Wɔfrɛɛ no Anigyede
NÁ AGUMADIBEA hɔ asɔ paa. Tete Romafo ahwɛde a ɛyɛ anigye sen biara no mu biako ama nnipa mpem dudu pii ahyiam. Wɔde frankaa horow, nhwiren, ne ntama kɔla ahorow ahyehyɛ agumadibea hɔ fɛfɛɛfɛ. Nnorobɛn a epuw nsu a wɔde aduhwam afra mu tu faa hɔ maa ɛyɛɛ huam. Ná adefo no ahyehyɛ wɔn ntade hyenhyɛnn. Ná wotu serew bere ne bere mu wɔ dede a na nnipadɔm no reyɛ no mu, nanso na nnipadɔm yi anigye no ne ahude a na ɛrebesi no bɔ abira koraa.
Ankyɛ na wɔbɔɔ tubæ no de frɛɛ akofo baanu a wɔko gye nnipa ani no sɛ wɔmfa nsi ani. Bere a akofo no fii ase twitwaa wɔn ho sekan atirimɔden so no, nnipadɔm no teɛteɛɛm. Ose gyegyeegye a bɛhwɛadefo no bɔe no amma wɔante afoa a na wɔde reko no dede no. Mpofirim ara, akofo no mu biako yii ne yɔnko hwee fam. Afei, nea ɛbɛto ɔkofo a ɔda fam no gyina bɛhwɛadefo no so. Sɛ wohim wɔn nnuku a, obenya ne ti adidi mu. Nnipa a na wɔahyiam no—a na mmea ne mmeawa ka ho—kokurobeti a wɔde yɛɛ sɛnkyerɛnne biako pɛ no maa wokum no. Ntɛm ara na wɔbɛtwee nea wawu no fii agodibea hɔ, na wɔde sofi funtum dɔte a mogya adonnɔn no no, na wɔde anhwea foforo petepetee so, na nnipadɔm no siesiee wɔn ho maa mogyahwiegu a aka no.
Wɔ nnipa pii a na wɔte tete Roma no fam no, na ɛno yɛ anigyede. Rome: The First Thousand Years nhoma no ka sɛ: “Obi a na ɔyɛ katee wɔ abrabɔ pa ho mpo ankasa antia mogyahwiegu ho anigye a wɔkyerɛe yi.” Akofo a wɔko gye nnipa ani ho agodie no yɛ Romafo anigyede a na aporɔw no mu biako pɛ. Ná wɔde po so ahyɛn nso di ako anikan, ma bɛhwɛadefo a wɔn ani gye mogyahwiegu ho kɔhwɛ de gye wɔn ani. Ná wokum nnipa wɔ baguam mpo, ma wɔde ɔsɛmmɔnedifo a wɔabu no fɔ no bɔ dua ho ma akekaboa a ɔkɔm adosa no bɛwe no pasaa.
Ná Romafo wɔ agodie ahorow ma wɔn a na wɔn ani nnye mogyahwiegu ho saa no. Ludwig Friedländer kyerɛwee wɔ Roman Life and Manners Under the Early Empire mu sɛ wɔ agodie a wɔde nipadua kasa—da biara da asetra mu ɔyɛkyerɛ ntiantia bi—ase no, “na awaresɛe ne mpenatwe ne nsɛmti titiriw. Ná kasafi ahyɛ wɔn kasa mu ma, na aseresɛm a ɛmfata ne animdua ne nipadua a wɔdannan no de ka ɔbrasɛe ho asɛm, ne, nea ɛsen ne nyinaa no, abɛn a wɔbɔ ma wɔsaw asabɔne ayɛ no ma.” Sɛnea The New Encyclopædia Britannica kyerɛ no, “adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ na wɔbɔ aguaman ankasa wɔ adehwɛpon a na wɔde nipadua kasa wɔ so no so, wɔ Roma Ahemman no mmere mu.” Friedländer fi ntease pa mu frɛɛ nipadua a wɔde kasa no “ɔyɛkyerɛ a ɔbrasɛe ne afide a wɔyɛ no petee mu ahyɛ mu ma sen biara,” na ɔde kaa ho sɛ: “Ɔyɛkyerɛ a na wɔyɛ afide wom kɛse no na na wɔkyerɛ ho anigye kɛse.”a
Ɛnnɛ nso ɛ? So nsakrae bi aba anigyede a nnipa pɛ no mu? Susuw adanse horow a wɔaka ho asɛm wɔ asɛm a edi hɔ no mu ho.
[Ase hɔ asɛm]
a Ɛtɔ mmere bi a, na wokum nipa wɔ adehwɛpon so sɛnea ɛbɛma ɔyɛkyerɛ bi ayɛ sɛ asɛm paa. The Civilization of Rome nhoma no ka sɛ: “Ná wɔtaa de ɔsɛmmɔnedifo a wɔabu no kumfɔ hyɛ nea ɔyɛ ɔyɛkyerɛ no anan mu bere a edu baabi a ɛyɛ hu no.”
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 11]
The Complete Encyclopedia of Illustration/J. G. Heck