ADESUA 22
Anwanwade Bi Sii Wɔ Po Kɔkɔɔ No Ho
Bere a Farao tee sɛ Israelfo no afi Egypt ara pɛ, ɔsesaa n’adwene. Ná ɛyɛ ne yaw sɛ wama Israelfo no kɔ. Enti ɔka kyerɛɛ n’asogyafo sɛ: ‘Mommoaboa me nteaseɛnam no nyinaa ano, na yɛnkɔkyere wɔn! Ɛnsɛ sɛ anka yɛma wɔkɔ.’ Enti ɔne ne mmarima no de mmirika dii Israelfo no akyi.
Yehowa na na odi Israelfo no anim. Edu awia a, na ɔde omununkum kyerɛ wɔn kwan, na edu anadwo nso a, na ɔde ogya kyerɛ wɔn kwan. Ɔde wɔn kɔɔ Po Kɔkɔɔ no ho. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnye wɔn ahome wɔ hɔ.
Afei Israelfo huu sɛ Farao ne n’asogyafo de mmirika di wɔn akyi. Israelfo hwɛ wɔn anim a, po kɔkɔɔ na ɛda hɔ yi. Wɔhwɛ wɔn akyi nso a, Egypt asogyafo na wɔreba yi! Ɛbaa saa no, wɔsu guu Mose so sɛ: ‘Yɛawu awie! Adɛn nti koraa na woannyaw yɛn wɔ Egypt?’ Nanso Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Munnsuro. Mo de, monhwɛ sɛnea Yehowa begye yɛn.’ Wunhu sɛ na Mose gye Yehowa di paa?
Afei Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wɔnsɔre nkɔ. Saa anadwo no, Yehowa de omununkum no besii Egyptfo ne Israelfo no ntam. Enti, na esum wɔ baabi a Egyptfo no wɔ no. Nanso baabi a Israelfo no wɔ de, na hann wɔ hɔ.
Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔntene ne nsa nkyerɛ po no so. Afei Yehowa maa mframa a ano yɛ den bɔ faa ɛpo no so anadwo no nyinaa. Ɛpo no mu paee mmienu, na ɔkwan bɛdaa ntam. Israelfo ɔpepem pii no nyinaa faa asaase a ɛso awo no so twaa nsu no. Wɔrekɔ nyinaa na wɔhu nsu no wɔ wɔn benkum ne wɔn nifa so.
Farao asogyafo no nso faa ɔkwan a na abɛda ɛpo no mu no so dii Israelfo no akyi. Nanso Yehowa maa asogyafo no adwene tu furae. Wɔn nteaseɛnam anaa kar a pɔnkɔ twe no nan fii ase tutui. Ɛbaa saa no, asogyafo no teɛteɛɛm sɛ: ‘Momma yɛnsan yɛn akyi nkɔ! Yehowa reko ama Israelfo no.’
Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Tene wo nsa kyerɛ po no so.’ Ɛhɔ ara na nsu no bɛkataa Egypt asogyafo no so. Farao ne ne mmarima no nyinaa wui. Baako mpo anka.
Israelfo bebrebe no de, na wɔatwa po no awie. Enti wɔtoo dwom de yii Onyankopɔn ayɛ sɛ: ‘To dwom ma Yehowa, efisɛ n’anuonyam ayɛ kɛse. Ɔpɔnkɔ ne nea ɔte ne so nyinaa, waka wɔn ahyɛ po mu.’ Bere a wɔreto dwom no, na mmea no nso rebɔ mpintin redi asaw. Afei de, na obiara ani agye paa. Ná obiara ho atɔ no.
“Ɛma yenya akokoduru ka sɛ: ‘Yehowa ne me boafo; merensuro. Dɛn na onipa betumi ayɛ me?’”—Hebrifo 13:6