Russia Nsɛnkyerɛwfo Kamfo Yehowa Adansefo
WOHYIRAA Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Russia no so wɔ June 21, 1997. Atrae ason, Ahenni Asa kɛse, adidibea, ne ɔdan kɛse a wɔde hɔ ayɛ nnwumayɛbea ne beae a wɔkora nneɛma so, na ɛwɔ ofie kɛse yi mu. Ɛwɔ Solnechnoye akuraa a efi St. Petersburg rekɔ hɔ bɛyɛ kilomita 40 no ase.
Nsɛnkyerɛwfo a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn baa dwumadi no ase maa ɔdan so hyira no ho asɛm hyetaa baabiara. Wɔn mu biako kyerɛwee wɔ Moscow Literaturnaya gazeta, nsɛmma nhoma a nnipa bɛboro mpem ɔha aduonum na wɔkenkan, no mu sɛ: “Asɛm a sɛ obi hu a odi kan ka ne, Saa na musi no!”
Sɛnkyerɛwfo no, Sergey Sergiyenko, kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɔsom no mufo ankasa na wɔyɛɛ biribiara a ɛwɔ ha: Finlandfo, Swedenfo, Denmarkfo, Norwayfo, ne Germanfo titiriw na wosii dan no. Akwan fɛfɛ a wɔde ntayaa ayɛ; sare a wɔatwa so; adan akɛse a wɔde ntayaa akuru so fɛfɛɛfɛ, na mpomma akɛse deda ho a n’apon yɛ nhwehwɛ—eyi yɛ Yehowa Adansefo nyamesom ahyehyɛde a ɛwɔ Russia man mu no adwumahwɛbea.”
Wɔtoo nsa frɛɛ nsɛnkyerɛwfo a wɔwɔ Moscow, a ɛwɔ baa dwumadibea no kesee fam apuei bɛyɛ kilomita 650, no ma wɔbaa ɔdan so hyira dwumadi no bi, na wɔyɛɛ kar ho nhyehyɛe maa wɔn. Wɔmaa obi de wɔn kyinkyinii baa dwumadibea hɔ, na ɛno akyi no, wɔde bere sii hɔ maa nsɛmmisa ne mmuae, na bere a eyi rekɔ so no, wɔkyekyɛɛ nnɔkɔnnɔkɔwade. Owura Sergiyenko gyinaa nea ohui no so kyerɛwee sɛ:
“Adansefo no yɛ, sɛnea yɛbɛka no no, nkurɔfo a wɔn ho dwo na wɔnyɛ nyaatwom . . . Sɛ yɛbɛka Russiafo asɛntitiriw bi wɔ ɔkwan foforo so a, ‘Adansefo no te [wɔn fie] te sɛ nea wɔte Yehowa kokom.’ . . . Bere a Adansefo no da ayamye adi kyerɛ nnipa nyinaa daa no, ɛda adi sɛ, wodwen wɔn nuanom ankasa ho titiriw.”
Asɛm bi a S. Dmitriyev kyerɛwee puee Moskovskaya Pravda, atesɛm krataa a nnipa bɛyɛ 400,000 na wɔkenkan, no mu. Wɔ n’asɛm a ɔtoo din “Wubetumi Akyekye W’ankasa Wiase” mu no, sɛnkyerɛwfo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ:
“Bere a wogyee Adansefo nyamesom ahyehyɛde no toom wɔ mmara mu wɔ Russia [wɔ 1991 mu] no, asɛmmisa bi sɔre faa wɔn ankasa adwumayɛbea ti a wobesi ho. Ná wɔrehwehwɛ baabi a ɛbɛn Moscow bere a mpofirim ara amanneɛbɔ bae sɛ wɔretɔn asasesin bi a ɛbɛn St. Pete[rsburg] a kan no na ɛyɛ baabi a mmofra di agoru no. Wɔtɔɔ asase no, na wofii ase sii dan. . . .
“Afe ne fã a atwam ni, wɔ January 1, 1996 no, Solnechnoye akuraa no agodibea no bɛyɛɛ nyamesom ahyehyɛde no baa dwumadibea titiriw. Wɔ June mfinimfini no, bere a nsɛnkyerɛwfo kuw bi a wɔwɔ Moscow dii bere kakra wɔ St. Pete[rsburg] no, wotumi bɔɔ mmɔden nyaa asɛmmisa, Nkurɔfo bɛn na Yehowa Adansefo yɛ?, no ho mmuae.”
Mmuae bɛn na Owura Dmitriyev nyae? “Wɔyɛ nnipa te sɛ yɛn ara.” Nanso, wɔyɛ soronko, sɛnea ɔdaa no adi wɔ n’asɛm no awiei no: “Wɔwɔ asomdwoe, wɔne obiara nni asɛm. So ɛyɛ adaeso? Yiw. Nanso ɛyɛ paara.”
Bere a sɛnkyerɛwfo foforo a ofi Moscow, Maksim Yerofeyev, rekyerɛw asɛm bi aba Sobesednik, atesɛm krataa bi a nnipa bɛboro 300,000 na wɔkenkan mu no, ɔkae sɛ: “Nnyinasosɛm a edi so yi so na abusuabɔ a ɛwɔ nnipakuw kakra yi mu nyinaa gyina: Wɔnhyɛ obiara sɛ ɔnyɛ adwuma, nanso obiara yɛ adwuma.”
Bere a ɔreka baabi a Baa Boayikuw guamtrani, Vasily, te ho asɛm no, Owura Yerofeyev kae sɛ: “Ná yɛn nsɛnkyerɛwfo a wonnye biribiara nni no nyinaa ankasa pɛ sɛ wɔkɔhwɛ adan a aka no bi mu. Ná nsonsonoe kɛse biara nni sɛnea wɔasiesie adan a wɔn a aka tete mu ne sɛnea wɔasiesie Vasily Kalin dan mu sɛnea ɛsɛ no mu.”
Sɛnkyerɛwfo foforo, Anastasiya Nemets, kyerɛw asɛm a n’asɛmti ne “Asomdwoe a Obi De Bɛtra Ase.” Ná saa asɛmti no fã ketewa bi a ɛwɔ Vechernyaya Moskva mu ne: “Eyi ne Nea Nkurɔfo Resua Wɔ Akuraa Soronko Bi a Ɛwɔ St. Pete[rsburg] Akyi no Ase.”
Bere a ɔreka beae a baa dwumadibea no si ne sɛnea ɛte ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Kwae ne sare atwa ho nyinaa ahyia. Ɛbɛn Finland Po no paa. Ɛha na adan fɛfɛ bi a ɛte sɛ Europa adan, akwan a wɔde ntayaa ayɛ a wɔasiesie so fɛfɛɛfɛ, ne nhwiren a ɛyɛ fɛ no wɔ.
“Aguadifo akuw kyekye nkurow nketewa ma ‘Russiafo a wodi yiye’ no. Nanso, nnipa bi a wodi hia koraa na wɔte akuraa yi ase . . . Wɔn ho tɔ wɔn, na nea ɛho hia sen biara no, wɔte hɔ sɛ nnamfo. Nnipa bɛyɛ 350 pɛ na wɔwɔ ha, na wofi asase no afã ahorow nyinaa; obi betumi ate sɛ wɔreka kasa ahorow—efi Spania ne Portugalfo kasa so kosi Finland ne Swedenfo kasa so.
“Sɛnea yɛbɛka no no, eyi yɛ abusua a biakoyɛ wom ho nhwɛso: Akuraa no ankasa wɔ baabi a wɔyɛ nneɛma ne baabi a wosiesie nneɛma, baabi a wotumi siesie biribiara a abusua kɛse a wɔka kasa ahorow no hia; wɔwɔ wɔn ankasa adugyebea mpo.”
Nokwarem no, ɔdan so hyira dwumadi no yɛɛ anigye bere maa nnipa 1,492 a wofi aman 42 mu baa Solnechnoye no. Ná wɔn mu pii yɛ nkwakoraa ne mmerewa a wɔde mfe pii somee bere a na wɔabara asɛnka adwuma no. So wubetumi de w’adwene abu sɛnea saa nkwakoraa ne mmerewa yi ho dwiriw wɔn kɛse ne anigye a wonyae bere a wɔkɔhwehwɛɛ adan a ɛyɛ fɛ a ɛwɔ beae a ɛte sɛ turo a ne kɛse yɛ hɛkta 6.9 no mu no? Sɛ wosusuw sɛ na wɔreso dae a, ntease wom.
[Kratafa 22 mfonini ahorow]
Nsɛnkyerɛwfo a wɔrehwehwɛ adan no mu
Nsɛmmisa ne mmuae bere