Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 4/8 kr. 21-22
  • Asase mu Nturui a Ahintaw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asase mu Nturui a Ahintaw
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Biribi a Wɔahu no Nnansa Yi Ara
  • Asiane a Ɛnsɛ sɛ Wobu Ani Gu So
  • Asaasewosow Akɛse—Dɛn Na Bible Aka Afa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Asasewosow Bi Ho Nhwehwɛmu
    Nyan!—2002
  • Nkɔmhyɛ 1. Asasewosow
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Asasewosow, Bible Nkɔmhyɛ, ne Wo
    Nyan!—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 4/8 kr. 21-22

Asase mu Nturui a Ahintaw

WƆ August 18, 1994 no, anyɛ yiye koraa no, asasewosow a ano yɛ den bi kunkum nnipa 171 wɔ Algeria. Nnipa ɔhaha pii pirapirae, na nnipa mpempem pii hweree wɔn atrae. Adapɛn pii ansa na ɛno resi no, asasewosow akɛse sisii wɔ Bolivia, Colombia, ne Indonesia nso, a sɛ wɔka ne nyinaa bom a, ekunkum nnipa ɔhaha pii.

Ná wunim sɛ saa asiane akɛse yi sisii? Ebia ɛnte saa, gye sɛ ɛkaa wo ankasa anaasɛ wote ɔman bi a ɛbɛn hɔ mu. Nanso, sɛ asasewosow akɛse si California, U.S.A., mpɔtam hɔ a, ɛte sɛ nea amansan nyinaa te ho asɛm ntɛm, na ɛkame ayɛ sɛ nyansahufo de asasewosow no ho amanneɛbɔ ma ntɛm ara.

Nea enti a ɛte saa ne sɛ nyansahufo nyɛɛ baabi foforo biara mu nhwehwɛmu nkɔɔ akyiri te sɛ California kesee fam, faako a wɔde asasewosow asusude bɛboro 700 yɛ asasewosow a anoden yɛ 1.5 pɛ mpo ho kyerɛwtohɔ no. Asasewosow ho nhwehwɛmufo bebree a wɔakodi saa beae no ma yehu nea enti a asasewosow ho nsɛm abu so wɔ hɔ saa.

Biribi a Wɔahu no Nnansa Yi Ara

Akyinnye biara nni ho sɛ saa nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri yi aboa aman pii mu nyansahufo ama wɔate nea enti a asasewosow ahorow sisi ase, na wɔbɔ mmɔden mpo ka ho asɛm sie bere tenten na anni nnipa awu. Nyansahu a ɛte saa ho hia, efisɛ afe biara asasewosow a ano yɛ den bɛyɛ 40 sɛe wiase afã horow pasaa. Asasewosow nketenkete nso wɔ hɔ a ɛkame ayɛ sɛ ɛnsɛe hwee nanso ano yɛ den sɛ wɔbɛte nka. Eyinom sisi mpɛn 40,000 kosi 50,000 afe biara!

Ɛda adi sɛ asasewosow dodow no ara fi asase ase abotan akɛseakɛse a ebubu na efifi n’ananmu kɔhyehyɛ mmeae foforo ntɛmntɛm bere a ɛne afoforo kyere so no. Mpɛn pii no, saa asidi yi kɔ so wɔ asase no soro a apaapae no. Wɔfrɛ mpaapaee yi nturui.

Mpɛn pii no, nyansahufo tumi hu mmeae a saa nturui yi wɔ, yɛ ho kyerɛwtohɔ, na wɔnam so kyerɛ mmeae a asase betumi awosow. Dɛn nti na yɛka sɛ “mpɛn pii”? Efisɛ nyansahufo ahu nnansa yi sɛ wɔn kyerɛwtohɔ ahorow no nni mũ kɛse sɛnea bere bi na wosusuw no. Sɛ nhwɛso no, ade a ɛhaw nyansahufo ne biribi a wɔahu no nnansa yi ara sɛ asasewosow a esisi wɔ California a wotumi susuw no dodow no ara si wɔ mmeae a nturui ahintaw—ɛtaa yɛ mmeae a bere bi a atwam no na asase ne abotan ho animdefo bu hɔ sɛ asasewosow rentumi nsi hɔ no.

Sɛnea asase ho nyansahufo, Ross Stein a ɔwɔ U.S. Asase Ho Nhwehwɛmu Asoeɛ no ne Robert Yeats a ɔwɔ Oregon Mantam Sukuupɔn no kyerɛ no, “asase a ɛso nna hɔ papa anaa ɛyɛ mmepɔw mmepɔw na ebia wɔmfa nsusuw hɔ koraa, na ɛde akomatɔyam ba sen ayamhyehye.” Nanso wɔn nhwehwɛmu no ama wɔahu asasewosow nturui a ɛremuntum wɔ asase mmepɔw mmepɔw a wɔatu emu pii mu fango mu. Dɛn nti na saa asase ase nturui yi atumi ahintaw nnipa, na asiane bɛn koraa na ebetumi de aba?

Asiane a Ɛnsɛ sɛ Wobu Ani Gu So

Asase ne abotan ho animdefo ahu bere tenten sɛ abotan betumi amoa na amonkyem te sɛ ntamagow a apompono. Nanso na wosusuw mpɛn pii sɛ eyi yɛ adeyɛ a ɛkɔ so brɛoo na ano nyɛ den. Nanso, nnansa yi nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ abotan a ɛremuntum mu no kyerɛ sɛ epuw ba soro ntɛmntɛm—bɛyɛ mita 5 wɔ anibu kakraa bi pɛ mu! Sɛ ɛremonkyem saa a, emia abotan a ɛwɔ ase no. Nkyereso a ɛde ba no ma abotan a ɛwɔ bepɔw no ase no turuw kɛse, na ɔbotan no sin bi fi ase muni bɛtɔ biako no so. Saa abotan a ɛremuntum a ɛte sɛ nea asiane biara nni ho no ne emu nturui a ɛrehinhim a ahintaw no dan asasewosow ansa na asasewosow ho nhwehwɛmufo atumi ahu. Asase ase nturui dwumadi a ɛtete saa no betumi de asasewosow a ano yɛ den aba te sɛ nturui a ayi ne ho kɛse a wotumi hu wɔ asase ani no ara pɛ.

Asasewosow a esii Northridge wɔ Los Angeles mpɔtam hɔ wɔ January 17, 1994 no, yɛ nhwɛso a esii nnansa yi ara a ɛkyerɛ nea nturui a ahintaw betumi ayɛ. Nea ɛde asasewosow no bae ne nturui a emu dɔ bi dwumadi a ɛkɔɔ so wɔ asase ase bɛyɛ kilomita 8 kosi 19 no. Ansa na asasewosow no reba no, na nyansahufo nnim sɛ nturui no wɔ hɔ. Saa nturui a ehintawee yi sɛee agyapade pii, pirapiraa nnipa bɛboro 9,000, na ekunkum nnipa 61.

Nyansahufo gye di sɛ ɛnyɛ California nkutoo na nturui a ahintaw de asasewosow akɛse bi bae, na mmom Algeria, Argentina, Armenia, Canada, India, Iran, Japan, New Zealand, ne Pakistan nso. Wɔ mfe du du a atwam mu no, asasewosow ahorow a nturui a ahintaw betumi de aba, akunkum nnipa mpempem pii wɔ saa nsase yi so.

Dadwen a nyansahufo wɔ nnɛ ne sɛ wobehu baabi a saa abotan a ɛremuntum yi wɔ na wɔakyerɛ asiane a ɛwɔ hɔ sɛ ebetumi ama asase awosow no. Bere koro no ara mu no, wommu adesɛe a asase mmepɔw mmepɔw bi a ɛte sɛ nea asiane biara nni ho betumi de aba no adewa bio.

[Kratafa 22 mfonini]

Los Angeles Repua Anaa?

Nturui ne abotan a ɛremuntum kɛse wɔ Los Angeles, California, ase no ma saa beae no yɛ hu kɛse. Ɛte sɛ nea Los Angeles bon no na abotan a ɛremuntum wɔ San Andreas Fault mu no mia kɛse. (Hwɛ July 22, 1994, Engiresi Nyan!, nkratafa 15-18.) Ɛhɔnom asase ne abotan ho animdefo bu akontaa sɛ abotan a saa mmiaso yi ma emuntum no betumi ama Los Angeles bon no kɛse so atew hama biako mu nkyem anan biara mu biako afe biara.

[Kratafa 21 mfonini]

Globe: Mountain High Maps™ copyright © 1993 Digital Wisdom, Inc.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena