Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 2/8 kr. 10-13
  • Susuw a Wosusuw Ɔyarehwɛfo Ho—Sɛnea Afoforo Betumi Aboa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Susuw a Wosusuw Ɔyarehwɛfo Ho—Sɛnea Afoforo Betumi Aboa
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ehia sɛ Wɔn a Wɔhwɛ Ayarefo no Kasa
  • Mmoa a Mfaso Wɔ So a Wɔde Ma
  • Ma Wɔnhome
  • Ɔyare Nyinaa Awiei
  • Ayarefo a Wɔhwɛ Wɔn Ho Asɛnnennen
    Nyan!—1997
  • Sɛnea Wodi Nkate Ho Dwuma
    Nyan!—1997
  • Nea Yɛbɛyɛ De Ahwɛ Nkwakoraa ne Mmerewa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Awofo a Wɔn Ani Afi a Ɛsɛ Sɛ Yɛhwɛ Wɔn No, Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 2/8 kr. 10-13

Susuw a Wosusuw Ɔyarehwɛfo Ho—Sɛnea Afoforo Betumi Aboa

“ME NE Lawrie aware mfe 55—bere tenten—na hwɛ anigye a mfe yi yɛ! Sɛ na anka ebetumi ayɛ yiye sɛ mɛhwɛ no wɔ fie a, anka meyɛɛ saa. Nanso m’akwahosan fii ase sɛee. Awiei koraa no, na ɛsɛ sɛ meyɛ nhyehyɛe de no kɔto mpanyimfo atrae. Sɛnea mete yaw nka bere a mereka eyi ho asɛm no reyɛ aboro me so. Medɔ no na mibu no yiye, na mesra no bere nyinaa sɛnea metumi. Honam fam no, mintumi nyɛ hwee bio.”—Anna, ɔbea bi a wadi mfe 78 a ɔde bɛboro mfe 10 ahwɛ ne kunu a ɔwɔ Alzheimer yare na wahwɛ wɔn babea a wanya Down yare mfe 40 a atwam no.”a

Anna asɛm no nyɛ nwonwa koraa. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Britania Nsupɔw so no daa no adi sɛ “wɔ wɔn a wɔadi mfe bi (mfe 40 ne 50) mu no, mmea baanu biara mu biako hwɛ ɔyarefo bi.” Sɛnea yɛadi kan asusuw ho no, ɛtɔ da bi a ɛte sɛ nea wɔn a wɔhwɛ ayarefo no ntumi nnyina nkate fam yaw ne ɔhaw a wohyia no ano.

Ɔbenfo Fredrick Sherman a ɔwɔ Amerika Fekuw a Ɛyɛ Onyin ne Obi Mfe a Akɔ Anim Ho Nhwehwɛmu no mu ka sɛ: “Misusuw sɛ anyɛ yiye koraa no, wɔn a wɔhwɛ ayarefo no mu ɔha biara mu 50 nya adwenemhaw wɔ afe a edi kan a wɔde ɔhwɛ no ma no mu.” Wɔ nnipa a wɔn mfe akɔ anim, te sɛ Anna, fam no, wɔn ankasa ahoɔden a ɛso tew ne wɔn akwahosan a ɛsɛe no betumi ama tebea no ayɛ den kɛse sɛ wobedi ho dwuma.

Nea ɛbɛyɛ na yɛaboa wɔn a wɔhwɛ ayarefo ma wɔagyina wɔn asɛyɛde ahorow ano no, ehia sɛ yehu wɔn ahiade ahorow. Dɛn ne saa ahiade ahorow no, na yɛbɛyɛ dɛn atumi adi ho dwuma?

Ehia sɛ Wɔn a Wɔhwɛ Ayarefo no Kasa

Ɔbea bi a ɔboa hwɛɛ n’adamfo bi a na ɔrewu no kae sɛ: “Ná ehia sɛ meda me nkate adi.” Sɛnea yɛada no adi wɔ asɛm a edi eyi anim mu no, mpɛn pii no ɛyɛ mmerɛw sɛ wubegyina ɔhaw ano na woadi ho dwuma bere a wutumi ka ho asɛm kyerɛ adamfo bi a ɔwɔ ntease no. Nnipa pii a wɔhwɛ ayarefo a wɔte nka sɛ wɔn nsɛm tebea mma wonnya wɔn ho twabere no hu sɛ wɔn tebea no a wɔbɛka ho asɛm no boa wɔn ma wɔkyerɛkyerɛ wɔn nkate mu, na eyi nea ɛhyɛ wɔn mu no fi hɔ.

“Mekyerɛɛ ho anisɔ bere a nnamfo hui sɛ yɛn baanu nyinaa hia nkuranhyɛ no,” saa na Jeanny ka faa bere a na ɔrehwɛ ne kunu yare no ho. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ wɔn a wɔhwɛ ayarefo no hia nkuranhyɛ, na ɛtɔ da bi a, wohia obi a ɔbɛkyekye wɔn werɛ. Hjalmar a ɔboa hwɛɛ n’akonta yare no gye tom sɛ: “Ná mihia obi a obetie me suro ne me haw na wate sɛnea na mete nka no ase.” Ɛdefa n’adamfo a ɔbɛn no bi ho no, Hjalmar de ka ho sɛ: “Ná ahomeka wom sɛ mede simma aduasa pɛ mpo bɛkɔ akɔsra no. Na otie me. Ná odwen me ho ankasa. Na mete anigye nka wɔ ɛno akyi.”

Wɔn a wɔhwɛ ayarefo betumi anya nkuranhyɛ kɛse afi otiefo bi a ɔwɔ ntease hɔ. Bible no tu fo nyansam sɛ: ‘Monyɛ ntɛm ntie, monyɛ nyaa nkasa.’ (Yakobo 1:19) Amanneɛbɔ bi a ɛwɔ The Journals of Gerontology mu daa no adi sɛ “mpɛn pii no, hu a wubehu sɛ mmoa wɔ hɔ kɛkɛ no dɔɔso sɛ ɛbɛma woanya ahotɔ a ɛfata.”

Nanso, obi a obetie ne nkuranhyɛ akyi no, dɛn bio na wɔn a wɔhwɛ ayarefo hia?

Mmoa a Mfaso Wɔ So a Wɔde Ma

Oduruyɛfo Ernest Rosenbaum ka sɛ: “Ɔyarefo ne n’abusuafo nya ɔkwan biara a afoforo betumi afa so ada ɔdɔ ne nkuranhyɛ adi no mu mfaso.” Nea edi kan no, obi betumi ada “ɔdɔ ne nkuranhyɛ” a ɛte saa adi bere a ɔkɔsra wɔn, ɔfrɛ wɔn telefon so, anaa ɔkyerɛw asɛntiaa bi (a obetumi de nhwiren anaa akyɛde foforo bi aka ho) no.

Sue ka mmoa a n’abusua nyae bere a na Hodgkin yare rekum ne papa no ho asɛm sɛ: “Ná ɛma awerɛkyekye sɛ yɛn nnamfo bɛba abɛsra yɛn.” Ɔtoa so sɛ: “Ná me nnamfo no mu biako gye telefon so ma yɛn, na ɔboa horo yɛn nyinaa nneɛma tow so.”

Yebetumi de mmoa pɔtee bi a mfaso wɔ so aka mmoa a wɔde ma wɔn a wɔhwɛ ayarefo no ho, na ɛsɛ sɛ yɛde ka ho. Elsa ka sɛ: “Mihui sɛ mfaso wɔ so bere a nnamfo de mmoa ankasa mae no. Ná wɔnka kɛkɛ sɛ: ‘Sɛ biribi wɔ hɔ a metumi ayɛ a, ma minhu.’ Mmom no, na wɔka sɛ: ‘Merekodi gua. Dɛn na metumi atɔ abrɛ wo?’ ‘Menhwɛ wo turo no so?’ ‘Manya bere a mede bɛtra ɔyarefo no ho akenkan ade akyerɛ no.’ Biribi foforo a yehui sɛ mfaso wɔ so ne nhyehyɛe a na yɛyɛ ma nsrahwɛfo kyerɛw nsɛm gu nhoma bi mu bere a m’adamfo a ɔyare no abrɛ anaa wada no. Ɛno maa yɛn nyinaa ani gyei kɛse.”

Ofie nnwuma ahorow bi a yɛbɛyɛ no betumi aka mmoa pɔtee a yɛde ma ho. Rose kyerɛkyerɛ mu sɛ: “M’ani sɔɔ mmoa a afoforo yɛ maa me wɔ mpato, ɔyarefo no nkrataa kyerɛw, ɔyarefo no nsrahwɛfo a wogyigye wɔn ani, nnuru totɔ, guare a woguare no na wɔyɛ ne ti, ne nkankyee mu hohoro mu no.” Abusuafo ne nnamfo nso betumi aboa nea ɔrehwɛ ɔyarefo no denam nnuan a wɔde bɛbrɛ no mmiako mmiako no so.

Baabi a ɛfata no, ebetumi ayɛ nea mfaso wɔ so nso sɛ wɔbɛyɛ mmoa wɔ ayarehwɛ ho nnwuma titiriw bi mu. Sɛ nhwɛso no, ebia nea ɔrehwɛ obi yare no behia mmoa wɔ ɔyarefo no aduamma ne n’aguare mu.

Abusuafo ne nnamfo a wodwen wɔn ho no betumi de mmoa a mfaso wɔ so ama wɔ yare no mfiase, nanso sɛ yare no kyɛ ɛ? Esiane adagyew a yɛn ankasa nni nti, ebia ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ yebebu yɛn ani agu nhyɛso a nea ɔrehwɛ ɔyarefo no hyia—na ebia ɛreyɛ kɛse no—so. Sɛ mmoa a ɛho hia denneennen no fi ase kɔ fam a, hwɛ awerɛhow a ɛbɛyɛ!

Sɛ ɛba saa a, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ nea ɔrehwɛ ɔyarefo no ne abusuafo behyiam asusuw ɔkwan a wɔbɛfa so ahwɛ ɔyarefo no ho. Mpɛn pii no, wotumi nya nnamfo ne abusuafo a wonya ɔpɛ sɛ wɔbɛboa ma woso mu bi. Eyi na Sue ne n’abusua yɛe. Ɔka sɛ: “Sɛ yehia mmoa a, na yɛkae wɔn a wɔpɛ sɛ wɔboa no na yɛfrɛ wɔn wɔ telefon so. Yɛtee nka sɛ yebetumi asrɛ wɔn mmoa.”

Ma Wɔnhome

The 36-Hour Day nhoma no ka sɛ: “Ɛho hia kɛse ma mo baanu [wo a worehwɛ ɔyarefo no] ne [wo yarefo no]—sɛ́ wubenya mmere daa ‘de atwe wo ho’ afi nnɔnhwerew aduonu anan a wode hwɛ ɔyarefo a ne yare nni sabea no ho. . . . Bere a wode befi [ɔyarefo] no ho no yɛ ade titiriw biako a wubetumi ayɛ ma woatumi atoa so ahwɛ obi.” So wɔn a wɔhwɛ ayarefo no gye tom?

Maria a ɔboa hwɛɛ n’adamfo a ɔbɛn no a na kokoram rekum no no bua sɛ: “Ɛte saa ankasa. Mmere bi wɔ hɔ a, na mihia bere ‘de agye m’ahome’ ma obi foforo ahwɛ no kakra.” Saa ara na Joan a ɔhwɛ ne kunu a wanya Alzheimer yare no nso ka. Ɔka sɛ: “Nneɛma a yehia sen biara no biako ne sɛ yebenya bere de agye yɛn ahome bere ne bere mu.”

Nanso, wɔbɛyɛ dɛn anya bere de afi wɔn asɛyɛde ahorow ho nhyɛso no ho? Jennifer a ɔboa hwɛɛ n’awofo a na wɔn mfe akɔ anim no kyerɛ sɛnea onyaa ahomegye mu sɛ: “Ɛtɔ da bi a, na abusua no adamfo bi bɛfa maame da mũ no ma yegye yɛn ahome kakra.”

Ebia wubetumi ama nea ɔrehwɛ ɔyarefo no ahome kakra denam ɔyarefo no a wode no bepue kakra so, sɛ wubetumi ayɛ saa a. Joan ka sɛ: “Sɛ obi de me kunu pue sɛnea ɛbɛyɛ a metumi anya bere kakra a, ɛma m’ani gye.” Nanso, ebia wubetumi adi bere bi wɔ ɔyarefo no ho wɔ ne fie. Sɛnea wobɛyɛ no biara no, ma nea ɔrehwɛ ɔyarefo no nnya ahomegye a ohia kɛse no.

Nanso, ma ɛntra w’adwene mu sɛ, ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ wɔn a wɔhwɛ ayarefo begye wɔn ahome kakra. Ebia wɔbɛte afobu nka sɛ wɔatwe wɔn ho afi wɔn dɔfo no ho. Hjalmar gye tom sɛ: “Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛtwe wo ho afi tebea no ho akogye w’ani anaa woagye w’ahome. Metee nka sɛ ɛsɛ sɛ mewɔ hɔ bere nyinaa.” Nanso ne ho tɔɔ no kɛse sɛ ogyee n’ahome bere a na enhia sɛ ɔtra n’akonta ho pii no. Afoforo ayɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛma wɔahwɛ wɔn adɔfo wɔ mmeae a wɔhwɛ mpanyimfo nnɔnhwerew kakraa bi.

Ɔyare Nyinaa Awiei

Nokwarem no, obi dɔfo a ne yare mu yɛ den a ɔbɛhwɛ no no yɛ asɛyɛde kɛse. Nanso, obi dɔfo a ɔbɛhwɛ no yare no betumi de anigye ne abotɔyam kɛse aba. Nhwehwɛmufo ne wɔn a wɔhwɛ ayarefo twe adwene si abusuabɔ a emu yɛ den a ɛbɛda wɔne abusuafo ne nnamfo ntam no so. Akyinnye biara nni ho sɛ, wɔn a wɔhwɛ ayarefo no sua su horow ne nneɛma pa foforo. Pii nya honhom fam mfaso nso.

Nea ehia sen biara no, Bible kyerɛ sɛ Yehowa ne ne Ba, Yesu Kristo, yɛ ayarehwɛfo a wɔwɔ ayamhyehye sen biara. Bible nkɔmhyɛ ma yɛn awerɛhyem sɛ ɔyare ne amanehunu nyinaa, ne owu awiei abɛn. Ɛrenkyɛ, onipa Bɔfo a odwen ne ho no de daa nkwa wɔ wiase foforo a akwahosan a edi mũ wom betua atreneefo a wɔte asase so ka—wiase a “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!”—Yesaia 33:24; Adiyisɛm 21:4.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔasesa din a ɛwɔ saa asɛm yi mu no bi.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

Ɔyarefo no yiyedi gyina wo yiyedi so tẽẽ

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]

Nnamfo pa mmoa bɛyɛ pii ama wo ma woadi nneɛma ho dwuma wɔ mmere a emu yɛ den no mu

[Kratafa 12 adaka]

Ayarefo a Wɔhwɛ Wɔn Betumi Ayɛ Nea Mfaso Wɔ So

‘MFASO WƆ SO?’ ebia saa na ebinom bebisa wɔn ho. ‘Ɔkwan bɛn so na ebetumi ayɛ yiye?’ Yɛsrɛ wo hyɛ nea wɔn a wodidi so yi a wɔhwɛɛ ayarefo no ka kyerɛɛ Nyan! sɛnkyerɛwfo bi no nsow:

“Obi ankasa dwumadi ne n’akɔnnɔde a ɔde bɛkame ne ho no nkyerɛ anigye a ɔhwere. ‘Ɔma mu wɔ nhyira [anigye, NW] sen ogye.’ (Asomafo no Nnwuma 20:35) Ebetumi ayɛ anigye kɛse sɛ wobɛhwɛ obi a wodɔ no.”—Joan.

“M’ani gyei sɛ mitumi boaa me nuabea ne ne kunu bere a na wohia mmoa ankasa no—a na ɛnyɛ sɛ wobetumi atua me ka. Ɛmaa yɛn abusuabɔ no mu yɛɛ den. Mewɔ anidaso sɛ da bi, metumi de osuahu a manya no aboa obi foforo a ɔwɔ tebea a ɛte saa mu.”—Hjalmar.

“Sɛnea na metaa ka kyerɛ m’adamfo Betty a na ɔyare no, nea me nsa kae no boro nea mede mae no so koraa. Misuaa tema ne abotare. Misuae sɛ ebetumi ayɛ yiye sɛ mekura adwempa mu wɔ tebea a emu yɛ den kɛse mu.”—Elsa.

“Mebɛyɛɛ den kɛse. Mibehuu nea Yehowa Nyankopɔn a mede me ho bɛto ne so da biara na mama wadi m’ahiade ahorow ho dwuma no kyerɛ kɛse.”—Jeanny.

[Kratafa 13 adaka]

Bere a Woakɔsra Ɔyarehwɛfo Bi No

• Fa tema tie no

• Fi komam kamfo no

• Fa mmoa pɔtee bi ma

[Kratafa 10 mfonini ahorow]

Boa wɔn a wɔhwɛ ayarefo denam gua a wubedi ne aduan a wobɛnoa ama wɔn, anaa ɔyarefo no a wobɛboa ma wɔahwɛ no so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena