‘Anka Yɛn Wiase Yi Bɛyɛ Soronko’
Nnipa pii tee mmɔden a wɔbɔe sɛ wobetwa Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam bi mu wɔ Moscow wɔ August mu no ho asɛm. Andrei Zolotov Kumaa, kyerɛwee wɔ August 21, 1999 The Moscow Times mu sɛ “agumadibea no sohwɛfo panyin abadiakyiri, Vladimir Kozyrev, kae sɛ na ɛso ahwɛfo no pene so sɛ Yehowa Adansefo bɛyɛ nhyiam no. Ɔkae sɛ onnim baabi a ahyɛde [a ɛse wontwa mu] no fi.”
Wɔ krataa bi a wotintimii wɔ The Moscow Times mu wɔ dapɛn a edi hɔ no mu no, ɔkenkanfo bi kamfoo atesɛm krataa no sɛ etintim “nokwasɛm pefee” no, na ɔkae sɛ “ɛfata ankasa sɛ nkurɔfo kenkan.” Ɔkae sɛ: “Sɛnea mohaw Yehowa Adansefo kɛse bere a wɔresiesie wɔn ho ama wɔn afe afe ɔmantam nhyiam no [kyerɛɛ] sɛ mo ne wɔn anni no yiye.”
Afei krataa no kyerɛwfo no kae sɛ “wonim” Yehowa Adansefo “yiye wɔ wiase nyinaa (ne seesei wɔ Russia nso) . . . Wonim . . . wɔn yiye sɛ wɔyɛ nnipa pa, a wɔn yam ye na wɔbrɛ wɔn ho ase ma ɛyɛ mmerɛw ankasa sɛ wɔne wɔn bedi, wɔnhyɛ nnipa na bere nyinaa wɔpɛ sɛ wɔne nnipa tra asomdwoe mu ɛmfa ho nyamesom gyidi a wokura, sɛ wɔyɛ Ortodɔks Kristofo, Nkramofo anaa Buddhafo no. Wonnye adanmude, wɔnyɛ asabofo anaa nnipa a wɔnom nnubɔne, na ɛyɛ asɛm tiawa yi nti na wɔyɛ saa: Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn gyidi a egyina Bible so no akyerɛ wɔn kwan wɔ nea wɔyɛ ne nea wɔka biara mu. Anyɛ yiye koraa no sɛ wiase nnipa nyinaa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtra ase ma ɛne Bible ahyia sɛnea Yehowa Adansefo yɛ no a, anka yɛn wiase a atirimɔdensɛm wom yi bɛyɛ soronko koraa.”
Atumfoɔ a wɔahwehwɛ Yehowa Adansefo nsɛm mu na wɔne wɔn adi tẽẽ no si atifi hɔ asɛm no so dua. Sɛ nhwɛso no, saa atumfoɔ no na wɔmaa Adansefo no tumi nkrataa ma wosii saa Nhyiam Asa foforo fɛfɛ yi wɔ St. Petersburg, Russia no. Bere a wohyiraa so wɔ September 18 no, bɛhwɛadefo 2,257 a wɔn ani agye bɛhyɛɛ asa no so ma, na nnipa foforo 2,228 tiee dwumadi no wɔ Ahenni Asa horow so wɔ St. Petersburg ne Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛbɛn Solnechnoye no.