Dɛn na Wobɛka Akyerɛ Kramoni?
1 So woadi Kramoni bi adanse pɛn? Sɛ saa a, ebia wuhui sɛ Nkramofo wɔ Onyankopɔn mu gyidi kɛse. Nanso, wonnim asase so Paradise a Yehowa adiyifo no hyɛɛ ho nkɔm no ho nsɛm pii, na yɛpɛ sɛ yɛka saa anidaso no ho asɛm kyerɛ wɔn. (1 Tim. 2:3, 4) Asɛm a edi so yi bɛboa wo ma woatumi adi wɔn adanse yiye.
2 Nkramofo gye Allah, anaa Onyankopɔn di, na wogye tom sɛ Muḥammad yɛ ne diyifo. Wɔn nhoma kronkron ne Koran, na wɔfrɛ wɔn som no sɛ Nkramo, a asekyerɛ ne “ahobrɛase.” Wɔakyerɛw wɔ Koran mu sɛ atorodi ne ahonisom nye, sɛ Onyankopɔn yɛ biako, na ɔnyɛ Baasakoro. Afei nso, ɛkyerɛkyerɛ ɔkra a enwu da, hellgya, ne ɔsoro paradise mu. Nkramofo gye di sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm, nanso wɔasakra no, na esiane sɛ Koran no da so ara wɔ mfiase kasa a wɔde kyerɛwee mu nti, ɛyɛ kronkron.
3 Tew W’anim na Da Anifere ne Nhumu Adi: Sɛ wo ne Kramoni bi rebɔ nkɔmmɔ a, tew w’anim na da anifere adi. (Mmeb. 25:15) Kae sɛ Nkramofo wɔ wɔn nkyerɛkyerɛ no mu gyidi kɛse na emu pii wɔ hɔ a wɔakyere agu wɔn tirim kɛkɛ. Enti, nyamesom nkyerɛkyerɛ a ɛbɛma wɔahu Onyankopɔn apɛde a wobesusuw ho no nka wɔn honhom fam nkɔso a wɔhwehwɛ no ho. (Rom. 12:2) Sɛ yebetumi aboa Kramoni bi a, ɛsɛ sɛ yenya ntoboaseɛ na yɛda ntease adi.—1 Kor. 9:19-23.
4 Nka nsɛm a ɛbɛma Kramoni bi asusuw sɛ woyɛ Kristoman muni. Kyerɛkyerɛ mu fann sɛ wonyɛ Katolekni anaa Protestantni, na woyɛ ɔsom foforo koraa muni. Ka Bible no ho asɛm sɛ Onyankopɔn Nhoma. Esiane sɛ Nkramofo mpɛ sɛ wɔbɛte asɛm “Onyankopɔn Ba” no nti, ɛbɛyɛ papa sɛ wommɔ so koraa kosi sɛ wubehu sɛ wanya honhom fam nkɔso ansa. Nanso, wubetumi aka Yesu ho asɛm sɛ odiyifo anaa ɔsomafo. Nnye akyinnye. Sɛ wuhu sɛ abufuw reyɛ aba a, fi obu mu twe wo ho ntɛm ara.
5 Ɛyɛ papa sɛ wo ne nipa biako pɛ bɛkasa sen sɛ wo ne nnipakuw bi bɛkasa. Mpɛn pii no, ɛyɛ nea nyansa wom sɛ mmea ne mmea bɛkasa na mmarima ne mmarima akasa. Ɛnyɛ bere nyinaa na ebehia saa, nanso ɛsɛ sɛ wode w’ani to fam. Afei nso, mmea ntadehyɛ ne wɔn ahosiesie a ɛmfata no ho asɛm taa haw Nkramofo pii. Ɛsɛ sɛ anuanom mmea yɛ ahwɛyiye wɔ eyi ho.—1 Kor. 10:31-33.
6 Asɛm a Wubetumi Aka: Ka nokwasɛm a ɛfa Onyankopɔn kɛseyɛ ne ne dɔ ho. Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛma wahu sɛ wugye di ampa sɛ Onyankopɔn yɛ biako (ɔnyɛ Baasakoro), na ahonisom nso nye. Ka amumɔyɛsɛm a ɛrekɔ so wɔ wiase nnɛ no ho asɛm—akodi, ɔmanko, mmusuakuw ntam nitan, ne nyaatwom a ɛrekɔ so wɔ nnipa pii a wɔwɔ nyamesom ahorow mu no mu no.
7 The Guidance of God—Our Way to Paradise nhomawa no betumi ama woahu nsɛmti foforo a wubetumi ne Nkramofo abɔ ho nkɔmmɔ. Wɔayɛ nhomawa yi sɛnea Nkramofo a wɔte mmeae a wobetumi asua Bible no ani betumi agye ho.
8 Wubetumi aka asɛm yi afi ase:
◼ “Merebɔ mmɔden kɛse sɛ me ne Nkramofo bɛkasa. Makenkan mo som no ho nsɛm na migye di sɛ ɛfata sɛ mɛka sɛ Nkramofo gye nokware Nyankopɔn biako pɛ ne adiyifo no nyinaa di. [Twɛn ma ɔnka biribi.] Mepɛ sɛ meka tete nkɔmhyɛ bi a ɛkyerɛ sɛ asase bɛdan paradise ho asɛm kyerɛ wo. So metumi akenkan asɛm a odiyifo no kae no akyerɛ wo? [Kenkan Yesaia 11:6-9.] Nkɔmhyɛ yi ma mekae asɛm bi a Koran aka a ɛwɔ nhomawa yi mu no. “Bue Guidance of God nhomawa no kratafa 9, na kenkan asɛm a wɔde nkyerɛwde akɛse akyerɛw a ɛka atreneefo a wɔbɛtra asase so ho asɛm no. Sɛ ɔkyerɛ ho anigye a, monkɔ so nsusuw nkyekyem 7 kosi 9 a ɛwɔ kratafa 8 no ho. Fa nhomawa no ma no na yɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe.—Sɛ wopɛ asɛm foforo a wɔka kyerɛ a, hwɛ February 1998 Yɛn Ahenni Som, kratafa 6, nkyekyem 28.
9 Sɛ wopɛ sɛ wo ne obi susuw Guidance of God nhomawa no ho a, eye sɛ wobɛka sɛ moreyɛ nhwehwɛmu sen sɛ wobɛka sɛ moreyɛ Bible adesua. Sɛ mosua nhomawa no wie a, osuani no betumi ama moasua Ahwehwɛde nhomawa no anaa Nimdeɛ nhoma no. Nhoma afoforo a wɔahyɛ da ayɛ ama Nkramofo ne How to Find the Road to Paradise kratawa no ne The Time for True Submission to God nhomawa no.
10 Esiane nimdeɛ a yɛanya wɔ Nkramofo gyidi ahorow ne nea wɔn ani gye ho mu nti, yebetumi de nhumu apaw nhoma a ɛfata ama wɔn na yɛahu ɔkwampa a yebetumi afa so adi wɔn adanse. Ɛmmra sɛ Yehowa bɛkɔ so ahyira mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛboa nnipa nyinaa ma wɔabɔ ne din na wɔanya nkwa no so.—Aso. 2:21.