So Afrikafo Nkyene Kasa Ampa?
Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Nigeria hɔ
BERE a na Henry Stanley a okyin hwehwɛ nsase so wɔ n’akwantu no mu wɔ Asubɔnten Congo so wɔ 1876-77 mu no, wannya kwan pii ansusuw mfaso a ɛwɔ ɛhɔfo akyeneka so no ho. Wɔ ɔne ne mfɛfo akwantufo no fam no, nea na wobetumi aka wɔ nea nkyene no taa kyerɛ ho ara yɛ asɛmfua biako: ɔko. Nea nnyigyei a na ɛnyɛ dɛ a wɔtee no kyerɛ ma wɔn ara ne sɛ akofo a wɔn ho yɛ hu a wokurakura mpeaw rebɛtow ahyɛ wɔn so.
Akyiri yi a asomdwoe pii bae no ansa na Stanley rehu sɛnea akyene betumi akyerɛ pii asen frɛ a wɔde frɛ nkurɔfo ma wɔboaboa wɔn ho ma akodi. Bere a Stanley reka abusuakuw bi a wɔte Congo ano ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Wonnya mfaa anyinam ahoɔden nnwinnade nnii dwuma de, nanso sɛnea ɛte no, wɔwɔ nhyehyɛe a etu mpɔn yiye a wɔnam so di nkitaho. Sɛ wɔka wɔn akyene akɛse no wɔ afã bi a, akyerɛma no te ase fann te sɛ nsɛm a wɔde ano ka.” Stanley hui sɛ akyerɛma no tumi ma wɔte nsɛm ase pii sen nea torobɛnto anaa abɛn betumi ayɛ; nkyene betumi ama wɔate nsɛm pɔtee bi ase.
Wotumi ka nsɛm a ɛte saa wɔ akuraa biako ase ma wɔte no foforo ase. Wotumi tee nkyene bi nnyigyei wɔ akyirikyiri bɛyɛ akwansin anum kosi ason, titiriw bere a wɔkaa no anadwo wɔ obonto bi a esi nsu so anaa bepɔw bi atifi no. Akyerɛma a wɔwɔ akyirikyiri no tiei, tee ase, na wɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ afoforo. Engiresini kwantufo A. B. Lloyd kyerɛwee wɔ 1899 mu sɛ: “Wɔka kyerɛɛ me sɛ wobetumi aka asɛm bi wɔ akuraa bi ase ama no akɔ foforo a ntam kwan bɛboro akwansin 100 ase wɔ nea ennu nnɔnhwerew abien mu, na migye dii yiye sɛ wobetumi ayɛ saa wɔ bere tiaa mu koraa.”
Wɔda so ara de nkyene di dwuma titiriw wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu wɔ afeha a ɛto so 20 a adu akyiri yi mu. Musical Instruments of Africa nhoma no a wotintimii wɔ 1965 mu no kae sɛ: “Wɔde nkyene a ɛkasa di dwuma sɛ telefon ne telegraf. Wɔde nkra ahorow nyinaa fa so—de bɔ awo, owu, ne aware; agumadi, asaw, ne amanne ho guasodeyɛ; aban nsɛm, ne akodi, ho amanneɛ. Ɛtɔ da bi a wɔde nkyene di nseku anaa wɔde yi nsɛnkwaa.”
Nanso, ɔkwan bɛn so na wɔde nkyene dii nkitaho? Wɔ Europa ne mmeae foforo no, wɔde nsɛm faa telegraf nhama a anyinam ahoɔden wom so. Nkyerɛwde biara wɔ ne sɛnkyerɛnne, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akyerɛw krataa bi mu nsɛmfua ne kasamu bere koro mu. Nanso, na nnipa a wɔwɔ Afrika Mfinimfini fam no nni kasa a wɔkyerɛw, enti nkyene no ankyerɛw nsɛmfua. Afrika akyerɛma de nhyehyɛe foforo dii dwuma.
Kyene Kasa
Ade a ɛma wotumi te nsɛm a akyene ka ase ne Afrikafo kasa horow no ankasa. Afrika Mfinimfini ne Atɔe fam kasa pii wɔ nnyigyei titiriw abien—asɛmfua biara a wɔka no fã biara kura nnyigyei atitiriw abien no mu biako, nea ɛkɔ soro anaa nea ɛba fam. Nnyigyei mu nsakrae na ɛsesa asɛmfua no. Fa asɛmfua lisaka, a efi Kele kasa a wɔka wɔ Zaire no mu sɛ nhwɛso. Sɛ wɔbɔ asɛmfua no ma afa abiɛsa no nyinaa nnyigyei kɔ fam a, asɛmfua no kyerɛ “ɛtɔ anaa mpɔtɔmpɔtɔ”; sɛ wɔbɔ asɛmfua no ma afã abien kɔ fam na biako kɔ soro a, ɛkyerɛ “bɔhyɛ”; sɛ wɔbɔ ɔfã a edi kan no ma ɛkɔ fam na abien a aka no kɔ soro a, ɛkyerɛ “awuduru.”
Afrikafo atɛntɛ a wɔde ka nsɛm no nso wɔ nnyigyei abien, biako kɔ soro na biako ba fam. Saa ara na sɛ wɔde nkyene a wɔde nhoma ayere ka nsɛm a, wɔde bɔ ho abien, a biako nnyigyei kɔ soro na biako a aka no ba fam. Enti, ɔkyerɛma a ne ho akokwaw nam kasa a wɔka no nsɛmfua nnyigyei a osua so na ɛkyerɛ ase. Talking Drums of Africa nhoma no ka sɛ: “Sɛ yɛbɛka a, nea wɔfrɛ no kyene kasa no te sɛ kasa a abusuakuw no ka no ara.”
Nokwarem no, nsɛmfua pii a ne nnyigyei sɛ wɔ kasa a ɛkɔ soro ba fam mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ Kele kasa mu no, edin nsɛm bɛyɛ 130 na ne nnyigyei yɛ pɛ a ɛkɔ (soro-soro) te sɛ sango (agya). Bɛboro 200 na ne nnyigyei yɛ pɛ a ɛba (fam kɔ soro) te sɛ nyango (ɛna). Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔakwati ntoto no, akyerɛma de nsɛm ka nsɛmfua a ɛte saa ho de hyehyɛ nsɛntiaa a wonim no yiye a ɛda nsow kɛse mu, na ama otiefo no ate nea wɔreka no ase.
Atɛntɛ a Wɔde Kasa
Atumpan biako ne ɔtɛntɛ. (Hwɛ mfonini a ɛwɔ kratafa 23 no.) Dua a wɔatu mu tokuru na wɔde yɛ nkyene a ɛte saa no. Wɔmfa nhoma nyere afã abien no mu biara. Ɛwom sɛ wɔatu ntokuru abien wɔ akyene a ɛwɔ mfonini yi mu mu de, nanso pii wɔ hɔ a wotu mu tokuru tenteenten biako pɛ. Sɛ wɔbom wɔ ɔfã biako a, nnyigyei no kɔ soro; wɔbɔ ɔfã a aka no a ne nnyigyei no ba fam. Atɛntɛ tenten taa yɛ mita 1, nanso wotumi yɛ no tiatiaa bɛyɛ mita 0.5 anaa tenten paa bɛyɛ mita 2. Ne ntwaremu kɛse betumi ayɛ sɛntimita 20 kosi mita 1.
Wɔde atɛntɛ yɛɛ nneɛma pii sen ka a wɔde kaa nsɛm fii akuraa biako ase kɔɔ foforo ase. Cameroonni nhoma kyerɛwfo Francis Bebey kaa dwuma a na wɔde nkyene yi di wɔ atentam agumadi mu ho asɛm. Sɛ akuw abien siesie wɔn ho sɛ wobesi akan wɔ akuraa bi abɔnten so a, na wɔka atɛntɛ no ma akofo no sa, bere a na nkyene no nso kamfo wɔn. Na ɔfã biako kyene tumi ka sɛ: “Ɔkofo, so woahyia nea wo ne no rebɛko no da? Hena na obetumi ne wo asi akan, kyerɛ yɛn onipa kõ? Saa abɔde a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ yi . . . susuw sɛ wɔnam [ɔkra] mmɔborɔwa yi a wɔfrɛ no ɔkofo no so betumi adi wo so nkonim . . . , nanso obiara ntumi mmoro wo da.” Nnwontofo a wɔwɔ ɔfã a wɔne wɔn resi akan no te saa mpoatwa a ɛnhyɛ anibere yi ase na wɔyɛ ntɛm fa akyeneka so bua wɔ abebu kwan so sɛ: “Ɔsoroboa ba . . . ɔsoroboa ba . . . ɔpɛ sɛ ɔforo dua nanso obiara susuw sɛ ɔbɛhwe ase. Nanso ɔsoroboa ba no ani yɛ den, ɔremfi dua no so nhwe ase, saa ɔsoroboa ba yi bɛforo akodu soro tɔnn.” Na wɔkɔ so ka nkyene no gye wɔn ani wɔ atentam agumadi no nyinaa mu.
Nkyene a Ɛkasa Yiye Sen Ne Nyinaa
Nnonno yɛ pii sen saa. Wɔfrɛ kyene a wuhu wɔ mfonini a ɛwɔ nifa so no dundun (donno); ɛyɛ Yorubafo a wofi Nigeria atumpan a agye din. Saa kyene yi a wɔasen no sɛ tapori no wɔ anim abien a wɔde apɔnkye nhoma a wɔahyɛ no aduru ayere. Wɔde aboa nhoma nhama ayere anim abien no abom. Sɛ womia nhama no mu a, anim no yere kɛse na ama atumi ama nnyigyei ahorow awotwe anaa nea ɛboro saa. Ɔkyerɛma bi a ne ho akokwaw nam kɔtɔkorɔ a ɔde bɔ, ne mia a omiamia nhama a ɛkyekyere ho no so sesa nnyigyei no ma ɛyɛ sɛ nnipa nne a etumi kɔ soro ba fam no. Enti akyerɛma tumi ne akyerɛma foforo a wotumi kyerɛ kyene nnyigyei ase na wonim bɔ de di “nkitaho.”
Wɔ May 1976 mu no, Yoruba ahemfie nnwontofo nam akyeneka so daa sɛnea akyerɛma tumi de nkyene di nkitaho adi ma ɛyɛɛ nwonwa. Atiefo no mu bi kaa nsɛm guu akyenekafo panyin no asom, na ɔno nso nam akyeneka so de akwankyerɛ maa odwontofo foforo a ɔmmɛn ahemfie hɔ koraa. Bere a odwontofo no reyɛ akwankyerɛ a wɔnam akyeneka so de ama no no ho ade no, ofii beae koro kɔɔ foforo, na ɔyɛɛ nea wɔaka akyerɛ no sɛ ɔnyɛ no.
Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wubesua nsɛm a wɔde akyene ka na woaka ama obi ate ase. Nhoma kyerɛwfo I. Laoye kae sɛ: “Yoruba akyeneka yɛ adwinni a emu dɔ na ne yɛ yɛ den a ɛhwehwɛ sɛ wɔde mfe pii sua. Ɛnyɛ ne ka mu ahokokwaw pii ne nnyigyei asete nko na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛma no nya, na mmom ɛsɛ sɛ otumi kae kurow no mu anwensɛm ne abakɔsɛm nso yiye.”
Wɔ nnansa yi mfe dudu a abɛsen mu no, Afrikafo nkyene nkasa pii sɛnea na anka ɛte no, ɛwom sɛ ɛda so ara di dwuma titiriw wɔ nnwonto mu de. Musical Instruments of Africa nhoma no ka sɛ: “Nkyene a wɔde ka nsɛm sua yɛ den yiye; enti, saa adwinni yi reyera ntɛmntɛm wɔ Afrika.” Nsɛm ho amanneɛbɔ ho ɔbenfo Robert Nicholls de ka ho sɛ: “Tete nkyene akɛse a na ne nnyigyei twa akwansin pii a na dwuma titiriw a edi ne sɛ ɛde nsɛm bɛkɔ mmeae foforo no ase retɔre.” Nnɛ bere yi mu no, nnipa dodow no ara ani gye ho kɛse sɛ wɔde telefon bedi dwuma.
[Kratafa 19 mfonini]
Ɔtɛntɛ
[Kratafa 19 mfonini]
Yorubafo atumpan