Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 33
  • Ɛpo Kɔkɔɔ no Twa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛpo Kɔkɔɔ no Twa
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anwanwade Bi Sii Wɔ Po Kɔkɔɔ No Ho
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • ‘Yah, Ne Me Nkwagye’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Ɔhemmɔne Di Misraim So
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • ‘Munnyina Pintinn, Na Monhwɛ Yehowa Nkwagye’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 33
Onyankopɔn ama Mose tumi ma ɔde repae Ɛpo Kɔkɔɔ no mu

ASƐM 33

Ɛpo Kɔkɔɔ no Twa

HWƐ nea ɛrekɔ so! Mose na okura poma a wateɛ ne nsa wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no so no. Wɔn a wogyina asase kesee so wɔ ne nkyɛn ne Israelfo no. Nanso Farao ne ne dɔm no na wɔrewu wɔ ɛpo no mu no. Ma yɛnhwɛ sɛnea ɛbae.

Sɛnea yehui no, Farao ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ womfi Misraim bere a Onyankopɔn de ɔhaw a ɛto so 10 no baa Misrifo so no. Israelfo mmarima bɛyɛ 600,000 fii hɔ, a mmea ne mmofra pii ka ho. Na, nnipa afoforo pii a na wɔabenya Yehowa mu gyidi ne Israelfo no kɔe. Wɔde wɔn nguan ne wɔn mpapo ne wɔn anantwi nyinaa kaa ho kɔe.

Ansa na wɔrefi hɔ no, Israelfo no srɛɛ Misrifo no hɔ ntade ne nneɛma a wɔde sika ne dwetɛ ayɛ. Ná Misrifo no suro, esiane ɔhaw a etwa to a ɛbaa wɔn so no nti. Enti wɔde biribiara a Israelfo bisae no maa wɔn.

Nna kakra bi akyi no Israelfo no beduu Ɛpo Kɔkɔɔ no ho. Wɔhomee wɔ hɔ. Bere tiaa no mu no Farao ne ne nkurɔfo fii ase dii awerɛhow sɛ wɔama Israelfo no kɔ. Wɔkae sɛ: ‘Yɛama yɛn nkoa no kɔ!’

Enti Farao san sakraa n’adwene. Ntɛm ara na ɔboaboaa nteaseɛnam ne ne dɔm ano. Na ofii ase sɛ ɔde nteaseɛnam atitiriw 600 ne Misrifo nteaseɛnam afoforo nyinaa betiw Israelfo no.

Bere a Israelfo hui sɛ Farao ne ne dɔm di wɔn akyi reba no, ehu kaa wɔn kɛse. Na baabiara nni hɔ a wobeguan akɔ. Na Ɛpo Kɔkɔɔ no wɔ wɔn anim, na na Misrifo no nso fi wɔn akyi. Nanso Yehowa maa omununkum bi baa ne nkurɔfo ne Misrifo no ntam. Enti na Misrifo no nhu Israelfo no na wɔatow ahyɛ wɔn so.

Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnteɛ ne poma no wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no so. Bere a ɔyɛe no, Yehowa maa apuei mframa kɛse bi bɔe. Ɛpo nsu no mu paee, na ɔkwan bɛdaa ntam.

Na Israelfo no fii ase nantew asase kesee so wɔ ɛpo no mu. Egyee nnɔnhwerew pii na nnipa ɔpepem pii no ne wɔn mmoa atwa ɛpo no. Akyiri yi Misrifo no tumi huu Israelfo no bio. Na wɔn nkoa no rekɔ! Enti wofii ase sɛ wɔretiw wɔn wɔ ɛpo no mu.

Bere a wɔyɛɛ saa no, Onyankopɔn maa wɔn nteaseɛnam no anan tutui. Ehu kaa Misrifo no kɛse na wofii ase teɛteɛɛm sɛ: ‘Yehowa ne yɛn reko ama Israelfo. Momma yenguan mfi ha!’ Nanso na aka akyi dodo.

Ɛha na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnteɛ ne poma no wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no so, sɛnea wuhu wɔ mfonini no mu no. Na Mose yɛɛ saa no, nsu no fii ase san bae, na ɛbɛkataa Misrifo ne wɔn nteaseɛnam no so. Ná asraafo dɔm no nyinaa adi Israelfo no akyi kɔ ɛpo no mu. Na Misrifo no biako mpo anka!

Wɔaka Farao ne Misrifo nteaseɛnam no agu Ɛpo Kɔkɔɔ no mu

Anigye bɛn ara na Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa nyae sɛ wonyaa nkwa! Mmarima no too dwom yii Yehowa ayɛ sɛ: ‘Yehowa adi nkonim kɛse. Watow apɔnkɔ ne ɛsotefo agu po no mu.’ Mose nuabea Miriam faa ne mpintin, na mmea no nyinaa de wɔn mpintin dii n’akyi. Na bere a wɔde ahosɛpɛw sawee no, wɔtoo dwom koro no ara a na mmarima no reto no bi: ‘Yehowa adi nkonim kɛse. Watow apɔnkɔ ne ɛsotefo agu po no mu.’

Exodus ti 12 kosi 15.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena