Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 4/8 kr. 23-25
  • So Aware Betumi Agyina Wɔ Awaresɛe Akyi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Aware Betumi Agyina Wɔ Awaresɛe Akyi?
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ofie a Adwiriw Agu
  • So Aware no Yɛ Nea Wobetumi Asiesie?
  • “Mmubui” no a Wobeyiyi Afi Hɔ
  • Denhyɛ
  • Nsiesie
  • Awaresɛe
    Nyan!—2015
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Nya Ahofama wɔ W’aware Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Sɛ Aware Reyɛ Agu A
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 4/8 kr. 23-25

Bible No Adwene

So Aware Betumi Agyina Wɔ Awaresɛe Akyi?

“Mise Mo Sɛ, Sɛ Ɛnyɛ Aguamammɔ Nti Na Obi Gyaa Ne Yere Na Ɔware Ɔfoforo A, Na Wasɛe Aware.”—MATEO 19:9.

YESU KRISTO nam nsɛm yi so maa Kristoni nyaa hokwan a obetumi agyina so agyae ɔhokafo a wanni nokware.a Nanso, sɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm no paw sɛ ɔbɛma aware no atra hɔ, na awarefo no yɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛsan ahyɛ wɔn abusuabɔ no mu den nso ɛ? Nsɛnnennen bɛn na awarefo no behyia, na ɔkwan bɛn so na wobetumi agyina saa nsɛnnennen no ano yiye? Ma yɛnhwɛ sɛnea Bible no boa yɛn ma yebua saa nsɛmmisa yi.

Ofie a Adwiriw Agu

Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yehu sɛnea adesɛe a awaresɛe no de aba no kɛse te. Sɛnea Yesu Kristo kyerɛkyerɛɛ mu no, aware Hyehyɛfo no bɔɔ ne tirim sɛ okunu ne ɔyere ‘nna so nyɛ baanu bio, na mmom wɔyɛ ɔhonam koro.’ Ɔde kaa ho sɛ: “Enti nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu!” Yiw, wɔhyehyɛɛ aware sɛ ɛnka nnipa mmom daa. Sɛ obi nam awaresɛe so bu aware ntam no so a, ɛde ɔhaw ahorow a ɛyɛ yaw ba.—Mateo 19:6; Galatifo 6:7.

Nea edi eyi ho adanse ne awerɛhow a ɔhokafo a ne ho nni asɛm di no. Wobetumi de ɔhaw ahorow a efi awaresɛe mu ba no atoto nea ahum a edwiriw afie gu de ba no ho. Oduruyɛfo Shirley P. Glass kae sɛ: “Ayarefo pii a wobehu me aka akyerɛ me sɛ, sɛ wɔn ahokafo wuwui a anka ɛrenhaw wɔn pii saa.” Nokwarem no, ebia ebinom a wɔn ahokafo awuwu ne wɔn renyɛ adwene. Nanso, ɛda adi sɛ awaresɛe de ɛyaw a emu yɛ den ba. Nnipa binom werɛ ntumi mfi huammɔdi no koraa da.

Esiane ɛyawdi a ɛte saa nti, obi betumi abisa sɛ, ‘So ɛsɛ sɛ awaresɛe ma aware bi gu?’ Enhia sɛ ɛba saa. Yesu asɛm a ɛfa awaresɛe ho no da no adi sɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm no wɔ hokwan a egyina Kyerɛwnsɛm so sɛ ogyae aware, nanso ɛnyɛ nhyɛ sɛ ɔyɛ saa. Awarefo binom si gyinae sɛ wɔbɛsan ahyehyɛ nea edwirii no, na wɔahyɛ mu den denam nsakrae ahorow a ɛho hia a wɔyɛ so—ɛwom sɛ biribiara nni hɔ a obi betumi agyina so ayi ne ho ano wɔ awaresɛe ho de.

Nokwarem no, ɛyɛ papa sɛ wɔyɛ nsakra ahorow a ɛho hia wɔ aware mu bere a awarefo baanu no di wɔn ho wɔn ho nokware. Nanso, sɛ awaresɛe ba mpo a, ahokafo a wɔn ho nni asɛm binom paw sɛ wɔbɛma aware no atra hɔ. Sɛ́ anka ɔhokafo a ne ho nni asɛm no begyina nsusuwii hunu so asi gyinae a ɛte saa no, ɛsɛ sɛ osusuw nea ebefi mu aba no ho yiye. Ɛda adi sɛ obesusuw ne mma, n’ankasa honhom fam, nkate fam, honam fam ne sika fam ahiade ahorow ho.b Ɛbɛyɛ nea nyansa wom nso sɛ obesusuw ho sɛ ebia n’aware no yɛ nea wobetumi asiesie anaa.

So Aware no Yɛ Nea Wobetumi Asiesie?

Ansa na ɔdansifo bi bɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsan asi ofie bi a ahum adwiriw agu no, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ hu sɛ ebia ɛyɛ nea wobetumi asan asi anaa. Saa ara na sɛ wɔbɛsan asiesie abusuabɔ a awaresɛe asɛe no no a, awarefo—titiriw nea ne ho nni asɛm no—bɛpɛ sɛ wosusuw mfaso a ɛwɔ nkitaho a wɔbɛsan adi ne ahotoso a wɔwɔ wɔ aware no mu ho yiye.

Ade biako a ɛsɛ sɛ osusuw ho ne sɛ ebia ɔhokafo a odi fɔ no da nokware ahonu adi anaasɛ ɔda so ara resɛe aware “ne komam.” (Mateo 5:27, 28) Ɛmfa ho sɛ ɔhyɛ bɔ sɛ ɔbɛsesa no, so ɔtwentwɛn ne nan ase sɛ obegyae ne brasɛe no ntɛm ara? (Exodus 20:14; Leviticus 20:10; Deuteronomium 5:18) So ɔda so ara kyerɛ mmea foforo ho anigye? So ɔbɔ ne yere sobo sɛ ɔno na ɔma ɔsɛee aware? Sɛ saa a, ɛda adi sɛ mmɔden a wɔbɛbɔ sɛ wɔbɛma aware no ayɛ nea ahotoso wom no renyɛ yiye. Nanso, sɛ ogyae ne brasɛe no, gye ne bɔne no ho asodi tom, na ɔda no adi sɛ ɔrehyɛ n’aware no mu den koraa a, ne yere betumi ahu nea obegyina so anya anidaso sɛ obetumi anya ahotoso a edi mũ da bi.—Mateo 5:29.

Afei nso, so ɔhokafo a ne ho nni asɛm no betumi de afiri? Eyi nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ ɔbea no ka ɛyaw kɛse a nea asi no ma ɔte nka no ho asɛm, anaasɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne ho sɛ nea biribiara nsii. Ɛkyerɛ sɛ ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔrenkɔ so nnya tirimka a emu yɛ den wɔ bere bi akyi. Bɔne fafiri a ɛte saa no gye bere, nanso etumi boa ma wonya nnyinaso a ɛyɛ den a wogyina so hyɛ aware no mu den bio.

“Mmubui” no a Wobeyiyi Afi Hɔ

Sɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm no si gyinae sɛ ɔbɛma aware no atra hɔ a, akwan bɛn na edi hɔ a awarefo no betumi afa so? Sɛnea ɛsɛ sɛ woyiyi ofie a ahum asɛe no ho mmubui fi hɔ no, saa ara na ɛsɛ sɛ woyiyi “mmubui” a ɛwɔ aware no ho no. Sɛ awarefo no da wɔn nkate adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho a, wobetumi ayɛ eyi akɔ akyiri. Mmebusɛm 15:22 ka sɛ: “Wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa.” Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “agyinakɔ” no kyerɛ twaka, na wɔkyerɛɛ ase sɛ “guabɔ” wɔ Dwom 89:7. Enti ɛrenyɛ adwenkyerɛ kɛkɛ, na mmom nkɔmmɔ a wofi nokwaredi ne komam bɔ a nnipa baanu no nyinaa da wɔn nkate a emu yɛ den adi.—Mmebusɛm 13:10.

Sɛ nhwɛso no, wɔ nsɛm bi mu no ebia ɔhokafo a ne ho nni asɛm no bɛwɔ nsɛm foforo a obebisa ne kunu. Ɛyɛɛ dɛn na ɔbrasɛe no fii ase? Ɛkɔɔ so bere tenten ahe? Hena bio na onim ho biribi? Ampa, ɛbɛyɛ yaw sɛ awarefo besusuw saa nsɛm yi ho. Nanso, nimdeɛ a ɛte saa ho behia na ama ɔhokafo a ne ho nni asɛm no asan anya ahotoso. Sɛ ɛte saa a, ɛyɛ papa sɛ ɔhokafo a wanni nokware no fi nokwaredi ne tema mu ma mmuae. Ɛsɛ sɛ ofi ɔdɔ ne ayamye mu kyerɛkyerɛ nsɛm mu, na ɔkae sɛ nkɔmmɔbɔ no atirimpɔw no ne sɛ ɛbɛsa yare, ɛnyɛ sɛ ebepira. (Mmebusɛm 12:18; Efesofo 4:25, 26) Ebehia sɛ wɔn baanu nyinaa de anifere, ahosodi, ne tema tie bere a wɔda wɔn nkate adi wɔ nea asi no ho no.c—Mmebusɛm 18:13; 1 Korintofo 9:25; 2 Petro 1:6.

Ebia wɔn a wɔyɛ Yehowa Adansefo no bɛpɛ sɛ wɔhwehwɛ mmoa fi asafo no mu mpanyimfo hɔ. Nokwarem, wɔ Kristofo fam no, ɛsɛ sɛ wɔka bɔne a anibere wom te sɛ awaresɛe ho asɛm kyerɛ mpanyimfo no a awarefo no ne asafo no honhom yiyedi ho hia wɔn no. Ebetumi aba sɛ bere a ɔbarima no hyiaa mpanyimfo no, ɔdaa nokware ahonu adi ma enti wɔmaa ɔtraa asafo no mu. Wɔ asɛm a ɛte saa mu no, mpanyimfo no betumi akɔ so de mmoa ama awarefo baanu no nyinaa.—Yakobo 5:14, 15.

Denhyɛ

Sɛ awarefo no si pi wɔ sɛnea wɔte nka ho kodu baabi a ɛfata a, wonya ahoɔden a wobetumi de ahyɛ wɔn aware no afã bi a ɛho hia den. Nkɔmmɔ a wofi komam bɔ kɔ so yɛ ade a ɛho hia. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ nsakrae a ɛfata wɔ baabi a wohu mmerɛwyɛ bi no.

Ɔhokafo a odi fɔ no titiriw na ehia sɛ ɔyɛ nsakrae ahorow. Nanso, ɛsɛ sɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm no yɛ ne fam de de hyɛ aware no afã bi a ɛyɛ mmerɛw no mu den. Eyi nkyerɛ sɛ na awaresɛe no fi ɔbea no, anaasɛ ɔbarima no betumi de biribi ayi ne ho ano—biribiara nni hɔ a obetumi agyina so ayi ne ho ano wɔ bɔne a ɛte saa a ɔyɛe no ho. (Fa toto Genesis 3:12; 1 Yohane 5:3 ho.) Nea ɛkyerɛ ara ne sɛ ebia na nsɛnnennen wɔ aware no mu a na ehia sɛ wosiesie. Denhyɛ yɛ nnipa baanu adwuma. So ɛho hia sɛ wɔhyɛ gyinapɛn ne botae ahorow bi mu den? So wɔabu wɔn ani agu wɔn honhom fam dwumadi ahorow so? Saa kwan yi a wɔfa so hu mmerɛwyɛ atitiriw, na ɛma wɔyɛ nsakrae ahorow a ɛho hia no yɛ ɔkwan pa a wɔfa so hyɛ aware a asɛe kɛse mu den.

Nsiesie

Ehia sɛ wosiesie ɔdan a wosii no yiye mpo daa. Ɛnde hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ wosiesie abusuabɔ a wɔasan ahyɛ mu den. Ɛnsɛ sɛ awarefo no ma kwan ma ɛbere a etwam no sɛe wɔn bo a wɔasi sɛ wobekura wɔn gyinaesi afoforo no mu no. Sɛ́ anka wɔn abam bebu bere a wohyia ɔhaw nketenkete te sɛ nkɔmmɔ a wobegyae bɔ no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ ade ntɛm san hyɛ abusuabɔ no mu den na wɔkɔ wɔn anim sen sɛ wɔbɛma wɔn abam abu.—Mmebusɛm 24:16; Galatifo 6:9.

Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere ma wɔn honhom fam dwumadi yɛ wɔn ahiade a edi kan, na wɔmma adwuma foforo biara mmɛyɛ nea ehia wɔn sen ɛno, anaa wɔn aware no. Dwom 127:1 ka sɛ: “Sɛ Awurade [Yehowa, NW] ansi dan no a, wɔn a wosi yɛ ho adwuma kwa.” Afei nso, Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔnyɛ no, wɔde no bɛto ɔba kwasea a ɔtoo n’aban anhwea so no ho. Na osu kɛse tɔe, na nsu yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na ɛhwee ase, na n’asehwe no so.”—Mateo 7:24-27.

Yiw, sɛ wobu ani gu Bible nnyinasosɛm ahorow so esiane sɛ ɛso di yɛ den nti a, aware no bɛkɔ so ayɛ nea ɛyɛ mmerɛw ama ahum a edi hɔ a ɛne awaresɛe no. Nanso, sɛ okunu ne ɔyere kura Bible gyinapɛn ahorow mu wɔ nsɛm nyinaa mu a, wɔn aware no benya Onyankopɔn nhyira. Wobenya biribi a emu yɛ den sen biara a ɛma wotumi di nokware wɔ aware mu nso—ɔpɛ a wobenya sɛ wɔbɛsɔ aware Hyehyɛfo, Yehowa Nyankopɔn, ani.—Mateo 22:36-40; Ɔsɛnkafo 4:12.

[Ase hɔ nsɛm]

a Ntease pa ahorow wɔ hɔ a enti obi betumi apaw sɛ obegyae ne hokafo a wasɛe aware. Sɛ wopɛ sɛ wunya saa asɛm yi ho nsɛm pii a, hwɛ “Bible no Adwene: Awaresɛe—Ɛsɛ sɛ Wɔde Firi Anaa Ɛnsɛ sɛ Wɔde Firi?” a ɛwɔ August 8, 1995, Nyan! mu no.

b Yɛka ɔhokafo a wanni nokware no ho asɛm sɛ ɔbarima. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe da no adi sɛ mmarima dodow a wɔsɛe aware no bɛyɛ mmea a wɔyɛ saa no mmɔho abien. Nanso, sɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm no yɛ Kristoni barima a, nnyinasosɛm a yɛaka ho asɛm no fa ne ho saa ara.

c Sɛ wopɛ sɛ wunya aso a wɔyɛ tie asɛm yiye ho nsɛm a, hwɛ Nyan! March 8, 1994, nkratafa 6-9, ne December 8, 1994, Engiresi de nkratafa 10-13.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena