Bible No Adwene
Hena Akwankyerɛ na Wubetumi De Wo Ho Ato So?
AGYA no ka kyerɛ ne ba abarimaa a wadi mfe anum no sɛ: “Ɛbere aso sɛ yɛkɔ!” Agya no teɛ ne nsa, na ne ba no de ahopere de ne nsa ketewa no so ne papa nsam. Baabiara a wɔbɛkɔ biara no, abofra no fi ahotoso mu de ne ho bɛto ne wofo no akwankyerɛ so adi n’akyi. Abofra no kɔ so kura ne papa mu a nea ɛbɛba biara mfa ho.
Bere a yɛte saa nna yi a sikasɛm, amammuisɛm, ne ankorankoro nsɛm tebea ayɛ basaa yi mu no, so worennye akwankyerɛ a efi baabi a wubetumi de wo ho ato so koraa no ntom? Nanso, yɛte bere bi a nnaadaafo sisi nnipa a wonni osuahu pii mu. Enti, ntease pa wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye wɔ onipa a yɛde yɛn ho bɛto ne so no ho. Ebia na obi ama wo nsa asi fam koraa bere bi a atwam, bere a obi a wode wo ho too ne so gyee n’akwankyerɛ dii wo huammɔ no.
Nanso, Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa yɛn ho nto Onyankopɔn so. Odiyifo Yesaia kyerɛw too hɔ sɛ: “Na me, Awurade [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn, mikura wo nifa mu; me na mise wo sɛ: Nsuro, me ara mɛboa wo!” (Yesaia 41:13) Na ɔsomafo Petro tuu fo sɛ: “Enti mommrɛ mo ho ase Onyankopɔn tumi nsa no ase, na wama mo so, bere a ɛsɛ mu. Momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto no so, efisɛ odwen mo ho.”—1 Petro 5:6, 7.
Nanso, ebia wubebisa ma afata sɛ, ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mede me ho to Onyankopɔn akwankyerɛ so?’ Yehu ntease ahorow a edidi so a emu da hɔ yi wɔ tete Israelfo kyerɛwtohɔ mu.
Onyankopɔn Nsa Kyerɛ Ne Nkurɔfo Kwan
Nsɛm a esisii Nisan 14, 1513 A.Y.B. anadwo no sɛee otumfoɔ Farao nhyɛsofo no ne Misrifo tirimbɔ, na ɛma woyii Onyankopɔn nkurɔfo, Israelfo, fii nkoasom mu. (Exodus 1:11-13; 12:29-32) Wɔ Nisan 15 no, Israel man a na wɔredi ahurusi no de wɔn ani kyerɛɛ sare so kwan so a na wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so. Na ɔkwan a ɛyɛ tee koraa no da Memfis kusuu fam, Mediterranea mpoano, baabi a ɛbɛn Filistifo a wɔn ho yɛ hu no atrae, na ekopue Bɔhyɛ Asase no so. Nanso, na ɔkwan foforo ho asɛm wɔ Onyankopɔn tirim.—Exodus 13:17, 18; Numeri 33:1-6.
Onyankopɔn maa tete Israel man akwankyerɛ a aniwa hu a na ɛte sɛ omununkum dum, awia, ne ogya dum, anadwo. (Exodus 13:21, 22) Yehowa de ɔnokwafo Mose dii dwuma sɛ n’asase so ananmusifo, de kaa saa anwonwade yi ho. (Exodus 4:28-31) Enti na adanse a wontumi nnye ho kyim wɔ hɔ sɛ na Onyankopɔn nsa rekyerɛ Israelfo no kwan.
Wɔ wɔn nsra a ɛto so abien wɔ Etam, “wɔ sare no ano” no, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ wɔnsan wɔn akyi nkɔbɔ nsra wɔ Po Kɔkɔɔ no ano wɔ Pi-Hahirot. (Exodus 13:20) Adeyɛ a na ɛte sɛ nea ntease nnim no maa Farao susuwii sɛ gyama Israelfo no ‘rewɔ asase no so ntwɛtwɛdɛ.’ Ɛhyɛɛ Farao den ma ɔsakraa koma. Afei bere a na wasi ne bo sɛ ɔbɛsan ayɛ Israelfo nkoa bio no, ɔboaboaa n’asraafo ano, na wosiim kotiw wɔn.—Exodus 14:1-9.
Bere a Mose de ɔman no faa ɔkwan foforo so, faa asasetaw a ɛda adi sɛ na ɛrekɔ Po Kɔkɔɔ no ano no, na ɛte sɛ nea ɔrekɔka Israelfo no ahyɛ mu wɔ mmepɔw a ɛwɔ wɔn nsra no afãnu wɔ Pi-Hahirot, Po Kɔkɔɔ, ne Farao asraafo a na wɔreba no ntam. Ɛbɛyɛɛ te sɛ nea na wobetumi adi Israelfo no so anaa wɔatɔre wɔn ase ntɛm.
Nkɛntɛnso bɛn na eyi nyae wɔ wɔn so? So na wɔde wɔn ho bɛto Yehowa akwankyerɛ so? Wɔ nnipa fam de, na anidaso biara nni tebea no mu. Enti, ebinom suroe. Na afoforo fii ase nwiinwii tiaa Mose. Ná ebinom ayɛ krado mpo sɛ wɔde wɔn ho bɛma na wɔasan akɔ Misraim nkoasom mu!—Exodus 14:10-12.
So Onyankopɔn Nsam Pintinn!
Wɔ saa tebea yi mu no, na ɛho hia sɛ Israelfo da ahotoso a ɛte sɛ abofra de adi wɔ Ade Nyinaa so Tumfoɔ no mu. Ná Yehowa wɔ ntease pa nti a ɔka kyerɛɛ Mose sɛ wontwa Po Kɔkɔɔ no wɔ Pi-Hahirot, bere a na ɔman mũ no nyinaa nnim. Yehowa de nhumu a ɔdɔ wom dii dwuma, na ɔmaa wɔn faa ɔkwan a ɛkɔ Bɔhyɛ Asase no so a na ɛda Filistifo no asase no kesee fam no so mfiase no. Bere a na Israelfo no akodi mfe 215 wɔ Misraim no, akyinnye biara nni ho sɛ na wonsiesiee wɔn ho sɛ wɔne ɔman a wɔwɔ akofofo a wɔn ho yɛ hu no bedi ako. Enti, Yehowa paw ɔkwan a na ɛbɛma wɔakwati ɔko a ɛte saa no.a—Exodus 13:17, 18.
Gye a wogyee ɔman no, ne nkogu a Farao ne n’asraafo dii wɔ Po Kɔkɔɔ no mu no yɛ Onyankopɔn tumi a egye nkwa no ho adanse a ɛyɛ nwonwa. Afei nso, hwɛ sɛnea Israelfo a ɛwom sɛ na wonnim nea enti a na Onyankopɔn rekyerɛ wɔn kwan wɔ ɔkwan soronko so, nanso wɔannye wɔn ho amfi Onyankopɔn nsam no, ani gyei! Wokuraa ne mu pintinn, na wohuu Po Kɔkɔɔ no a emu paee anwonwakwan so ne wɔn atamfo ase a wɔtɔree no. Wonyaa wɔn ho a wɔde too Yehowa akwankyerɛ so no so akatua.—Exodus 14:19-31.
Ma yensusuw abofra a okura ɔwofo nsam nhwɛso no ho bio. Sɛ ehu ka abofra a, ɔyɛ n’ade dɛn? Sɛ anka abofra no begye ne ho anaasɛ ɔbɛgow ne nsam no, obeso ne wofo nsam denneennen. Ɔnam saayɛ so da ahotoso a enhinhim adi sɛ ɔwofo no bɛma no akwankyerɛ ne ahoɔden a enni huammɔ wɔ ɔhaw ahorow mu.
Saa ara na sɛ yɛkɔ ahohia mu wɔ yɛn asetra mu a, ehia sɛ yeso Onyankopɔn nsam denneennen, na yɛde yɛn ho to n’akwankyerɛ so koraa mpo! N’asɛm, Bible no, betumi abɛyɛ kanea a ɛkyerɛ yɛn kwan. (Dwom 119:105) Afei nso, kae sɛ ahotoso de boasetɔ ba. Enti, ɛsɛ sɛ yenya bere ma Yehowa ma odi nneɛma ho dwuma, sɛ ɛba sɛ yɛnte nea enti a ɔrekyerɛ yɛn kwan wɔ ɔkwan bi so no ase nwie bere tenten bi mpo a. Yiw, yebetumi de yɛn ho ato Onyankopɔn akwankyerɛ so.—Exodus 15:2, 6; Deuteronomium 13:4; Yesaia 41:13.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ sɛ wuhu Pi-Hahirot ho nsɛm pii a, hwɛ Insight on the Scriptures, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. yɛe no Po 2, nkratafa 638-9.