Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 9/8 kr. 24-29
  • Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Russia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Russia
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ◆◊◆
  • ◆◊◆
  • ◆◊◆
  • ◆◊◆
  • ◆◊◆
  • Russia Asɛnni Bagua San Yehowa Adansefo ho
    Nyan!—1998
  • Wɔn Gyidi Nti Wɔde Wɔn Agu Afiase—Russia
    Wɔn Gyidi Nti Wɔde Wɔn Agu Afiase
  • Asɛm A Edii Mfe Pii Wɔ Asɛnnibea Kowiee Nkonimdi Mu!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Russia Nsɛnkyerɛwfo Kamfo Yehowa Adansefo
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 9/8 kr. 24-29

Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Russia

Sɛnea Nyamekyerɛfo Bi Hu Wɔn

AFEHA a edi kan Yudafo akannifo a na wɔwɔ Roma no kaa Kristosom ho asɛm sɛ: “Fekuwsɛm yi de, yenim sɛ wɔkasa tia mmaa nyinaa.” Dɛn na saa akannifo no yɛe? Nea ɛfata nkamfo no, wɔkɔɔ ɔsomafo Paulo a na saa bere no ɔsraani hwɛ ne so wɔ fie no hɔ, na wɔkae sɛ: “Yɛpɛ sɛ yetie nea wo ara wudwen.” (Asomafo no Nnwuma 28:22) Wotiee Kristoni a na onim nea ɔreka sen sɛ wobetie wɔn a wɔkasa tia Kristosom no.

Russiani nyamekyerɛfo bi a wobu no, Sergei Ivanenko, yɛɛ saa ara. Ɛwom sɛ na ogye nsɛm a ɛnteɛ a wɔka fa Yehowa Adansefo ho wɔ Russia no pii di de, nanso ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛfrɛ Adansefo no baa dwumadibea a ɛwɔ St. Petersburg akyi pɛɛ no wɔ telefɔn so ahwehwɛ nneɛma mu. Ɔpenee nsa a wɔto frɛɛ no sɛ ɔmmɛhwehwɛ hɔ, mmisa nsɛm, na n’ankasa nhwɛ sɛnea Adansefo no te no so.

Bere a Owura Ivanenko duu hɔ wɔ October 1996 mu no, na aka kakra ma wɔawie adan a Yehowa Adansefo baa dwumadibea adwumayɛfo a wɔreyɛ adu 200 tete mu wɔ Russia no si. Nnansa a edi hɔ no, wɔmaa no hokwan sɛ ɔmfa nhwehwɛ beae a wɔresisi adan no, nnidi wɔ adididan no mu, na ommisa obiara a ɔpɛ, nsɛm.

Wotintim asɛm a Owura Ivanenko kyerɛw faa Adansefo no ho no wɔ Russia dapɛn dapɛn atesɛm krataa Moscow News a ɛbae wɔ February 16-23, 1997 no mu. Asɛm a na ekura asɛmti “So Ɛsɛ sɛ Yesuro Yehowa Adansefo?,” no puee Engiresi Moscow News a ɛbae wɔ February 20-26 no nso mu. Esiane sɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ Russia dwumadi ho asɛm hia Nyan! akenkanfo kɛse nti, yɛde hokwan a wɔde ama yɛn no reka asɛm yi mu nsɛm dodow no ara. Owura Ivanenko de suahu a edi so a wɔde nkyerɛwde akɛse tintimii no na efii ase:

“‘Mate-me-ho kuw, mumfi Russia!’ ne asɛm a wɔakyerɛw agu krataa a na Zhirinovsky LDPR amanyɛkuw a na wɔresɔre atia Yehowa Adansefo nhyiam bi rehinhim no so. Mibisaa asɔretiafo no mu biako sɛ ‘Dɛn na wompɛ wɔ ahyehyɛde yi ho?’ Ɔde Megapolis-Express atesɛm krataa a ekura asɛmti ‘Nyamesom mu Kekae Aba Kamchatka’ no biako maa me. Atesɛm krataa no kae sɛ sɛnea ɛbɛyɛ na ahyehyɛde no anya sika agu ne foto mu no, na Yehowa Adansefo rehyɛ tuutuusi ho nkuran na wɔatew tuutuusi akuw de retrɛw nna mu nyarewa mu wɔ po so ahyɛn mu adwumayɛfo mu. Mede tema bisae sɛ, ‘So wo nso woka wɔn a wɔde ayɛ wɔn no ho? So wugye asɛm yi di?’ Mmuae no bae sɛ ‘Ɛno mfa ho. Asɛm no ara ne sɛ saa Amerika mate-me-ho kuw yi resɛe Russia honhom fam tebea ne amammerɛ, na ɛsɛ sɛ yesiw ano.’”

Ná wɔakyerɛw Owura Ivanenko asɛm no atifi sɛ: “Nyamekyerɛfo Sergei Ivanenko, nyansapɛfo a wɔapaw no, na ɔkyerɛwee.”

“Ɛwom sɛ Russiafo pii mpɛ Yehowa Adansefo asɛm de, nanso nokwaredi a ɛte sɛɛ ho yɛ na ankasa. Ahyehyɛde yi din a obi bɛbɔ kɛkɛ no ma wɔkeka ne keteeyɛ, Amerika a efi, te a emufo nte wɔn akannifo ho kasa, ne gyidi a wɔwɔ sɛ wiase awiei abɛn, ho asɛm. Nnipa suro Yehowa Adansefo na bere koro no ara wɔpɛ sɛ wohu nnipa ko a wɔyɛ.

“Ɔsom Bɛn Ni, na So Ɛsɛ sɛ Yesuro?

“Sɛnea ɛbɛyɛ a m’ankasa mehu eyi no, mekɔsraa Solnechnoye akuraa a ɛwɔ Kururtnoye mantam mu wɔ St. Petersburg, faako a Russia Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti wɔ no.

◆◊◆

“[Eyi wɔ] faako a na kan wɔbɔ nsraban ahohuru bere mu no. Ebeduu 1992 no, na ɔdan [a kan esi hɔ] no asɛe koraa, ma akobɔfo ne nkura abesi mmofra ananmu wɔ hɔ. Ɛda adi sɛ ɛyɛ hɔnom tebea a na asɛe no na ɛmaa Yehowa Adansefo nyaa asase hɛkta ason a wɔbɛyɛ so adwuma akosi bere biara a wɔpɛ no. Wosiesiee ɔdan dedaw no, na wofii ase nso sisii afoforo, a adwumayɛbea abansoro a ɛtoa so anan, [Ahenni Asa] a ɛfa nnipa 500, ne adidibea ka ho. Yehowa Adansefo redua sare foforo (a wɔhyɛɛ da kra fii Finland) ne nnua horow a ɛda nsow pii nso. Wɔhwɛ kwan sɛ wobewie adwuma no ahohuru bere a ɛreba yi. Adwumayɛbea ti no dwumadi titiriw ne sɛ ɛbɛyɛ asɛnka adwuma no ho nhyehyɛe na ɛde nhoma ama Yehowa Adansefo asafo horow a ɛwɔ ɔman no mu no. Wonni wɔn ankasa mfiri a wɔde tintim nhoma wɔ Solnechnoye, enti wotintim Russia kasa mu nhoma no wɔ Germany, na afei wɔde aba St. Petersburg, na wɔde afi hɔ akɔkyekyɛ wɔ amantam no mu. Nnipa bɛyɛ 190 na wɔyɛ adwuma wɔ adwumayɛbea hɔ. Wɔn ho na wɔatu ama yɛ adwuma no, na ɛwom sɛ wonnye akatua de, nanso wɔma wɔn asetram ahiade nyinaa, te sɛ baabi a wɔbɛtra, aduan, ne ntade.

“Boayikuw a mpanyimfo 18 na ɛwom na ɛhwɛ adwumayɛbea hɔ adwuma no so. Vasily Kalin na wayɛ adwumayɛbea ti hɔ guamtrani fi 1992. Wɔwoo no wɔ Ivano-Frankovsk. Wɔ 1951 mu, bere a na wadi mfe anan no, wotwaa ɔne n’awofo asu kɔɔ Siberia (wɔ 1949 ne 1951 mu no, atumfo no de ɔtaa baa mmusua bɛyɛ 5,000 so esiane sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo nti). Wɔbɔɔ no asu wɔ 1965 mu na ɔtraa Irkutsk mantam mu. Ɔyɛɛ adwuma sɛ adwumayɛfo so panyin wɔ baabi a na wotwitwa ntaboo.

“Wɔ adwumayɛbea ti hɔ adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama no akyi no, adansi ho adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama 200 a wofi Russia, Finland, Sweden ne Norway a wɔte Solnechnoye nso wɔ hɔ: Wɔn mu dodow no ara gyee akwamma wɔ baabi a wɔyɛ adwuma daa no na wɔbae. Afei Yehowa Adansefo a wofi Ukraine, Moldova, Germany, United States, Finland, Poland ne aman foforo so pii wɔ hɔ. (Abusua mu nyiyim nni Yehowa Adansefo mu. Ɛmfa ho sɛ Georgiafo, Abkhazfo, Azerbaijanfo, Armeniafo te faako wɔ adwumayɛbea hɔ no, mfe anan ni, ntawntawdi biara nsii hɔ.)

“Scandinaviafo aman na wɔde adansi ho nneɛma ne nnwinnade no pii bae, na mfɛfo agyidifo nso de pii bɛkyɛe. Wɔkyerɛɛ me katapila bi a Yehowa Dansefo bi a ofi Sweden de baa Solnechnoye wɔ 1993 mu. Ɔde yɛɛ adwuma bere tenten a na ɔwɔ hɔ no nyinaa, na ansa na ɔrekɔ ne kurom no, ɔde maa ne nuanom agyidifo no. Adansi adwumayɛfo no tete afie ne adan nketewa a ɛyɛ fɛ mu. Daa nea wɔyɛ ni: Anɔpa nnɔn 7—anɔpaduan ne mpaebɔ; wɔyɛ adwuma fi anɔpa nnɔn 8 kosi anwummere nnɔn 5 de dɔnhwerew biako didi gye wɔn ahome awia. Edu Memeneda a, wɔyɛ adwuma kosi awia adidibere, na Kwasida yɛ ahomegye da.

“Wodi aduan pa, na bere biara aduaba ka wɔn aduan ho. Ɔsom no nni mmuada biara anaa wonni adidi ho mmara ketee biara. Sɛ wɔpɔn adwuma a, wɔn mu pii kɔ huruhurow aguaree na afei wogye beer bi tra hɔ tie nnwom. Asadweam nni Yehowa Adansefo mu, nanso wɔmmara mmosa. Wɔma agyidifo no kwan ma wɔnom bobesa, cognac, vodka ne nea ɛkeka ho kakra. Nanso, Yehowa Adansefo nnom sigaret.

◆◊◆

“Wɔyɛ kuw Bible adesua mprɛnsa dapɛn biara, a wɔn a wɔkɔ no mu dodow no ara yɛ mmerante ne mmabaa. Nanso, wɔn a wɔayɛ Yehowa Adansefo bɛyɛ mfe 30-40 nyɛ na wɔ wɔn mu. Ɛkame ayɛ sɛ mpanyimfo a wɔwom no nyinaa adi nna wɔ afiase, adwumayɛban ahorow ne nnommumfa mu. Bere a nhyɛso bere no baa awiei no, nnuruyɛfo, mmaranimfo, mfiridwuma ho animdefo, akyerɛkyerɛfo, aguadifo, ne sukuufo pii bɛyɛɛ Yehowa Adansefo.

“Asafo horow no bɔ mmɔden sɛ wɔremmu obi nkyɛn ɔfoforo. Sɛ nhwɛso no, sɛ edu adwumayɛbea ti hɔ guamtrani mpo so a, ɔhohoro nkyɛnsee mu. Yehowa Adansefo mfa abodin mfrɛ wɔn ho, na sɛ wɔrefrɛ obi a, wɔde ‘onua’ anaa ‘onuawa’ nso ka ne din ho.

“Sɛ Yehowa Ɔdansefo bi to Bible nkyerɛkyerɛ bi na wansakra n’adwene a, wɔde asotwe a anibere wom sen biara ma no—wotu no. Onii ko no betumi akɔ so akɔ nhyiam horow, nanso ne mfɛfo agyidifo no renkyia no bio. Asotwe a ɛba fam sen saa ne, animka.

◆◊◆

“Mede bere tenten hwɛɛ Yehowa Adansefo sɛnea ɛbɛyɛ a mehu ade ko a ɛmaa nnipa a wogu ahorow pii baa ɔsom ahyehyɛde yi mu. Nsonsonoe a ɛwɔ wɔn nipasu, wɔn nhomasua ne nea ankorankoro biara pɛ ne nea ɔmpɛ mu nyinaa akyi no, [Yehowa Adansefo mfa wɔn ho mfra] ɔsom ahorow a wɔne wiase bɔne no aka afutu no mu. Wɔn ho ntɔ wɔn wɔ mmeae a wɔhyɛ [nkurɔfo] ma wɔyɛ biribiara a atumfoɔ bɛka sɛ wɔnyɛ, baabi a wogye nneɛma hunu di, baabi a wɔakyɛ nkurɔfo mu afã abien, atitiriw ne mpapahwekwa.

“Yehowa Adansefo da nsow wɔ Bible a wɔde bɔ wɔn bra a wɔbata ho denneennen no ho. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma biribiara a wɔyɛ agyina Bible mu nnyinasosɛm pɔtee bi so, anaasɛ wɔbɛfa Apam Dedaw anaa Apam Foforo mu asɛm bi ayɛ ho nhwɛso. Yehowa Adansefo gye di sɛ Bible no nkutoo na ɛwɔ nsɛmmisa nyinaa ho mmuae. Wɔ Yehowa Adansefo fam no, Bible no yɛ amanyɔ mmara, ɔmamma mmara ne nokware fibea a ɛkorɔn sen biara.

“Eyi nti, wonim Yehowa Adansefo wɔ wiase nyinaa sɛ nnipa a wodi mmara so a wɔn ho nni asɛm ne ne titiriw no, nnipa a wɔda su pa adi wɔ towtua ho. Dwumadibea a ɛhwehwɛ towtua mu no hwehwɛ wɔn dwumadi mu daa, na bere biara wɔn ho dwiriw wɔn sɛ wonhu wɔn sɛ wɔto ɛho mmara biara. Nokwarem no, te sɛ afoforo pii no, Yehowa Adansefo betumi anya biribi agyina so aka sɛ wɔrentua tow, nanso Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ obiara di nokware wɔ towtua ho, na eyi na Yehowa Adansefo gye tom.

“Nanso, Bible no ho a Yehowa Adansefo bata denneennen no na ɛtaa de ntawntawdi a anibere wom ba wɔne aban ntam no. Amammuisɛm a wɔmfa wɔn ho nhyem koraa no yɛ asɛnkɛse biako, na asraadi a wɔmfa wɔn ho nhyem no ma ɛda adi.

“Yehowa Adansefo fa Yesu nsɛm a ɛfa sɛnea n’asuafo ne n’ahenni no nyɛ wiase no fã ho no sɛnea ɛte no ara, na eyi nti wɔmfa wɔn ho nhyɛ amammuisɛm ne ɔko mu, ɛmfa ho baabi anaa nea enti a wɔreko. Esiane sɛ Yehowa Adansefo anteɛm ‘Heil Hitler’ na wɔansom wɔ Hitler asraafo mu nti, wɔde agyidifo mpempem pii koguu Nasi nneduaban ahorow mu, na nnipa mpempem pii wuwui. Russiafo bu Germanni Yehowa Dansefo biara a wamfa ne ho anhyɛ ntua a wɔde baa Soviet Union so mu ma enti ɔde ne nkwa twaa so no sɛ obi a ɔyɛɛ ade pa. Nanso bere koro no ara, Russiafo pii yam nhyehye wɔn mma [Russiafo] Yehowa Adansefo a wokunkum wɔn esiane sɛ wɔpo sɛ wɔbɛfa akode na wɔde wɔn ho ahyɛ Wiase Ko II mu nti, anaasɛ wobuu wɔn fɔ esiane sɛ wɔpoo sɛ wɔbɛkɔ asraadi wɔ asomdwoe mmere mu nti no. Nanso wɔ afanu no nyinaa mu no, na Yehowa Adansefo reyɛ ade sɛnea wɔn som mu gyidi kyerɛ wɔn, na ɛnyɛ amammuisɛm nti.

“Ɛnkyɛe koraa na ɔhaw a ɛte saa ara sɔree wɔ Japan, faako a sukuufo bi a na wɔyɛ Yehowa Adansefo po sɛ wobesua ntɔkwaw a wosua no sɛ agumadi, ɛmfa ho sɛ na wobetumi apam wɔn afi sukuupɔn mu no. Wɔ 1996 mu no, Japan Asɛnnibea Kunini no yɛɛ mmara de gyinaa sukuufo yi hokwan akyi na ɛmaa wɔn kwan sɛ wɔmpaw adesua foforo.

◆◊◆

“Dɛn na ɛwɔ Yehowa Adansefo ho a ɛyɛ wɔn a wosusuw nneɛma ho nnɛ no nwonwa? Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛyɛ nsi a wɔde ka sɛ wiase awiei abɛn no (wɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ mmɔnten so ne afie afie mu). Nnansa yi, mpanyimfo no akasa akyerɛ asɛnkafo no sɛ wonnsi ‘wiase awiei’ ne tebea a ɛyɛ awerɛhow a ɛbɛba abɔnefo so no so dua kɛse, na mmom wɔnkyerɛkyerɛ wɔn atiefo sɛ ‘daa nkwa a wobenya wɔ asase so paradise’ no hokwan na Yehowa de rema wɔn.

“Ade foforo a nkurɔfo mpɛ ne adwempa a Yehowa Adansefo nni wɔ gyidi afrafra ho ne gye a wonnye asɔre nkabom ntom no. Wogye di sɛ Kristoman apa Onyankopɔn ne Bible no akyi, na ɔsom ahorow a aka no nyinaa afom kwan koraa. Yehowa Adansefo de ɔsom ahorow yi toto ‘Babilon aguaman’ no ho, na wɔka sɛ nea ɛtoo aguaman no no ara bi na ɛbɛto wɔn. ‘Nyan!’ bi a ɛbaa nnansa yi ara ka sɛ ɔsom ahorow pii awiei abɛn, na ɔsom a ɛno nkutoo bɛka ne nea Yehowa Adansefo ka ho asɛm no.

“Nanso sɛnea ɛte no, Yehowa Adansefo gye ahonim hokwan a obiara wɔ sɛ ɔbɛyɛ nea n’ahonim kyerɛ no no tom.

◆◊◆

“Sɛ́ ebia Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ yɛ asiane ma ɔmamfo anaasɛ ɛnte saa no abɛyɛ asɛnhia ama aman pii. Asɛnnibea Kunini a ɛwɔ Connecticut mantam mu, United States (1979) ne New South Wales, Australia (1972), British Columbia Mantam Asɛnnibea, Canada (1986) ne asɛnnibea afoforo aka sɛ adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo yɛ asiane ma ɔmamfo anaasɛ wɔde nkurɔfo akwahosan anaa wɔn nkate reto asiane mu. Europa Asɛnnibea a Edi Hokwan a Nnipa Wɔ Ho Nsɛm Ho Dwuma (1993) no gyinaa Yehowa Adansefo akyi wɔ ɔsom mu ahofadi a na wɔmma wɔn ho kwan wɔ Greece ne Austria no ho. Ɛnnɛ Yehowa Adansefo hyia ɔtaa wɔ aman 25 so . . .

“Yebetumi abu Yehowa Adansefo sɛ wɔyɛ nhwɛso ma wɔn mfɛfo a wɔyɛ ɔmamma wɔ ahofama a wɔda no adi wɔ Bible mu nokware ho ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobegyina wɔn gyidi akyi a wɔmmrɛ no mu. Nanso asɛmmisa no ba sɛ: So yɛn man yi asiesie ne ho sɛ ɛbɛhyehyɛ amanyɔ mmara a ɛbɛma ahyehyɛde ahorow a wɔma sɛnea wɔde Bible di dwuma no da adi wɔ asetram dwumadi nyinaa mu denneennen na wonnyae biribiara mu nsiesie saa no ayɛ nea wɔn ahonim kyerɛ wɔn?”

Wɔ kasamu a etwa to yi mu no, Owura Ivanenko bisaa asɛm titiriw bi. Wɔ afeha a edi kan no mu no, ɔsomafo Paulo a Kristo ankasa paw no sɛ n’ananmusini no hyiaa ‘afiase nna’ a na ntease nnim. Ne saa nti Paulo kyerɛw kɔmaa ne mfɛfo gyidifo sɛ ɔrebɔ “asɛmpa no ho anoyi ne nsɛmmoafoa” ho mmɔden.—Filipifo 1:7; Asomafo no Nnwuma 9:3-16.

Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo to nsa frɛ obiara sɛ ɔmmɛhwehwɛ wɔn dwumadi mu nkɔ akyiri sɛnea Owura Ivanenko yɛe no. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ sɛ nkurɔfo yɛ saa a, wobehu sɛ nsɛm a ɛnteɛ a wɔka fa Adansefo ho no nyɛ nokware koraa sɛnea na nsɛm a ɛte saa a wɔka faa tete Kristofo ho no nso nyɛ nokware no. Wɔ ɔkwan soronko so no, Adansefo no di Yesu “ahyɛde foforo” a ɔde maa n’asuafo yi so: “Monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no.”—Yohane 13:34, 35.

[Kratafa 25 adaka]

MN Nkrataa Mu

(Wotintim nsɛm a edidi so a efi Moscow News nkrataa mu yi kaa Sergei Ivanenko asɛm no ho.)

“Yehowa Adansefo a wɔwɔ Russia no ka wiase nyinaa Kristofo ahyehyɛde a ɛyɛ adwuma wɔ aman 233 mu a nnipa ɔpepem 5.4 wom no ho. Yehowa Adansefo di honhom fam akwankyerɛ a Sodikuw a ɛwɔ Brooklyn, New York de ma no akyi. Ɛnnɛyi Yehowa Adansefo ahyehyɛde no nyaa ne mfiase fii Bible adesua kuw bi a Charles Taze Russell hyehyɛe wɔ 1870 mu wɔ Pittsburgh, Pennsylvania no mu. Ahyehyɛde no baa Russia wɔ 1887 mu. Wotwaa Russiafo Yehowa Adansefo a wodi kan no mu biako, Semyon Kozlitsky, asu fii Moscow kɔɔ Siberia wɔ 1891 mu. Ɛmfa ho ɔtaa ahorow no, ahyehyɛde no gyinae, na wɔ 1956 mu no, na Yehowa Adansefo 17,000 na wɔwɔ Soviet Union. March 1991 mu ansa na wogyee Yehowa Adansefo toom wɔ Russia bere a wɔhyɛɛ ‘Ɔsom mu Ahofadi’ mmara no. Akuw bɛboro 500 a emufo bɛyɛ 70,000 na wɔreyɛ adwuma wɔ Russia nnɛ. Ahyehyɛde no kyekyɛ ‘Ɔwɛn-Aban’ (wotintim ɔpepem 20, wɔ kasa horow 125 mu) ne ‘Nyan!’ (wotintim ɔpepem 18, wɔ kasa horow 81 mu).”

[Kratafa 25 mfonini]

Russia baa dwumadibea adan no fã bi

[Kratafa 26 mfonini]

Ahenni Asa a Russia baa dwumadibea abusua no hyiam yɛ Bible adesua

[Kratafa 27 mfonini ahorow]

Adansefo mmusua bom sua ade gye wɔn ahome

[Kratafa 28 mfonini ahorow]

Wɔka Bible mu nimdeɛ kyerɛ afoforo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena