Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 7/12 kr. 5
  • 2. Ma Biribiara Ho ntew

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 2. Ma Biribiara Ho ntew
  • Nyan!—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Gyaade Betumi Ayɛ Anigye
    Nyan!—1997
  • Nea Wobɛyɛ na Woanya Apɔmuden
    Nyan!—2015
  • Ahotew Ho Asɛnnennen No Ho Dwuma A Wobedi
    Nyan!—1989
  • Akwan 6 a Wobɛfa So Abɔ W’akwahosan Ho Ban
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2012
g 7/12 kr. 5

2. Ma Biribiara Ho ntew

SƐNEA oduruyɛfo hohoro ne nsa, ɔnoa ne nnwinnade, na ɔma ɔdan a ɔyɛ oprehyɛn wom no mu tew no, saa ara na wubetumi abɔ w’abusua ho ban denam wo ho a wobɛma atew, wo gyaade a wobɛma ɛhɔ atew, ne w’aduan a wobɛma ɛho atew no so.

● Hohoro wo nsa.

Ɔmanfo Akwahosan Asoɛe a ɛwɔ Canada no ka sɛ “nsanyare te sɛ ɔpakum a abu so no mu ɔha mu nkyem 80 nam nsa so na ɛtrɛw.” Ɛno nti fa samina ne nsu hohoro wo nsa yiye ansa na woadidi, bere a woafi agyananbea, ne bere a woreyɛ aduan bi no.

● Ma wo gyaade hɔ ntew.

Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe ma ɛdaa adi sɛ, ɛwom sɛ baabi a wɔtaa ma ɛhɔ tew paa wɔ fie ne aguaree, “nanso sapɔw a wɔde twitwiw nneɛma mu ne ntama a wɔde popa nneɛma ho wɔ gyaade no mu mmom na ɔyare mmoawa pii hyehyɛ.”

Enti, taa sesa ntama a wɔde popa nneɛma ho no, na fa nsuɔhyew a samina anaa nnuru wom popa gyaade mmeae ahorow. Nokwasɛm ne sɛ, ɛnna fam sɛ wobɛyɛ eyi bere nyinaa. Ɔbea bi a wɔfrɛ no Bola, nni nsu wɔ ne fie. Ɔka sɛ: “Ɛyɛ asɛnnennen paa. Nanso yɛnyɛ pɛpɛe wɔ nsu ne samina ho, enti bere biara ebi wɔ hɔ a yɛde siesie gyaade ne yɛn fie.”

● Hohoro nnuan a woakɔtotɔ no ho.

Ansa na nnɔbae bi bedu gua so no, ebia na mmoa de wɔn ano aka, anaa nsufĩ, tiafi, anaa nnuan afoforo ho nsu ayeyɛ ho dedaw. Enti sɛ wobɛsensen anaa wubehuan aduaba anaa afumduan ho mpo a, di kan hohoro ho yiye na ayiyi ɔyare mmoawa afi ho. Eyi gye bere. Ɛna bi a wɔfrɛ no Daiane, a ɔwɔ Brazil ka sɛ, “Sɛ mereyɛ salad a, mempepere me ho sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ahohoro nhabamma no ho yiye.”

● Mfa mogyanam mfra nnuan afoforo.

Nea ɛbɛyɛ na ɔyare mmoawa ntrɛw nkɔ nnuan afoforo mu no, kyekyere mogyanam, akokɔnam, ne nsumnam ho anaa kata ebiara so yiye na amfra nnuan afoforo. Ntwitwa nam ahorow nyinaa wɔ dua biako so, anaa fa samina ne nsuɔhyew hohoro dua no so ansa na wɔatwitwa nam foforo wɔ so, na wuwie nso a hohoro so saa ara.

Afei a wo ho atew na nneɛma a wode yɛ aduan ne nnuan a worebɛnoa no nyinaa ho atew yi, ɔkwan bɛn na wobɛfa so anoa aduan a ɛrenkɔfa ɔyare biara mma?

[Adaka wɔ kratafa 5]

TETE WO MMA: “Yɛakyerɛ yɛn mma no sɛ wɔnhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi, na sɛ wɔn aduan tɔ fam a, wɔnhohoro ho anaa wɔntow nkyene.”—Hoi, Hong Kong

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena