Mmofra Bisa Sɛ . . .
So Ɛsɛ sɛ Meka Me Bɔne?
“M’ani awu araa ma minhu nea menyɛ. Mepɛ sɛ mekɔ m’awofo nkyɛn, nanso ɛyɛ me aniwu yiye.”—Lisa.a
SAA na ababaa bi a n’adwene atu afra kyerɛwee. Wɔ mfe kakra bi mu no, obenyaa ɔdɔ maa obi a onnye nni, na da bi a na wabow nsa no, ɔne no dae.
Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, bere ne bere mu no, nneɛma a ɛtete saa sisi wɔ Kristofo mmofra mpo mu. Bere dodow a yennyinyinii na yenni osuahu pii no, dodow no ara na yebetumi ayɛ mfomso ahorow. Nanso bere a ɛsono sɛ yɛbɛyɛ mfomso nketenkete no, mfomso a anibere wom, te sɛ nna mu ɔbrasɛe mu a yɛde yɛn ho bɛhyɛ no, yɛ ade foforo koraa. (1 Korintofo 6:9, 10) Sɛ ɛba saa a, ehia sɛ abofra no hwehwɛ mmoa. Asɛm no ne sɛ, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛka wo mfomso akyerɛ.
Kristoni abeawa bi de ne ho hyɛɛ ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim mu. Osii gyinae sɛ ɔbɛka akyerɛ n’asafo mu mpanyimfo, na ɔhyɛɛ bere a ɔde bɛyɛ saa mpo too hɔ. Nanso otu hyɛɛ da. Akyiri yi, otu hyɛɛ da bio. Ankyɛ, afe mũ betwaam!
‘Biribiara Nhintaw’
Sɛ woayɛ bɔne a anibere wom a, ɛsɛ sɛ wuhu sɛ, nyansa nnim koraa sɛ wobɛka w’ano atom. Ade biako ne sɛ, ɔkwan biara so no, nokware no bɛda adi. Bere a na Mark yɛ abofra ketewaa no, ɔbɔɔ anwenne bi a ɛfam ban ho. Ɔka sɛ: “Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛka afam ho bio, nanso ankyɛ na m’awofo huu baabi a apaapae no.” Ɛwom, wonyɛ abofra bio. Nanso awofo dodow no ara taa hu bere a biribi haw wɔn mma no.
Ann a wadi mfirihyia 15 no gye tom sɛ: “Mebɔɔ mmɔden sɛ mede atosɛm bɛkata me haw ahorow so, nanso awiei koraa no, mesɛee m’asɛm.” Atosɛm taa da adi. Na sɛ w’awofo behu sɛ wodii atoro a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛhaw wɔn—ɛbɛhaw wɔn asen sɛ anka wobɛka nokware no mfitiase no.
Nea ɛho hia sen saa no, Bible ka sɛ: “Biribi nni kokoam a wɔrenyi no adi, na ahintaw a wɔrenhu na ɛrenna adi.” (Luka 8:17) Yehowa nim nea yɛayɛ ne nea yɛreyɛ. Te sɛ Adam no, wuntumi mfa biribiara nhintaw no. (Genesis 3:8-11) Bere rekɔ so no, ebia wo bɔne ahorow bɛda adi wɔ afoforo nso anim.—1 Timoteo 5:24.
W’ano a wobɛka atom no nso betumi apira wo wɔ akwan horow so. Odwontofo Dawid kyerɛwee sɛ: “Na mimuaa m’ano no, me nnompe gurowee, m’apini a misii daa nyinaa nti. Na awia ne anadwo wo nsa yɛɛ me so duru.” (Dwom 32:3, 4) Yiw, ahoyeraw a wode bɛkata nsɛm so no betumi ahyɛ wo so yiye. Dadwen ne afobu, ne suro a wusuro sɛ ɛbɛda adi no betumi ama woayɛ basaa. Ebia wubefi ase atew wo ho afi nnamfo ne abusuafo ho. Ebia wobɛte nka sɛ Onyankopɔn ankasa atow wo akyene! Aberante bi a wɔfrɛ no Andrew kyerɛwee sɛ: “Ná m’ahonim bu me fɔ sɛ mahow Yehowa werɛ. Ná ɛhaw me.”
Ka a Wobɛka
So ɔkwan bi wɔ hɔ a wubetumi afa so anya ahotɔ wɔ nkate fam basaayɛ yi mu? Yiw, ebi wɔ hɔ! Odwontofo no kae sɛ: “Mekaa me bɔne mekyerɛɛ wo, na mankora m’amumɔyɛ so. . . . Na wo na wuyii me bɔne so mmusu.” (Dwom 32:5; fa toto 1 Yohane 1:9 ho.) Saa ara na Andrew nyaa ahotɔ ankasa wɔ ne bɔne a ɔka kyerɛe no mu. Ɔka sɛ: “Mekɔɔ Yehowa anim na mifii komam bɔɔ mpae srɛɛ ne hɔ fafiri.”
Wubetumi ayɛ saa ara. Bɔ Yehowa mpae. Onim nea woayɛ, nanso fi ahobrɛase mu ka kyerɛ no wɔ mpaebɔ mu. Srɛ bɔne fafiri, na nnyae esiane sɛ wote nka sɛ wo bɔne so dodo sɛ wubenya mmoa nti. Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi anya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim ɛmfa ho yɛn sintɔ nti na Yesu wui. (1 Yohane 2:1, 2) Wubetumi abisa ahoɔden a wode bɛyɛ nsakrae horow a ehia nso. Dwom 51 a wobɛkenkan no betumi aboa wo ma woatumi abɛn Onyankopɔn wɔ saa kwan yi so.
W’awofo a Wobɛka Akyerɛ Wɔn
Nanso pii ho hia sen ka a wobɛka akyerɛ Onyankopɔn ara kwa. Ɛsɛ sɛ woka kyerɛ w’awofo nso. Onyankopɔn de wo ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnyɛn wo “Awurade [Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Sɛ wonim wo haw a na wobetumi ayɛ eyi. Bio nso, ebia w’awofo a wobɛka akyerɛ wɔn no renyɛ mmerɛw anaa anigye. Nanso sɛ wɔyɛ nea wɔbɛyɛ wie a, ɔkwan biara so no, wobedi wɔn nkate horow no so. Ebia wɔn ani begye mpo sɛ woanya wɔn mu ahotoso ma enti woatumi ada wo haw adi akyerɛ wɔn. Yesu bɛ a ɛfa ɔba hohwini ho no ka aberante bi a ɔde ne ho hyɛɛ nna mu ɔbrasɛe mu ho asɛm. Nanso bere a awiei koraa no ɔkaa ne bɔne no, n’agya no yɛɛ no atuu! (Luka 15:11-24) Akyinnye biara nni ho sɛ w’awofo nso bɛboa wo. Sɛnea ɛte biara no, wɔda so ara dɔ wo.
Ɛwom, ebia wubesuro sɛ wobɛma w’awofo adi yaw. Nanso ɛnyɛ bɔne a woka no na ɛma w’awofo di yaw; na mmom yɛ a woyɛɛ bɔne no! Bɔneka ne adeyɛ a edi kan a wode bɛdwodwo yaw no ano. Ann a yɛadi kan aka ne ho asɛm no, ka kyerɛɛ n’awofo, na akyiri yi, ne ho tɔɔ no yiye.b
Ade foforo a ɛno nso yɛ bɔneka akwanside ne aniwu ne fɛre. Ná ɔkyerɛwfo nokwafo Esra ankasa nyɛɛ bɔne biara, nanso bere a ɔkaa ne mfɛfo Yudafo bɔne kyerɛe no, ɔkae sɛ: “Me Nyankopɔn, m’ani awu na ɛyɛ me fɛre sɛ mɛma m’ani so makyerɛ wo, me Nyankopɔn.” (Esra 9:6) Nokwarem no, ɛyɛ papa sɛ w’ani bewu, bere a woayɛ bɔne no. Edi adanse sɛ w’ahonim da so ara yɛ adwuma. Na bere rekɔso no, aniwu no bɛbrɛ ase. Andrew ka no ɔkwan yi so sɛ: “Ɛyɛ den yiye na ɛyɛ aniwu sɛ wobɛka wo bɔne. Nanso hu a wubehu sɛ firi a Yehowa de firi dɔɔso no ma akomatɔyam.”
Mpanyimfo no Nkyɛn a Wobɛkɔ
Sɛ woyɛ Kristoni a, w’awofo a wobɛka akyerɛ wɔn no nnɔɔso. Andrew ka sɛ: “Na minim sɛ ɛsɛ sɛ mede m’asɛm no kɔdan asafo mu mpanyimfo no. Hwɛ sɛnea me ho tɔɔ me bere a mihui sɛ na wɔayɛ krado sɛ wɔbɛboa me no!” Yiw, mmerante ne mmabaa a wɔwɔ Yehowa Adansefo mu betumi akɔ asafo mu mpanyimfo nkyɛn akogye mmoa ne nkuranhyɛ, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa. Nanso, dɛn nti na wuntumi mmɔ Yehowa mpae na womma ɛnso hɔ ara? Efisɛ, Yehowa de mpanyimfo no asisi hɔ sɛ ‘wɔnwɛn mo kra.’ (Hebrifo 13:17) Wobetumi aboa wo na woanhwe bɔne mu bio.—Fa toto Yakobo 5:14-16 ho.
Nnaadaa wo ho nsusuw sɛ, wubetumi aboa wo ho. Sɛ anka wowɔ ahoɔden a wode bɛyɛ saa a, nea edi kan koraa no, so anka wobɛhwe bɔne mu? Ɛda adi pefee sɛ ehia sɛ wohwehwɛ mmoa fi baabi foforo. Andrew fi akokoduru mu yɛɛ saa. N’afotu ne dɛn? “Mehyɛ obiara a ɔde ne ho ahyɛ bɔne a anibere wom mu anaa wayɛ saa nkuran sɛ, ɔnna ne komam nsɛm adi nkyerɛ Yehowa ne n’ahwɛfo no biako.”
Nanso ɔkwan bɛn na wofa so kɔ ɔpanyin bi anim? Paw nea womfɛre no pii. Wubetumi aka eyi de afi ase sɛ: “Mepɛ sɛ meka biribi ho asɛm” anaa “Asɛm bi haw me” anaa mpo “Asɛm bi haw me na mihia wo mmoa.” Nokware a wobɛka a wonkata biribiara so no bɛma w’ahonu ne ɔpɛ a wowɔ sɛ woyɛ nsakrae ampa no, ada adi.
‘Misuro sɛ Wobetu Me’
Ɛno a ebetumi asi no nso ɛ? Ɛyɛ nokware sɛ bɔne a anibere wom a obi bɛyɛ no ma wotumi tu no de, nanso ɛnte saa bere nyinaa. Wɔn a wonnu wɔn ho no na wotu wɔn—wɔn a wɔsen wɔn kɔn sɛ wɔbɛyɛ nsakrae no. Mmebusɛm 28:13 ka sɛ: “Nea ɔkata ne mmarato so no, ɔrenkyẽ ade, na nea ɔka na ogyae no, wobehu no mmɔbɔ.” Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ woakɔhwehwɛ mpanyimfo no hɔ mmoa no di adanse sɛ wopɛ sɛ woyɛ nsakrae. Mpanyimfo yɛ ayaresafo, na wɔnyɛ asotwefo. Ɛsɛ sɛ wɔne Onyankopɔn nkurɔfo di no ayamye ne nidi mu. Wɔpɛ sɛ wɔboa wo ma ‘wusiesie ɔkwan trenee mma wo anan.’—Hebrifo 12:13.
Nokwarem no, sɛ nnaadaa anaa bɔne a anibere wom bi akɔ so bere tenten a, ebia “nnwuma a ɛsɛ adwensakra” ampa renna adi. (Asomafo no Nnwuma 26:20) Ɛtɔ mmere bi a, tu a wotu obi tumi fi mu ba. Na baabi a ɔbɔnefo no nu ne ho mpo no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no de nteɛso bi ma. So ɛsɛ sɛ wo bo fuw, anaa wudi wɔn gyinaesi no ho yaw? Paulo hyɛ nkuran wɔ Hebrifo 12:5, 6 sɛ: “Me ba, mmu Awurade [Yehowa, NW] asotwe ade ketewa, nanso oyi wo ntɛn a, mma wo bo nntu. Na nea Awurade [Yehowa, NW] dɔ no no na ɔtwe n’aso, na ɔhwe ɔba biara a ogye no.” Asotwe biara a wɔde bɛma wo no, bu no sɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dɔ wo. Kae sɛ, ahonu a efi komam nso bɛma wo ne yɛn Agya mmɔborohunufo, Yehowa Nyankopɔn, asan anya abusuabɔ a edi mu bio.
Egye akokoduru na woatumi agye wo mfomso ahorow atom. Nanso, ɛdenam saayɛ so no, ɛnyɛ wo ne w’awofo nkutoo ntam na wusiesie, na mmom, wo ne Yehowa Nyankopɔn ankasa ntam nso. Mma ehu, ahantan, anaa fɛre, nnsiw mmoa a wobɛhwehwɛ no kwan. Kae sɛ: ‘firi a Yehowa de befiri dɔɔso.’—Yesaia 55:7.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔasesa edin no bi.
b Sɛ wopɛ sɛnea wobɛkɔ w’awofo anim ho asɛm a, hwɛ Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no, ti 2.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 16]
‘Mehyɛ wɔn a wɔayɛ bɔne nyinaa nkuran sɛ wɔnka wɔn komam nsɛm nkyerɛ Yehowa.’—Andrew
[Kratafa 15 mfonini]
Ka a wobɛka wo bɔne akyerɛ w’awofo betumi ama woanya honhom fam ahoɔden