Nyamesom Ahorow Pii—Dɛn Ne Wɔn Aba?
‘PAPA kakra wɔ nyamesom ahorow nyinaa mu.’ Ɛno yɛ adwene a nnipa pii agye atom kɛse nnɛ. Wɔte nka sɛ nyamesom kakra bɛma obiara ayɛ onipa pa.
So saa na wote nka wɔ ho? So wususuw sɛ, sɛ woka ne nyinaa bom a, nyamesom ayɛ nkɛntɛnso pa wɔ adesamma nyinaa so? So wote nka sɛ nyamesom ahorow ahorow no asow aba pa, aba a eye wɔ wɔn a wodi wɔn akyi no asetra mu?
Ampa, nsemmisa a ɛte sɛɛ nyɛ nea ɛsɛ sɛ wogyina sɛnea obi te nka nkutoo so bua, na saa ara na wɔ nokwarem no, ɛnsɛ sɛ wobua denam nea nyamesom ahyehyɛde ahorow no kyerɛ sɛ wɔyɛ so. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ nokwasɛm ahorow no mu na yɛde adwempa yɛ saa sɛnea ebetumi.
Hwehwɛ Nokwasɛm Ahorow no Mu
Wɔ nnɛ berɛ yi a nkitahodi tumi kɔ so ntɛmntɛm na nsɛm ho amanneɛbɔbea ahorow pii wɔ hɔ yi mu no, ɛnyɛ den sɛ wubehu nokwasɛm ahorow no. Nanso dɛn na ɛsɛ sɛ wohwehwɛ? Wiɛ, aba bɛn na wobɛka sɛ ɛsɛ sɛ nyamesom sow? Wɔ eyi ho no, nnipa pii begye atom sɛ ɛsɛ sɛ nyamesom ma nnipa no yɛ wɔn a wɔwɔ ɔdɔ kɛse, wodi nokware, wobu bra pa, wɔpɛ asomdwoe, wɔyɛ honhom mufo, ne nea ɛkeka ho. Eyi yɛ nokware ampa. Nokwarem no, ɛkame ayɛ sɛ nyamesom ahorow no nyinaa wɔ nea wogye di titiriw a ɛte sɛ Bible nkyerɛkyerɛ a ɛne “dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!” no.—Mateo 22:39.
Bere a ɛkame ayɛ sɛ nyamesom ahorow nyinaa kyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ a ɛte sɛɛ no, so wɔyɛ saa wɔ nneyɛe mu nso? So yehu abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn wɔ emufo no mu? So wɔwɔ ɔdɔ kɛse, wɔpɛ asomdwoe, wodi nokware? Yiw, aba bɛn na nyamesom ahorow pii no resow?
Nyamesom ne Abrabɔ Pa
Esiane awaregu, mmaninyare, nyinsɛn ahorow a wɔmpɛ, ɔbrasɛe ho nhoma horow, mmarima a wɔne wɔn ho da ne ɔbarima ne ɔbea nna mu ahofadi ahorow ho hu no nti, nnipa pii rehwɛ nyamesom kwan sɛ ɛbɛboa wɔn. Ebia wɔbɛka sɛ, sɛ nniso ne sukuu ahorow no mmfa abrabɔ pa ho akwankyerɛ a wohia no mma a, ɛnde ɛsɛ sɛ nyamesom yɛ saa. Mmɔden a wɔrebɔ sɛ wɔbɛsan de mpaebɔ ne ‘nyansahu kwan so adebɔ’ aba ɔman sukuu ahorow mu wɔ United States no di eyi ho adanse. Nanso akwankyerɛ bɛn na nyamesom de rema nnɛ? Susuw nhwɛso horow bi ho.
● Canada Asɔre Nkabom (Protestantfo asɔre a ɛso sen biara wɔ ɔman no mu) no de amanneɛbɔ bi a ne ti ne Wɔ Onyankopɔn Suban So . . . Ɔbarima ne Ɔbea kɔmaa asafo horow a ɛwɔ kuw no mu nyinaa sɛ akwankyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa wɔ aware ne ɔbarima ne ɔbea nna mu. Sɛnea atesɛm krataa a wɔfrɛ no Maclean’s kyerɛ no, amanneɛbɔ no “kamfo kyerɛe sɛ wonsusuw gye a wobegye mmarima a wɔne wɔn ho da atom ama asɔfodi no ho; ɛka sɛ ɔbarima ne ɔbea nna wɔ aware akyi yɛ nea wobetumi agye atom wɔ tebea horow bi mu bere a abusuabɔ no yɛ nea ‘ɛyɛ anigye, ɛde ahofadi ba, ɛyɛ nea ɛboa, na eye wɔ asetra mu no’; na ɛhyɛ nyansa sɛ aware mu nokwaredi nyɛ nea ɛho hia ankasa sɛ wɔde aware mu ɔhokafo nkutoo a wɔne no behyiam ka ho.” Wɔatu gyinaesi a etwa to wɔ tirimbɔ yi ho ahyɛ da akosi afe yi awiei mu hɔ baabi.
● Asɛm bi a ne ti ne “‘Awo Foforo’ Kristofo Rehu Ɔbarima ne Ɔbea Nna Mu Nsakrae’” no mu no, Russell Chandler a ɔyɛ atesɛm krataa a wɔfrɛ no Los Angeles Times no nyamesom nsɛm ho ɔkyerɛwfo no bɔ amanneɛ sɛ: “Protestant asɔre akɛse no ne Roman Katolek asɔre no baguafo ahorow a wɔyɛ nhwehwɛmufo aka sɛ . . . wɔ tebea horow binom mu no . . . nnipa baanu a wɔnwaree a wɔne wɔn ho da ɔbarima ne ɔbea nna betumi ayɛ nea ɛnyɛ bɔne, mmarima a wɔne wɔn ho da yɛ nea wobetumi agye atom sɛ asetra kwan foforo ma Kristofo na boasipem anaa nnweho betumi ayɛ nea eye na ɛfata.”
● Bere a ɛrebɔ “Mmarima a wɔne wɔn ho da a wɔwɔ Asɔre no mu” ho amanneɛ, titiriw wɔn a wɔwɔ Roman Katolek asɔre no fã a ɛwɔ San Francisco no mu no, Newsweek nsɛmma nhoma no da no adi sɛ “wɔ mfirihyia du a atwam no mu no, mmarima a wɔne wɔn ho da akuw horow . . . aba wɔ Protestantfo asɔre akɛse no mu na akanyan ahyehyɛde horow a ɛte saa ara wɔ Mennonifo, Honhonsɔrefo, Mormonfo, Christian Scientistfo, Memenedafo ne Yudafo mu. Wɔ nkurow akɛse pii mu no, mmarima a wɔne wɔn ho da anya wɔn ankasa asɔre, asɔrefi ne mpo Zen Buddhafo nhyiambea ahorow.”
● Ɔman Asɔfo Bagua wɔ Asanom Bebrebe Ho no buu akontaa wɔ 1977 mu sɛ anyɛ yiye koraa no, Amerika asɔfo ne mmea a wɔresua asɔfodi mu ɔha biara mu 10 yɛ asadweam, saa na Associated Press amanneɛbɔ bi a efi Los Angeles kyerɛ. Nanso amanneɛbɔ foforo a wɔdaa no adi wɔ Baltimore atesɛm krataa a wɔfrɛ no Sun mu no se: “Bere a Katolek asɔre no mpanyimfo kyerɛ sɛ asanom bebrebe yɛ nea ɛhaw asɔfo no wɔ wiase nyinaa no, ɛnyɛ ɛno ne ɔhaw a ɛho hia kɛse bio. . . . Nea na ɛyɛ nokware wɔ afe apem ahankron aduonum ne aduosia no mu wɔ asanom bebrebe ho no yɛ nokware nnɛ wɔ mmarima a wɔne wɔn ho da no ho. Nsɛm a ɛfa mmarima a wɔne wɔn ho da ho no abɛyɛ kɛse mprempren.”
Wɔ akwankyerɛ ne nhwɛso a ɛte sɛɛ mu no, ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa a wɔkɔ asɔre no abrabɔ nyɛ papa biara, anaasɛ ɛyɛ nea asɛe sen nnipa afoforo a wɔaka no nyinaa de. Ɛho nhwɛso kakraa bi ni:
● London Times bɔ amanneɛ sɛ: “Akontaabu ankasa kyerɛ sɛ nnipa a wɔwɔ England afiase no mu bɛyɛ nkyem anan mu biako yɛ wɔn a wonim sɛ wɔyɛ Roman Katolekfo, ɛwom sɛ ɔmanfo 10 biara mu biako na ɛyɛ bi.” Wɔyɛɛ nhyiam bi a wɔde resusuw “nea enti a Roman Katolekfo dodow a ɛte saa yɛ wɔn a wɔde nnubɔne di dwuma, wɔyɛ asadweam, nguaman ne nsɛmmɔnedifo wɔ afiase no ho,” saa na amanneɛbɔ no ka.
● Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi wɔ United States da no adi sɛ mpanyimfo a wɔwɔ ɔman no mu no ɔha biara mu 70 kyerɛ sɛ wɔyɛ asɔrekɔfo na wɔn mu ɔha biara mu 40 kɔ asɔre ankasa wɔ dapɛn bi a wɔahyɛ mu. Nanso sɛnea 1983 Britannica Book of the Year kyerɛ no, aware abien biara mu biako gui wɔ 1981 mu na “bere a wɔresusuw awaregyae dodow a ɛrekɔ soro ne ɛnanom a wonni kununom awo ho no, . . . Ná mmofra baanum biara mu biako ne ɔwofo a onni ɔhokafo na ɛte.”
● Nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no To the Point no se: “Roman Katolekfo mmarima a wɔyɛ awarefo a wɔwɔ Lusaka (Zambia) mansin mu no mu dodow a wɔreyɛ adu nkyem abiɛsa mu biako wɔ yefamnom a wɔne wɔn te, sɛnea ɔsɔfo panyin Emanuel Milingo amanneɛbɔ bi kyerɛ no.” Amanneɛbɔ no kyerɛ sɛ Katolekfo afie 10,903 a ɛwɔ ɔmansin no mu no mu 3,225 yɛ nea yefamnom wom.
Ɛte sɛ nea Yesu kae bere tenten a atwam no, sɛ: “Dua pa ntumi nsow aba bɔne, na dua bɔne nso ntumi nsow aba pa.” (Mateo 7:18) Ɔbrasɛe kɛse a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa no da wiase yi nyamesom ‘nnua’ no honhom fam tebea adi—nea ɔyare aka no na ɛrewu.
Nyamesom ne Akodi
Bere a ohu sɛ “wiase no abɛn asiane kɛse, ebia wu a nnipa no bewuwu wɔ nuklea akodi mu no,” Zakir Husain a na kan ɔyɛ India ɔmampanyin no srɛɛ wiase nyamesom akɛse no akannifo nyinaa bagua bi “sɛ wɔnyere wɔn ho na wɔmma wɔn ani nna hɔ kɛse wɔ daakye ho sen sɛnea wɔayɛ wɔ bere a atwam mu no” wɔ wiase nyinaa asomdwoe ho adwuma a wɔyɛ no mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ eyi no, Husain kae sɛ “ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ nea ɛsen gyidi, amanne ne nneyɛe horow a esiw nkitahodi a nyamesom ahorow ahorow no benya wɔ biakoyɛ a wɔde bɛbom ayɛ adwuma ho adwene kwan no.”
Ɛno yɛ 1968 mu wɔ amanaman ntam nyamesom nhyiam bi a ɛfa asomdwoe ho a wɔyɛe wɔ New Delhi, India no ase. Wɔn a wɔbae a ɛda adi sɛ wɔpene nhyehyɛe yi so ne mpanyimfo a wogyina Buddhasom, Katoleksom, Hindusom, Nkramosom, Jainisom, Yudasom, Protestantsom, Sikhsom ne Zoroastriansom ananmu no. Dɛn na aba fi saa bere no? Ampa, wɔakɔ so abɔ mmɔden foforo sɛ wɔbɛyɛ nhyiam, ɔkasa ne nsusuwho ahorow ho nhyehyɛe. Na esiane nuklea ɔsɛe ho hu a emu kɔ so yɛ den no nti, wɔayeyɛ mpaemuka anaa tirimbɔ ahorow na wɔakyerɛw nkrataa ahorow atia nniso ne adwumayɛbea ahorow. Nanso so nyamesom ahorow a wɔwɔ wiase no ayɛ yi a wobeyi “gyidi, amanne ne nneyɛe horow a esiw . . . biakoyɛ a wɔde bɛyɛ adwuma kwan” no ho adwuma? So wɔasow aba a ɛne ɔdɔ ne asomdwoe wɔ nneyɛe mu a ɛnyɛ nsɛm a wɔde ano ka nko mu?
Nea ɛbɔ ɛno abira koraa no, efi saa afe no so no, akodi ne ntawntawdi ahorow pii akɔ so wɔ wiase a ɛwom sɛ ɛnyɛ nyamesom nko nti na ama aba saa de, nanso edi dwuma titiriw wom. Ebi yɛ nyamesom ahorow mufo ntam akodi ne ntawntawdi; ebi yɛ nyamesom koro no ara akuw horow ntam de.
Nea asi nnansa yi ara a ɛyɛ nhwɛso horow a yebetumi aka ho asɛm no bi ne basabasayɛ ahorow a ɛkɔɔ so wɔ Indiafo mantam a wɔfrɛ no Assam mu a Hindufo ne Nkramofo dii ako no; akodi a ɛrekɔ so mprempren wɔ Iran ne Iraq ntam a Shiite Nkramofo ne Sunni Nkramofo reko no; ntawntawdi a ɛyɛ hu a ɛrekɔ so mprempren wɔ Northern Ireland a emu na Protestantfo kunkum Katolekfo na Katolekfo kunkum Protestantfo no; akodi ne nnipa kum kɛse wɔ Lebanon a Kristofo, Yudafo ne Nkramofo nyinaa ho wom no; ne mpo Falklands akodi a emu na “asraafo asɔfo ka kyerɛɛ Argentina asraafo sɛ wɔnko nkosi owu mu efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ” no, saa na San Francisco Examiner no ka.
Eyi nkyerɛ sɛ mprempren tebea horow a ɛrekɔ so no nyinaa nen, na saa ara nso na aman ne nkurɔfo ntam ntawntawdi ahorow pii a ɛkɔɔ so wɔ mmere horow a atwam mu a nyamesom ho nkate a emu yɛ den ma ɛbae no nka ho.
Ebia amammui anaa nsase ho akasakasa ahorow na ɛde ɔko ahorow a ɛte sɛɛ ba. Nanso ɛnkyɛ na nyamesom de ne ho ahyem denneennen. Mpɛn pii wohu sɛ asɔfo a wɔwɔ afanu no nyinaa srɛ Onyankopɔn koro no ara hɔ nhyira ma wɔn asraafo, na wɔka sɛ ɔko a wɔreko no yɛ ɔko a ‘ɛteɛ’ anaa ‘kronkron’ na wɔhyɛ bɔ sɛ wɔn a ebia wobekunkum wɔn wɔ akodi ahorow a ɛte sɛɛ mu no nya akatua a ɛne ɔsorokɔ ntɛm ara. So eyi mma w’adwene mu nyɛ wo naa sɛ ebia biribi wɔ wiase nyamesom ahorow no mu a ɛma emufo yɛ wɔn ade basabasa no? Wɔ Time nsɛmma nhoma mu asɛm bi a ne ti ne “Nyamesom Akodi Horow—Mogyahwiegu Nsiyɛ” no mu no, ɔkyerɛwfo panyin Lance Morrow kae sɛ: “Nnipa a wɔako wɔ nyamesom din mu ne nsɛnkyerɛwfo a wɔahwɛ no hu nsonsonoe a ɛyɛ nwonwa wɔ akodi ahorow pii mu—asotwe ne mpata ho asɛm . . . a ɛma nyamesom akodi ahorow no kɔ so ara yɛ ahodwiriw.”
Saa abirabɔ yi ne asɛm a emu yɛ den a wɔde tia nyamesom. Ɔreka Kristoman afã wɔ akodi ahorow a atwam ne mprempren de no mu ho asɛm no, Reo Christenson a ɔyɛ amammuisɛm ho ɔbenfo no kyerɛwee wɔ The Christian Century bi a ɛbae nnansa yi mu sɛ: “Ebia biribiara nni hɔ a egu Kristosom anim ase kɛse sen ne ho a ɛde hyɛ akodi mu te sɛ nea wɔn a wɔnyɛ Kristofo yɛ no. Sɛ wɔ ɔkwan biako so no, Kristofo gye gyidi a ɛfa Agyenkwa a odwo ho no tom bere a wɔ ɔkwan foforo so no wɔboa nyamesom anaa ɔman akodi ahorow denneennen no, asɛe gyidi no na ama wɔanya adwene a ɛnteɛ wɔ nyamesom ho a atrɛw wɔ nnipa a wɔwɔ adwene no mu mfehaha pii no.”
Dɛn Na Wususuw?
Yɛasusuw aba ahorow a wiase nyamesom ahorow no asow no ho wɔ nneɛma ahorow abien pɛ mu—abrabɔ pa ne akodi—na nea yɛahu no yɛ ahodwiriw ne abofono. Wɔatɔ sin koraa wɔ nea ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan wɔ wɔn ho no mu. Wotumi hu aba bɔne a ɛte saa ara bi wɔ nneɛma afoforo pii mu—abusua a obi fi mu ho adwemmɔne, wɔn ho a wɔde hyɛ amammuisɛm mu, aguadi mu nneyɛe horow a nokwaredi nni mu, gyidihunu ahorow a ɛde wɔn yɛ nkoa, ne nea ɛkeka ho. Yiw, nyamesom de aba porɔwee ahyɛ asase so ma ampa, a ne nyinaa yɛ nea apira adesamma.
Ebia saa nneɛma ahorow yi ama woatwe wo ho afi nyamesom ho. Sɛ saa a, ɛnde ɛnyɛ wo nko. Ɛnnɛ nnipa pii agyae nyamesom esiane n’aba bɔne no nti. Nanso so ɛno ne adeyɛ a nyansa wom? So ɛno ne adeyɛ a ɛde anigye ne akomatɔyam kɛse bɛba? Anaa, so biribi a eye wɔ hɔ? Yɛto nsa frɛ wo sɛ susuw asɛm a edi so no ho.
[Kratafa 9 mfoni]
Aba bɔne a wiase nyamesom asow ho nhwɛso horow abien: gye a wogye mmarima a wɔne wɔn ho da tom ne wɔn ho a wɔde hyɛ akodi mu