Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 5/8 kr. 3
  • Nnipakum Wɔ Onyankopɔn Din Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnipakum Wɔ Onyankopɔn Din Mu
  • Nyan!—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Na Nokwasɛm Ahorow No Kyerɛ?
    Nyan!—1982
  • Tete Israelfo No Dii Ako—Adɛn Nti Na Yɛn De, Yɛnyɛ Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Nyamesom Ho Akam
    Nyan!—1986
  • Tete no, na Onyankopɔn Bu Akodie Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 5/8 kr. 3

Nnipakum Wɔ Onyankopɔn Din Mu

Efi Nyan! Kyerɛwfo A Ɔwɔ France hɔ

“Yekum Nnipa Wɔ Onyankopɔn Din mu, Na Yɛbɛkɔ So Akum”

INTERNATIONAL Herald Tribune kae wɔ atifi asɛmti yi ase sɛ: “Afeha yi a amanyɔfo binom pɛ sɛ wɔkyerɛ sɛ ɛde anibue aba no, asɛe te sɛ mfehaha a edii anim no ara pɛ esiane suban bɔne a nnipa wɔ a ɛma wokunkum afoforo wɔ Onyankopɔn din mu no nti.”

Ɔkyerɛwfo no bobɔɔ nyamesom mu nnipakum ho nhwɛso pii a aba wɔ mfehaha a atwam mu no din. Afei, ɔretwe adwene asi nnipakum a akɔ so wɔ afeha 20 yi so no, ɔkae sɛ: “Nea yehu no yɛ tete atirimɔdensɛm tantan a ɛyɛ hu no ntoaso. Wɔda so ara de ɔsom kata wɔn ani wɔ amammui mu basabasayɛ ho de pere nsase.”

Ebinom bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ sɛ nyamesom mu akodi a ɛrekɔ so nnɛ no ye denam ka a wɔka sɛ Onyankopɔn penee Kanaanfo a tete Israelfo kunkum wɔn no so. Nanso, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no ntumi nnyina ɛno so nni ako nnɛ. Dɛn ntia? Efisɛ, Onyankopɔn ankasa na ɔhyɛɛ Israelfo no sɛ wonni n’atemmu horow a ɛteɛ no ho dwuma mfa ntia nkurɔfo a na wɔsom adaemone, a na nna mu ɔbrasɛe ne afɔre a wɔde mmofra bɔ ka wɔn som ho no.—Deuteronomium 7:1-5; 2 Beresosɛm 28:3.

Adanse a ɛkyerɛ sɛ na tete Israelfo akodi horow no nyɛ ntawntawdi hunu bi ara kwa no ne anwonwakwan a Onyankopɔn nam so maa ɔman no dii nkonim no. Sɛ nhwɛso no, bere bi wɔhyɛɛ tete Israelfo no sɛ wɔmfa ntorobɛnto, nkuruwa, ne agyatɛn nni dwuma—akyinnye biara nni ho sɛ na eyinom nyɛ nneɛma a wɔde di ako ankasa! Bere foforo no, wɔde nnwontofo kuw dii Israel asraafo bi a na wɔrehyia asraafo a na wofi aman pii mu reba wɔn so no anim.—Atemmufo 7:17-22; 2 Beresosɛm 20:10-26.

Bio nso, bere bi a Israelfo no dii ako horow a na Onyankopɔn nsa nnim no, wanhyira wɔn, na wodii nkogu. (Deuteronomium 28:15, 25; Atemmufo 2:11-14; 1 Samuel 4:1-3, 10, 11) Enti, wontumi mfa Israelfo no akodi no nka sɛ akodi a akɔ so wɔ Kristoman mu no ye.

Wɔ nyamesom din mu no, Hindufo adi ako atia Nkramofo ne Sikhfo; Shiite Nkramofo adi ako atia Sunni Nkramofo; na wɔ Sri Lanka no, Buddhafo ne Hindufo akunkum wɔn ho wɔn ho.

Nnipakum a ɛkɔɔ so wɔ Onyankopɔn din mu a ɛte saa ara ne akodi a ɛkɔɔ so wɔ France wɔ afeha a ɛto so 16 mu no. Saa akodi horow yi ho nsɛm ka nea mogyahwiegu wom sen biara a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Roman Katolek Asɔre ne Protestantfo som ahorow a ɛwɔ Europa no ho abakɔsɛm ho. Momma yɛnhwehwɛ akodi horow yi mu na yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi mu.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

U.S. Asraafo mfonini

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena