, wɔ no.—Dwom 139:14.

[Asɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 29]

Sɛnea ɛbɛyɛ na woakae din a woahyehyɛ no, fa nneɛma a wɔkeka bom yɛ biribi di dwuma: Yɛ nneɛma a woahyehyɛ no biara ho mfonini wɔ w’adwene mu. Afei fa ade a edi kan no mfonini no ne nea ɛto so abien no de bom, ne nea ɛkeka ho

Nneɛma a worekɔtotɔ din:

1. Nufusu Fa 1 ne 2 bom

2. Paanoo Fa 2 ne 3 bom

3. “Light bulb” Fa 3 ne 4 bom

4. Gyeene Fa 4 ne 5 bom

5. “Ice cream”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena