Dɛn Ankasa Ne Asɛmpa No?
WƆ BURONYA bere mu no, aman pii so nnipa te Asɛmpa no ho asɛm na wɔn ankasa mpo ka bi. Ɛyɛ asɛm a wɔtaa ka, nanso so ɛwɔ ntease kɛse sen sɛnea nnipa fã kɛse no ara susuw no? So Asɛmpa no betumi akyerɛ biribi papa bi ama wo ne w’adɔfo?
Engiresi asɛmfua “Gospel” no kyerɛ “asɛmpa,” na ampa, obiara ani gye asɛmpa ho a ɛnyɛ Buronya bere mu nko na mmom bere biara. Nanso Asɛmpa no nyɛ asɛmpa biara kwa. Ɛyɛ asɛmpa pɔtee bi a efi baabi pɔtee bi a ɛfa asɛm titiriw bi ho. Nokwarem no, ɛyɛ nkrasɛm bi a Onyankopɔn ahyehyɛ sɛ wɔnka nkyerɛ adesamma nyinaa.
Eugênio Salles, ɔsɔfo panyin a ɔwɔ Rio de Janeiro, Brazil, no kaa saa asɛmpa no ho asɛm bere a ɔhyɛe sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛyɛ ade ma ɛne Asɛmpa no hyia na ɛnyɛ sɛnea amammui adwenhorow te.” Nea ɔsɔfo panyin no kae no yɛ nokware. Nanso, ade a yɛbɛyɛ ma ɛne Asɛmpa no ahyia no hwehwɛ sɛ yehu dekode a Asɛmpa no yɛ. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu? Na ɔkwan bɛn so na ade a yɛbɛyɛ ma ɛne Asɛmpa no ahyia no bɛboa yɛn?
Dɛn Ne Asɛmpa No?
Wɔntaa nte sɛnea Asɛmpa no te no ase. Wɔ 1918 mu no, Federal Council of the Churches of Christ in America kamfoo Amanaman Apam a mprempren agu no sɛ Onyankopɔn Ahenni a wɔada no adi amammui kwan so wɔ asase so, na wɔkae sɛ “egyina Asɛmpa no so.” Saa ahyehyɛde no antumi anni ne botae a ɛne sɛ ɛbɛkora asomdwoe so no ho dwuma koraa. Ɛda adi sɛ asɛm a bagua no kae no yɛ atoro. Ná Amanaman Apam no ne Asɛmpa no nni hwee yɛ.
Wɔ nnansa yi mfe mu no, ahofadi nyamekyerɛfo ada Asɛmpa no adi a wonsuro bere a wɔreka wɔn amammui anaa asetra mu ɔsesɛw ho nsusuwii horow ho asɛm no. Wɔ saayɛ mu no, wɔabu ani agu Asɛmpa ankasa no so. Brazilfo Veja nsɛmma nhoma no kae sɛ: “Katolek Asɔre no ani fii ase gyee asetra yi mu ahenni ho na ebuu ani guu gyidifo no honhom mu ahiade ahorow so. Nea wɔn a wɔhwehwɛɛ asɛmfua Onyankopɔn wɔ asɔre a wɔyɛ mu no te ara ne asetra mu nsisi ho ɔkasatia.”
Ebia asetra mu nkɔso anaasɛ amammui nhyehyɛe ahorow mu nsakrae bɛyɛ asɛmpa ama ebinom. Nanso ɛnyɛ eyi ne Asɛmpa no. Ɔsɔfo panyin bi regye ka a n’asɔre nka Asɛmpa ankasa no atom no, ɔkae sɛ: “Yebuu yɛn ani guu yɛn gyidifo anokwafo no honhom mu nkyerɛkyerɛ so fi 1960 mfe no mu esiane honam fam ade dodowpɛ a yɛde frafraa yɛn nkyerɛkyerɛ mu no nti.”
U.S. Time nsɛmma nhoma no mu amanneɛbɔ bi kyerɛ sɛ Protestantfo nso adwene afi Asɛmpa no so. Nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Ɛnyɛ nsɔre a akyɛ no nkrasɛm no nko na wontumi nka nkyerɛ wɔ ɔkwan a wɔbɛte ase so; na mmom wɔda so ara nnim dekode a saa nkrasɛm no yɛ ankasa.” Ɛsɛ sɛ wɔn nkrasɛm no yɛ dɛn? Dɛn ne Asɛmpa no?
Asɛmpa no a Wobehu
Webster’s Ninth New Collegiate Dictionary kyerɛ “Asɛmpa” ase sɛ “Kristo, Onyankopɔn Ahenni, ne nkwagye ho nkrasɛm.” Wɔkyerɛ asɛmfua “asɛmpa” no ase nso sɛ “Kristofo nkrasɛm (asetra mu asɛmpa) no nkyerɛase”; “nyamesom kyerɛkyerɛfo bi nkrasɛm anaa ne nkyerɛkyerɛ.” So nkyerɛase ahorow yi nyinaa fa ho? Sɛ Asɛmpa no ho asɛm na yɛreka de a, dabi. Asɛmpa no ankasa gyina Bible so; enti nkyerɛase ahorow abiɛsa no mu nea edi kan no nkutoo na ɛteɛ. Abien a etwa to no kyerɛ sɛnea wɔde asɛmfua “asɛmpa” no di dwuma nnɛ no kɛkɛ.
Nea ɛne adwene yi hyia no, Vine’s Expository Dictionary of New Testament Words ka sɛ wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm (“Apam Foforo” no) mu no, Asɛmpa no “kyerɛ Onyankopɔn Ahenni no ne nkwagye a ɛnam Kristo so a wobenya denam gyidi a egyina Ne mpata wu so no so ho asɛmpa.” Ɛho hia sɛ yɛte eyi ase efisɛ nokware asɛmpa no ho ntease a ɛteɛ ne yɛn mprempren yiyedi ne yɛn daakye anigye wɔ pii yɛ.
Nkrasɛm a Ɛda Nsow
Sɛnea atifi hɔ nhwehwɛmu nhoma no kyerɛ no, wɔde Asɛmpa no bata Yesu Kristo ho kɛse—kɛse araa ma wɔfrɛ Bible mu kyerɛwtohɔ anan a ɛfa n’asase so asetra ho no sɛ Nsɛmpa no. Efi Yesu ɔdesani asetra mfiase pɛɛ no, asɛm biara a ɛfa ne ho no yɛ asɛmpa. Bere a ɔbɔfo bi rebɔ n’awo ho amanneɛ no, ɔkae sɛ: “Hwɛ, mede asɛmpa a ɛyɛ anigye pii na ɛbɛyɛ ɔman nyinaa dea merebrɛ mo, sɛ nnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo no, Awurade, ama mo.”—Luka 2:10, 11.
Ná Yesu a wɔawo no foforo no benyin abɛyɛ Kristo, Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no. Na ɔbɛda Onyankopɔn nkwagye atirimpɔw no adi, ɔde ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ no bɛma ama adesamma, wobenyan no, na afei wabɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no Hene a wɔapaw no. Asɛmpa ampa! Enti na wɔfrɛ nkrasɛm a ɛfa ne ho no sɛ Asɛmpa no.
Wɔ Yesu asase so bere tiaa ɔsom adwuma no mu no, na ɔyɛ nnam yiye wɔ asɛmpa no ka mu. Yɛkenkan wɔ Mateo Asɛmpa no mu sɛ: “Yesu kyinii nkurow ne nkuraa nyinaa mu kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa Ahenni no ho asɛmpa.” (Mateo 9:35) Na n’asɛnka no nyɛ nea ɛbɛma nkurɔfo ho atɔ wɔn ara kwa. Marko kyerɛw sɛ Yesu kae sɛ: “Ɛbere no awie du, Onyankopɔn ahenni no abɛn. Monsakra mo adwene, na munnye asɛmpa no nni!” (Marko 1:15) Yiw, wɔn a wotiee asɛmpa no na wodii so no hui sɛ ɛsakraa wɔn asetra.
Yesu wu akyi no, n’akyidifo kɔɔ so kaa Asɛmpa no. Ɛnyɛ Ahenni no ho asɛm nko na wɔkae na mmom wɔkaa anigyesɛm a ɛne sɛ wɔanyan Yesu akɔtra Onyankopɔn nsa nifa wɔ soro, na ɔde ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ no bo a ɛsom no ama ama adesamma ho asɛm kaa ho. Sɛ́ nea Onyankopɔn apaw no sɛ onni asase nyinaa so sɛ Onyankopɔn Ahenni no Hene no, ɔno na ɔbɛyɛ Onyankopɔn Sahene wɔ Onyankopɔn atamfo a wɔbɛsɛe wɔn ne asase a wɔbɛdan no paradise no mu.—Asomafo no Nnwuma 2:32-36; 2 Tesalonikafo 1:6-10; Hebrifo 9:24-28; Adiyisɛm 22:1-5.
Biribi foforo ka asɛmpa no ho nnɛ. Sɛnea nkɔmhyɛ mmamu ho adanse nyinaa kyerɛ no, wɔde Yesu asi ahengua so mprempren, na yɛte nneɛma nhyehyɛe yi nna a edi akyiri mu. (2 Timoteo 3:1-5; Adiyisɛm 12:7-12) Bere a Ahenni no bɛyɛ ade atia Onyankopɔn atamfo no rebɛn ntɛmntɛm. Asɛmpa bɛn na ɛsen eyi?
Yebehu sɛnea Asɛmpa no wɔ tumi wɔ asɛm a edi hɔ no mu. Ɛboaa ɔbea bi a adaemone haw no ma onyaa ahotɔ. Ɛboaa ɔbarima bi a na ɔda afiase wɔ korɔnbɔ ho ma onyaa anigye. Na ɛho bɛba wo nso mfaso kɛse—sɛ wutie asɛmpa no na wudi so a.