Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 1/8 kr. 15-17
  • Na Biako Pɛ na Ɛwɔ Hɔ Wɔ Mfe Ɔha a Atwam No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Na Biako Pɛ na Ɛwɔ Hɔ Wɔ Mfe Ɔha a Atwam No
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Baa Dwumadibea Ahorow a Edi Kan no Mu Trɛwee
  • Baa Dwumadibea Akɛse Afoforo a Etintim Nhoma
  • Dɛn na Wɔyɛ Wɔ Baa Dwumadibea?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
  • Adansi Adwuma a Ɛboa Ma Yɛka Asɛmpa No
    Sɛnea Yɛde Ntoboa a Wuyi No Di Dwuma
  • Ade Foforo Wɔ Amanaman Ntam Ɔdansi Adwuma Mu
    Nyan!—1992
  • “Dɛn na Wɔyɛ Wɔ Hɔ?”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Nyan!—2001
g01 1/8 kr. 15-17

Na Biako Pɛ na Ɛwɔ Hɔ Wɔ Mfe Ɔha a Atwam No

Wodii kan de Watch Tower Bible and Tract Society ahyehyɛde no sii hɔ mmara kwan so wɔ Pennsylvania, U.S.A., wɔ December 15, 1884, mu.a Ɛhɔ na na ahyehyɛde yi adwumayɛbea ti wɔ. Akyiri yi, wɔ April 23, 1900 mu no, wonyaa baa dwumadibea a edi kan wɔ London, England. Na ɛwɔ 131 Gipsy Lane, Forest Gate, a ɛwɔ East London, sɛnea wɔayɛ ho mfonini wɔ ha no.

BERE a wɔde saa baa dwumadibea a edi kan no sii hɔ mfe ɔha a atwam no, na Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no, 138 na wɔwɔ England nyinaa. Mfe abien akyi wɔ 1902 mu no, wobuee baa dwumadibea a ɛto so abien wɔ Germany; na ebeduu 1904 no, na wɔabuebue baa dwumadibea afoforo wɔ Australia ne Switzerland.

Ebeduu 1918, afe a Wiase Ko I baa awiei no, na Bible Asuafo 3,868 na wɔkɔ asɛnka wɔ wiase nyinaa. Wɔ afe a edi hɔ mu no, wobuee Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛto so anum—na eyi wɔ Canada. Afei, bere a Bible mu asɛm a wɔka no nyaa nkɔanim no, wobuebuee baa dwumadibea afoforo wɔ aman binom nso mu, wobuee asia wɔ 1921 nkutoo mu.

Wɔ 1931 mu, bere a Bible Asuafo no faa din a egyina Bible so a ɛne Yehowa Adansefo no, na baa dwumadibea 40 na ɛwɔ wiase nyinaa. (Yesaia 43:10-12) Mfe abiɛsa a edi hɔ no, dodow no koduu 49! Wɔ 1938 mu no, na Adansefo 59,047 na wɔreka asɛm no wɔ aman 52 so, nanso saa bere no wɔde ɔsɔretia a emu yɛ den baa Kristofo adwuma no so wɔ aman pii mu.

Bere a aman pii gyee kankabi ne katabaako amammu toom na Wiase Ko II fii ase wɔ September 1939 mu no, wofii ase totoo Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ aman bi mu no mu. Ebeduu 1942 no, na baa dwumadibea 25 pɛ na aka a wɔyɛ mu adwuma. Nanso, anwonwasɛm ne sɛ, wɔ saa bere a na ɔko a ɛyɛ hu sen biara wɔ nnipa abakɔsɛm mu rekɔ so mu no, Yehowa Adansefo yɛɛ nnam wɔ wiase nyinaa na wonyaa nkɔanim a ɛsen biara a wɔanya nnansa yi no mu biako.

Wɔ bere a na Wiase Ko II reba awiei wɔ 1945 mu—a na aman pii agyapade asɛesɛe—no wɔsan fii ase yɛɛ adwuma wɔ Adansefo no baa dwumadibea pii mu na wobuebuee afoforo pii. Ɛde besi 1946 no, na wɔwɔ baa dwumadibea 57 wɔ wiase nyinaa. Adansefo dodow ahe na na wɔwɔ hɔ? Ná wɔn dodow si 176,456! Na ɛno bɛyɛ 1938 de no abiɛsa!

Sɛnea Baa Dwumadibea Ahorow a Edi Kan no Mu Trɛwee

Wɔ 1911 mu no, woyii Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a edi kan a ɛwɔ London, England no, kɔɔ 34 Craven Terrace, faako a na adwumayɛdan ne adan pii wɔ no. Afei, wɔ April 26, 1959 mu no, wohyiraa baa dwumadibea foforo so wɔ Mill Hill, London. Akyiri yi, wosisii adan afoforo kaa ho, na awiei koraa (wɔ 1993 mu) no, wosii ɔdan a ne kɛse yɛ mita 18,500 a wotintim mu nhoma na wɔyɛ adwuma nso wom wɔ dedaw no nkyɛn. Wotintim Ɔwɛn-Aban ne Nyan! bɛboro ɔpepem 90 wɔ kasa 23 mu wɔ ha afe biara.

Sɛnea Asafo ti no baa dwumadibea a ɛto so abien no nyaa nkɔso no yɛɛ ahodwiriw. Wɔ 1923 mu no, woyii baa dwumadibea a ɛwɔ Germany no kɔɔ Magdeburg. Ɔwɛn-Aban a ɛbae July 15, 1923 no ne nea edi kan a Asafo ti no de n’ankasa mfiri tintimii wɔ hɔ. Wɔ mfe kakraa bi akyi no, wɔtotɔɔ adan a ɛbemmɛn hɔ no, sisii afoforo kaa ho, na wɔtɔɔ nhomatintim mfiri foforo. Wɔ 1933 mu no, Nasifo no de wɔn nsa too baa dwumadibea no so, wɔbaraa Adansefo no, na akyiri yi, wɔde wɔn mu mpem abien koguu nneduaban mu.

Bere a Wiase Ko II baa awiei wɔ 1945 mu no, wɔde ɔdan a ɛwɔ Magdeburg a na saa bere no ɛwɔ East Germany, no san maa wɔn, na wɔyɛɛ adwuma wɔ baa dwumadibea hɔ bio. Nanso, wɔ August 30, 1950 mu no, Komunis polisifo kɔto hyɛɛ baa dwumadibea no so kyekyeree adwumayɛfo no, na wɔbaraa Adansefo a wɔwɔ East Germany no. Nanso, na wɔatɔ ɔdan foforo dedaw wɔ Wiesbaden, wɔ West Germany wɔ 1947 mu. Wɔ mfe pii a edii akyi bae mu no, wosisii adan pii wɔ baa dwumadibea a ɛwɔ hɔ no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi atintim nhoma a wohia no.

Esiane sɛ na wontumi ntrɛw ɔdan no mu bio wɔ Wiesbaden no nti, wɔtɔɔ asase hekta 30 wɔ Selters wɔ 1979 mu. Wɔde bɛyɛ mfe anum sii ɔdan kɛse bi wiei hyiraa so wɔ April 21, 1984 mu. Efi saa bere no wɔakɔ so atrɛw mu sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi afa adwumayɛfo bɛboro apem a wɔwɔ hɔ no. Ɔsram biara, wɔde afiri kɛse a ɛwɔ Selters no tintim nsɛmma nhoma bɛboro ɔpepem 16 wɔ kasa bɛboro 30 mu; na nnansa yi, wɔde mfiri no tintim nhoma ne Bible bɛboro ɔpepem 18.

Baa Dwumadibea Akɛse Afoforo a Etintim Nhoma

Wobuee baa dwumadibea nea edi kan wɔ Kobe, Japan, wɔ 1927 mu, nanso, ɔtaa a ano yɛ den a wɔde baa Adansefo no so wɔ Wiase Ko II mu no brɛɛ wɔn adwuma no ase. Nanso, wɔ ɔko no akyi bere tiaa bi no, wɔsan buee baa dwumadibea no wɔ Tokyo. Esiane sɛ na wontumi ntrɛw baa dwumadibea no mu bio nti, wosii foforo wɔ Numazu. Wohyiraa ɛno so wɔ 1973 mu. Bere a akyiri yi, adwumayɛfo no dɔɔso pii no, wosisii adan akɛse foforo wɔ Ebina, na wohyiraa eyinom nso so wɔ 1982 mu. Wɔasisi adan afoforo a ebetumi afa adwumayɛfo 900 bio wɔ ha nnansa yi. Wɔ Japan kasa nkutoo mu no wotintim Ɔwɛn-Aban ne Nyan! bɛboro ɔpepem 94, a nhoma bɛyɛ ɔpepem pii nso ka ho, wɔ 1999 mu.

Wɔatrɛw baa dwumadibea ahorow mu saa ara wɔ aman foforo so. Wobuee baa dwumadibea wɔ Mexico City, a ɛwɔ Mexico, wɔ 1929 mu. Afei, bere a Adansefo no dodow duu 60,000 no, wosii ɔdan kɛse foforo wɔ kurow foforo so. Wohyiraa so wɔ 1974 mu, na wosisii adan foforo wɔ hɔ ara wiei wɔ 1985 ne 1989 mu. Seesei, aka kakraa bi na wɔasisi adan a wobetintim mu nhoma ne nea wɔbɛtra mu awie. Ɛno nti ɛnkyɛ baa dwumadibea a ɛwɔ Mexico no betumi afa adwumayɛfo 1,200. Wɔafi ase retintim nsɛmma nhoma ne nhoma ama Adansefo bɛboro 500,000 ne nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ Mexico ne aman a ɛbemmɛn hɔ no dedaw.

Wɔ 1923 mu no, wonyaa asase a wobesi baa dwumadibea wɔ so wɔ Rio de Janeiro, Brazil, na akyiri yi, wosii ɔdan fɛfɛɛfɛ bi wɔ so. Nanso, esiane sɛ São Paulo yɛ aguadibea ne kurow a kaa pii wɔ hɔ wɔ Brazil nti, wɔ 1968 mu no, wosii baa dwumadibea foforo wɔ hɔ. Wɔ 1970 mfe no mu no, na Adansefo bɛyɛ 100,000 na wɔwɔ Brazil. Nanso, baa dwumadibea a ɛwɔ São Paulo no yɛɛ ma a na wontumi ntrɛw mu bio, enti, wɔtɔɔ asase a ne kɛse yɛ hekta 115 wɔ Cesário Lange, faako a efi São Paulo rekɔ hɔ yɛ kilomita 150 no. Wɔ March 21, 1981 no, wohyiraa baa dwumadibea foforo a wɔasi wɔ beae foforo yi no so. Esiane ntrɛwmu a wɔayɛ wɔ baa dwumadibea yi mu nti, ebetumi afa adwumayɛfo bɛyɛ 1,200. Wotintim nsɛmma nhoma ne nhoma wɔ Brazil ma South America aman pii ne aman foforo nso.

Wowiee baa dwumadibea kɛse foforo a wotintim nhoma wɔ hɔ wɔ beae a ɛbɛn Bogotá, Colombia, wɔ 1990 mu. Wotintim Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma wɔ hɔ kyekyɛ ma aman a ɛwowɔ South America atifi fam atɔe nyinaa.

Baa dwumadibea afoforo a wotintim nsɛmma nhoma ɔpepem pii wɔ hɔ afe biara nso wɔ Argentina, Australia, Canada, Finland, Italy, Korea, Nigeria, the Philippines, South Africa, ne Spain. Wotintim nhoma ne Bible ɔpepem pii wɔ kasa pii mu afe biara wɔ baa dwumadibea a ɛwɔ Italy no. Nokwarem no, nnwinnade a wotintim no afe biara no mu pii, a nhoma bɛboro ɔpepem 40 ne nsɛmma nhoma bɛboro ɔpepepem biako ka ho no, kɔ so wɔ Watch Tower Bible and Tract Society a ɛwɔ Brooklyn, New York ne nhomatintimbea a ɛwɔ New York atifi fam no.

Nokwarem no, ɛyɛ nwonwa sɛ baa dwumadibea biako pɛ a na ɛwɔ hɔ wɔ mfe ɔha a atwam no dodow adu 109 nnɛ, na wofi hɔ de Yehowa Adansefo a wɔwɔ nsase 234 so no ahiade ma wɔn. Na yɛnna nka Kristofo a wɔahyira wɔn ho so a wɔn dodow yɛ 13,000 a wɔtete hɔ no ho asɛm mpo! Nokwarem no, adwuma a wɔne nnipa afoforo 5,500 a wɔatu wɔn ho ama wɔ Asafo no adwumayɛbea ti reyɛ no boa kɛse ma Yesu Kristo nkɔmhyɛ yi bam sɛ, ‘na wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm wɔ wiase nyinaa ansa na awiei no aba.’—Mateo 24:14.

[Ase hɔ asɛm]

a Saa bere no na wɔfrɛ no Zion’s Watch Tower Tract Society.

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Tom Hart, a wɔka sɛ ɔno ne Bible Suani a odi kan wɔ England no

[Mfonini wɔ kratafa 16]

London baa dwumadibea a ɛwɔ 34 Craven Terrace (a wɔatwa ho mfonini wɔ nifa so)

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16]

Adan a wɔreyɛ mu adwuma seesei wɔ London

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena