Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 12/15 kr. 5-7
  • Ɔkwan Bɛn So na Asɛmpa no Ho Betumi Aba Wo Mfaso?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkwan Bɛn So na Asɛmpa no Ho Betumi Aba Wo Mfaso?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnipa a Asɛmpa no Boaa Wɔn
  • Dɛn Na Asɛmpa no Kyerɛ Nnɛ?
  • Tumi a Asɛmpa no Wɔ Nnɛ
  • Nhyira Horow a Ɛda Yɛn Anim
  • ‘Yɛka Papa Ho Asɛmpa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Dɛn Ankasa Ne Asɛmpa No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • “Asɛmpa”!
    ‘Momfa Anigye Nto Dwom’ Mma Yehowa
  • Asɛmpa Bi Wɔ Hɔ A Nnipa Nyinaa Hia
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 12/15 kr. 5-7

Ɔkwan Bɛn So na Asɛmpa no Ho Betumi Aba Wo Mfaso?

WOBU Bible no kɛse​—wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no mu binom mpo ka ho​—esiane emu nsɛm no nti. Nanso, nokwarem no, nnipa kakraa bi na wɔkenkan na wɔde nea ɛka no adi dwuma. Bio nso, esiane sɛ asɛmpa a ɛwom no fi bɛyɛ mfirihyia mpem abien a atwam ni nti, ɛte sɛ nea nnipa pii gye di sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ no foforo, ma ɛyɛ nnɛ bere yi so de. So Asɛmpa no bere atwam? Dabida.

Mmarima ne mmea, mmofra ne mpanyin ɔpepem pii wɔ hɔ a wonim sɛ Bible no de mmoa a ɛso bi nni ma. Ɛte sɛnea Today’s English Version nnianim asɛm ka no: “Bible no nyɛ nhoma kɛse bi ara kwa a ɛsɛ sɛ wɔma ani gye ho na wodi no ni; ɛyɛ Asɛmpa ma nnipa a wɔwɔ baabiara nyinaa​—nkrasɛm a ɛsɛ sɛ wɔte ase na wɔde di dwuma wɔ da biara da asetra mu.”

Dɛn na Asɛmpa no kyerɛ ma wo? So woma ɛkyerɛ wo kwan wɔ wo da biara da asetra mu? Susuw sɛnea asɛmpa no ho baa ebinom a wotiei wɔ afeha a edi kan no mu mfaso ne sɛnea ebinom anya mu mfaso wɔ yɛn bere yi mu no ho.

Nnipa a Asɛmpa no Boaa Wɔn

Wɔ Yesu bere so no nnipa ankorankoro te sɛ apofofo a wɔyɛ adwumaden ne mmea awarefo ani gyee asɛmpa no ho na wosuaa Onyankopɔn atirimpɔw ma onipa ho nokware no. Asɛmpa no sakraa wɔn asetra kɛse na ɛma wonyaa ahotɔ kɛse mpɛn pii. Sɛ nhwɛso no, wɔsaa Maria Magdalene a na adaemone wɔ no so no yare. Sakeo a na anka ɔyɛ towgyefo panyin no gyaw n’adifudepɛ asetra kwan no. (Luka 8:2; 19:1-10)

Bere a anifuraefo ne akwatafo baa Yesu a na ɔreka asɛmpa no nkyɛn no, ɔboaa wɔn. (Luka 17:11-19; Yohane 9:1-7) Ná Yesu betumi aka ma afata sɛ: “Anifuraefo hu ade, na mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, na asotifo te asɛm, awufo nyan, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafo.”​—Mateo 11:5.

Nanso, nea na ɛho hia kɛse sen wɔn ayaresa no ne sɛnea asɛmpa no sakraa wɔn a wɔadi amia no mu pii asetra sɛ nnipa. Komapafo nyaa daakye ho anidaso. Wɔde wɔn ho too Onyankopɔn Ahenni​—biribi a ɛsen asetra mu asɛmpa biara​—so. (Mateo 4:23) Yesu wu no amma wɔn anidaso ansɛe. Asomafo no Nnwuma 5:42 reka nneɛma ho nsɛm wɔ ɛno akyi mpo no, ɛka n’asuafo ho asɛm sɛ: “Wɔannyae Yesu Kristo ho asɛmpa no ka ne kyerɛkyerɛ asɔrefi ne afi mu da biara.” Wɔ afeha a edi kan no mu no, nsase pii so nnipa nyaa honhom fam mmoa efisɛ wogyee saa asɛnka yi toom.

Ná Ahenni no ne asɛmpa a ɛsen biara saa bere no. So Ahenni ho nkrasɛm no da so ara yɛ asɛmpa?

Dɛn Na Asɛmpa no Kyerɛ Nnɛ?

Sɛ wopɛ wiase a asomdwoe ne ahotɔ wom a, ɛnde na Ahenni no ho asɛm no yɛ papa. Nokwarem no, wɔ wiase a ɔpepehaha pii nnya aduan papa nni na ebi di kɔm mu, na nyarewa a ɛyɛ hu hunahuna obiara, na nsɛmmɔnedi kɔ so kɛse na amammuisɛm mu basabasayɛ kɔ so trɛw mu no, ɛno ne asɛmpa ankasa koro pɛ a ɛwɔ hɔ daa. Ɛne anidaso koro pɛ a ɛbɛma nokware nkɔso aba.

Enti na Yesu hyɛɛ yɛn bere yi ho nkɔm sɛ: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Asɛm yi rebam wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so bere a Yehowa Adansefo ka asɛmpa no wɔ nsase bɛboro 200 so no. Katolekfo nhoma, Nova Evangelização 2000 kamfo Adansefo no wɔ eyi ho sɛ: “Ɛhe na yehu Yehowa Adansefo? Wɔ afie apon ano. Na sɛ obi bɛyɛ Yehowa Ɔdansefo a, wɔ wɔ a ɔwɔ hɔ ma Yehowa no akyi no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔdansefo. Enti yehu wɔn sɛ wɔreyɛ adwuma, wɔrebɔ nea wɔahu no ho dawuru kyerɛ.”

Nanso obi nnya asɛmpa no mu mfaso ara kwa. Ɛbɛboa wɔn a wotie na wodi so no nkutoo. Sɛ́ asɛm yi ho nhwɛso no, Yesu buu bɛ a ɛfa ɔbarima bi a ɔrekogu aba ho. Nsase a ɛsonsonoe a aba no guu mu no kyerɛ koma tebea horow a ɛsonsonoe a wɔn a wɔte asɛmpa no da no adi. Yesu kae sɛ: “Obiara a ɔte ahenni no ho asɛm na ɔnte ase no, ɔbɔne no ba behwim nea wɔagu ne koma mu no . . . Na nea woguu no asase pa mu no, ɔne nea ɔte asɛm no, na ɔte ase; ɔno na ɔsow aba, obi sow ɔha, obi aduosia, obi aduasa.”​—Mateo 13:18-23.

Te sɛ afeha a edi kan no, nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no mu fã kɛse no ara mmɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛte asɛmpa no ase. Wɔnte ase, ma enti wonnya ho mfaso. Afoforo kyerɛ asɛmpa no ho anisɔ na wosua sɛnea wɔbɛma wɔn asetra ne Onyankopɔn apɛde ahyia. Wɔnam saa kwan yi so nya nhyira. Kuw bɛn mu na wowɔ?

Tumi a Asɛmpa no Wɔ Nnɛ

Osuahu ahorow da no adi sɛ asɛmpa no asete boa wɔn a na ‘wonni anidaso bi, na wonnim Nyankopɔn’ no. (Efesofo 2:12; 4:22-24) Ná Roberto a ofi Rio de Janeiro hia mmoa. Na ɔde ne ho ahyɛ ɔbra bɔne mu fi ne mmofraase; ɔde ne ho hyɛɛ nnubɔne nom, ɔbrasɛe ne korɔnbɔ mu. Awiei koraa no, wɔde no kɔtoo afiase. Bere a Roberto wɔ hɔ no, ɔne Ɔdansefo bi a ɔbɛsra hɔ suaa Bible no. Onyaa nkɔso wɔ honhom mu araa ma wɔtew n’afiase nna no so kɛse.

Woyii Roberto akyi no, ohyiaa ababaa bi a wahwe no na ɔde tuo ahunahuna no pɛn. Ná ɔno nso ne Yehowa Adansefo resua Bible no. Dɛn na esii? Nea edi so yi yɛ krataa a ɛka nea esii no fã bi: “Wohyiae wɔ Ahenni Asa so bere a edi kan wɔ hwee a ɔhwee no no akyi. Nea esii no ka koma. Wɔn baanu nyinaa fii nkate mu sui, yeyɛɛ wɔn ho atuu te sɛ onuabarima ne onuabea. Mprempren nea na ɔyɛ ɔkorɔnfo bere bi no ne nea ɔhwee no no nyinaa yi Yehowa ayɛ.”

Na onipa foforo a wɔfrɛ no Isabel nso hia mmoa efisɛ na wonim sɛ ne koma nye. Ná ɔde ne ho ahyɛ ahonhonsɛmdi ne abayisɛm mu kɛse na na adaemone haw no. Bere a ɔne Yehowa Adansefo suaa Bible no, ohui sɛ asɛmpa no boae ankasa. Bere bi akyi no, ɔdee ne ho fii adaemone ho na ɔsakraa ne su​—na awiei koraa no osuaa sɛnea obedi ne koma no so. Mprempren ɔyɛ Kristoni nokwaredifo a wonim no sɛ obi a ɔne afoforo di no ayamye so.

Yiw, asɛmpa no nyɛ asɛm a wɔka kyerɛ ara kwa. Ɛwɔ tumi ankasa a ɛsakra asetra. (1 Korintofo 6:9-11) Ɛyɛ pii sen saa mpo. Ɛtwe adwene si daakye nhyira horow so nso.

Nhyira Horow a Ɛda Yɛn Anim

Sɛnea Onyankopɔn Asɛm kyerɛ no, anidaso ahorow a ɛyɛ anigye wɔ hɔ daakye. Yebehu Yesu mpaebɔ sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra na ɛmmɛyɛ N’apɛde wɔ asase so sɛnea ɛte wɔ soro no mmamu. (Mateo 6:10) Ɛrenkyɛ, wobeyi mprempren nneɛma nhyehyɛe yi ne ne ɔporɔw ne basabasayɛ a ɛhaw adwene no afi hɔ, na Onyankopɔn ɔsoro nniso, n’Ahenni, bedi nnipa komapafo a na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobetie asɛmpa no na wɔadi so no so.​—Daniel 2:44.

Nkɔso kɛse bedi akyi aba bere a wɔkyerɛ nnipa nokwaredifo kwan ma wɔma asase no dan paradise, faako a ahobrɛasefo bɛtra daa no. (Dwom 37:11, 29) Ampa, ɛyɛ asɛmpa sɛ nsɛmmɔnedi, nyarewa, ɔkɔm, efĩ ne akodi befi hɔ koraa! So wubetumi atwa no mfonini wɔ w’adwenem sɛ wo ne w’abusua te saa wiase foforo no mu wɔ asomdwoe ne akwahosan a edi mu mu, a ɔyare ne owu ho hu biara nni hɔ?​—Adiyisɛm 21:4.

Ampa, nnipa pii bu asɛmpa yi sɛ mmofrasɛm anaa adwene mu nsusuwii. Nanso nea wɔka no nyɛ nokware. Asɛmpa no gyina adanse a emu yɛ den sen biara so, na asakra ɔpepem pii asetra dedaw. Enti, sɛ afoforo nnye nni a, mma ɛnhaw wo.

Susuw ɔbadwemma a ɔtɔ asase wɔ beae bi a ɛhɔ renya nkɔso ma enti n’ani da so sɛ obenya mu mfaso ho. So obi benunu no sɛ ɔde ne sika atɔ biribi a ɛte sɛɛ? Dabi. Ɛda adi sɛ nkurɔfo bɛka sɔ ɔreyɛ ade nyansam. Ɛnde dɛn nti na wonhwɛ ade nkɔ akyiri wɔ Ahenni no ho, na sɛ yɛbɛka a, wontɔ asɛmpa no? Esiane sɛ asɛmpa no a wubegye atom bɛkyerɛ nkwagye nti, biribiara nni hɔ a wobɛtɔ a, ɛde mfaso bɛba sen ɛno.​—Romafo 1:16.

Ɔkwan bɛn so na wubetumi atɔ asɛmpa no? Nea edi kan no, nya ɔpɛ sɛ wobɛma Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wo. Afei yɛ ade ma ɛne nea wusua no nhyia. Di ahwehwɛde atitiriw a tete Hebrini diyifo no daa no adi no akyi “Nea [Yehowa] hwehwɛ wo hɔ: ɛnyɛ biribiara sɛ adetreneeyɛ ne adɔepɛ ne ahobrɛase a wode ne wo Nyankopɔn nantew.” (Mika 6:8) Sɛ́ wubesua sɛ wo ne Nyankopɔn bɛnantew no gye bere ne mmɔdenbɔ. Nanso, Yehowa Adansefo a wɔboaa Roberto ne Isabel no ani begye sɛ wɔbɛboa wo wɔ eyi yɛ mu​—sɛnea wɔaboa ɔpepem foforo pii wɔ mfe no mu no.

Bere a wotwɛn Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mmamu no, tra ase sɛnea asɛmpa no kyerɛ, nya asomdwoe na ma wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no mu nyɛ den fa hwɛ nea woatɔ no so. Nea woatɔ no renyɛ kwa​—sikasɛm mu ahokyere anaa amammuisɛm mu basabasayɛ biara remma ɛnsɛe. Na awiei koraa no, ɛbɛma woanya mfaso. Dɛn ne saa mfaso no? Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”​—1 Yohane 2:17.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Asɛmpa no aba gu nsase a ɛsonsonoe so

[Mfonini Fibea]

Garo Nalbandian

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena