Nea Enti a Ɔsom a Ɛyɛ Wiase De Bɛba Awiei
“Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi.”—ADIYISƐM 18:4.
1. (a) Ɔkwan bɛn so na Babilon Kɛse no ahwe ase? (b) Ɔkwan bɛn so na asɛm yi aka Yehowa Adansefo?
“BABILON KƐSE NO ahwe ase.” Yiw, wiase atoro som ahemman no ahwe ase wɔ Yehowa ani so. Eyi aba saa fi 1919, bere a Kristo nuanom nkaefo no fii Kristoman, Babilon ahintasɛm no fã titiriw, nkɛntɛnso ase no. Ne saa nti, wɔatumi akasa atia atoro som, abɔ Onyankopɔn trenee nniso a ɛnam Mesia Ahenni so no ho dawuru. Yehowa nokware Adansefo no apa Satan som ahorow a ɔnam so daadaa “amanaman nyinaa no” ho ntama wɔ afeha yi nyinaa mu.—Adiyisɛm 12:9; 14:8; 18:2.
Ɔkwan Bɛn so na Babilon Kɛse no Ahwe Ase?
2. Wiase nyamesom tebea te dɛn nnɛ?
2 Nanso, ebia obi bebisa sɛ, ‘Wobɛyɛ dɛn atumi aka sɛ Babilon ahwe ase, bere a ɛte sɛ nea nyamesom renya nkɔso wɔ nsase pii so no?’ Katoleksom ne Nkramosom mu biara wɔ gyidifo bɛboro ɔpepepem biako. Protestantsom da so ara nya nkɔso wɔ Amerika, baabi a wosisi asɔredan akɛse ne nketewa bere nyinaa no. Ɔpepehaha pii di Buddhasom ne Hindusom amanne horow akyi. Nanso, ɔsom ahorow yi nyinaa nya saa nnipa ɔpepepem pii nneyɛe so nkɛntɛnso pa kodu he? Ama Katolekfo ne Protestantfo agyae kum a wokunkum wɔn ho wɔn ho wɔ Northern Ireland no? Ɛde asomdwoe ankasa abrɛ Yudafo ne Nkramofo wɔ Mediterranea Supɔw no so? Atumi ama asomdwoe aba Hindufo ne Nkramofo ntam wɔ India? Na, nnansa yi ara, atumi ama Serbia Ortodɔksfo, Croatia Katolekfo, ne Bosnia Nkramofo agyae “mmusua asetɔre,” nneɛma fow, mmonnaato, ne kum a wokunkum wɔn ho wɔn ho no? Mpɛn pii no, nyamesom yɛ din a ɛda nkurɔfo so ara kwa, ɛyɛ kesua hono a emu yɛ hare a womia no ketewaa bi a na apae.—Galatifo 5:19-21; fa toto Yakobo 2:10, 11 ho.
3. Dɛn nti na nyamesom wɔ atemmu mu wɔ Onyankopɔn anim?
3 Onyankopɔn ani so no, mmoa a nnipa pii de ma nyamesom no nsakra nokwasɛm bi—nyamesom nyinaa wɔ atemmu mu wɔ Onyankopɔn anim. Sɛnea abakɔsɛm da no adi no, ɛfata sɛ wobu Babilon Kɛse no atɛn efisɛ “ne nnebɔne atoatoa abedu soro, na Onyankopɔn akae n’amumɔyɛ.” (Adiyisɛm 18:5) Hosea kyerɛwee wɔ nkɔmhyɛ kwan so sɛ: “Mframa na wogu, na ahum nso na wobetwa.” Satan atoro som a ɛwɔ wiase nyinaa betua pa a wɔapa Onyankopɔn, ne dɔ, ne din, ne ne Ba no, ho ka nyinaa.—Hosea 8:7; Galatifo 6:7; 1 Yohane 2:22, 23.
Ɛsɛ sɛ Wopaw Biribi
4, 5. (a) Tebea horow bɛn mu na yɛte nnɛ? (b) Nsɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yebua?
4 Yɛte “nna a edi akyiri” no fã a etwa to mu, na sɛ́ nokware Kristofo no, yɛrebɔ mmɔden sɛ yebegyina “mmere a emu yɛ den” yi ano. (2 Timoteo 3:1-5) Nokware Kristofo yɛ ahɔho wɔ Satan wiase a ɛda ne nipasu a aporɔw sɛ owudifo, ɔtorofo, ne ɔnototofo no ankasa adi no mu. (Yohane 8:44; 1 Petro 2:11, 12; Adiyisɛm 12:10) Basabasayɛ, nnaadaa, amimdi, ɔporɔw, ne ɔbrasɛe a enye koraa atwa yɛn ho ahyia. Wobu ani gu nnyinasosɛm ahorow so. Anigyede ne ahopɛ su na ahyɛ nnipa ma. Na mpɛn pii no, asɔfo pene ɔbrasɛe so denam brɛ a wɔbrɛ kasa a Bible kasa tia mmarima a wɔne mmarima da, aguamammɔ, ne awaresɛe pefee ase, no so. Enti asɛm no ne sɛ, Wowɔ atoro som afã, na wugye tom, anaa wode wo ho hyɛ nokware som mu denneennen?—Leviticus 18:22; 20:13; Romafo 1:26, 27; 1 Korintofo 6:9-11.
5 Ɛnnɛ ne nyiyim bere. Ɛno nti ɛho hia kɛse sɛ yehu nsonsonoe a ɛda atoro som ne nokware som ntam pefee no. Dɛn bio na Kristoman asɔre ahorow ayɛ a ama wɔn ho aba asɛm kɛse saa?—Malaki 3:18; Yohane 4:23, 24.
Wɔabɔ Atoro Som Sobo
6. Ɔkwan bɛn so na Kristoman apa Onyankopɔn Ahenni?
6 Ɛwom sɛ nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ Kristoman mu de Awurade Mpaebɔ no di dwuma, na wɔnam so bɔ Onyankopɔn Ahenni ho mpae sɛ ɛmmra de, nanso wɔde nsiyɛ agyina amammuisɛm biara akyi, apa saa teokrase nniso no. Mfehaha pii a atwam no, Katolek Asɔre no mu “mmapɔmma,” te sɛ Asɔfopɔn Richelieu, Mazarin, ne Wolsey, dii dwuma nso sɛ amanyɔfo, aban asoafo.
7. Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo paa Kristoman asɔfo ho ntama mfe 50 a atwam ni?
7 Bɛboro mfe 50 a atwam ni no, Yehowa Adansefo paa Kristoman ho a ɛde hyehyɛ amammuisɛm mu no ho ntama wɔ nhomawa a wɔtoo din sɛ Religion Reaps the Whirlwind no mu.a Nea wɔkae saa bere no wɔ tumi saa ara nnɛ: “Nokwaredi a wɔde hwehwɛ asɔre ahorow nyinaa asɔfo nneyɛe mu da no adi sɛ ‘Kristoman’ asɔre akannifo nyinaa de anigye kɛse de wɔn ho ahyɛ ‘mprempren wiase bɔne yi’ amammuisɛm mu denneennen, na wɔreyantam wiase nneyɛe mu.” Saa bere no, Adansefo no kasa tiaa Pope Pius XII denneennen wɔ apam a ɔne Nasi Hitler (1933) ne Fascist Franco (1941) yɛe, ɛne ɔman ananmusifo a pope no ne Japan a ɛredi ako, na ɛnam Pearl Harbor so a ɛkɔtow hyɛe so gyee dimmɔne asram kakraa bi akyi no, sesae wɔ March 1942 mu no ho. Pope no antie Yakobo kɔkɔbɔ yi: “Awaresɛefo, munnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtan a wɔtan Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.”—Yakobo 4:4.
8. Ɔkwan bɛn so na Roma Katolek Asɔre no de ne ho ahyehyɛ amammuisɛm mu nnɛ?
8 Tebea no te dɛn nnɛ? Popenom da so ara nam wɔn asɔfo ne wɔn asɔremma ananmusifo so de wɔn ho hyehyɛ amammuisɛm mu. Pope ahorow a wɔaba nnansa yi nam kasa a wɔkɔkasa kyerɛ Amanaman Nkabom no so agye saa atoro wiase asomdwoe ho nhyehyɛe a nnipa ayɛ no atom. Vatican atesɛm krataa, L’Osservatore Romano, a ɛbae nnansa yi, bɔɔ amanneɛ sɛ ɔman ananmusifo baason foforo a “wɔrekɔyɛ ahemmɔfo wɔ Pope Ahemman mu,” kɔdaa wɔn ho adi wɔ “Agya Kronkron” no anim. So yebetumi ayɛ Yesu ne Petro a wɔde wɔn ho rehyehyɛ amammuisɛm a ɛte saa mu ho mfonini? Yesu ampene so amma Yudafo no ansi no hene, na ɔkae sɛ n’Ahenni mfi wiase.—Yohane 6:15; 18:36.
9. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Protestant asɔre ahorow no nye nsen wɔn mfɛfo Katolekfo no?
9 So Protestant akannifo ye sen wɔn mfɛfo Katolekfo no? Wɔ United States no, wohu sɛ Protestant asɔre ahorow a wokura tete adwene, ne Mormonfo nso de wɔn ho abata amammui kuw bi ho. Kristofo Nkabom Kuw no de ne ho ahyɛ U.S. amammuisɛm mu fee. Protestant asɔfo foforo de wɔn ho afam amammui kuw foforo ho ma ɛda adi pefee. Ɛtɔ mmere bi a na yɛn werɛ afi sɛ wɔ United States no, amammuisɛm mu akasamafo te sɛ Pat Robertson ne Jesse Jackson kura asɔre dibea a ɛne “Wɔn a nidi sɛ wɔn” nso, te sɛ Britania Mmarahyɛ Baguani Ian Paisley a ofi Northern Ireland no. Wɔyɛ dɛn tumi bu wɔn ho bem wɔ wɔn gyinabea no ho?—Asomafo no Nnwuma 10:34, 35; Galatifo 2:6.
10. Asɛm a emu da hɔ bɛn na wɔdaa no adi wɔ 1944 mu?
10 Sɛnea Religion Reaps the Whirlwind bisae wɔ 1944 mu no, saa ara na yebisa nnɛ sɛ: “Ahyehyɛde bi a ɛne wiase atumfoɔ yɛ apam na ɛde ne ho hyehyɛ wiase yi amammuisɛm mu denneennen, a ɛrehwehwɛ mfaso ne ahobammɔ afi wiase yi hɔ . . . betumi ayɛ Onyankopɔn asɔre anaa ebetumi agyina Kristo Yesu ananmu wɔ asase so? . . . Ɛda adi sɛ, nyamesomfo nyinaa a wɔne wiase yi ahenni ahorow kura adwenkoro no rentumi nnyina hɔ mma Onyankopɔn ahenni a Kristo Yesu di so no.”
Atoro Som Kura Kain Honhom
11. Ɔkwan bɛn so na atoro som dii Kain nhwɛso akyi?
11 Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, atoro som ada owudifo Kain a okum ne nua Habel honhom adi. “Eyi mu na Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adi. Obiara a ɔnyɛ nea ɛteɛ ne nea ɔnnɔ ne nua no mfi Nyankopɔn. Na eyi ne kaseɛ a moate fi mfiase sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no, ɛnyɛ sɛ Kain a ofi ɔbɔne no mu na okum ne nua no. Na adɛn nti na okum no? Efisɛ n’ankasa nnwuma yɛ bɔne, na ne nua de de, ɛteɛ.” Esiane koma pa a Kain annya wɔ Onyankopɔn som kronn a ɛsɔ ani a ne nua de ma ho nti, ɔfaa basabasayɛ kwan so—adeyɛ a etwa to a wɔn a wonnya nnyinasosɛm papa biara mfa mma wɔ nea wɔyɛ ho yɛ.—1 Yohane 3:10-12.
12. Nyamesom ho a ɛde hyehyɛ akodi ne ntawntawdi mu no ho adanse bɛn na ɛwɔ hɔ?
12 Nneɛma a atoro som ayɛ no ma wɔfata sobo a wɔbɔ wɔn yi? Wɔ Preachers Present Arms nhoma mu no, ɔkyerɛwfo no kae sɛ: “Wɔ anibuei ho abakɔsɛm mu no, . . . tumi abien ka bom yɛ apam bere nyinaa. Ɛne ɔko ne nyamesom. Na wiase som akɛse no nyinaa . . . mu biara nni hɔ a adi [ako] sen [Kristoman].” Mfe bi a atwam no, The Sun atesɛm krataa a wotintim wɔ Vancouver, Canada, no kae sɛ: “Ebia ɛyɛ nyamesom a wɔahyehyɛ nyinaa mmerɛwyɛ sɛ, asɔre no di frankaa no akyi . . . Ɔko bɛn na wodii a wɔanka sɛ na Onyankopɔn gyina afanu no mu biara akyi?” Ebia woahu eyi ho adanse wɔ wo mpɔtam hɔ asɔre bi mu. Mpɛn pii na wɔde ɔman frankaa sisi afɔrepon so. Frankaa bɛn na wususuw sɛ anka Yesu bekura de atu aprenten? Wɔatĩ ne nsɛm no mu aka mpɛn pii wɔ mfehaha pii no mu sɛ: “M’ahenni mfi wi yi ase”!—Yohane 18:36.
13. (a) Ɔkwan bɛn so na atoro som adi nkogu wɔ Afrika? (b) Kristosom ho agyiraehyɛde bɛn na Yesu de mae?
13 Kristoman nyamesom ahorow no nkyerɛkyerɛɛ wɔn nguankuw no nokware nuadɔ ho nokwasɛm. Mmom no, wɔma kwan ma ɔman ne mmusuakuw mu ntawntawdi de mpaapaemu ba wɔn asɔremma mu. Amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ Katolek ne Anglikan asɔfo nyaa kyɛfa wɔ mpaapaemu a ɛde mmusuakuw asetɔre baa Rwanda no mu. The New York Times bɔɔ amanneɛ sɛ: “Nnipadɔm a wɔtɔree wɔn ase wɔ Rwanda no ama ɛhɔnom Roma Katolekfo no mu pii ate nka sɛ asɔre no mpanyimfo adaadaa wɔn. Mpɛn pii na mmusua ntam akasakasa a ɛda Hutufo ne Tutsifo ntam de mpaapaemu baa asɔre no mu.” Atesɛm krataa koro no ara bɔɔ amanneɛ sɛ Maryknoll sɔfo bi kae sɛ: “Asɔre no dii nkogu 1994 wɔ Rwanda ma ɛyɛ awerɛhow. Ɔkwan bi so no, Rwandafo pii mmu asɔre no ahiasɛm bio. Wonni emu gyidi bio.” Hwɛ sɛnea ɛne Yesu nsɛm yi bɔ abira: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”—Yohane 13:35.
14. Edin bɛn na nyamesom akɛse a wɔnyɛ Kristofo no agye?
14 Babilon Kɛse no mu som akɛse a aka no nyɛɛ nhwɛso pa saa ara. Ɔdwerɛw a ɛyɛ hu a ɛbae wɔ 1947 mu, bere a wɔkyɛɛ India mu no kyerɛ sɛ ɔsom akɛse a ɛwɔ hɔ no mfaa asomdwoe mmae. Mmusuakuw basabasayɛ a akɔ so wɔ India no di adanse sɛ nnipa dodow no ara nsesae. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nsɛmma nhoma India Today kae sɛ: “Nyamesom abɛyɛ din a wɔahyɛ akyi adi nsɛmmɔne a ɛyɛ hu sen biara. . . . Ɛde basabasayɛ a emu yɛ den ba, na ɛyɛ tumi a ɛsɛe ade yiye.”
“Anwonwasɛm Kɛse”
15. Nyamesom tebea te dɛn wɔ atɔe fam aman mu?
15 Wɔn a wɔka wiase nsɛm mpo ahu nkogu a nyamesom adi sɛ ɛbɛdan nkurɔfo ti, sɛ ɛbɛma wɔanya su pa, na wɔatumi ako atia wiase nneyɛe a ɛba mu no. U.S. kan ɔman bammɔ ho fotufo Zbigniew Brzezinski, kyerɛwee wɔ ne nhoma Out of Control mu sɛ: “Anwonwasɛm kɛse ne sɛ ɛnyɛ aman a Marxist nniso wom mu na nsusuwii a ɛne sɛ ‘Onyankopɔn awu’ no agye ntini kɛse . . . na mmom Atɔe fam aman a ɔdodow amammu a wɔma nneɛma ho kwan wom, na wɔabu ani agu abrabɔ ho nnyinasosɛm so no mu. Nea edi akyiri no mu no, nokwasɛm ne sɛ nyamesom nyɛ nnipa asɛnhia bio.” Ɔtoaa so sɛ: “Nkɛntɛnso a nyamesom wɔ wɔ Europafo asetra mu no so atew kɛse koraa, na ɛnnɛ Europa—ɛsen Amerika koraa mpo—yɛ beae a wɔmpɛ nyamesom.”
16, 17. (a) Afotu bɛn na Yesu de mae wɔ ne bere so asɔfo ho? (b) Aba a wɔsow ho nnyinasosɛm pa bɛn na Yesu daa no adi?
16 Dɛn na Yesu ka faa ne bere so Yudafo asɔfo no ho? “Mose akongua so na kyerɛwfo ne Farisifo atra [sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ Tora, Mmara no]. Enti nea wobese mo sɛ munni so no nyinaa, munni so na monyɛ.” Yiw, nyamesom mu nyaatwomyɛ nyɛ ade foforo.—Mateo 23:2, 3.
17 Aba a atoro som asow bu no fɔ. Agyiraehyɛde a Yesu de mae no fata yiye: “Dua pa biara sow aba pa, na dua bɔne sow aba bɔne. Dua pa ntumi nsow aba bɔne, na dua bɔne nso ntumi nsow aba pa. Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa na wɔde gu gya mu. Enti wɔn aba na mode behu wɔn.”—Mateo 7:17-20.
18. Ɔkwan bɛn na anka ɛsɛ sɛ Kristoman fa so hwɛ ma emufo ho tew?
18 Sɛ Kristoman som ahorow no maa wɔn ani daa hɔ yiye ma wɔde Kristofo nteɛso a ɛne tu a wotu obi, anaa ɔsom mu fekubɔ a wɔne obi gyae, no dii dwuma wɔ nnebɔne a wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ emufo no yɛ no nyinaa ho a, dɛn na anka ɛbɛba? Dɛn na anka ɛbɛto atorofo, nguaman, awaresɛefo, mmarima a wɔne mmarima da, apoobɔfo, nsɛmmɔnedifo, wɔn a wɔtɔn nnubɔne ne wɔn a wɔnom, ne amumɔyɛfo a wɔbɔ wɔn paa nyinaa? Akyinnye biara nni ho sɛ, Kristoman aba a aporɔw no ma ɛfata Onyankopɔn sɛe nkutoo.—1 Korintofo 5:9-13; 2 Yohane 10, 11.
19. Nsɛm bɛn na wɔagye atom wɔ ɔsom mu akanni ho?
19 Presby Asɔre a ɛwɔ United States no bagua gye toom sɛ: “Yɛrehyia nsɛnnennen bi a ne kɛse ne emu nsɛmnsɛm yɛ hu. . . . Asɔfo a wɔwɔ ɔman yi mu nyinaa ɔha biara mu 10 kosi 23 ne asɔremma, wɔn a wɔkɔhwehwɛ wɔn hɔ mmoa, adwumayɛfo, ne nea ɛkeka ho de wɔn ho ahyɛ aguamansɛm mu anaasɛ wɔne wɔn adeda.” Adwumawura bi a ɔwɔ U.S. bɔɔ asɛm no mua yiye sɛ: “Nyamesom ahyehyɛde ahorow adi nkogu sɛ wɔde wɔn abrabɔ pa a agye din wɔ abakɔsɛm mu no bɛkyerɛkyerɛ, na mpɛn pii no, ɛka ho bi na ɔhaw no ba.”
20, 21. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu ne Paulo kasa tiaa nyaatwomyɛ? (b) Nsɛmmisa bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yebua?
20 Kasa a Yesu kasa tiaa nyamesom mu nyaatwomyɛ no fata ɛnnɛ sɛnea na ɛte wɔ ne bere so no: “Nyaatwomfo! Edi sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ: Ɔman yi de wɔn anofafa na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri. Na wɔsɔre me kwa, wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.” (Mateo 15:7-9) Paulo nsɛm a ɔde kɔmaa Tito no nso kyerɛkyerɛ yɛn nnɛyi tebea no mu: “Wɔka sɛ wonim Nyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma pa no; wɔyɛ nnipa a wokyi wɔn ne asoɔdenfo, na wɔmfra mma adwuma pa biara.”—Tito 1:16.
21 Yesu kae sɛ sɛ onifuraefo kyerɛ onifuraefo kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amoa mu. (Mateo 15:14) Wopɛ sɛ wo ne Babilon Kɛse no nyinaa ba awiei? Anaasɛ wopɛ sɛ wubue w’ani nantew tẽẽ na wunya Yehowa nhyira? Nsɛmmisa a ɛsɛ sɛ yesusuw ho nnɛ ne sɛ: Ɔsom bɛn na ɛsow aba pa, sɛ ebi wɔ hɔ a? Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu nokware som a ɛsɔ Onyankopɔn ani?—Dwom 119:105.
[Ase hɔ asɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii wɔ 1944 mu; wɔagyae tintim mprempren.
Wokae?
◻ Babilon Kɛse no gyinabea te dɛn nnɛ wɔ Onyankopɔn anim?
◻ Dɛn so na wogyina bɔ atoro som sobo?
◻ Ɔkwan bɛn so na atoro som ada Kain honhom adi?
◻ Nnyinasosɛm bɛn na Yesu daa no adi sɛ wogyina so bu ɔsom biara atɛn?
[Kratafa 13 mfonini]
Nyamesom akannifo de wɔn ho ahyehyɛ amammuisɛm mu wɔ abakɔsɛm nyinaa mu
[Kratafa 15 mfonini ahorow]
Ɔsɔfopɔn Mazarin
Ɔsɔfopɔn Richelieu
Ɔsɔfopɔn Wolsey
Na saa asɔfo yi yɛ amanyɔfo a wɔwɔ tumi nso
[Mfonini Fibea]
Ɔsɔfopɔn Mazarin ne Ɔsɔfopɔn Richelieu: Efi Ridpath’s History of the World nhoma (Po VI ne Po V) mu. Ɔsɔfopɔn Wolsey: Efi The History of Protestantism nhoma (Po I) mu.