Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • sp kr. 8-10
  • Wɔtew Atua wɔ Honhom Atenae Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔtew Atua wɔ Honhom Atenae Hɔ
  • Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa?
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abɔfo Afoforo Tew Atua
  • Wɔpam Satan Fii Soro
  • Bɔne Adwumayɛfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Yɛn Adamfo Pa Wɔ Ahonhom Atrae
    Nyan!—1996
  • Sodifo a Wɔwɔ Ahonhom Atrae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Abɔfo No Yɛ “Ahonhom A Wɔsom”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa?
sp kr. 8-10

Atuatew wɔ Ahonhom Atenae

Satan nam ɔwɔ so kasa kyerɛɛ Hawa

Bere a Satan de ɔwɔ dii dwuma kasa kyerɛɛ Hawa no, Hawa kɔkaa ne ho wɔ atua a ɔtew tiaa Onyankopɔn no mu

Na honhom mu nnipa a Yehowa bɔɔ wɔn no nyinaa ye. Afei ɔbɔfo biako dan ɔbɔnefo. Ɔne Satan Ɔbonsam. Satan pɛe sɛ asase so nnipa som ɔno mmom na ɛnyɛ Yehowa. Nea esii ni:

Na nnua pii a ɛsow aduaba a ɛyɛ dɛ wɔ Eden turo no mu. Yehowa ka kyerɛɛ Adam ne ne yere Hawa sɛ wobetumi afi wɔn pɛ mu adi bi. Nanso na dua biako bi wɔ hɔ a Onyankopɔn kae sɛ ɛnsɛ sɛ wodi. Ɔkae sɛ sɛ wodi bi a, ɔkwan biara so no wobewu.—Genesis 2:9, 16, 17.

Da koro ɔwɔ bi bɛkasa kyerɛɛ Hawa bere a na ne nkutoo wɔ hɔ no. Nokwarem no, ɛnyɛ ɔwɔ no ankasa na ɔkasae; ɛyɛ Satan Ɔbonsam na ɔma ɛyɛe te sɛ nea ɔwɔ no na ɔrekasa. Satan ka kyerɛɛ Hawa sɛ sɛ odi aduaba a wɔabara no a, obehu nyansa te sɛ Onyankopɔn. Ɔkae nso sɛ ɔrenwu. Na nsɛm abien yi nyinaa yɛ atoro. Nanso, Hawa gyee Satan dii na odii aduaba no. Akyiri yi ɔde bi maa Adam, na ɔno nso dii.—Genesis 3:1-6.

Wɔ asɛm a esii ankasa yi mu no, yehu sɛ Satan yɛ otuatewfo ne ɔtorofo. Ɔka kyerɛɛ Hawa sɛ sɛ wantie Onyankopɔn a, ɔrenwu. Ná ɛyɛ atoro. Owui na Adam nso wui. Satan anwu saa bere no, ɛwom sɛ awiei koraa no obewu efisɛ wayɛ bɔne. Nanso, ansa na ɛbɛba saa no, ɔte ase na ɔkɔ so daadaa adesamma. Ɔda so ara yɛ ɔtorofo, na ɔbɔ mmɔden sɛ obenya nnipa ma wɔabu Onyankopɔn mmara so.—Yohane 8:44.

Abɔfo Afoforo Tew Atua

Akyiri yi abɔfo afoforo dan abɔnefo. Abɔfo yi huu asase so mmea a wɔn ho yɛ fɛ no, na wɔpɛe sɛ wɔne wɔn da ɔbarima ne ɔbea nna. Enti wɔbaa asase so, na wɔfaa mmarima nipadua. Afei wɔwarewaree mmea no. Na eyi tia Onyankopɔn atirimpɔw.—Genesis 6:1, 2; Yuda 6.

Abɔfo bɔne faa mmarima nipadua bɛwarewaree mmea

Abɔfo bɔne baa asase so ne mmea bebuu ɔbra bɔne

Ɛde ɔhaw pii brɛɛ adesamma nso. Abɔfo yi yerenom woo mma, nanso na wɔyɛ mma soronko. Wonyin bɛyɛɛ abran nsɛmmɔnedifo ne atirimɔdenfo. Awiei koraa no, nsɛmmɔnedi bɛhyɛɛ asase no so ma araa ma Yehowa sii gyinae sɛ ɔde nsuyiri kɛse bi bɛsɛe nnipa amumɔyɛfo. Ɔtreneeni Noa ne n’abusua nkutoo ne nnipa a wonyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu.—Genesis 6:4, 11; 7:23.

Nanso, abɔfo bɔne no san kɔɔ ahonhom atenae hɔ; wɔanwuwu. Nanso wɔtwee wɔn aso. Wɔamma wɔn kwan ankɔ Onyankopɔn abɔfo atreneefo abusua no mu bio. Afei nso, Yehowa amma wɔamfa nnipa nipadua bio. Na awiei koraa no, wobewuwu wɔ atemmu kɛse no mu.—2 Petro 2:4; Yuda 6.

Wɔpam Satan Fii Soro

Wɔpam Satan ne n’abɔfo bɔne no fii soro

Wɔpam Satan ne n’abɔfo bɔne no fii soro

Yɛn afeha yi mfiase pɛɛ no, ɔko sii wɔ soro. Bible nhoma a ɛne Adiyisɛm ka nea esii no ho asɛm: “Na ɔko baa soro: Mikael [Yesu Kristo a wɔanyan no afi awufo mu no] ne n’abɔfo [pa] ne ɔtweaseɛ no [Satan] koe, na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo [bɔne] ne wɔn koe nanso wɔantumi, na wɔannya tenabea ɔsoro bio. Enti wɔtow ɔtweaseɛ kɛse no kyenee, ɔwɔ dedaw no, nea wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan a ɔredaadaa asase sofo nyinaa no; wɔtow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.”

Dɛn na efii mu bae? Kyerɛwtohɔ no toa so sɛ: “Eyi nti mo ɔsoro ne mo a motete mu, momma mo ani nnye!” Abɔfo pa no ani betumi agye efisɛ Satan ne abɔfo bɔne, anaasɛ ahonhommɔne no nni soro bio. Na nnipa a wɔwɔ asase so nso ɛ? Bible no se: “Asase ne ɛpo nnue, efisɛ Ɔbonsam asian aba mo nkyɛn na ne bo afuw denneennen, efisɛ onim sɛ ne bere a aka yɛ tiaa.”—Adiyisɛm 12:7-9, 12.

Yiw, Satan ne ne mfɛfo abɔnefo no daadaa nnipa a wɔwɔ asase so no, na wɔma wohu amane kɛse. Wɔfrɛ abɔfo bɔne yi sɛ adaemone. Wɔyɛ Onyankopɔn atamfo. Wɔn nyinaa yɛ abɔnefo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena