Ɔsom Bɛn na Onyankopɔn Pene So?
AWERƐHOSƐM ne sɛ afeha a ɛto so 16 no mu nyamesom mu nitan a ɛkɔɔ so wɔ France no annyae. Wɔ afeha a edi so no mu no, adwemmɔne a ɛkɔ akyiri maa Europa mu kyekyɛe, bere a Katolekfo ne Protestantfo dii ako bio wɔ Mfe Aduasa Ko (1618-48) no mu no. Wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no san hyɛɛ kum a wokunkum wɔn ho wɔn ho wɔ atirimɔden kwan so no ase bio wɔ Onyankopɔn din mu.
Nyamesom mu nitan ne nnipakum nnyae. Nnansa yi ara, Katolekfo ne Protestantfo akunkum wɔn ho wɔn ho wɔ Ireland, na Ortodɔksfo ne Roma Katolekfo som ahorow ayɛ saa ara wɔ kan Yugoslaviafo asase no so. Na nea ɛyɛ nwonwa koraa no, bere a na Wiase Ko I ne II rekɔ so no, Katolekfo ne Protestantfo nyinaa kunkum wɔn ankasa som mufo ɔpehaha pii wɔ akono. So biribi wɔ hɔ a wobetumi agyina so aka sɛ ɛno nti na wokum nnipa yi? Dɛn ne Onyankopɔn adwene?
Mmɔden a Wɔbɔ sɛ Wobebu Wɔn Ho Bem
Afe 1995 Britannica Book of the Year no ka sɛ: “Nnipa pii bɔɔ mmɔden wɔ 1994 mu sɛ wɔnam nyamekyerɛ so bebu wɔn ho bem wɔ basabasayɛ ho.” Bɛboro mfe 1,500 ni no, Katolek nyansapɛfo “Ɔhoteni” Augustine bɔɔ mmɔden saa ara sɛ ɔbɛkyerɛ sɛ nnipakum no fata. Sɛnea New Catholic Encyclopedia no ka no, ɔno “na ofii akodi a ɛfata ho nkyerɛkyerɛ no ase,” na nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm no kyerɛ sɛ ne nsusuwii no ‘anya nkurɔfo so tumi kɛse nnɛ mpo.’
Katolek, Ortodɔks, ne Protestant asɔre horow no apene, na wɔama nnipakum a ɛkɔ so wɔ Onyankopɔn din mu anya nkɔso. Ɛwom sɛ mogyahwiegu ahyɛ ɔsom ahorow yi kyerɛwtohɔ mu ma de, nanso ɔsom atitiriw a aka no kyerɛwtohɔ nso te saa ara. Ɛnde, wobɛyɛ dɛn ahu nkurɔfo a wɔde nokware som di dwuma no?
Ɛnyɛ nea wɔka sɛ wogye di a wubetie kɛkɛ no ne asɛm no. Ɛdefa asɛm yi ho no, Yesu Kristo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ mo ho yiye atoro adiyifo a wɔde nguanten nhoma akata wɔn ho ba mo nkyɛn, na wɔn mu de, wɔyɛ mpataku a hwee mmee wɔn no ho. Wɔn aba na mode behu wɔn. . . . Dua pa sow aba pa, na dua bɔne sow aba bɔne. . . . Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa de gu gya mu.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.)—Mateo 7:15-20, The New Jerusalem Bible.
Wɔde Wɔn Aba Hu Wɔn
Nnipa komapafo ɔpepem pii rehu sɛ wiase nyamesom ahorow no yɛ ‘nnua bɔne’ a asow “aba bɔne,” ne titiriw no, denam akodi a wɔde ka mogya pii gu a wɔma enya nkɔso so. Wɔka wiase atoro som ahemman no ho asɛm wɔ Bible mu sɛ honhom fam aguaman a wɔfrɛ no “Babilon Kɛse.” Bible ka sɛ “ɛno mu na wohuu adiyifo ne ahotefo ne wɔn a wɔakum wɔn asase so no nyinaa mogya.”—Adiyisɛm 17:3-6; 18:24.
Ne saa nti, sɛ anka Onyankopɔn bɛpene akodi a nyamesom akannifo ahyira so no so no, ɛrenkyɛ ɔde atemmu bɛba ɔsom ahorow a adi awu ne din mu no so. Ɔbɛyɛ eyi ma Bible nkɔmhyɛ a ɛka sɛ: “Sɛnea wɔbɛtow kurow kɛse Babilon akyene hwii ne no, na wɔrenhu bio koraa” no aba mu. Sɛ saa anigyesɛm no si a, ɛbɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ‘abu aguaman kɛse no atɛn,’ na ‘wadi ne nkoa mogya ho werɛ wɔ ne nsam.’—Adiyisɛm 18:21; 19:2.
Ebia nkurɔfo a nnipakum a akɔ so wɔ Onyankopɔn din mu no afono wɔn no adwenem bɛyɛ wɔn naa sɛ ebia Kristofo bi wɔ hɔ a wɔtra ase ma ɛne Bible nkɔmhyɛ yi hyia: “Wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.” (Yesaia 2:4) So wunim nkurɔfo a wosuro Nyankopɔn ankasa a wɔapo akodi?
Ɔsom a Onyankopɔn Pene So
Nnipa asetram nsɛm ho adesua a wɔato din, “Fata a Wɔkyerɛ sɛ Basabasayɛ Fata Ho Nsɛm” a Michigan Sukuupɔn tintimii no kae sɛ: “Efi afeha yi mfiase no, Yehowa Adansefo no akɔ so akura ‘Afã biara a Kristofo Nni’ no mu atwe wɔn ho afi basabasayɛ mu wɔ wiase ko akɛse abien mu ne ‘Apuei ne Atɔe Ntam Ntawntawdi’ asraafo ntam akodi a edii akyi no mu.” Ɛreda nea enti a Adansefo no nnyina afã biara no adi no, nhwehwɛmu no kyerɛe sɛ: “Yehowa Adansefo no nkyerɛkyerɛ gyina ahotoso a wɔwɔ sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn asɛm no so.”
Yiw, Yehowa Adansefo de Bible a ɛkyerɛkyerɛ nea edi so yi no bɔ wɔn bra: “Eyi mu na Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adi. Obiara a ɔnyɛ nea ɛteɛ ne nea ɔnnɔ ne nua no mfi Nyankopɔn. . . . Yɛnnodɔ yɛn ho . . . ɛnyɛ sɛ Kain a . . . okum ne nua no.”—1 Yohane 3:10-12.
Mpɛn pii na Yehowa Adansefo atwe nkurɔfo adwene asi wiase mu ɔsom ahorow no mogyahwiegu so. Wɔasan ati Bible kɔkɔbɔ a egye ntɛmpɛ yi mu: “Me man, mumfi [Babilon Kɛse] no mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi. Efisɛ ne nnebɔne atoatoa abedu soro, na Onyankopɔn akae n’amumɔyɛ.”—Adiyisɛm 18:4, 5.
Nnipa komapafo pii retie kɔkɔbɔ a ɛse wɔntwe wɔn ho mfi wiase atoro som ahemman mu no. Sɛ nnipakum a ɛkɔ so wɔ nyamesom din mu no ama wo ho adwiriw wo yiye a, yɛto nsa frɛ wo sɛ, kohu nea ɔde nsɛmma nhoma yi maa wo no, anaa kyerɛw address ahorow a ɛwɔ kratafa 5 no mu biako. Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma woahu Bible bɔhyɛ a ɛfa wiase foforo a trenee te mu a, ɔko nni mu bio no ho.—Dwom 46:8, 9; 2 Petro 3:13.
[Kratafa 10 mfonini]
“Wɔka sɛ wonim nyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma pa no.” TITO 1:16