Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 4/8 kr. 30-31
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmofra Akofofo
  • Cycad Ahobammɔ
  • Nsuka Akɛse Nkataso a Ɛyera
  • Bible Nkyerɛase Afoforo
  • Edin Ho Nsɛnnennen
  • Wɔabɔ Rwanda Mmea Sobo
  • Abɔde a Esiesie Nneɛma
  • Wɔn Ti a Wɔde Soa Nneɛma
  • “Jerusalem Ho Adwenemhaw” No
  • Dɛn na Mmea Benya Daakye?
    Nyan!—1998
  • Mmea ne Wɔn Nnwuma Ho Anisɔ a Wɔbɛkyerɛ
    Nyan!—1998
  • Dwuma Bɛn na Yehowa De Mmea Di?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • “Mmea A Wɔreyɛ Adwuma Dennen Wɔ Awurade Mu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 4/8 kr. 30-31

Wiase Nsɛm

Mmofra Akofofo

Mmofra adɔɔso wɔ akofofo a wɔwɔ wiase nyinaa no mu. Sɛnea International Herald Tribune kyerɛ no, mmofra sua sɛnea wokunkum nnipa ntɛmntɛm, na wɔn nkate wɔ papa ne bɔne ho ano nyɛ den sɛ pɛ a wɔpɛ sɛ asraafo kuw biara a wɔyɛ emufo begye wɔn atom no. Amanaman Nkabom no kasamafo bi kae sɛ: “Wɔn a wodii atirimɔdensɛm paa wɔ Rwanda ne mmeae foforo no mu binom yɛ mmofra. Wɔpɛ sɛ wogye wɔn tom na wɔkamfo wɔn, na ebia ade biako pɛ a ɛbɛma mpanyimfo agye wɔn atom sɛ wɔn atipɛnfo ne sɛ wobenya akokoduru anaa wɔbɛyɛ atirimɔdenne asen wɔn.” Wɔ ɔko a ɛrekɔ so wɔ Afrika no biako mu no, wɔtetee mmarimaa a wɔadi mfe awotwe pɛ hyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ atirimɔdenne, te sɛ tow a wɔtow wɔn ankasa awofo tuo na wotwaa wɔn mene. Wɔmaa mmeawa a wɔkyeree wɔn guanee no noaa nnuan maa mmarima no, prapraa wɔn atrae na wɔne wɔn dedae. Newsweek nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Mmofra a wobu akontaa sɛ wɔredi ako mprempren dodow yɛ 50,000 kosi dodow a ɛkɔ anim yiye a ɛyɛ 200,000 wɔ ɔko 24 mu.”

Cycad Ahobammɔ

Afifide ho animdefo pii bu cycad Encephalartos woodii sɛ wiase no mu afifide a ɛho yɛ na yiye. Enti bere a South Africa sii gyinae sɛ ɛde afifide a ɛte sɛ abɛ a ɛwɔ baabi a owia bɔ na osu tɔ kɛse no bi bɛkɔ London Chelsea Nhwiren Yikyerɛ ase wɔ afe a etwaam no mu no, wɔde ne dua no sii biribi a akorɔmfo ntumi nwia a wɔde srade a ekunkum afifide nketenkete asra ho mu de bɔɔ ho ban. New Scientist ka sɛ mprempren wɔbɔ cycad a wɔde tu kwan wɔ South Africa no ho ban wɔ saa kwan yi so. Nea ɛbɛyɛ na wɔako atia akorɔmfo no, wɔn a wɔbɔ abɔde ho ban wɔ South Africa no nam ahunmu ahyɛn so rebɔ wuram cycad ho ban nnɛ saa ara.

Nsuka Akɛse Nkataso a Ɛyera

Economic Daily atesɛm krataa no bɔ amanneɛ sɛ Beijing nnipa bɛboro 200 totɔɔ nsuka akɛse a ano da hɔ mu wɔ 1994 mu. Dɛn ntia? Akorɔmfo awia nsuka akɛse nkataso bɛboro 2,000 afi China ahenkurow mmɔnten so wɔ afe yi mu. Wɔkyerɛ sɛ atubrafo, Chinafo a wodi atutra no na wowiaa emu dodow no ara. Nkataso no wia akɔ anim wɔ mfe du a atwam no mu bere a kurow no mu atubrafo redɔɔso no. Wobetumi atɔn nkataso a emu duru yɛ kilogram 60 no de agye bɛboro yuan 100 (U.S. dɔla 12). Nnipa a wɔnam fam ne wɔn a wɔte sakre so ka hɔfo a wopirae no ho.

Bible Nkyerɛase Afoforo

U.S.News & World Report ka sɛ: “Wɔde nnɛyi Engiresi kasa mu Bible nkyerɛase foforo pii kɔ nhomatɔnbea.” Wɔayɛ Bible ama mmofra, agumadifo, wɔn a wɔn mfe akɔ anim, ɛnanom a wɔnyɛ honam fam adwuma, agyanom, ne akuw foforo. Emu biako a ɛne Black Bible Chronicles, “de kasa a wɔntaa nka ne anwensɛm ma Bible mu nsɛm yɛ anigye ma Amerika Afrikafo mmofra.” Foforo a ɛne The New Testament and Psalms: An Inclusive Version, de nsɛmfua a ɛmma wonhu sɛ obi yɛ ɔbarima anaa ɔbea di dwuma. Ɛfrɛ Onyankopɔn sɛ “Agya ne Ɛna,” na onipa Ba no bɛyɛ “ɔdesani.” Nea ɛbɛyɛ na wɔnhyɛ nnipa a wɔyɛ abenkumma abufuw no, nsɛm asekyerɛfo no frɛ Onyankopɔn nsa nifa sɛ ne “tumi nsa,” na mmusua ntam biakoyɛ nti, wɔnka bio sɛ esum kyerɛ bɔne. Nea ɛto so abiɛsa a ɛne New International Reader’s Version New Testament, no tintimfo ka ho asɛm sɛ ɛyɛ “Bible a edi kan koraa a ne kenkan ne asete nyɛ den koraa a wɔtɔn.” Asɛm no de ba awiei sɛ: “Wɔ ne nyinaa mu no, seesei Engiresi kasa nkutoo mu Bible nkyerɛase bɛboro 450 na ɛwɔ hɔ. Esiane sɛ nkyerɛase foforo yi nyinaa bi wɔ nhomatɔnbea nti, ɛda adi sɛ Bible bɛkɔ so ayɛ nhoma a wɔtɔ sen biara a akyɛ.”

Edin Ho Nsɛnnennen

Abadin resa wɔ China a emu nnipa boro ɔpepepem 1.2 no. Sɛnea nhwehwɛmufo kyerɛ no, abadin 3,100 pɛ na wɔde di dwuma wɔ hɔ seesei, sɛ wɔde toto bɛyɛ 12,000 ho wɔ bere a atwam no mu a. Nnipa bɛyɛ ɔpepem 350—ɛte sɛ United States ne Japan nnipa a wɔaka wɔn abom dodow—kura abadin anum a abu so paa no: Li, Wang, Zhang, Liu, ne Chen. Bio nso, wɔde din a edi kan yi ara di dwuma mpɛn pii nso. Sɛ nhwɛso no, wɔ Tianjin no, nnipa bɛboro 2,300 kura edin Zhang Li, na wɔde nkyerɛwde koro no ara na ɛkyerɛw, bere a wɔn a wɔdɔɔso sen saa bɔ din no sɛnea wɔbɔ no no, nanso wɔde nkyerɛwde soronko na ɛkyerɛw no. Esiane sɛ eyi ama nneɛma ayɛ hwanyann nti, wɔakyere nnipa bi a ɛnsɛ sɛ wɔkyere wɔn, ebinom akoyi afoforo sika afi sikakorabea, na wɔadi mfomso ayɛ nnipa bi oprehyɛn wɔ ayaresabea. Ɔhaw a ɛte saa ara rekɔ so wɔ Korea Adehyeman no mu. 1987 mu nhwehwɛmu bi daa no adi sɛ nnipa 5 biara mu 1 din de Kim. Wɔbarae sɛ nnipa a wokura abadin koro nware na ama wɔabɔ wɔn ho ban wɔ mogyafra ho. Eyi maa nnipa mpempem pii boom trae sɛ awarefo, nanso wɔamfa wɔn aware no ankɔhyɛ mmara ase, ma enti wɔamfata sɛ wobenya sika a wotua wɔ asiane ho ne mfaso foforo. Nanso, ɔman no asennibea kunini no ahyɛ mmara sɛ sɛ nnipa baanu a wokura din koro no di kan kɔware wɔ amannɔne a, wobegye wɔn aware no atom wɔ mmara kwan so.

Wɔabɔ Rwanda Mmea Sobo

Afrika Hokwan Ahorow ahyehyɛde a ɛwɔ London no ka sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nnipa bɛyɛ 500,000 a wokunkum wɔn wɔ Rwanda 1994 no ho asodi to mmea ne mmarima nyinaa so. Wɔn amanneɛbɔ no ka sɛ: “Mmea kunkum mmea foforo mpempem pii. Faako a mmea de nnamyɛ nyaa nnipakum no mu kyɛfa kodui no yɛ ade a ɛso bi mmae da. Ɛnyɛ asiane a esii kɛkɛ. Wɔn a wɔyɛɛ nnipakum no ho nhyehyɛe hwehwɛe sɛ wɔbɛma ɔmanfo dodow no ara anya mu kyɛfa sɛnea wobetumi biara—mmarima, mmea ne mmofra a wɔadi mfe awotwe pɛ. Wɔkyekyee ɔman a wɔyɛɛ ade traa so a mogyahwiegu aka wɔn bom.” Na mmea a wɔde wɔn ho hyɛɛ mu no bi kura dibea a ɛma wotumi de ho to wɔn so—ɔman asoafo, amantam so mpanyimfo, mmea asɔfo, akyerɛkyerɛfo, ne ayarehwɛfo. Ebinom de nkrante ne atuo kunkum nnipa no nnam so, afoforo nso nam mmarima awudifo no a wɔhyɛɛ wɔn mpamden so boae, denam afie ne ayaresabea a wɔmaa wɔn kwan ma wɔkɔɔ hɔ, ne afie mu nneɛma a wɔfowee ne awufo no ho ntade a woyiyii no so.

Abɔde a Esiesie Nneɛma

The Times a wotintim wɔ London no bɔ amanneɛ sɛ afifide ahorow a ɛpae nhwiren da no adi sɛ etumi siesie anhweatam a fango sɛe no ma ɛyɛ nwonwa. Nyansahufo ahu sɛ afifide yi ase tumi yɛ frɔmfrɔm wɔ baabi a fango no mu duru ba fam sen anhwea no mu duru ɔha biara mu nkyem 10 no, na fango no bi nni ntini no ho koraa. Dɛn ntia? Afifide nketenkete ɔpepem pii a ɛwowɔ afifide no ho no twetwe fango no ma ɛporɔw yɛ nneɛma a ɛmmɔn. Afifide ahorow yi fi afifide akuw akɛse no biara a wɔfrɛ no Compositae no mu, a ebi ne daisies, asters, ne nwura pii. Nyansahufo kamfo kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔtɛw afifide yi ma anhweatam a ɛwɔ Kuwait no nsiesie yɛ ntɛm. Mfe anan wɔ wɔne Iraq ntam ɔko no akyi no, anhweatam a n’afanan no nyinaa trɛw bɛyɛ kilomita 50 so asɛe ara.

Wɔn Ti a Wɔde Soa Nneɛma

Discover nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Afrika mmea soa nhina a nsu wom anaa nkɛntɛn a aduan wom de nantew akwansin pii te sɛ nea wɔnso hwee. Nhwehwɛmufo ahu sɛ mmea no betumi asoa nnesoa bebree a wonhia ahoɔden foforo biara.” Kenya mmea bi tumi soa nnesoa a emu duru bedu wɔn ankasa mu duru mu ɔha mu nkyem 20 a enhia mmɔdenbɔ biara. Ɔkwan bɛn na wɔfa so yɛ? New Scientist bua sɛ denam “wɔn nnesoa a wɔsoa no yiye sen nnipa a wɔde wɔn nnesoa a emu yɛ duru hyɛ wɔn akyi anaa nnipa a wɔntetee wɔn sɛ wɔmfa wɔn ti nni dwuma” no so. “Nhwehwɛmufo no gye di sɛ nea ɛma mmea no tumi yɛ saa ne sɛnea wɔnantew a wɔn nipadua hinhim no.” Sɛ yɛnantew a, yɛte sɛ biribi a ehinhim, na anammɔn biara a yetu no ma yenya ahoɔden bi. Europafo de, sɛnea wotumi nya ahoɔden yi so tew bere a adesoa no mu kɔ so yɛ duru no. Nanso Afrika mmea a wɔde wɔn ti soa nnesoa no de, enya nkɔanim ankasa, ma enti enhia sɛ wɔn ntini ahorow yɛ adwuma biara tra so. Nanso, egye mfe pii ansa na ɔkwan a wɔfa so yɛ no adi mu.

“Jerusalem Ho Adwenemhaw” No

Time nsɛmma nhoma no ka sɛ ɛyɛ “ɔyare a ɛka nsrahwɛfo a kurow no honhom fam nneɛma ho nkate a ano yɛ den bunkam wɔn so, bere a wɔagye adi sɛ wɔne Agyenkwa no, anaa Bible mu nipa foforo bi, anaa Onyankopɔn ama wɔn nkrasɛm anaa ahyɛde titiriw bi no. Wɔn mu dodow no wɔ adwenemhaw.” Italiani a ɔwɔ bogyesɛ bi a wohui sɛ okyinkyin mmepɔw a ɛbɛn Betlehem so a ɔhyɛ kotoku no kyerɛ sɛ ɔne Yesu. Ɔbarima bi a ɔda adagyaw a ohinhim nkrante de tu mmirika kyin Kurow Dedaw no mu no ka sɛ wɔama no adwuma sɛ ɔnsa anifuraefo yare. Canadani ɔbran bi ka sɛ ɔyɛ Simson na “ɔkyerɛ sɛ ɛte saa” denam n’ayaresabea mfɛnsere mu dade a ɔwae fi hɔ na oguan no so. Wɔtaa de wɔn a ɔyare no aka wɔn no kɔ Jerusalem Kfar Shaul Adwenemyare Ayaresabea—wɔnkɔsa wɔn yare wɔ hɔ na mmom wokodwudwo wɔn na ama wɔatumi asan akɔ wɔn man mu akɔsa wɔn ho yare. Ayaresabea no hwɛ ayarefo bɛyɛ 50 afe biara, na wofi Europa Atɔe ne United States titiriw.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena