Asɛmpa Wɔ Yɛn Anim!
BERE biara a yɛn nyinaa bɛte asɛmmɔne bi a ɛka yɛn tẽẽ no, yɛn werɛ how. Nea ɛne no bɔ abira no, yɛn ani gye bere a yɛte asɛmpa—anigyesɛm a ɛfa yɛn ankasa anaa yɛn adɔfo ho. Nanso sɛ asɛmmɔne no ka afoforo na anka yɛn a, mpɛn pii no, ɛyɛ a na yɛpɛ mu nsɛm atie; ebinom mpo ani gye ho sɛ wobehu sɛ afoforo ho akam. Eyi betumi akyerɛkyerɛ nea enti a wɔtɔ asɛmmɔne ho nhoma kɛse saa no mu kakra!
Wɔ Wiase Ko II no mfiase no, nhwɛso bi a emu da hɔ a ɛfa sɛnea nnipa binom kyerɛ asiane ho anigye ho no sii. Na akohyɛn bi a ɛkɔ mmirika kɛse na etumi fa nneɛma tɔn 10,000, Graf Spee, no yɛ nea wɔde hoahoa wɔn ho wɔ Germanfo akohyɛn kuw no mu wɔ 1939 mu. Adapɛn pii mu no, na saa akohyɛn yi resɛe nneɛma kɛse wɔ Apamfo no ahyɛn a wɔde fa aguade no mu wɔ Atlantic po no Kesee fam ne India po no so. Awiei koraa no, Britain akohyɛn abiɛsa a ɛkɔ mmirika kɛse tiw Graf Spee kɔtow hyɛɛ so maa nnipa wuwui, na wɔyɛɛ hyɛn no nkakrankakra kɔɔ Uruguay hyɛn gyinabea Montevideo sɛ wɔrekosiesie. Uruguay aban no hyɛe sɛ wɔnsan mfa akohyɛn no nkɔ po so ntɛm ara, anyɛ saa a wɔde wɔn nsa bɛto so. Enti na ɛte sɛ nea ɔko bi a ɔfã biako bɛfa no fo repempɛn so.
Bere a adefo aguadifo kuw bi a wɔwɔ United States tee eyi no, wɔfaa wimhyɛn a wɔn mu biara tuaa $2,500, kɔɔ Uruguay sɛ wɔrekɔhwɛ mogyahwiegu akodi no. Nea ɛhaw wɔn no, akodi no annya amma so. Adolf Hitler de ahyɛde mae sɛ wontu Graf Spee ase tokuru. Nea nnipa mpempem pii a wɔkɔɔ hyɛn gyinabea hɔ sɛ wɔrekɔhwɛ po so ko a ɛbɛyɛ hu no hui na wɔtee mmom ne sɛ ogya atɔ Graf Spee hyɛn no a adwumayɛfo no ankasa tuu ase tokuru no mu ma ɛremem. Emu panyin no tow ne tirim tuo kum ne ho.
Ɛmfa ho sɛ nnipa binom tirim yɛ sum kakra no, nnipa dodow no ara begye atom sɛ wɔpɛ asɛmpa mmom sen asɛmmɔne. Wonte nka saa anaa? Ɛnde, dɛn nti na abakɔsɛm kyerɛwtohɔ a ɛfa asɛmmɔne ho no dɔɔso na nea ɛfa asɛmpa ho no sua saa? Wobetumi asakra tebea no anaa?
Nea Ɛde Asɛmmɔne Nyinaa Aba
Bible ka kyerɛ yɛn sɛ na bere bi wɔ hɔ a asɛmpa nkutoo na wɔtee. Na asɛmmɔne yɛ biribi a wonnim na wɔntee bi da. Bere a Yehowa Nyankopɔn wiee n’adebɔ nnwuma no, na Asase okyinnsoromma no ayɛ sɛnea nnipa ne mmoa betumi anya mu anigye. Genesis kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Onyankopɔn huu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, eye papa.”—Genesis 1:31.
Wɔbɔɔ onipa akyi no, ankyɛ koraa na asɛmmɔne bae. Ansa na Adam ne Hawa rewo mma no, wɔde asɛmmɔne a ɛne sɛ wɔatew Onyankopɔn ne n’amansan nhyehyɛe pa no ho atua ho amanneɛbɔ mae. Honhom mu ba bi a ɔwɔ dibea kɛse bɛyɛɛ apamsɛefo wɔ dibea a wɔde hyɛɛ ne nsa no ho, na otumi maa nnipa baanu a wodi kan no bɛkaa ne ho wɔ n’atuatew ne apamseɛ kwan no mu.—Genesis 3:1-6.
Saa bere no na asɛmmɔne a abu so a adesamma ahu no fii ase. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nkokoaasa, nnaadaa, atoro, nkontompo, ne atoro ne nokware a wɔde di afra, di akoten wɔ asɛmmɔne pii a aba wiase fi saa bere no mu. Yesu Kristo de asodi no too Satan Ɔbonsam so pi sɛ ɔne asɛmmɔne farebae, na ɔka kyerɛɛ Ne bere so nyamesom akannifo no sɛ: “Mo agya a mufi no mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase, na onnyina nokware so; efisɛ nokware nni no mu. Sɛ ɔka atosɛm a, efi n’ankasa mu na ɔka; efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.”—Yohane 8:44.
Bere a nnipa dɔɔso no, asɛmmɔne nso nyaa nkɔanim saa ara. Nokwarem no, eyi nkyerɛ sɛ na ahodwo ne anigye biara nni hɔ, efisɛ na nneɛma pii wɔ asetra mu a ɛde anigye ba. Nanso, ɔhaw ne awerɛhow tebea bɔne no ada adi wɔ adesamma awo ntoatoaso biara mu de abesi nnɛ.
Ade titiriw foforo nso wɔ hɔ a ama saa awerɛhow tebea yi aba. Ɛno ne nnebɔne ne amanehunu a efi awosan mu no. Yehowa ankasa da saa ade a yentumi nkwati a ɛde asɛmmɔne ba yi adi bere a ɔka sɛ: “Onipa komam adwene yɛ bɔne fi ne mmofraase.”—Genesis 8:21.
Dɛn Nti na Asɛmmɔne Renya Nkɔanim?
Nanso, biribi na ama asɛmmɔne anya nkɔanim wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu. Wɔka dekode yi ho asɛm pefee wɔ Bible, a ɛka siei sɛ wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no, adesamma bɛkɔ bere soronko bi a wɔfrɛ no “nna a edi akyiri” anaa “awiei bere” mu no mu. (2 Timoteo 3:1; Daniel 12:4) Bible nkɔmhyɛ ne Bible akontaabu da saa “awiei bere” a efii ase 1914 yi adi. Sɛ wopɛ eyi ho Kyerɛwnsɛm mu adanse a ɛkɔ akyiri a, yɛsrɛ wo hwɛ ti 11 wɔ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. yɛe no mu.
Na adeyɛ bi a sɛnea ɛte biara no, ɛbɛma asɛmmɔne anya nkɔanim wɔ asase so na ebefi nna a edi akyiri no ase. Na ɛno ne dɛn? Ná ɛne Satan Ɔbonsam ne n’adaemone dɔm no a na wɔbɛtow wɔn afi soro agu fam no. Wubetumi akenkan saa nkɔanim a asɛmmɔne anya a wontumi nkwati no ho nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ yi wɔ Adiyisɛm 12:9, 12: “Wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui. . . . ‘Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.’”
Enti bere tenten biara a aka ma nna a edi akyiri no aba awiei no, yebetumi ahwɛ kwan sɛ asɛmmɔne bɛkɔ so asisi na ebenya nkɔanim na ayɛ kɛse mpo.
Ɛrenyɛ Saa Daa
Nea ɛyɛ anigye ma asase sofo ne sɛ, awerɛhow tebea a ɛde asɛmmɔne pii aba nnɛ no rentra hɔ daa. Nokwarem no, yebetumi de ahotoso aka sɛ nna a aka ma asɛmmɔne atra hɔ no yɛ tiawa. Ɛmfa ho sɛnea ebia tebea no te no, ɛnyɛ nea anidaso biara nni hɔ. Asɛmmɔne nyinaa awiei abɛn pɛɛ, na ɛbɛba ɔkwan biara so wɔ Onyankopɔn bere a wahyɛ mu.
Yebetumi agye eyi adi efisɛ wɔahyɛ nkɔm sɛ nna a edi akyiri no bedu ne mpɔmpɔn so anaa n’awiei bere a Onyankopɔn sɛe nea ɛde asɛmmɔne ba nyinaa na oyi fi hɔ no. Obeyi nnipa abɔnefo a wɔde ntawntawdi ba, a wɔmpɛ sɛ wɔsakra na wɔdan fi wɔn kwammɔne ho no afi hɔ. Eyi bɛkɔ akowie Ade Nyinaa so Tumfoɔ Onyankopɔn da kɛse no mu ko a wɔtaa frɛ no Harmagedon ko no mu. (Adiyisɛm 16:16) Ɛno akyi pɛɛ no, wɔbɛka Satan Ɔbonsam ne n’adaemone dɔm no ahyɛ. Adiyisɛm 20:1-3 ka sɛnea wɔbɛkyekyere Satan, asɛmmɔne nyinaa farebae no ho asɛm: “Mihuu ɔbɔfo bi a ofi soro resian a okura ebun no ano safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi. Na ɔkyeree ɔtweaseɛ, ɔwɔ dedaw a ɔne bonsam no, kyekyeree no mfirihyia apem, na ɔtow no kyenee bun no mu, na ɔtoo mu na ɔsɔɔ ano, na wankɔdaadaa amanaman bio.”
Nsɛm nwonwaso yi sisi wie a, asɛmpa a ɛso bi mmae da bere bɛba ama asase ne ɛsotefo. Saa ɛsotefo yi mu bi bɛyɛ wɔn a wobetwa Harmagedon ko a etwa to no ne ɔpepepem pii a wobenyan wɔn afi deda a wɔadeda wɔ owu mu wɔ adamoa mu no mu. Wɔka saa asɛmpa a ɛsen biara yi ho asɛm wɔ Bible nhoma a etwa to no mu sɛ: “Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:3, 4.
Wubetumi de w’adwene ayɛ saa anigye bere no ho mfonini? Nokwarem no, ɛbɛyɛ daakye a ɛyɛ anigye a asɛmmɔne nni hɔ bio. Yiw, asɛmmɔne nyinaa betwam saa bere no na wɔrente bio. Afei asɛmpa bedi akoten na abu so daa nyinaa.