Nkitaho a Wɔne Wɔn a Wɔwɔ Ahonhom Atrae Di
ABANSORO dan bi a ɛyɛ fɛ a wɔaka ho fitaa ne ahabammono si Afrika Atɔe fam kurow bi mfinimfini. Akyerɛwfo abien de akyerɛw afiri yɛ adwuma wɔ ahɔhogyebea dan no mu. Nnipa pii tete nkongua so retwɛn sɛ wobehu babaláwo, ɔkɔmfo no.
Babaláwo no ankasa te afiri bi a wɔde kyere nkyerɛwee gu krataa foforo so akyi wɔ adwumayɛdan bi a ɛbɛn hɔ mu. Ɔyɛ ɔbran a ne ti afuw dwen, na ɔhyɛ ntaade fitaa atenten—ne bo yɛ den, na wɔadi mu adwini. Ɔkae sɛ: “Na me papa yɛ ɔkɔmfo. Wɔwoo me too amanne no mu. Minyinii wom. Bere a midii mfe anum no, sɛ me papa rekɔkɔm a, ná me ne no kɔ. Mehwɛɛ sɛnea ɔyɛɛ no no, na misuasuaa no ara kosii sɛ ɛbɛyɛɛ m’adwuma.”
Babaláwo no de ne nsa teɛ dua pon kɛse bi a anwonwakwan a wɔfa so yɛ anyankomade a ne nkurɔfo de adi dwuma wɔ awo ntoatoaso a wonnim ano mu wɔ so no so. Egyina mmɛfua 16 a wɔde kankye so, na ɛyɛ adeyɛ a atrɛw wɔ Afrika Atɔe fam nyinaa ne akyi. Ɔkae sɛ: “Nkurɔfo de ɔhaw ahorow nyinaa ba me nkyɛn. Mmea haw ahorow, wɔn a wɔnwo, wɔn a wonnya adwuma nyɛ, adammɔ, akwahosan ho haw, ne nea ɛkeka ho. Wogyina nea ebefi abosonkɔm no mu ba so srɛ nananom anaa anyame [abosom] no hɔ ade. Sɛnea ɛte biara no, ɛsɛ sɛ woyi mmusu bi.”
Nananom som mu nneyɛe, a abosonkɔm ka ho, agye ntini wɔ saa beae yi, na saa ara na Kristoman mu asɔre ahorow nso te. Adan bi a wɔaka ho akaadoo a wɔakyerɛw anim: King Solomon II Church, Cherubim and Seraphim, Celestial Church of Christ, Christ Apostolic Church, Christ Trumpeters Church, bɛn babaláwo no adwumayɛdan ahorow no. Saa asɔre ahorow yi ne nananom som abom atra, na ɛtɔ mmere bi a egye wɔn nneyɛe no tom. Babaláwo no kae sɛ: “Nnansa yi ara na me ne ɔsɔfo panyin no kasae. Ɔbaa ha. Bere a yesusuw nneɛma ho bɛyɛ simma 30 akyi no, ɔkae sɛ ɔpɛ sɛ yɛyɛ nhyehyɛe bi a ɛbɛma Kristofo ne nananom som mufo abom atra ase atoatoa adwene, na yɛayi ntawntawdi biara afi hɔ.”
Akwan a Yɛfa so Kɔ Ahonhom Wiase
Ntawntawdi a ɛte saa no taa fa hu a wobehu nkurɔfo kõ a wɔwɔ ahonhom atrae no ho. Wɔ Afrika Sahara kesee fam nyinaa no, gyidi a agye ntini kɛse wɔ hɔ ne sɛ nnipakuw abien na wɔte ahonhom wiase no mu. Ɔsoro abɔde, anaa anyame, a wɔnyɛɛ nnipa da na wɔwɔ kuw a edi kan no mu. Nananom, anaa awufo ahonhom, a wɔn asɛyɛde ne sɛ wɔbɛhwɛ ma wɔn mmusua a wɔwɔ asase so anya nkwa na wɔadi yiye na wɔwɔ kuw a ɛto so abien no mu. Wogye di sɛ anyame ne nananom no nyinaa wɔ tumi a wɔde boa anaasɛ wɔde pira wɔn a wɔwɔ asase so no. Enti, ɛsɛ sɛ wɔde obu a ɛfata ma wɔn na wɔsom wɔn nyinaa.
Gyidi a ɛtete saa ara wɔ wiase no afã pii. Nnipa a wɔwɔ maa nyinaa fa akwan horow so kɔ wɔn anyame anim kɔhwehwɛ daakye ho nimdeɛ ne mmoa ne da biara da asetram haw ahorow ho akwankyerɛ. So obi betumi anya mmoa afi ahonhom atrae ankasa? Yesu Kristo a watra hɔ pɛn no daa no adi sɛ ɛte saa. Ɔkae sɛ: “Mummisa, na wɔbɛma mo, monhwehwɛ, na mubehu, mompem na wobehiɛ mo.” (Mateo 7:7) Nanso sɛ yebenya saa mmoa no a, ɛsɛ sɛ yebisa onii a ɔfata no wɔ ɔkwampa so, na yɛbɔ ɔpon a ɛfata no mu. Sɛ yɛbɔ ɔpon a ɛmfata mu a, ebia obi a ɔrenyɛ yɛn papa na mmom obepira yɛn na obebue.
Enti, ɛho hia sɛ yehu wɔn a wɔte ahonhom atrae ne wɔn a wɔnte hɔ. Ehia nso sɛ yehu nsonsonoe a ɛda wɔn a wɔbɛboa yɛn ne wɔn a wobepira yɛn no ntam. Nea edi akyiri no, ehia sɛ yehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya mmoa afi wɔn a wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔde bɛma no hɔ. Nsɛm a edidi so no bɛhwehwɛ saa nsɛm yi mu.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 23]
Mfonini a ɛwɔ nkratafa 23-24: The Star, Johannesburg, S.A.