“Asase so Nneɛma a Wɔsɛe No”
Efi Nyan! Kyerɛwfo A Ɔwɔ Ireland Hɔ
ADIFUDEPƐ de baabi a wote yi reto asiane mu. Ɛresɛe tumi a asase wɔ sɛ ɛbɛbɔ aduan na ama ahobammɔ a yɛn nyinaa hia na yɛatumi atra nkwa mu no. Akyinnye biara nni ho sɛ wunim sɛnea adifudepɛ resɛe asase no dedaw, nanso kakraa bi a yɛde rekae wo na edidi so yi.
Awuduru a Wɔde Resɛe Okyinnsoromma No
Wɔ 1962 mu no, Rachel Carson bɔɔ kɔkɔ wɔ nnuru a ekunkum mmoawammoawa ne nneɛma fĩ a wɔde resɛe okyinnsoromma no ho wɔ ne Silent Spring nhoma no mu. The Naked Savage ka sɛ: “Ná adesamma regu wɔn ankasa atrae ho fĩ na wɔresɛe wɔn ankasa trabea, a ɛyɛ abɔde horow a wɔtɔre wɔn ase ho sɛnkyerɛnne.” Nnipa gu so fi adifudepɛ mu de awuduru resɛe okyinnsoromma no. World Hunger: Twelve Myths ka sɛ: “Esiane sɛ wɔn a wɔyɛ kuadwuma akɛse no hwehwɛ mfaso pii wɔ bere tiaa mu nti, ɛnhaw wɔn sɛ wɔde asase, nsu, ne nnuru bedi dwuma atra so, a wonsusuw ho sɛ ebetumi ama asase ahi, fam nsu ayow, na asɛe nneɛma a atwa wɔn ho ahyia no.”
Sɛ́ anka nnipa bɛbɔ wiase kwae ahorow a ɛma osu a ɛsom bo—a ehia kɛse na asase atumi atra hɔ—no ho ban no, wɔresɛe no ntɛmntɛm sen bere biara a atwam. Far From Paradise—The Story of Man’s Impact on the Environment (1986) no akyerɛwfo ka sɛ: “Sɛ adesɛe no annyae na ɛkɔ so sɛnea ɛte mprempren yi a, ebedi mfe aduonum no na kwaeberentuw ahorow no asa koraa ne sa.”
Apofofo a asɛm mfa wɔn ho de dynamite ne awuduru yi mpataa wɔ mmeae a ɛbemmɛn abotan fɛfɛ—a wɔaka ho asɛm sɛ “nsu mu nneɛma a edi dwuma te sɛ kwae a ɛma osu” esiane abɔde a nkwa wom bebree a ɛma wɔn hintabea nti no. Saa akwammɔne a wɔfa so yi mpataa yi, ne nnubɔne a ɛsɛe nsu no ama nsu ase abotan fɛfɛ a abɔde a nkwa wom wɔ ho no pii “asɛe kɛse.”—The Toronto Star.
“Yɛn Amanehunu Fi Yɛn Ankasa
Sir Shridath Ramphal a na ɔyɛ IUCN Wiase Adekora Kuw no titrani fi 1991 kosi 1993 no, ka asase so nneɛma a wɔnhwɛ so yiye yi ho asɛm sɛ “asase so nneɛma a wɔsɛe no.” Tebea no asɛe akodu he koraa? Bere a Ramphal rema nhwɛso no, ɔkyerɛw sɛ: “India nsubɔnten dodow no ara adan asubɔnka a wɔnkataa so a nneɛma fĩ nam mu fi nkurow akɛse mu ne nkuraase kogu po mu kɛkɛ.” Ɔde nsɛm baa awiei wɔ ɔkwan bɛn so? “Yɛn amanehunu fi yɛn ankasa.”
Adifudepɛ adi akoten wɔ onipa abakɔsɛm mu mfehaha pii, nanso sɛe a okyinnsoromma no betumi asɛe no ayɛ kɛse nnɛ. Dɛn ntia? Efisɛ onipa tumi sɛe ade kɛse nnɛ sen kan no koraa. Far From Paradise ka sɛ: “Mfe aduonum a atwam no nkutoo mu na yɛanya nnuru ne mfiri a ebetumi atɔre abɔde a nkwa wom foforo a ɛwɔ asase so no ase korakora. . . . Ɛkame ayɛ sɛ homo sapiens [Latin, onyansafo], edin a ɛnsɛ onipa a ɔde frɛ ne ho no, wɔ abɔde nyinaa so tumi, na onnya ahosodi biara bio.” Nea afi ahosodi a onni yi mu aba ne amanehunu. Nnansa yi ara, Greenpeace ahyehyɛde a ɛhwɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛm so bɔɔ sobo kɛse bi sɛ: “Nnɛmmafo adan Paradise [asase] beae a wɔtow nwura gu . . . na mprempren wɔayɛ sɛ akokoaa a onnim hwee . . . a aka kakraa bi ma . . . wasɛe ade a ɛkora nkwa so yi koraa.”
Nanso ɛnyɛ okyinnsoromma yi daakye anidaso nko na adifudepɛ de reto asiane mu. Ɛde wo ne w’abusua mprempren anigye ne ahobammɔ reto asiane mu. Ɔkwan bɛn so na eyi te saa? Susuw asɛm a edi hɔ no ho.