Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 4/15 kr. 8-10
  • Adansedi Satu a Etu Mpɔn Wɔ Greece

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adansedi Satu a Etu Mpɔn Wɔ Greece
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Aban Mpanyimfo Yɛ Ho Biribi
  • Aban Mmaranimfo Yɛ Ho Biribi
  • Nhomakorabea Adwumayɛfo Yɛ Ho Biribi
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 4/15 kr. 8-10

Adansedi Satu a Etu Mpɔn Wɔ Greece

YEHOWA ADANSEFO fi bere tenten ahyia ɔsɔretia wɔ Greece. Polisifo, asennibea, ne aban mpanyimfo bi ataa Adansefo, na mpɛn pii no, nhyɛso a efi Greek Ortɔdɔks asɔfo hɔ na ɛma wɔyɛ saa. Ɛtɔ mmere bi a, nea enti a wɔyɛ saa ne Greece mmara a etia sakra a obi bɛsakra ɔfoforo akɔ ne som mu no, na mmere foforo nso, esiane sɛ Adansefo no gyina Bible so pow sɛ wɔbɛkɔ ɔko anaa wobegye mogya nti.—Yesaia 2:2-5; Asomafo no Nnwuma 15:28, 29.

Wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛma Greece atumfoɔ a wɔwɔ koma pa anya ntease kɛse mu no, Adansefo bɛyɛ 200 a Greece aban gye wɔn tom sɛ ɔsom mu mpanyimfo, ne ebinom nso a wɔyɛ mmaranimfo tuu sa bi nnansa yi wɔ ɔman no nyinaa mu. Wɔde nhomawa a wɔhyɛɛ da yɛe a wɔato din Jehovah’s Witnesses in Greece, ne Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom nhoma no memae. Wɔde nkrataa a nsɛntitiriw bi wɔ so nso memae de kyerɛɛ sɛ mmara biara nni hɔ a ɛfata a enti ɛsɛ sɛ wɔtaa Yehowa Adansefo. Adansefo no kɔɔ polisi mpanyimfo, kurow so ahwɛfo, aban mmaranimfo, ne mpanyimfo foforo nkyɛn.

Dɛn na wɔyɛɛ wɔ ho? Wonyaa osuahu a ɛfata ɔhaha pii. Susuw nhwɛso ahorow bi ho.

Polisi adwumayɛbea panyin a ɔwɔ Macedonia Kesee fam maa anuanom no akwaaba, na ɔkae sɛ: “Minim mo saa nkurɔfo yi fi bere tenten, . . . na m’ani gye sɛnea modɔ asomdwoe no ho. . . . Mempene mmara a etia obi a wɔsakra no kɔ ɔsom foforo mu no so, na sɛ ɛkaa me nko a, anka metwam.”

Polisi adwumayɛbea mpanyimfo a wɔwɔ nkurow pii mu kaa nsɛm te sɛ eyi: “Mekamfo mo wɔ ɔman adwuma a moyɛ no ho.” “Mo nkurɔfo no nyɛ adesoa mma polisifo; moyɛ ɔman adwuma.” “Yenni mo ho asɛm biara koraa. Yebu mo, na yɛn ani gye mo ho.”

Wɔ Piraeus no, ahobammɔ polisi adwumam panyin paa bi de nusu ka kyerɛɛ anuanom sɛ onim sɛnea wɔnam Yesu Kristo din so bɔ Yehowa Nyankopɔn mpae. Ɔmaa Adansefo no ho dwiriw wɔn kɛse mpo bere a ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ onim sɛ wobehyia ɔtaa bi ansa na Harmagedon aba, na ɔkyerɛe sɛ ɔwɔ anidaso sɛ Onyankopɔn de no bedi dwuma aboa wɔn saa bere no! Ɔpenee nsa a anuanom to frɛɛ no sɛ wɔne no bɛbɔ nkɔmmɔ bio no so.

Aban Mpanyimfo Yɛ Ho Biribi

Kurow sohwɛfo bi a ɔwɔ Thessaly ka faa Proclaimers nhoma no ho sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛde to kurow no nhomakorabea—ɛsɛ sɛ yɛde to beae titiriw bi!” Afei oyiyii nhoma ahorow bi fii nhoma pon no so na ɔde Proclaimers nhoma no hyɛɛ hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ahu nnuraho no.

Wɔ Greece kusuu fam no, kurow sohwɛfo bi de anigye maa anuanom no akwaaba, na ɔkae sɛ: “Moyɛ nkurɔfo a woye sen biara a anka mepɛ sɛ minya wɔn wɔ me kurow yi mu.” Kurow sohwɛfo yamyefo bi a ɔwɔ Euboea kusuu fam ka kyerɛɛ anuanom sɛ: “Ná meyɛ asraafo panyin. Nanso mode—m’ani gye mo ho paa.” Ɔde anigye penee nsɛm a Adansefo no kyerɛw kɔmaa no no so. Bere a wɔde nhoma ahorow a Ɔwɛn Aban Asafo ayɛ mu bi a wɔapaw kyerɛɛ no no, ɔkae sɛ: “Sɛ mehyɛ bɔ sɛ mɛkan ne nyinaa a, mode bɛma me?” Wobuae sɛ: “Yiw, ɛte saa—ɛyɛ wo dea!” N’ani gyei, na na ɛyɛ den sɛ obegyaw anuanom kwan.

Wɔ Attica borɔn bi so no, kurow sohwɛfo bi gyee nhoma a anuanom de maa no no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔ so mfa Asafo nhoma ahorow no bi mmrɛ no. Bere a wɔrefi hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Amanyɔfo adi nkurɔfo huammɔ, na wɔhwehwɛ nokware no ankasa wɔ baabi foforo. Migye di sɛ efi saa bere yi rekɔ no, morennya adagyew koraa efisɛ mo na mowɔ nokware no.”

Aban Mmaranimfo Yɛ Ho Biribi

Anuanom a wɔkɔsraa aban mmaranimfo abadiakyire bi a ɔwɔ Greece kusuu fam no kae sɛ: “N’ani gyee yɛn nhoma ahorow ne sɛnea yɛka yɛn asɛm, ne mmɔden a yɛbɔ de hwɛ hu sɛ yɛbɛboa yɛn nkurɔfo bere a wohyia mogya a wɔde ma ho nsɛnnennen no ho. Awiei koraa no ɔdaa yɛn ase, na ɔde anigye kamfoo yɛn sɛ yɛafi yɛn pɛ mu aba ne nkyɛn ne no abɛkasa. Akyiri yi, yehui sɛ mfe anan a atwam no, ɔfrɛɛ polisifo hyɛe sɛ wɔnkyere anuanom baanu bi a na wɔreyɛ asɛnka adwuma.”

Ɛyɛɛ Adansefo mmaranimfo baanu a wɔkɔsraa aban mmaranimfo adwumayɛbea a ɛwɔ Athens no nwonwa sɛ wohui sɛ aban mmaranimfo a wakyɛ a wagye din na wobu no kɛse no reba wɔn nkyɛn. Ɔde wɔn kɔɔ nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn sɛ mmara a etia obi a wɔsakra no kɔ ɔsom foforo mu no nni nnyinaso biara, na ɛde ntoto ba Greece asenni nhyehyɛe no mu. Ɔdaa wɔn ase de anigye kyiaa wɔn nsam.

Wɔ Greece kusuu fam no, na aban mmaranimfo bi wɔ adamfofa su, na ogyee nhoma ahorow. Bere a ɔhwɛɛ Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no nkratafa mu no, ne ho dwiriw no sɛ ohuu nsɛmti pii wɔ nsɛmti a wɔahyehyɛ no mu. Ɔkae sɛ: “Minhuu nneɛma a saa nhoma yi ka ho asɛm no wɔ Ortɔdɔks asɔre ahorow no nyinaa mu.”

Aban mmaranimfo bi a ɔwɔ Boeotia gye toom sɛ, bere bi a atwam no, na ɔde ahyɛde ma sɛ wɔmfa mogya mma Adansefo bere a wɔmpɛ. Nanso bere a anuanom ne no susuw asɛm no ho no, ɔkae sɛ: “Meremfa ahyɛde a ɛte saa mma bio daakye!” Ɔkae sɛ obehu hɔnom Yehowa Adansefo Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ahu nnuru a wɔde besi mogya ananmu. Ɔde anigye gyee Young People Ask nhoma no.

Nhomakorabea Adwumayɛfo Yɛ Ho Biribi

Wɔde nhoma no nso kɔkyerɛɛ nhomakorabea adwumayɛfo. Wɔ nhomakorabea bi a ɛwɔ Athens no, nhomakorabea hɔ odwumayɛni bi a obu ade gyee nhoma no, na ɔkae sɛ: “Eye paa sɛ mode mo nhoma abrɛ yɛn efisɛ nhoma a yɛwɔ wɔ yɛn nhomakorabea ha no mu dodow no ara kasa tia mo. . . . Ɔsɔfo bi bo fuwii sɛ ohuu mo nhoma wɔ nhomakorabea ha. . . . Ɛmfa ho. Ɛsɛ sɛ yetie adwenhorow nyinaa.”

Nhomakorabea kɛse bi a ɛwɔ Crete panyin bi, a na wabehu Yehowa Adansefo wɔ nsraban bi mu no ka kyerɛɛ anuanom sɛ n’ani agye pow a Adansefo no powee sɛ wɔbɛko no ho. Ná ɔkɔ so bisa ne ho sɛ, ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ saa nkurɔfo yi hu amane?’ Ogyee nhoma fii anuanom nkyɛn, na ɔkaa sa a wɔretu no ho asɛm sɛ: “Moayɛ adwuma pa, na anka ɛsɛ sɛ moyɛ eyi mfe a atwam no. . . . Adwene a ɛnteɛ pii wɔ Greece.” Ɔkae sɛ anuanom mmɛsra no ntɛm.

Wɔ ɔsatu titiriw yi mu no, anuanom de Proclaimers nhoma no bɛboro 1,000 mae, na wɔde Jehovah’s Witnesses in Greece nhomawa no 1,600, ne nhoma ne nsɛmma nhoma ahorow ɔhaha pii mae. Nanso nea ɛkyɛn so no, wɔne Greece mpanyimfo ɔhaha pii dii nhuanim kasae. Mprempren ɛyɛ Yehowa asomfo anokwafo a wɔwɔ Greece ne wiase nyinaa anidaso sɛ atumfoɔ a wɔwɔ koma pa wɔ Greece no benya Yehowa Adansefo ho adwene a ɛfata kɛse.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena