Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 4/15 kr. 3-4
  • Asɛmmɔne A Ɛrenya Nkɔanim

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmɔne A Ɛrenya Nkɔanim
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛdɔɔso Wɔ Abakɔsɛm Nyinaa Mu
  • Kɔ a Akɔ Soro Wɔ Nnansa Yi Mfe Mu
  • Asɛmpa Wɔ Yɛn Anim!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • “Asɛmpa”!
    ‘Momfa Anigye Nto Dwom’ Mma Yehowa
  • ‘Yɛka Papa Ho Asɛmpa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Ɔkwan Bɛn So na Asɛmpa no Ho Betumi Aba Wo Mfaso?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 4/15 kr. 3-4

Asɛmmɔne A Ɛrenya Nkɔanim

WOAHYƐ no nsow pɛn sɛ nsɛmti a ɛfa asɛmmɔne ho no kanyan atiefo anigye sen nea ɛka asɛmpa? Sɛ́ ɛyɛ atesɛm krataa mu asɛmti bi a ɛfa asiane a emfi nnipa bi ho anaa nseku bi a wogugu mu a wɔde ba nsɛmma nhoma fɛfɛ bi anim no, ɛkame ayɛ sɛ wɔtɔ asɛmmɔne ho nhoma sen asɛmpa de.

Ɛnnɛ, asɛmmɔne nyɛ na koraa. Nanso ɛtɔ da bi a, obi ntumi nhu sɛ ebia asɛmmɔne na wɔtete amanneɛbɔfo ne nsɛnkyerɛwfo sɛ wɔnhwehwɛ na wɔmfa nto gua—a wɔmfa asɛmpa biara nka ho—anaa.

Ɛdɔɔso Wɔ Abakɔsɛm Nyinaa Mu

Nokwarem no, asɛmmɔne adɔɔso wɔ mfehaha a atwam no nyinaa mu, ma abunkam asɛmpa biara so. Wɔ abakɔsɛm mu no, wosi nnipa amanehunu, huammɔdi, ne abasamtu, a ɛno na adesamma hyia no so dua kɛse.

Yensusuw nhwɛso kakraa bi pɛ ho. Chronicle of the World nhoma a Jacques Legrand yɛe no de nsɛm a wɔkyerɛw emu biara faa da pɔtee a asɛm no sii ho, nanso ɛte sɛ nea nnɛyi sɛnkyerɛwfo a ɔrebɔ asɛm no ho amanneɛ na ɔreka, ma. Yɛnam amanneɛbɔ a egyina nhwehwɛmu a edi mũ so yi so nya asɛmmɔne pii a onipa ate wɔ ɔhaw mmere a ɔde atra okyinnsoromma a ɛne Asase yi so ha no nyinaa mu ho adwene a ɛfata.

Nea edi kan no, susuw tete amanneɛbɔ a efi Greece a wɔkyerɛw no 429 A.Y.B. mu yi ho. Ɛfa ɔko a na ɛrekɔ so saa bere no wɔ Athens ne Sparta ntam no ho: “Athensfo atwa adehyeman Potidaea ho ahyia ma ɔkɔm kɛse aba kurow no mu araa ma emufo rewe wɔn awufo, na ahyɛ wɔn ma wɔde wɔn ho ahyɛ wɔn nsa.” Asɛmmɔne ampa!

Sɛ yɛtoa so du afeha a edi kan ansa na Yɛn Bere yi reba a, yenya amanneɛbɔ a emu da hɔ a ɛfa Julius Caesar wu ho, a wɔkyerɛ sɛ esii Rome, March 15, 44 A.Y.B. “Wɔakum Julius Caesar. Nnipakuw bi a na wɔn mu bi yɛ ne nnamfo paa na wɔpam ne tiri so kum no, bere a ɔtraa n’agua so wɔ Baguafie ɛnnɛ, March da a ɛto so Dunum no.”

Mfehaha a edii akyi mu no, asɛmmɔne kɔɔ so dɔɔso. Nhwɛso biako a ɛyɛ ahodwiriw ne asɛm a efi Mexico a esii 1487 mu yi: “Wɔ afɔrebɔ mu guasodeyɛ a ɛyɛ nwonwa sen nea wɔahu pɛn biara wɔ Aztec ahenkurow a ɛne Tenochtitlan mu no, wɔde nnipa 20,000 koma abobɔ afɔre ama Huitzilopochtli, akodi nyame no.”

Ɛnyɛ onipa atirimɔdenne nko na ɛde asɛmmɔne aba, na mmom n’anibiannaso de bi aka bebree a ɛwɔ hɔ dedaw no ho. Ɛte sɛ nea ogya kɛse a ɛtɔɔ London no yɛ amanehunu a ɛte saa mu biako. Amanneɛbɔ a efi London, England, a wɔkyerɛw no September 5, 1666, no kenkan sɛ: “Nnanan, awia ne anadwo akyi no, afei de York ɔdekuro a ɔde akohyɛn akuw a atuduru wom bedwiriw adan a ogya no ani kyerɛ hɔ no, atumi adum London gya no. Apra asase bɛyɛ hɛkta 160 so, na asɛe asɔredan 87 ne afie bɛboro 13,000. Anwonwasɛm ne sɛ nnipa baakron pɛ na wɔhweree wɔn nkwa.”

Ɛsɛ sɛ yɛka ɔyaredɔm ahorow a akɔ so wɔ nsasepɔn pii so no ho asɛm ka asɛmmɔne ho nhwɛso horow yi ho—sɛ nhwɛso no, kɔlera ɔyaredɔm a ɛbae 1830 mfe no mfiase mu no. Asɛmti a wotintimii a ɛbɔɔ eyi ho amanneɛ no kenkan sɛ: “Kɔlera ho haw no hunahuna Europa.” Amanneɛbɔ a ɛyɛ nokware a edi so no yɛ asɛmmɔne a ɛyɛ hu kyɛn so ho nhwɛso: “Kɔlera, a ɛde besi 1817 no, na enni Europa no retrɛw kɔ atɔe fam fi Asia. Russia nkurow te sɛ Moscow ne St. Petersburg mu nnipa pii awuwu dedaw—nnipa a akunkum wɔn no mu dodow no ara yɛ ahiafo a wɔte kurow kɛse mu.”

Kɔ a Akɔ Soro Wɔ Nnansa Yi Mfe Mu

Enti bere a ɛyɛ nokware sɛ asɛmmɔne yɛ ade a ɛbata asetra ho ankasa wɔ abakɔsɛm kyerɛwtohɔ nyinaa mu no, nnansa yi mfe du du a abɛsen kɔ wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no di adanse sɛ asɛmmɔne renya nkɔanim, nokwarem no ɛrekɔ soro ntɛmntɛm.

Akyinnye biara nni ho sɛ, ɔko ho nsɛm ne asɛmmɔne a enye koraa a yɛate wɔ yɛn mprempren afeha yi mu. Akyinnye biara nni ho sɛ akodi abien a ɛsen biara wɔ abakɔsɛm mu—nea wɔafrɛ no Wiase Ko I ne Wiase Ko II ma afata—no ma wɔbɔɔ asɛmmɔne ho amanneɛ kɛse ma ɛyɛɛ hu. Nanso nokwarem no, ɛno yɛ asɛmmɔne a afeha a anigye nnim yi de aba no fã ketewaa bi.

Susuw nsɛmti kakraa bi a efi mmeaemmeae ho:

September 1, 1923: Asasewosow apra Tokyo—nnipa 300,000 awuwu; September 20, 1931: Ahokyere—Britain abrɛ pound no ase; June 25, 1950: North Korea atu aperenten kɔ South Korea; October 26, 1956: Hungarifo asɔre atia Soviet nniso; November 22, 1963: Wɔabɔ John Kennedy tuo akum no wɔ Dallas; August 21, 1968: Wɔde Russia ntwitwiridii akɔsɛe Prague atuatew no; September 12, 1970: Wɔtow wimhyɛn a amumɔyɛfo akogye mu ɔtopae wɔ asase pradada no so; December 25, 1974: Ahum a wɔfrɛ no Tracy no adwiriw Darwin adan agu—nnipa 66 awuwu; April 17, 1975: Cambodia ahwe ase wɔ Komunis dɔm anim; November 18, 1978: Nnipadɔm adi wɔn ho awu wɔ Guyana; October 31, 1984: Wɔabɔ Owurayere Gandhi tuo akum no; January 28, 1986: Ogya atɔ ahunmuhyɛn mu wɔ baabi a efi tu kɔ soro no; April 26, 1986: Ogya atɔ Soviet awuduru ho dwumadibea mu; October 19, 1987: Aguadi nhyehyɛe akɛse no ba fam; March 25, 1989: Fango ahwie agu Alaska asɛe nneɛma; June 4, 1989: Asraafo kuw kunkum akasatiafo wɔ Tiananmen Square.

Yiw, abakɔsɛm kyerɛ sɛ asɛmmɔne adɔɔso bere nyinaa, na sɛ wɔyɛ ntotoho a, asɛmpa ayɛ kakraa bi. Bere a asɛmmɔne akɔ soro wɔ nnansa yi mfe du du mu no, afe biara asɛmpa so tew.

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛba saa? Ɛbɛyɛ saa daa?

Asɛm a edi hɔ no bebua saa nsɛmmisa abien yi.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

WHO/League of Red Cross

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena