Henanom na Wɔwɔ Ahonhom Atrae?
WIASE abɛyɛ “baabi” a nyamesom gyidi ne gyidikasɛm ahorow abu so. Wɔ Afrika nkutoo no, nyamesom akuw mpempem pii wɔ hɔ a emu biara wɔ n’ankasa nsusuwii ahorow wɔ nea ɛkɔ so wɔ ahonhom atrae ho. Nanso nea ɛbɛyɛ na yɛanya ɛhɔ nsɛm a emu da hɔ no, ehia sɛ yɛde yɛn adwene si Bible no so. Ɛma yehu ahonhom—papa ne bɔne—a wɔwɔ ahonhom atrae no. Ɛkyerɛ onii a yebetumi ahwehwɛ ne hɔ mmoa ne ahobammɔ na yɛadi nkonim nso.
Yehowa, Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn No
Afrika amammerɛ kyerɛkyerɛ sɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn bi na odi nananom ne anyame so. African Mythology nhoma no ka sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛkame ayɛ sɛ Afrikafo nyinaa, sɛ ɛnyɛ wɔn nyinaa mpo a, wɔn mu dodow no ara gye di sɛ Ɔteasefo Pumpuni bi wɔ hɔ a ɔbɔɔ nneɛma nyinaa.” African Religion in African Scholarship nhoma no ka sɛ: “Esiane sɛ Onyankopɔn ne amansan sodifo a ɔsen biara nti, Ɔno na ɔyɛɛ abɔde foforo biara ne tumi nyinaa. Ɔno na ɔwɔ tumi ne ahoɔden sen biara.”
Bible gye tom sɛ Obi wɔ hɔ a ɔsen obiara wɔ ahonhom atrae hɔ. Ɛka ne ho asɛm sɛ “anyame mu Nyankopɔn ne awurade mu Awurade, Onyankopɔn kɛse no, otumfoɔ a ne ho yɛ hu a ɔnhwɛ nnipa anim na onnye adanmude.”—Deuteronomium 10:17.
Wɔ Afrika nyinaa no, wɔama onii a wobu no sɛ opumpuni no din ne abodin ɔhaha pii. Nanso, dɛn na Onyankopɔn Asɛm ka fa Onyankopɔn din ho? Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Wo a wo din de Yehowa no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni, asase nyinaa so.” (Dwom 83:18, NW) Saa din kronkron yi pue bɛboro mpɛn 7,000 wɔ Bible mu, nanso Bible asekyerɛfo bi de abodin ahorow te sɛ “Onyankopɔn” anaa “Awurade” na asisi ananmu.
Esiane sɛ Yehowa wɔ ade nyinaa so tumi nti, obetumi aboa yɛn. Ɔka n’ankasa ho asɛm sɛ “Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii, nea ɔkora adɔeyɛ ma mpem mpem, na ɔde amumɔyɛ ne mmarato ne bɔne firi, na bem na ɔmma ɔbɔnefo nni.”—Exodus 34:6, 7; 1 Samuel 2:6, 7.
Abɔfo, Onyankopɔn Asomfo a Wɔwɔ Tumi
Yehowa bɔɔ honhom mu nnipa wɔ soro bere tenten ansa na ɔrebɔ nnipa anaa asase ankasa mpo. Bible ka sɛ bere a Onyankopɔn “hyɛɛ asase ase no . . . , Onyankopɔn mma [abɔfo] nyinaa bɔɔ ose.” (Hiob 38:4-7) Abɔfo ɔpepem pii na wɔwɔ hɔ. Yehowa somfo Daniel kyerɛw ɔsoro anisoadehu ho ade, na ohuu ‘mpem mpem a wɔsom Onyankopɔn, na ɔpedu huhaa gyina n’anim.’—Daniel 7:10.
Honhom mu nipa a odi kan a Yehowa bɔɔ no ne onii a wɔbɛfrɛɛ no Yesu Kristo no. (Yohane 17:5; Kolosefo 1:15) Ansa na Yesu rebɛtra asase so sɛ onipa no, na watra soro sɛ honhom abɔde a ɔwɔ tumi. Wɔ Yesu wu akyi sɛ onipa no, wonyan no kɔɔ soro, baabi a ɔsan kɔhyɛɛ asetra ase sɛ honhom abɔde a ɔwɔ tumi.—Asomafo no Nnwuma 2:32, 33.
Yesu wɔ tumi kɛse wɔ soro. Wɔ Yuda 9 no, wɔsan frɛ Yesu a wonim no sɛ Mikael no, “ɔbɔfo panyin,” a ɛkyerɛ sɛ ɔno ne ɔbɔfo panyin, anaa otitiriw. (1 Tesalonikafo 4:16) Ɔwɔ asase so tumi nso. Yehowa de “tumi ne anuonyam ne ahenni maa no ma aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa som no.” (Daniel 7:13, 14) Ɛmfa ho sɛ Yesu wɔ tumi kɛse no, ɔda so ara hyɛ N’agya, Yehowa, ase.—1 Korintofo 11:3.
Bere a abɔfo anokwafo som Yehowa no, wɔsan som Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ asase so nso. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Wɔn [abɔfo] nyinaa nyɛ ahonhom asomfo a wɔn a wɔbɛyɛ nkwagye no difo no nti wɔsoma wɔn sɛ wɔnkɔsom?” (Hebrifo 1:14) Yehowa ho nokware a nnipa besua no ho asɛm na ehia wɔn titiriw. Ɔsomafo Yohane huu ‘ɔbɔfo bi a watu nam ɔsoro mfinimfini a okura daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase so, ne aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa, na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam.’—Adiyisɛm 14:6, 7.
Satan ne Adaemone, Onyankopɔn ne Nnipa Atamfo
Awerɛhosɛm ne sɛ ɛnyɛ abɔfo nyinaa na wɔadi Onyankopɔn nokware. Ebinom tew atua tiaa no, na wɔabɛyɛ Onyankopɔn ne adesamma nyinaa atamfo. Otuatewfo titiriw no ne Satan Ɔbonsam.
Bere a nnipa pii nnye nni nnɛ sɛ Satan wɔ hɔ no, obiara nni hɔ a ogye wɔ a bɔne wɔ hɔ ho kyim. The Death of Satan nhoma no ka sɛ, gye a wogye bɔne di nanso wonnye nni sɛ biribi na ɛde ba no de “ɔhaw bi a wontumi mmu ani ngu so” ba. Yenim biribi a yɛn amammerɛ mma yennya asɛmfua mfa nnyina hɔ mma bio.”
Nea ɛne no bɔ abira no, Bible no wɔ asɛmfua a ɛde gyina hɔ ma, na ɛka nea ɛde bɔne ba ho asɛm pefee. Ɛkyerɛkyerɛ mu sɛ na abɔfo a Yehowa bɔɔ wɔn no nyinaa teɛ, na wɔyɛ papa; wammɔ abɔfo bɔne biara. (Deuteronomium 32:4; Dwom 5:4) Nanso, te sɛ nnipa no, wɔmaa abɔfo nyaa tumi a wɔde paw nea eye ne nea enye. Saa ahonhom mu mma a wɔyɛ pɛ yi mu biako nyaa pɛsɛmenkominya akɔnnɔ wɔ ɔsom a Yehowa nkutoo na ɛfata no no ho. Enti ɔnam saayɛ so benyaa edin Satan, a ɛkyerɛ “Ɔsɔretiafo.” (Fa toto Yakobo 1:14, 15 ho.) Satan nyɛ ɔdaadaafo bi kɛkɛ, sɛnea Afrikafo som bi kyerɛkyerɛ no; na saa ara nso na ɔnyɛ “ɔwɛmfo” a ɔbɔ wɔn a wɔbɔ afɔre ahorow ma no daa no ho ban. Bible no kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔbɔnefo ne nsɛmmɔnedifo ankasa.
Abɔfo foforo kɔkaa Satan ho tew atua tiaa Onyankopɔn. Saa adaemone abɔfo yi nso yɛ nnipa a wɔwɔ asase so atamfo. Wɔn nso yɛ atirimɔdenfo ne nnebɔneyɛfo. Bere bi a atwam no, wɔmaa nnipa bi yɛɛ mum ne anifuraefo. (Mateo 9:32, 33; 12:22) Wɔmaa afoforo a mmofra ka ho, yareyaree anaasɛ wɔbobɔɔ adam. (Mateo 17:15, 18; Marko 5:2-5) Ɛda adi pefee sɛ, onipa biara nni hɔ a n’adwenem da hɔ a ɔbɛpɛ sɛ ɔne Satan anaa saa adaemone no bɛyɛ biribi.
Ɛhe na Nananom no Wɔ?
Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ Afrika ne mmeae foforo gye di sɛ owu nyɛ asetra awiei na mmom ɛyɛ fi a wofi beae bi kɔ baabi foforo kɛkɛ, ɔkwan a wɔnam so kɔ ahonhom atrae, baabi a anyame ne nananom nyinaa te no. Nhomanimfo John Mbiti a ɔyɛ Afrikafo som ho nimdefo no kyerɛw faa nananom a ɔfrɛ wɔn “awufo a wɔte ase” no som ho sɛ: “Eyinom ne ‘ahonhom’ a wɔn ho hia Afrikafo yiye . . . Wonim nea ɛrekɔ so wɔ abusua no mu [wɔ asase so], na ɛho hia wɔn. . . . Wɔn na wɔhwɛ abusua mu nsɛm, amanne, abrabɔ ne dwumadi ahorow so. Sɛ obi di mfomso wɔ saa nneɛma yi mu a, ɛyɛ nananom a wɔbɔ mmusua ne ɔmamfo ho ban a aniwa nhu wɔn no ankasa na ɔfom wɔn. Esiane sɛ wɔda so yɛ ‘nnipa’ nti, awufo a wɔte ase no ne ntamgyinafokuw a wɔfata sɛ wogyina nnipa ne Onyankopɔn ntam: wonim nnipa ahiade, wofii nnipa mu ‘nkyɛe,’ na bere koro no ara no, wotumi ne Onyankopɔn di nkitaho wɔ akwan pii so.”
Nanso, dɛn na Bible no ka wɔ awufo tebea ho? Ɛkyerɛ sɛ biribiara nni hɔ a wɔfrɛ no “awufo a wɔte ase.” Sɛ nnipa nte ase a, na wɔawu—ɛnyɛ n’abien no nyinaa da. Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛ sɛ awufo ntumi nte asɛm, nhu ade, anaasɛ wonnwen. Awufo nni gyinabea biara a ɛbɛma wɔabɔ ateasefo ho ban. Bible ka sɛ: ‘Awufo nnim biribiara. Wɔn dɔ, wɔn tan, wɔn ninkuntwe, ayera dabidabi dedaw. Adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.’ (Ɔsɛnkafo 9:5, 6, 10) ‘Onipa san kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.’—Dwom 146:4.
Dɔte mu a Wɔsan Kɔ
Sɛ ɛyɛ den sɛ wobɛte eyi ase a, susuw nea ɛtoo onipa a odi kan, Adam, no ho. Yehowa “de fam dɔte” na ɛnwenee Adam. (Genesis 2:7) Bere a Adam anni Yehowa ahyɛde so no, owu asotwe na ɛbaa ne so. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii, na woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.”—Genesis 3:19.
Ansa na Yehowa de dɔte rebɔ Adam no, na Adam nni baabiara. Enti sɛ ‘ɔsan kɔ dɔte mu’ a, ɔsan kɔ tebea a nkwa nnim mu, te sɛ dɔte. Wantwa ankɔ nananom ahonhom atrae. Wankɔ soro anaa hell. Bere a owui no, na n’awiei ara ne no.
So saa ara na ɛto nnipa foforo wɔ owu mu? Yiw, ɛte saa. Bible no ka sɛ: “Ade nyinaa [nnipa ne mmoa nyinaa] kɔ faako, ade nyinaa fi dɔte mu, na ade nyinaa san kɔ dɔte mu.” (Ɔsɛnkafo 3:20) Bible hyɛ bɔ sɛ Onyankopɔn benyan awufo aba nkwa mu wɔ paradise asase so, nanso saa bere no nnya nnui. (Yohane 5:28, 29; Asomafo no Nnwuma 24:15) Ne nyinaa mu no, ɛnsɛ sɛ yesuro awufo anaasɛ yeyi wɔn ho mmusu, efisɛ wontumi mmoa yɛn, na saa ara na wontumi mpira yɛn.
Satan ne n’adaemone pɛ sɛ wɔdaadaa nnipa wɔ tebea a wɔn nananom a wɔawuwu wom no ho, enti wɔhyɛ atosɛm a ɛne sɛ nnipa kɔ so tra ase wɔ owu akyi no ho nkuran. Atosɛm yɛ ɔkwan biako a wɔnam so yɛ eyi. (1 Timoteo 4:1) Wɔde anisoadehu, adaeso, ne samanfrɛ nso di dwuma de daadaa nkurɔfo ma wosusuw sɛ wɔne awufo adi nkitaho. Nanso ɛnyɛ awufo no na wɔne wɔn di nkitaho no. Mmom no, ɛyɛ adaemone na wɔyɛ wɔn ho te sɛ nnipa a wɔawuwu no. Ɛno nti na Yehowa kasa tia wɔn a wobisa afunu, sɛ́ wɔyɛ saa tee anaa wɔfa kwan foforo te sɛ abosonkɔm so no, denneennen no.—Deuteronomium 18:10-12.
[Kratafa 26 mfonini]
Adaemone nam anisoadehu, adaeso, ne asamanfrɛfo so daadaa nnipa hunahuna wɔn
[Kratafa 27 mfonini ahorow]
Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔadaadaa nkurɔfo no, adaemone yɛ wɔn ho te sɛ wɔn a wɔawuwu no