Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 10/8 kr. 13-14
  • Dɛn Na Nokwasɛm Ahorow No Kyerɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Nokwasɛm Ahorow No Kyerɛ?
  • Nyan!—1982
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn na Wobɛka Akyerɛ Kramoni?
    Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nnipakum Wɔ Onyankopɔn Din Mu
    Nyan!—1997
  • Nyamesom Ho Akam
    Nyan!—1986
  • Nyamesom Ahorow Pii—Dɛn Ne Wɔn Aba?
    Nyan!—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 10/8 kr. 13-14

Dɛn Na Nokwasɛm Ahorow No Kyerɛ?

Nyamesom​—Tumi Ma Asomdwoe Anaa Ma Akodi?

ƐWOM,ɛte sɛnea wiase no nyinaa wo asomdwoe mu de, nanso “akodi nketewa a ɛboro aduonu anan rekɔ so na atwa asase ho ahyia . . . na ekunkum nnipa mpempem pii,” saa na Associated Press amanneɛbɔ bi ka,. Nhwehwɛmu da “nokwasɛm a ɛyɛ awerɛhow no adi sɛ, bɛyɛ akodi ahorow a ɛrekɔ so nnɛ wɔ wiase nyinaa no fã anaasɛ nea ɛboro saa yɛ nea ɛyɛ nyamesom mu ntawntawdi ankasa anaasɛ nea ɛfã nyamesom mu akasakasa ahorow ho,” saa na atesɛm krataa mu ɔkyerɛwfo C.L. Suizberger ka. Sɛ nhwɛso no:

Wɔ Lebanon, faako a wɔkoo ɔko a wɔfrɛ no Crusade no biako no, Kristofo ne Moslemfo amammui afã ahorow da so ara de wɔn ho ahyɛ nea Associated Press amanneɛbɔ no frɛɛ no “akodi ahorow a ne mfiase fi tete nitan ahorow mu” mu. Ɔko no wɔ Maron Kristofo ne Sunni Moslemfo ntam titiriw. Nanso wɔn a wɔka ho nso ne Hela Ortodoksfo ne Uniate Kristofo, Shiah Moslemfo ne Secret Druzfo. Anyɛ yiye koraa no nnipa dodow a wɔawu fi 1975 bɛyɛ 42,000. Wususuw sɛnea ɔman no kɛse te ho a, eyi betumi ayɛ ɔman biako mu akodi a woahwie mogya agu wom sen biara wɔ abakɔsɛm mu.

“Nnipa, a wokunkum wɔn ho wɔn ho wɔ nyamesom din mu wɔ Northern Ireland ama nnipa 2,079 ahwere wɔn nkwa wɔ mfirihyia 12 mu; a eyinom mu 144 yɛ apolisifo,” saa na Los Angeles Times no ka. Ɛwom sɛ ɔsɛmpɔw titiriw no yɛ nea ɛfa mmara mu hokwan a, wohwehwɛ ho de​—Katolekfo a wɔnnɔɔso no hokwan ahorow ne Protestantfo a wɔdɔɔso no de​—nanso ɛyɛ nea nyamesom ho asɛm wom kɛse, na afanu no nyinaa de wɔn ho ahyɛ akodi mu sɛ ano aduru. Nea ɛde aba? Wɔama ɔman no adan “afi ɔman a na anka ɛda baabi komm na ɛwɔ abrabɔ pa ho gyinapan ahorow ho abɛyɛ afeha a ɛto so 20 mfinimfini man a obiara tumi yɛ nea ɔpɛ, a nsɛm ne nneyɛe bɔne ama asɛe na asakra,” saa na Barry White kyerɛwee wɔ Toronto Star mu.

Wɔ Phillippines no, New York Times bɔ amanneɛ Sɛ “Ahobammɔ Asoɛe no bɛkyɛ’ obiara a ɔbɛkyere asɔfo ‘atuatewfo’ baanu a wɔyɛ Filipinfo no aba no Amerika sika dɔla 4,,000 sɛ́ ɛyɛ anikan anaasɛ wɔawuwu. Amanneɛbɔ foforo kyerɛ sɛ “Roma Katolek asɔfo baanan a wofii wɔn amansin mu no . . wɔahu wɔn sɛ wodi komunistfo atuatewfo no anim wɔ ɔko a wɔne aban asraafo ko no mu.” Sɛnea Newsweek kyerɛ no, bere a “asɔfo a wɔyɛ amansɛmdifo ama atuo so” wɔ kusuu fam no, na Moslemfo a wɔwɔ kesee fam no reko wɔn ‘ɔko kronkron’ no tia Katolekfo a wɔdɔɔso nniso no.

Ɛnyɛ mmeae kakraa yi nko na ntawntawdi ahorow a ɛfa nyamesom ho wɔ. Apereperedi ahorow wɔ Turkfo ne Helafo ntam wɔ Cyprus, ebi wɔ Hindufo ne Moslemfo ntam wɔ India, ebi wɔ Arabfo ne Israelfo ntam wɔ Mfinimfini Apuei, ebi wɔ Kristofo ne Budhafo ntam wɔ Burma, ebi wɔ Moslemfo ne Copticfo ntam wɔ Egypt. Na asɔfo de wɔn ho ahyehyɛ amammui ne atuatewfo akuw ahorow mu wɔ Central ne South America. Ɛwom, nneɛma afoforo wɔ hɔ a ɛde akodi ahorow a ɛte sɛe ba. Nanso dɛn nti na nyamesom ho wom? Na dɛn nti na nyamesom ntumi nsiw ano?

[Kratafa 13 mfoni]

Nyamesom mmofra a wɔwɔ Ulster a wokurakura petrol atopae

[Kratafa 14 mfoni]

Filipinfo nyamesomfo atuatewfo a wɔresua akodi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena