Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 12/8 kr. 28-30
  • Yɛn Adamfo Pa Wɔ Ahonhom Atrae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛn Adamfo Pa Wɔ Ahonhom Atrae
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adaemone Pɛ sɛ Yɛsom Wɔn
  • Ɔsom Yɛ Yehowa Dea
  • Wobeyi Ahonhommɔne Afi Hɔ
  • Daakye a Bɔne Nnim
  • Sodifo a Wɔwɔ Ahonhom Atrae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Wɔtew Atua wɔ Honhom Atenae Hɔ
    Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa?
  • Henanom Na Wɔte Ahonhom Atenae Hɔ?
    Ɔkwan a Ɛkɔ Daa Nkwa Mu No—So Woahu?
  • Wɔn a Wɔte Ɔsoro no Ho Anisoadehu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 12/8 kr. 28-30

Yɛn Adamfo Pa Wɔ Ahonhom Atrae

BIBLE no ma yenya nkurɔfo a wɔwɔ ahonhom atrae ho nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ. Yehowa Nyankopɔn ne opumpuni wɔ soro. Yesu Kristo na odi Yehowa akyi wɔ tumi ne ahoɔden mu. Abɔfo a wodi Onyankopɔn nokware no som sɛ Onyankopɔn ne ne nkurɔfo a wɔwɔ asase so no asomfo. Satan ne n’adaemone sɔre tia Onyankopɔn na wɔdaadaa nnipa. Awufo adeda wɔ owu mu kosi sɛ Onyankopɔn benyan wɔn.

Adaemone Pɛ sɛ Yɛsom Wɔn

Esiane sɛ awufo nni nkwa nti, mfaso biara nni so sɛ yɛbɛsom wɔn. Afɔre a wɔbɔ ma awufo no ma Satan ne n’adaemone atosɛm ahorow nya nkɔso.

So Onyankopɔn abɔfo pɛ sɛ yɛsom wɔn? Dabida! Abɔfo anokwafo hyɛ Onyankopɔn anuonyam, na wɔhyɛ nnipa nkuran sɛ wɔnyɛ saa ara. Mprenu na ɔsomafo Yohane bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsom abɔfo, nanso wɔkaa n’anim kae sɛ: “Hwɛ, nyɛ sa. . . . Kotow Nyankopɔn!”—Adiyisɛm 19:10; 22:8, 9.

Nsonsonoe a ɛda Satan ne n’adaemone ne abɔfo anokwafo no ntam ne sɛ, Satan ne n’adaemone pɛ sɛ wɔsom wɔn na wɔhyɛ wɔn anuonyam. Eyi daa adi bere a Satan sɔɔ Yesu hwɛe bere a na Yesu yɛ onipa wɔ asase so no. Bible ka sɛ: “Ɔbonsam faa [Yesu] bio kɔɔ bepɔw tenteenten bi so, na ɔkyerɛɛ no wiase ahenni nyinaa ne emu anuonyam, na osee no sɛ: Sɛ wobɛkotow asɔre me a, anka mede eyinom nyinaa mɛma wo.”—Mateo 4:8, 9.

Yesu buae sɛ: “Fi me so, Satan! na wɔakyerɛw sɛ: Kotow sɔre Awurade [Yehowa, NW], wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.” (Mateo 4:10) Ná Yesu nim Yehowa Mmara, na wampɛ sɛ obu so.—Deuteronomium 6:13.

Ɛwom sɛ Satan antumi amma Yesu ansom no de, nanso watumi ama afoforo ayɛ saa. Nokwarem no, nnipa kakraa bi pɛ na wɔhyɛ da som Satan. Nanso, Satan ne adaemone nam anifere, nnaadaa, atosɛm, ne ehu so adan nnipa pii afi ɔsom kronn a wɔde ma Yehowa no ho ma enti ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Wɔn a wɔnam akwan horow a ɛne Onyankopɔn Asɛm nhyia so som no nyinaa hyɛ Satan anuonyam, na ɛnyɛ Yehowa. Bible bɔ kɔkɔ sɛ: ‘Afɔre a [amanaman no, NW] bɔ no, wɔbɔ ma ahonhommɔne, na ɛnyɛ Onyankopɔn.’—1 Korintofo 10:20.

Ɔsom Yɛ Yehowa Dea

Onyankopɔn nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛsom no. Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Nnya anyame foforo nka me ho. Nyɛ ohoni bi anaa ade a ɛwɔ wim wɔ ɔsoro anaa nea ɛwɔ asase ase wɔ fam anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asase ase nsɛso biara mfa; nkotow wɔn, na nsom wɔn. Na me, Awurade [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn meyɛ Onyankopɔn ninkufo.”—Exodus 20:3-5.

Ɛwom sɛ Yehowa yɛ otumfoɔ a ne ho yɛ hu de, nanso ɔyɛ obi a wotumi bɛn no. Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.” (Yakobo 4:8) Ɔsomafo Paulo kae sɛ: ‘Onyankopɔn ne yɛn mu biara ntam kwan nware.’ (Asomafo no Nnwuma 17:27) Na ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Nnam a yɛde kɔ [Yehowa] nkyɛn ne sɛ, yɛsrɛ biribiara sɛnea ɔpɛ a, otie yɛn. Na sɛ yenim sɛ otie yɛn nea yɛsrɛ no ho a, yenim sɛ yɛwɔ nneɛma a yɛasrɛ ne nkyɛn no.”—1 Yohane 5:14, 15.

Hyɛ no nsow sɛ Yohane kyerɛwee sɛ sɛ yebisa Yehowa hɔ biribi “sɛnea ɔpɛ” a ɔbɛyɛ ama yɛn. Sɛ yebehu Onyankopɔn apɛde a, ɛsɛ sɛ yesua nea Bible no kyerɛkyerɛ no. Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woate Bible no ase.

Bere a wusua Yehowa ho ade pii no, wubenya wɔn a wɔwɔ ahonhom atrae no ho nimdeɛ pii. Saa nimdeɛ yi de gyidihunu, gyidi ahorow, ne atetesɛm a Satan de di dwuma de hunahuna nkurɔfo na ɔfa wɔn nnommum no ho ahofadi ba. Wonam Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ so besua sɛnea wɔde ho to ne so, na aboa wo ma woakwati da biara da asetra mu haw ahorow anaasɛ ama woadi so. Wubetumi abɛyɛ Onyankopɔn adamfo. Na Onyankopɔn bɛyɛ wo “guankɔbea ne ahoɔden, ahohia mu boafo pa a wɔanya no nhui.”—Dwom 46:1.

Wobeyi Ahonhommɔne Afi Hɔ

Mma w’adwenem nnyɛ wo naa da wɔ nkonim a ahonhom pa bedi wɔ ahonhommɔne so no ho. Wɔadi kan ako ɔko bi wɔ ahonhom atrae a ama wɔayi Satan ne ne mfɛfo bɔne no afi soro. Adiyisɛm nhoma no ka sɛ: “Ɔko baa ɔsoro. Mikael [Yesu Kristo a wɔanyan no] ne n’abɔfo tuu ɔtweaseɛ kɛse no so sa ne no koe. Na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo koe. Na wɔantumi wɔn, nso wɔannya ɔkwan ɔsoro bio. Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.”—Adiyisɛm 12:7-9.

Dɛn na efii ɔko no mu bae? Amanneɛbɔ no toa so sɛ: “Eyi nti mo ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam. Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” (Adiyisɛm 12:12) Ná ɔsorofo betumi adi ahurusi, efisɛ na Satan ne n’adaemone no nni hɔ bio a wɔbɛhaw wɔn. Nanso, ɔsoro a wotuu no fii no de ɔhaw pii, amanehunu kɛse, aba asase sofo so. Yɛte ɔhaw bere no mu seesei.—2 Timoteo 3:1-5.

Daakye a Bɔne Nnim

Nanso, Bible ma yenya anidaso. Ɛma yɛn awerɛhyem sɛ ‘aka bere tiaa’ bi na wɔayi Ɔbonsam afi hɔ. Sɛ ɛba saa a, Yehowa de nhyira horow a ɛyɛ anigye bɛbrɛ asase sofo a wɔpɛ n’adamfofa nyinaa. Susuw ne bɔhyɛ ahorow ma daakye no kakraa bi ho:

“Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.”—Dwom 72:16.

“Wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma. Wɔrenyɛ adwumayɛhunu.”—Yesaia 65:22, 23.

“Ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!”—Yesaia 33:24.

“Ɛno na afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato dwom.”—Yesaia 35:5, 6.

‘Na Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.’—Adiyisɛm 21:4.

“Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:29.

Yehowa, nokware Nyankopɔn no nkutoo na obetumi ama bɔhyɛ ahorow a ɛso nni yi abam. “Onyankopɔn fam de, biribiara nni hɔ a ɛrentumi nyɛ.”—Luka 1:37.

[Kratafa 29 mfonini ahorow]

Esiane sɛ woyɛ Onyankopɔn adamfo nti, ɔbɛboa wo ma woadi asetram haw ahorow ho dwuma

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena