Dɛn na Aba Anigyede So?
ƐYƐƐ dɛn na tete Romafo a na wɔkyerɛ sɛ wɔn ani abue no buu amanehunu a na wɔn yɔnko nnipa fa mu no sɛ anigyede? Gerhard Uhlhorn kyerɛw wɔ The Conflict of Christianity With Heathenism mu sɛ: “Nneɛma foforo a ebetumi akanyan wɔn kɛse ho akɔnnɔ a na wɔwɔ nkutoo na yebetumi agyina so de akyerɛkyerɛ mu. Bere a anigyede nyinaa fonoo nkurɔfo no, wɔhwehwɛɛ . . . anigye a na afei de wonnya bi baabiara.”
Ɛnnɛ, nnipa pii da “nneɛma foforo a ebetumi akanyan wɔn kɛse ho akɔnnɔ” adi. Ɛwom, ebia wɔrenhyiam nhwɛ nipa a wokum no anikan anaa adapaade ankasa. Nanso, anigyede a wɔpaw no da no adi sɛ wɔn nso, basabasayɛ ne nna abɔ wɔn dam. Susuw nhwɛso horow bi ho hwɛ.
Sini Ahorow. Sini mu samufo Michael Medved kyerɛ sɛ nnansa yi, wɔn a wɔyɛ sini no ama ada adi sɛ “wɔn ani gye nea ɛmfra ho.” Ɔde ka ho sɛ “ɛte sɛ nea sini mu nsɛm no ma ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ wonya atirimɔdensɛm ne abɔdamsɛm a wɔda no adi no ho adagyew, kyerɛ obu wɔ ho sen suban pa anaa ayamye.”
Akan a wɔne television si no ama wɔn a wɔyɛ sini no abɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛtwetwe nnipa akɔ sinidan mu. Sinidan bi titrani ka sɛ: “Yehia mfonini a ɛkanyan nkate a ɛwɔ tumi sen nneɛma a nkurɔfo hu wɔ TV so nyinaa. Ɛno nkyerɛ sɛ yɛresi mogyahwiegu ne akakabensɛm kasafĩ so dua, mmom no, ɛno na ehia na yɛatumi ayi sini bi adi.” Nokwarem no, sini mu basabasayɛ a woyi no pefee no mpusuw nnipa pii bio. Sini ho kwankyerɛfo Alan J. Pakula ka sɛ: “Nkurɔfo nsuro sini mu ahude bio. Nnipa dodow a wokunkum wɔn no ayɛ mmɔho anan, na akode a wɔde di dwuma no ano ayɛ den yiye, nanso ɛmfa wɔn ho. Wɔanya ahude a wɔda no adi pefee ho akɔnnɔ.”
Television. Ɔbarima ne ɔbea ntam nna a woyi no pefee wɔ TV so abu so mprempren wɔ wiase mmeae pii, a Brazil, Europa, ne Japan ka ho. Sɛ wokyekyem pɛpɛɛpɛ a, wɔn a wɔhwɛ TV wɔ Amerika no hu nna ho nsɛm 14,000 wɔ afe biako pɛ mu. Nhwehwɛmufo kuw bi bɔ amanneɛ sɛ: “Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ nna a wɔka ho asɛm na woyi kyerɛ pefee a anya nkɔso no begyae. Akyide a bere bi a atwam no na wɔnka ho asɛm te sɛ mogyafra, atirimɔdenne, ne onipa ne aboa ntam nna, abɛyɛ adwinnade a wɔde di dwuma anwummere de pɛ mfaso kɛse.”
Sɛnea Watching America nhoma no ka no, biribi nti na wɔma biribiara ho kwan wɔ television so. Ɛka sɛ: “Nna ho nsɛm de sika ba. . . . Bere a TV nnwumakuw ne ho aguadifo no hui sɛ wɔma wɔn a wɔhwɛ no ani gye sen sɛ wɔbɛhaw wɔn no, wɔde nkakrankakra ama dodow a wɔtɔn no akɔ anim denam akyide a woyi kyerɛ pefee pii a wɔma ho kwan no so.”
Video so Agodie Horow. Agodie bere foforo a atirimɔdenne a ɛyɛ ahobow wom abesi Pac-Man ne Donkey Kong bere so de a na asɛm nni ho no ananmu. Ɔbenfo Marsha Kinder ka agodie horow yi ho asɛm sɛ “asɛe sen TV anaa sini.” Ɛkyerɛkyerɛ sɛ “basabasayɛ ne ɔkwan biako pɛ a obi betumi afa so anya tumi.”
Esiane sɛ ɛho asɛm hia amanfo nti, mprempren, adwuma bi a ɛyɛ video wɔ United States no akyekyɛ video a wɔyɛ no mu, ahyɛ ebiara nsow. Ebia basabasayɛ a ɛkɔ akyiri, nna ho nsɛm, ne afide wɔ nea wɔakyerɛw ho, “MA-17”—a ɛkyerɛ sɛ “mpanyimfo” agodie no nye mma mmofra a wonnya nnii mfe 17—no mu. Nanso, ebinom suro sɛ kyerɛ a wɔkyerɛ nea eye ma “mpanyimfo” no ma nkurɔfo ani gye video so agodie bi ho kɛse. Abofra bi a n’ani gye agodie no ho no ka sɛ: “Sɛ madi mfe 15 na mihu nea wɔakyerɛw ho MA-17 a, mɛyɛ nea metumi biara sɛ me nsa bɛka.”
Nnwom. Nsɛmma nhoma bi a ɛpɛɛpɛɛ nnwom atitiriw mu nsɛm mu no kyerɛ sɛ, ebeduu 1995 awiei no, nnwom a na agye din paa 40 no mu 10 pɛ na na kasafĩ anaa nnubɔne ho nsɛm, basabasayɛ, anaa nna ho nsɛm nnim. St. Louis Post-Dispatch bɔ amanneɛ sɛ: “Nnwom a mmofra nketewa tie no yɛ ahodwiriw ankasa, na emu pii yɛ adapaade koraa. Abufuw ne nsɛnhunu na ahyɛ [nnwom] a mmerante ne mmabaa bi ani gye ho no ma, na ɛhyɛ nkate a ɛne sɛ anidaso biara nni hɔ mma wiase no ne otiefo no nyinaa ho nkuran.”
Ɛte sɛ nea nnwom a ano yɛ den mmoroso, “grunge” rock nnwom, ne “gangsta” rap nnwom hyɛ basabasayɛ ho nkuran no. Na San Francisco Chronicle amanneɛbɔ bi kyerɛ sɛ: “Emu adwumayɛfo no mu mpanyimfo ka sɛ, akuw a wɔn ho yɛ hu paa no na wɔregye din ntɛm.” Mprempren, nnwom a wɔto kamfo abufuw ne owu agye din wɔ Australia, Europa, ne Japan. Ɛwom sɛ nnwonto akuw bi abɔ mmɔden sɛ wɔde nsɛm a ɛfata bedi dwuma. Nanso, Chronicle no ka sɛ, “adanse kyerɛ sɛ nea asɛm nni ho no nnya gua.”
Kɔmputa Ahorow. Eyi yɛ mfiri a wotumi de yɛ nnwuma a mfaso wɔ so pii. Nanso, ebinom de ɛno nso adi dwuma de atrɛw nneɛma a ɛyɛ aniwu mu. Sɛ nhwɛso no, Maclean’s nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ nea ɛka ho bi ne “mfonini horow ne nsɛm a ɛfa biribiara ho, efi akɔmfosɛm huhuuhu so kosi tuutuusi ne awengaa so—nneɛma a ɛbɛma mpanyimfo pii mpo ho adwiriw wɔn, na kampɛsɛ wɔn mma.”
Nhoma Ahorow. Nna ho nsɛm ne basabasayɛ abu so wɔ nhoma a agye din pii mu. Nea aba so wɔ United States ne Canada nnansa yi ne nea wɔfrɛ no “ayɛsɛm a ɛyɛ ahodwiriw”—wɔyɛ anansesɛm a ɛyɛ hu yi ma mmofra a wosua koraa a wɔadi bɛyɛ mfe awotwe. Bere a Diana West rekyerɛw wɔ New York Teacher mu no, ɔka sɛ saa nhoma yi “resɛe wɔn a wonnyinii koraa no adwene, na edi kan brɛ adwene no ase ansa na afi ase mpo anyin.”
Nhwehwɛmu bi a Ɔman Kuw a Ɛhwehwɛ Television So Basabasayɛ Mu (NCTV) yɛe no amanneɛbɔ kyerɛ sɛ, “akodi a emu yɛ den na ɛyɛ hu, nnipa nam a wɔwe, nnipa ti a wotwa, abonsamsɛm, mmonnaato, ne kasafĩ” wɔ aseresɛm nhoma pii a wotintim wɔ Hong Kong, Japan, ne United States no mu. Oduruyɛfo Thomas Radecki a ɔyɛ nhwehwɛmu ho kwankyerɛfo ma NCTV no ka sɛ: “Sɛnea nsɛmma nhoma no ka basabasayɛ ne nna mu ɔbrasɛe ho nsɛm ma ɛkɔ akyiri no yɛ nwonwa. Ɛkyerɛ sɛnea yɛama kwan ama bɔne atii yɛn akodu.”
Hia a Ahwɛyiye Ho Hia
Ɛda adi pefee sɛ nkurɔfo ani gye nna ne basabasayɛ ho wɔ nnɛ wiase yi mu, na ɛda adi wɔ anigyede ho dwumadi mu. Tebea no te sɛ nea Kristoni somafo Paulo kaa ho asɛm no: “Esiane sɛ wɔn ani nwu ade bio nti, wɔde wɔn ho ama ahohwi, na wɔyɛ afide nyinaa anibere mu.” (Efesofo 4:19) Ntease pa bi nti, ɛnnɛ, nnipa pii rehwehwɛ biribi a ɛho tew. So woreyɛ saa? Sɛ saa a, ɛnde w’ani begye sɛ wubehu sɛ wubetumi anya anigyede a ɛho tew, sɛnea asɛm a edi hɔ no bɛma ada adi no.
[Kratafa 13 adaka/mfonini]
Television Betumi Ayɛ Ade a Epira
TELEVISION puei bere a edi kan koraa wɔ U.S. 1939 wɔ wiase nyinaa aguadifo nhyiam a wɔde yi wɔn aguade adi no ase wɔ New York. Sɛnkyerɛwfo bi a na ɔwɔ hɔ kaa sɛnea na n’adwenem yɛ no naa wɔ nea ade foforo yi de bɛba daakye no ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ade a ɛhaw adwene wɔ television ho ne sɛ, ɛsɛ sɛ nkurɔfo tra ase de wɔn ani si so; Amerikafo mmusua dodow no ara nni ho adagyew.”
Hwɛ mfomso ara a odii! Nokwarem no, wɔaka sɛ ebedu bere a Amerikafo dodow no ara befi sukuu mu no, na bere a ɔde tra TV anim no adɔɔso sen nea ɔde atra ɔkyerɛkyerɛfo anim ɔha mu nkyem 50. Ɔbenfo Madeline Levine ka wɔ ne nhoma Viewing Violence mu sɛ: “Mmofra a wɔhwɛ television pii no ani yɛ den, wonnwen adwempa, wɔn mu yɛ duru, wontumi mmɔ wɔn tirim nyɛ ade, wonni ayamhyehye, na wonnim nhoma te sɛ wɔn mfɛfo a wɔnhwɛ TV pii no.”
N’afotu ne dɛn? “Ehia sɛ wɔkyerɛ mmofra sɛ, television wɔ dwuma pɔtee a edi te sɛ afiri foforo biara a ɛwɔ fie hɔ no. Yennyaw afiri a wɔde siesie ti nhwi nsi so, bere a yɛasiesie yɛn ti nhwi awie no, anaa yennyaw afiri a wɔde tõtõ ade nsi so bere a yɛde atõ awie no. Yehu dwuma pɔtee a mfiri yi di na yehu bere a ɛsɛ sɛ yedum no. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ yɛn mma saa ara fa television ho.”
[Kratafa 15 adaka/mfonini]
Anigyede a Ɛwɔ Wiase Nyinaa
Nyan! bisaa n’akyerɛwfo a wɔwɔ wiase afã horow pii sɛ wɔnka sɛnea anigyede nya nkɛntɛnso wɔ baabi a wɔwɔ no ho asɛm. Wɔn nsɛm no bi na edidi so yi.
Brazil: “TV so dwumadi ahorow asɛe kɛse. Nanso, esiane sɛ awofo pii fi fie kɔyɛ adwuma nti, wɔtaa gyaw mmofra wɔ fie ma wɔde TV gyigye wɔn ani. CD-ROM a ekura ahonhomsɛmdi ho nsɛm, ne video so agodie horow a ɛhyɛ basabasayɛ ho nkuran agye din.”
Czech Republic: “Efi bere a Komunis nniso gui no, anigyede a wonhuu bi wɔ ha da pii aba ɔman no mu, na Atɔe fam TV so dwumadi horow ne nguamansɛm ho sotɔɔ ahorow nso ka ho. Mmerante ne mmabaa taa kɔ disko, adan a wodi agoru bi a wɔfrɛ no billiard mu, ne asanombea. Aguade ho dawurubɔ a wɔma ɛboro so ne atipɛnfo nhyɛso taa nya wɔn so nkɛntɛnso kɛse.”
Germany: “Awerɛhosɛm ne sɛ, awofo pii brɛ dodo sɛ wɔbɛyɛ anigyede ho nhyehyɛe ama wɔn mma, enti mpɛn pii no, sɛ mmerante ne mmabaa pɛ sɛ wogye wɔn ani a, wɔhwehwɛ anigyede fi wɔn ho wɔn ho. Ebinom tew wɔn ho kodi kɔmputa so agodie akyi. Afoforo kɔ apontow gyegyeegye a wɔfrɛ no raves, a nnubɔne nyɛ na na wɔsaw ma ade kye ase.”
Japan: “Mmerante ne mmabaa ne mpanyimfo ani gye aseresɛm nhoma ho, nanso wɔtaa de basabasayɛ, ɔbrasɛe, ne kasafĩ taa hyɛ no ma. Kyakyatow nso abu so. Ade foforo a ɛhaw adwene ne sɛ, mmabaa binom frɛ kuw bi a wɔnam telefon so frɛfrɛ mmarima a wɔn bra asɛe a wɔabɔ wɔn ho dawuru kɛse no. Ebinom frɛ de gyigye wɔn ani kɛkɛ, bere a afoforo nso yɛ saa de kodu sɛ wɔne wɔn befi adi ama wɔatua wɔn ka, a ebi tumi kowie tuutuusi mu.”
Nigeria: “Adan a woyi video wom a nhyehyɛe pa biara nni ho no mu retrɛw wɔ Afrika Atɔe fam. Mpanyin ne mmofra nyinaa tumi kɔ adangow no mu. Nguamansɛm ne ahodwiriwde video na wɔtaa yi kyerɛ. Afei nso, sini a wɔn ankasa twa a woyi wɔ TV so no taa yi ahonhomsɛmdi kyerɛ.”
South Africa: “Raves rekɔ so wɔ ha yiye, na mpɛn pii no, nnubɔne nyɛ na wɔ mmeae a ɛtete saa.”
Sweden: “Asanombea ne mmeae a wogye ani anadwo kɔ so yiye wɔ Sweden, na mpɛn pii no nsɛmmɔnedifo ne nnutɔnfo bɔ twi kɔ mmeae a ɛtete saa. Basabasayɛ, ahonhomsɛmdi ne ɔbrasɛe abu so wɔ television ne video so dwumadi a wɔde gyigye ani no mu.”