Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 1/8 kr. 16-20
  • Gyaade Betumi Ayɛ Anigye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gyaade Betumi Ayɛ Anigye
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ade a Wosua Wɔ Gyaade “Adesuadan” Mu
  • Aduannoa Yɛ Anigye!
  • Abusua a Wɔbom Yɛ Ade
  • 2. Ma Biribiara Ho ntew
    Nyan!—2012
  • Yehowa​—Aban Dennen
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Tete Wo Ba Fi Ne Mmofraase
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Awofo Munnu Mo Ba No Koma Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 1/8 kr. 16-20

Gyaade Betumi Ayɛ Anigye

“FI GYAADE ha!” Wɔaka saa asɛm yi akyerɛ mmofra pii a ɔkɔm de wɔn bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi kan aka aduan ahwɛ no. Nanso sɛ anka wɔbɛpam wɔn no, ɛyɛ papa sɛ awofo bɛma wɔn mma aba gyaade hɔ. Dɛn ntia? Efisɛ, sɛ yɛbɛka a, gyaade yɛ adesuadan a ɛyɛ nwonwa.

Gyaade yɛ baabi a mmofra betumi asua sɛnea wɔbɔ tirim yɛ biribi ne sɛnea wotumi di nneɛma ho dwuma, baabi a wobetumi asua sɛnea wɔsom afoforo na wɔne afoforo bom yɛ adwuma, baabi a wotumi bɔ nkɔmmɔ mpofirim ma mfaso ba so na ɛka koma, baabi a wobetumi de gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn adua wɔn mma mu bere a wɔnhwɛ kwan no. Yiw, asuade a mfaso wɔ so pii wɔ nneɛma pii a wɔde ahyehyɛ gyaade nnaka mu ne nea egugu apon so no mu—na ebetumi aboa aduan a wɔrebɛnoa no.

Wɔ nyansahu mu nimdeɛ ne nkitahodi bere yi mu no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔtete mmofra wɔ gyaade? Ɛbere, ne asɛm no. Awofo pii hu sɛ biribiara nni hɔ a wobetumi de asi bere a wobenya ama wɔn mma no ananmu—wohia pii!a Baabi a wobenya ne asɛm no. Nhoma ahorow bi hyɛ awofo nkuran sɛ wɔmfa nnwuma a wɔyɛ wɔ fie daa no sɛ hokwan a wobetumi anya ne wɔn mma ayɛ adwuma abom na wɔatete wɔn. Eyi ne ahyɛde a Onyankopɔn de maa awofo a na wɔwɔ tete Israel man mu no hyia: “Nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.”—Deuteronomium 6:6, 7.

Esiane sɛ ɛsɛ sɛ yedi bere daa wɔ gyaade nti, abɛyɛ baabi a ɛfata a abusua betumi abom ayɛ ade. Nea ɛnte sɛ bere a wɔhyɛ da bom pue, a ɛno de, gye sɛ wonya bere, ahoɔden, anaa sika a wɔde bedi ho dwuma ansa no, wontumi ntu akɔnnɔ a ɛfata nhyɛ da. Sɛ ɛno da nkyɛn a, mmofra fi awosu mu pɛ gyaade. Anyɛ yiye koraa no, ɛhefa bio na wɔkyerɛ wɔn sɛnea woso sekan ne nkyɛnsee foforo mu yiye? Ebia mmofra betumi asɛe biribi bere bi! Nanso, nneɛma bɛn na yebetumi asua afi gyaade?

Ade a Wosua Wɔ Gyaade “Adesuadan” Mu

Louise Smith—a n’adesuafo a wɔadi mfe anan no frɛ no Akekaduru Paanoo Awuraa no—fi osuahu a wanya wɔ mfirihyia 17 a ɔde kyerɛɛ mmofra aduannoa mu kaa eyi: “Aduan yɛ adwinnade kɛse a wɔde kyerɛ ade, efisɛ ɛyɛ biribi a mmofra nyinaa te ase. Sɛnea wɔte ade hua, ne dɛ, na woso ade mu no yɛ nnam wɔ mmofrase araa ma enti wɔde adwene nyinaa si so. Na wubetumi de aduan akyerɛ sɛnea wɔbobɔ nsɛmfua din, nkontaabu, ne sɛnea wodi nneɛma ho dwuma.” Sɛnea wohwie ade, siw, sensen, huhuw so, nunu mu, na wɔdannan no no boa mmofra ma wɔn ho kokwaw wɔ sɛnea wɔn adwene kyere ade ne sɛnea wɔde ani ne nsa yɛ ade bere koro mu. Nneɛma mu yiyi (aburow ne nkate a wɔkyekyem akuwakuw) ne nneɛma hyehyɛ (susukora horow a wɔhyehyɛ no nnidiso nnidiso) kyerɛkyerɛ sɛnea wofi ase sua akontaabu. Aduannoa ho akwankyerɛ a wodi so no yɛ sɛnea wobu akontaa, susuw nneɛma, di bere so, susuw ade ho, ne kasa ho ntetee. Na obi ntumi mmɔ nwura gyaade a ɛhɔ nneɛma dɔɔso na ebetumi apira no no bere a onsuaa biribi mfaa ahobammɔ, asɛyɛde, nhyehyɛe, ne sɛnea wɔne afoforo bom yɛ adwuma ho no.

Nea ɛnsɛ sɛ wobu ani gu so ne mfaso a ɛwɔ sɛnea wosua aduannoa so no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ mmofra a wofi ase boa wɔ gyaade ntɛm no tumi noa nnuan nyinaa bere a wodu wɔn mpanyin afe so no. Ɔwofo a onni adagyew bɛn na n’ani rennye eyi ho bere ne bere mu? Bio nso, aduannoa boa mmerante ne mmabaa ma wonya ahotoso ne abotɔyam—su horow a wobenya mu mfaso akyiri yi bere a wodi wɔn asɛyɛde sɛ mpanyimfo ho dwuma no, sɛ́ ebia wɔaware anaasɛ wodi sigya no.—Fa toto 1 Timoteo 6:6 ho.

Lee, a odii sigya kosii ne mfe aduasa mfiase mu no, ka sɛ: “Me maame fii ase kyerɛɛ me gyaade adeyɛ bere a na madi bɛyɛ mfirihyia asia no. Mfiase no, na cookies, keeki, ne nnɔkɔnnɔkɔwade na m’ani gye ne yɛ ho. Nanso midii mfirihyia akron no, na mitumi yɛ nhyehyɛe noa abusua mũ no nyinaa aduan, na meyɛɛ saa daa. Akyiri yi, sɛ́ sigyani no, mibehui sɛ efie nnwuma, a na aduannoa ka ho a minim no maa m’asetra yɛɛ me mmerɛw. Na mɛka no pefee sɛ eyi ka ho bi nti na manya aware pa no.”

Aduannoa Yɛ Anigye!

Ɔwofo bɛyɛ dɛn anya bere de atete mmofra wɔ gyaade? Ɛna bi hyɛ nyansa sɛ wobɛyɛ bere ho nhyehyɛe bere a nneɛma nkyeree so pii no. Sɛ wowɔ mma pii a, wubetumi ne wɔn ayɛ ade mmiako mmiako bere a wɔrefi ase asua adeyɛ no. Sɛ wubetumi ayɛ eyi a, paw bere a mmofra a aka no ada anaasɛ wɔkɔ sukuu no. Yɛ nhyehyɛe sɛ wubedi bere pii asen sɛnea anka wo nkutoo na worenoa aduan no. Na hwɛ kwan sɛ w’ani begye wɔ gyaade hɔ!

Ebia wubetumi ama wo ba no apaw aduan bi a n’ani gye ho na wode afi ase. Paw aduan bi a ne yɛ nyɛ den a mobetumi awie no ntɛm. Hwɛ hu sɛ ɛho adwuma bɛyɛ nea obetumi ayɛ. Sɛnea ɛbɛyɛ na wo ba no ho mpere no na n’ani nhaw no, ma no nni kan nhwehwɛ atosode ne nkyɛnsee a ebehia no. Ebia wubetumi adi kan asiesie atosode no bi asi hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a adeyɛ no nnye bere ne ahoɔden pii.

Wo ne wo ba no nkenkan aduannoa ho akwankyerɛ no na kyerɛ no sɛnea wodi emu biara ho dwuma. Ma wo ba no nnya baabi a n’ankasa begyina ayɛ n’ade wɔ gyaade hɔ—ebia adaka bi a nkuruwa kakra ne nkyɛnsee bi wom—na ma no nkataanim. Sɛ́ anka wobɛma abarimaa ahyɛ mmea nkataanim no, ebia wubetumi ahwehwɛ nea mmarima a wɔnoa nnuan de bɔ no bi ama no. Mfiase pɛɛ no, si hia a ahobammɔ hia so dua, na fa akwankyerɛ horow a ntease wom ma.—Hwɛ adaka mu nsɛm a wɔato din “Adesua a Edi Kan—Ahobammɔ,” kratafa 18.

Ne nyinaa mu no, bɔ mmɔden sɛ wobɛma ayɛ anigye. Mma wo ba no nnnyina hɔ nnhwɛ wo kɛkɛ; ma ɔnhohoro ne nsa na onnya aduannoa no mu kyɛfa ankasa bi. Ma no kwan ma ɔnyɛ nhwehwɛmu, ɔnsɔ nneɛma nhwɛ, na ommisa nsɛm. Na sɛ aduan bi anyɛ dɛ a, mma no nnhaw wo. Sɛ wo ba no ankasa na ɔyɛe a, ebia obedi!

Abusua a Wɔbom Yɛ Ade

Akyinnye biara nni ho sɛ, mfaso horow a ɛso nni a ebetumi afi gyaade hɔ aba no bi ne, abusua mu biakoyɛ ne gyinapɛn ahorow. Ebia woahyɛ no nsow wɔ afie pii mu nnɛ sɛ abusua no mufo biara yɛ wɔn nnwuma horow bere a wɔne afoforo nni nkitaho biara. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, ofie nyɛ anika. Nea ɛne no bɔ abira no, ɛyɛ mmerɛw sɛ abusua a wɔbom noa aduan no bɛbom adidi na wɔasiesie gyaade hɔ. Dwumadi horow yi ma wonya hokwan bɔ nkɔmmɔ, di nkitaho, na ɛma obiara hu ne yɔnko. Ɛna bi ka sɛ: “Me ne me mma no bɔɔ nkɔmmɔ a etu mpɔn sen biara no bi wɔ ade a wɔhohoro nkyɛnsee wom no ho.” Na Hermann, agya a ɔyɛ Kristoni no de ka ho sɛ: “Yɛhyɛɛ da buu yɛn ani guu afiri a yɛde hohoro nneɛma mu no so mfe pii, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛde yɛn nsa bɛhohoro nkyɛnsee mu na yɛapopa ho. Yɛde ɛho popa no hyɛɛ yɛn mma no nsa, ma wɔyɛɛ no nnidiso nnidiso. Ná ɛyɛ bere a eye sen biara a yebetumi de adi nkitaho a yɛnhyɛ da nyɛ ho nhyehyɛe.”

Yiw, bere a wo ne wo mma di wɔ gyaade hɔ no—adapɛn adapɛn ne mfe—ma wonya biribi a wobegyina so anya honhom fam gyinapɛn ne su horow a eye. Ɛyɛ saa bere a wɔbom yɛ ade yi na ɔwofo ne abofra ntam nkɔmmɔbɔ a efi komam ankasa tumi sɔre, ne sɛ ɔwofo nhwɛso betumi aka abofra bi koma na anya ne so nkɛntɛnso nkakrankakra. Abofra benya ntetee a ɛte saa mu mfaso ne nkwa nna nyinaa, efisɛ Mmebusɛm 22:6 ka sɛ: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.”

Enti sɛ́ ɔwofo no, sɛ wopɛ akwan a wobɛfa so anya bere pii ama wo mma a, dɛn nti na wonto nsa mfrɛ wɔn mma wɔmmɛboa wo mma montõ keeki, anaasɛ monnoa aduan ankasa? Ebia wubehu sɛ adwuma a wo ne wɔn bɛbom ayɛ wɔ gyaade no yɛ ɔkwan a wubetumi afa so ama w’abusua aduan na wɔatete wɔn.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ asɛm yi mu nkyerɛkyerɛmu a, hwɛ asɛm “‘Bere a Mfaso Wɔ So’ a Wɔde Ma Nkakrankakra” wɔ August 8, 1993 Nyan! nkratafa 30-31.

[Kratafa 18 adaka]

Adesua a Edi Kan—Ahobammɔ

Ma W’ani Nku Ahobammɔ Ho

• Kyerɛkyerɛ asiane ahorow a ɛwɔ gyaade adwumayɛ mu wɔ ɔkwan a anibere wom nanso ahunahuna biara nnim so, te sɛ nea wobɛkyerɛkyerɛ kar ho asiane ahorow wɔ karkwan a ɛso nni adagyew so mu no. W’ankasa yɛ nhwɛso pa.

• Bere biara a mmofra yɛ ade wɔ gyaade no, ma ɔpanyin bi nhwɛ wɔn so. Mma abofra biara kwan mma ɔmmfa kyɛnsee anaa afiri biara nnyɛ ade, titiriw anyinam ahoɔden mfiri, kosi sɛ wobetumi de ayɛ ade a wompira.

• Hyehyɛ wo gyaade nneɛma fɛfɛɛfɛ. Popa biribiara a egu fam ntɛm ara, na toto nneɛma a egugu basabasa yiye. Bere a worenoa aduan no, mma nyɛmmoa anaa nneɛma foforo nntwitware w’anan mu.

Hwɛ Wo Nsa Yiye

• Gye sɛ bere a ɔpanyin bi wɔ hɔ nkutoo na ɛsɛ sɛ mmofra de anyinam ahoɔden mfiri a wɔde fɔtɔw ade, mfiri a wɔde yam ade, ne mfiri a wɔde fra nnuan yɛ ade. Hwɛ hu sɛ wɔadum afiri no na wɔatu afi beae a wɔtwe anyinam ahoɔden fi no ansa na wo ba no de atere ato kyɛnsee a wɔrenoa mu aduan no mu.

• Sew asekan no ano bere nyinaa, esiane sɛ sekan a ano akum ma wɔde ahoɔden yɛ ade, na ebetumi ama atere ho.

• Sɛ wo ba resua sɛnea woso sekan mu a, ma onni akwankyerɛ horow yi akyi: (1) ɔmfa sekan no denam ne nsomu mu a obeso so, (2) ɔmfa sekan no nsi aduan no so, (3) ɔmfa ne nsa a aka no nto sekan no akyi, na (4) ommia so ntwa aduan no.

• Twa wɔ dua a wotwitwa ade wɔ so so. Sɛnea ɛbɛyɛ na atosode mfi ntɔ fam bere a wo ba no retwitwa ade no, di kan pae mu abien na fa anim a ayɛ tratraa no to dua no so.

Hwɛ Yiye na Woanhyehyew

• Dum ade a wɔde sɔ sutof so gya ne fononoo de no bere biara a ɛda hɔ kwa no. Mma mpopaho ne nhoma horow a wɔhwɛ mu noa nnuan ne ntama a wɔde sɔ nkyɛnsee a ɛyɛ hyew mu no mmmɛn ogya.

• Ma kyɛnsee nsa no nhwɛ sutof no mfinimfini, baabi a ɛbɛyɛ den sɛ wo nsa bɛbɔ nsomu no ma nneɛma abɔ apete no.

• Sɛ woma wo ba de sutof yɛ ade a, hwɛ hu sɛ nea ogyina no nyɛ toro.

• Mpagya ade a ɛyɛ hyew, gye sɛ wunim nea wode rekosi dedaw ansa. Ma afoforo a wo ne wɔn wɔ gyaade hɔ no nhu sɛ wokura ade a ɛyɛ hyew, titiriw sɛ worefa wɔn akyi a.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena