Bɔne Adwumayɛfo
DWUMA a adaemone di wɔ nnipa asetra mu ho nkyerɛkyerɛmu a Bible no de ma no bua bɔne ho nsemmisa atitiriw bi a anka wontumi mmua. Sɛ nhwɛso no, susuw International Herald Tribune mu asɛm a ɛfa ɔko a ɛrekɔ so wɔ Balkan aman mu no ho hwɛ: “Europa Aman Nkabom nhwehwɛmufo kuw bi aka sɛ [asraafo] ato Nkramofo mmea ne mmeawa bɛyɛ 20,000 mmonnaa . . . sɛ́ nhyehyɛe a wɔayɛ a wɔnam ahude so bɛhyɛ wɔn apam wɔn afi wɔn afie mu no fã.”
Asɛm bi a epuee Time nsɛmma nhoma mu de tebea no ho nkyerɛkyerɛmu a ɛntɔ asom mae: “Ɛtɔ mmere bi a mmerante a wɔredi ako to mmonnaa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɔ wɔn mpanyimfo ani na wɔanya wɔn anim dom. Mmonnaato no kyerɛ di a onii no di ehu a asraafo kuw no yi no ho dwuma. Aberante a ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ atirimɔdenne no kum n’ahonim sɛnea ɛbɛyɛ na watumi adi ne kuw no atirimpɔw ahorow a wonni ho agoru no ho dwuma. Ɔbarima bi nam atirimɔdenne a ɔyɛ no so da ne ho adi sɛ ɔyɛ kuwba nokwaredifo.”
Nanso dɛn nti na “kuw no atirimpɔw ahorow a wonni ho agoru” no yɛ nea ɛmfra koraa sen kuw no mufo ahonim? Sɛ́ ankorankoro no, ɛkame ayɛ sɛ obiara pɛ sɛ ɔne ne yɔnko tra asomdwoe mu. Ɛnde dɛn nti na nkurɔfo to mmonnaa, yɛ ayayade, na wokunkum wɔn ho wɔn ho? Ade titiriw nti a ɛte saa ne sɛ adaemone tumi reyɛ adwuma.
Adaemone dwumadi a yɛbɛte ase no nso ma yehu nea ebinom frɛ no “nyamekyerɛfo asɛnnennen” no ano. Asɛnnennen no ne sɛnea wobetumi ama nsɛm abiɛsa yi ne ne ho ahyia: (1) Onyankopɔn wɔ tumi a ɛkyɛn so; (2) Onyankopɔn ye na ɔwɔ dɔ; nanso (3) nneɛma a ɛyɛ hu sisi. Ebinom susuw sɛ wubetumi ama nsɛm yi mu abien biara ne ne ho ahyia, nanso wuntumi mma nsɛm abiɛsa yi nyinaa ne ne ho nhyia da. Onyankopɔn Asɛm ankasa ma ho mmuae, na saa mmuae no fa ahonhom a yenhu wɔn, bɔne adwumayɛfo ho.
Otuatewfo a Odi Kan
Bible ka kyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn ankasa yɛ honhom. (Yohane 4:24) Bere kɔɔ so no ɔbɔɔ ahonhom abɔde a wɔyɛ abɔfo ɔpepem pii. Wɔ anisoadehu mu no, Onyankopɔn somfo Daniel huu abɔfo ɔpepeha. Na ahonhom a Yehowa bɔɔ wɔn no nyinaa teɛ na wɔyɛ n’apɛde.—Daniel 7:10; Hebrifo 1:7.
Akyiri yi, bere a Onyankopɔn ‘hyɛɛ asase ase’ no, Onyankopɔn mma a wɔyɛ abɔfo yi “boom too ahurusi dwom” na ‘wofii ase bɔɔ ose.’ (Hiob 38:4-7) Nanso wɔn mu biako benyaa akɔnnɔ sɛ ne nsa bɛka ɔsom a ɛfata sɛ wɔde ma Ɔbɔadeɛ no. Ɛdenam atua a ɔtew tiaa Onyankopɔn so no, ɔbɔfo yi bɛyɛɛ ne ho satan (a ɛkyerɛ “ɔsɔretiafo”) ne ɔbonsam (a ɛkyerɛ “otwirifo”).—Fa toto Hesekiel 28:13-15 ho.
Satan nam ɔwɔ so kasa kyerɛɛ Hawa, ɔbea a odi kan no wɔ Eden, na ɔdaadaa no maa obuu Onyankopɔn mmara a ɔde maa tee sɛ mma onni turom hɔ dua bi aba no so. Ne kunu bɛkaa ne ho akyiri yi. Enti, nnipa baanu a wodi kan no bɛkaa ɔbɔfo no ho tew atua tiaa Yehowa.—Genesis 2:17; 3:1-6.
Ɛwom sɛ nsɛm a esisii wɔ Eden no bɛyɛ te sɛ osetie ho asuade a emu da hɔ de, nanso Satan nam so maa abrabɔ ho nsɛmpɔw atitiriw abien bi sɔree. Nea edi kan, Satan gyee hokwan a Yehowa wɔ sɛ odi n’abɔde so na ɔhwɛ wɔn yiyedi no ho kyim. Ebia na nnipa ankasa betumi adi wɔn ho so yiye mmom. Nea ɛto so abien no, Satan gyee nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ebia abɔde a wɔwɔ nyansa bi bɛkɔ so adi nokware ama Onyankopɔn bere a ɛte sɛ nea osetie a wɔyɛ no mfa honam fam mfaso biara mmerɛ wɔn no ho kyim.a
Nsɛm a ɛsɔree wɔ Eden no mu ntease pa ne Yehowa su horow ho nimdeɛ boa yɛn ma yenya “nyamekyerɛfo asɛnnennen” no ano aduru a ɛne sɛ wɔbɛma bɔne a ɛwɔ hɔ ne Onyankopɔn su horow a ɛne tumi ne ɔdɔ no ahyia. Bere a ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn wɔ tumi a enni ano na ɔyɛ ɔdɔ ho nhwɛso no, ɔwɔ nyansa ne atɛntrenee nso. Ɔde su anan yi nyinaa di dwuma ma ɛkari pɛ. Enti, wamfa ne tumi a wontumi nnyina ano no ansɛe atuatewfo baasa no amonom hɔ ara. Anka ɛno bɛyɛ nea ɛteɛ nanso ɛnkyerɛ nyansa anaa ɔdɔ ankasa. Bio nso, wamfa ankyɛ koraa, adeyɛ a ebia ebinom bɛte nka sɛ anka ɛbɛkyerɛ ɔdɔ no. Sɛ ɔyɛɛ saa anka ɛnkyerɛ nyansa anaa atɛntrenee.
Ná bere ho hia na wɔde ahu asɛm a Satan ma ɛsɔree no ano. Ná ebegye bere na ama wɔahu sɛ ebia adesamma betumi adi wɔn ho so yiye a Onyankopɔn mmoa biara nka ho a. Ɛdenam tra a Yehowa maa atuatewfo baasa no kɔɔ so traa ase so no, wama atumi ayɛ yiye sɛ abɔde benya kyɛfa wɔ kyerɛ a wɔbɛkyerɛ sɛ nea Satan kae no yɛ atoro denam som a wɔbɛsom Onyankopɔn nokware mu wɔ nsɛm tebea a emu yɛ den mu no so.b
Na Yehowa aka akyerɛ Adam ne Hawa pefee sɛ, sɛ wodi duaba a wɔabara no a, wobewu. Na wowui, ɛwom sɛ na Satan ama Hawa awerɛhyem sɛ ɔrenwu de. Wɔabu Satan nso kumfɔ; mprempren, ɔkɔ so daadaa adesamma. Nokwarem no, Bible ka sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.”—1 Yohane 5:19; Genesis 2:16, 17; 3:4; 5:5.
Abɔfo Afoforo Tew Atua
Nsɛm a esisii wɔ Eden no akyi bere tiaa bi no, abɔfo afoforo kɔkaa atua a wɔtew tiaa Yehowa tumidi no ho. Bible no ka sɛ: “Na nnipa fii ase redɔɔso wɔ asase so na wɔwoo mmabea maa wɔn no, Onyankopɔn mma huu nnipa mmabea sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ.” Ɔkwan foforo so no, saa abɔfo yi ‘gyaw wɔn ankasa trabere wɔ soro’, baa asase so na wɔsakraa wɔn ho kɔɔ nnipa tebea mu ne mmea dedae.—Genesis 6:1, 2; Yuda 6.
Kyerɛwtohɔ no kɔ so ka wɔ Genesis 6:4 sɛ: “Nna no mu na abran akɛse wɔ asase so, na akyiri yi nso a Onyankopɔn mma kɔɔ nnipa mmabea ho na wɔwoo mma maa wɔn no, eyinom ne abirɛmpɔn a wɔwɔ din fi teteete.” Ná mma soronko yi a mmea ne abɔfo no wowoe no wɔ ahoɔden a ɛkyɛn so, “abirɛmpɔn.” Na wɔyɛ amumɔyɛfo, anaa “Nefilim”, Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ “wɔn a wɔma afoforo hwe ase.”
Nea ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ saa nsɛm yi bɛyɛɛ tetefo anansesɛm akyiri yi. Sɛ nhwɛso no, Babilonfo anwensɛm bi a adi mfe 4,000 ka Gilgamesh a ɔkorɔn sen nnipa no, otumfoɔ a ne fa yɛ onyame na ne fa yɛ onipa a odi nsɛmmɔne, a “n’akɔnnɔ bɔne ma [ogyee] ɔbaabun biara fii ne dɔfo nsam” no ho abaninsɛm. Nhwɛso foforo a efi Helafo anansesɛm mu ne Hercules (anaa Heracles) a ɔwɔ tumi sen nnipa no. Hercules a na ne nã Alcmene yɛ onipa, na ne papa Seu yɛ onyame no nam abufuw bɔne bi so dii amumɔyɛsɛm pii bere a na wakunkum ne yere ne ne mma dedaw no. Ɛwom sɛ wɔakyinkyim anansesɛm a ɛtete saa no kɛse bere a awo ntoasoaso biako ka kyerɛ foforo no de, nanso ɛne nea Bible ka fa Nefilim ne wɔn agyanom atuatewfo a wɔyɛ abɔfo ho no hyia.
Abɔfo bɔne no ne wɔn mma a wɔkorɔn no nkɛntɛnso maa bɔne hyɛɛ asase so mã araa ma Yehowa de nsuyiri sɛee wiase no. Nefilim no ne nnipa abɔnefo no nyinaa sɛee; ɔtreneeni Noa ne n’abusua nkutoo ne nnipa a wofii mu kae.—Genesis 6:11; 7:23.
Nanso, abɔfo bɔne no anwuwu. Mmom no, woyii wɔn honam nipadua no guu hɔ na wɔsan kɔɔ ahonhom atrae hɔ. Esiane wɔn asoɔden nti, wɔamma wɔn kwan amma wɔankɔka Onyankopɔn abusua a abɔfo atreneefo na wɔwom no ho; na saa ara nso na wɔamma wɔn kwan ma wɔamfa honam nipadua bio sɛnea wɔyɛe wɔ Noa nna no mu no. Nanso wɔda so ara nya adesamma asetra so nkɛntɛnso a ɛyɛ hu wɔ “ahonhommɔne panyin” Satan Ɔbonsam tumi ase.—Mateo 9:34; 2 Petro 2:4; Yuda 6.
Adesamma Atamfo
Satan ne adaemone no akɔ so adi awu na wadi atirimɔdensɛm bere nyinaa. Satan nam akwan horow so maa Hiob hweree ne nyɛmmoa na okunkum ne nkoa no mu dodow no ara. Nea edi hɔ no, ɔnam “mframa kɛse” bi a ɔma ebubuu ofie a na Hiob mma du no wom no so kunkum wɔn nyinaa. Ɛno akyi no, Satan de “akuru bɔne kɔtotow Hiob fi ne nan ase kosii ne mpampam.”—Hiob 1:7-19; 2:3, 7.
Ahonhommɔne no da nneyɛe bɔne a ɛte saa ara adi. Wɔ Yesu nna no mu no, wɔmaa nnipa yeyɛɛ mum ne anifuraefo. Wɔmaa ɔbarima bi de abo twitwaa ne ho. Wohim abarimaa bi hwee fam na ‘wɔmaa no sinsenee.’—Luka 9:42; Mateo 9:32, 33; 12:22; Marko 5:5.
Amanneɛbɔ a efi wiase nyinaa ba kyerɛ sɛ Satan ne ahonhommɔne no da so ara yɛ atirimɔdenne. Wɔde nyarewa bɔ nnipa binom. Woguan afoforo ho denam nna a wɔmmma wontumi nna anaasɛ adae a ɛyɛ hu a wɔma wɔsosow anaasɛ mmonnaa a wɔto wɔn no so. Wɔama afoforo nso abobɔ adam, wɔadi awu, anaa wɔakunkum wɔn ho.
Wɔbɛkɔ So Anya Wɔn Ho Koma Akosi Bere Bɛn?
Wɔrennya Satan ne n’adaemmone no ho koma daa. Ntease pa bi nti Yehowa ama wɔatra hɔ abedu yɛn nna yi mu, nanso mprempren wɔn bere a aka sua. Wɔ afeha yi mfiase no, wɔyɛɛ biribi titiriw bi de too wɔn dwumadibea ano hye. Adiyisɛm nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɔko baa ɔsoro. Mikael [Yesu Kristo a wɔanyan no no] ne n’abɔfo tuu ɔtweaseɛ [Satan] no so sa ne no koe. Na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo koe. Na wɔantumi wɔn, nso wɔannya ɔkwan ɔsoro bio. Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.”—Adiyisɛm 12:7-9.
Dɛn na ɛde bae? Kyerɛwtohɔ no kɔ so ka sɛ: “Eyi nti mo ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam. Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.”—Adiyisɛm 12:12.
Esiane sɛ Satan ne ne nkurɔfo a wɔhyɛ n’ase bo afuw nti, wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔde amanehunu kɛse a wobetumi de aba biara bɛba ansa na wɔn awiei a abɛn no adu. Wɔako wiase nyinaa ako abien wɔ afeha yi mu na wɔadi ako nketewa bɛboro 150 fi bere a wiase ko a ɛto so abien baa awiei no. Nsɛmfua bi aba yɛn kasa mu a ɛkyerɛ sɛnea basabasayɛ ahyɛ yɛn awo ntoatoaso yi ma: “ɔyare mmoawa akodie,” “Okunkɛse,” “awudi nsase,” “mmonnaato nsraban,” “awudifo a wokunkum nnipa ntoatoaso,” ne “atom ɔtopae.” Nneɛma a ayɛ nsɛm ho amanneɛbɔ mu ma ne nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so, awudi, atopae toto, abɔdamfo a wodi nnipa nam, nnipadɔm a wokunkum wɔn, ɔkɔm, ne ayayade.
Anigyesɛm ne sɛ saa nneɛma yi rentra hɔ nkyɛ. Wɔ bere bi a enni akyiri koraa no, Onyankopɔn bɛyɛ ade atia Satan ne n’adaemone no bio. Ɔsomafo Yohane reka anisoadehu bi a onya fii Onyankopɔn hɔ ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Na mihuu ɔbɔfo bi a ofi soro resian a okura ebun no ano safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi. Na ɔkyeree ɔtweaseɛ, ɔwɔ dedaw a ɔne bonsam no, kyekyeree no mfirihyia apem, na ɔtow no kyenee bun no mu, na ɔtoo mu na ɔsɔɔ ano, na wankɔdaadaa amanaman bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du ansa.”—Adiyisɛm 20:1-3.
Ɛno akyi no, ‘wobegyaa’ Satan ne n’abɔfo no “kakra” na afei wɔasɛe wɔn korakora. (Adiyisɛm 20:3, 10) Hwɛ anigye bere ara a ɛno bɛyɛ! Bere a wɔasɛe Satan ne n’adaemmone koraa no, Yehowa bɛyɛ “ade nyinaa mu ade nyinaa.” Na obiara ‘begye n’ani asomdwoe bebree mu’ ankasa.—1 Korintofo 15:28; Dwom 37:11.
[Ase hɔ nsɛm]
a Eyi mu bɛdaa hɔ akyiri yi bere a Satan kaa eyi wɔ Onyankopɔn akoa Hiob ho no: “Wɔde were pere were, na nea onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra. Na afei teɛ wo nsa na ka ne dompe ne ne nam, sɛ ɔrennome wo anaa!”—Hiob 2:4, 5.
b Sɛ wopɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri wɔ nea enti a Onyankopɔn ama nsɛmmɔnedi ho kwan no ho a, hwɛ nhoma Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no mu.
[Kratafa 7 mfonini]
So onipa nkutoo na ɔma nneɛma a ɛte sɛɛ ba, anaasɛ tumi bɔne bi a aniwa nhu ka ho?
[Asɛm Fibea]
Fam ngo mmura a ɛrehyew wɔ Kuwait, 1991: Chamussy/Sipa Press
[Kratafa 7 mfonini]
Hwɛ anigye bere ara a ɛbɛyɛ bere a adaemone nni hɔ a wobeguan adesamma ho bio!