Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 9/8 kr. 3-4
  • Dɛn ne Ɔtan Bebree Yi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn ne Ɔtan Bebree Yi?
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔtan a Eye ne Nea Enye
  • Adɛn Nti Na Ɔtan Abu So Wɔ Wiase Yi Mu Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2022
  • Anidaso Wɔ Hɔ Ma Wɔn A Wɔtan Wɔn!
    Nyan!—1984
  • Yebetumi Adi Ɔtan So Nkonim!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2022
  • Ɔtan Bɛba Awiei Da Bi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 9/8 kr. 3-4

Dɛn ne Ɔtan Bebree Yi?

Efi Nyan! Kyerɛwfo A Ɔwɔ Germany hɔ

“DƐN ntia”—ɛyɛ asɛntiaa, nanso egye mmuae. Ɛho nhwɛso ne bere a wohui sɛ wɔakyerɛw bi wɔ krataa bi a ɛfam nhwiren ne asisi abaduaba bi a na wɔde asum sukuu bi anim wɔ Dunblane, Scotland, wɔ March 1996 mu so no. Nna kakraa bi a na atwam no, na ɔbarima bi abɔ awura hɔ akɔtow mmofra 16 ne wɔn kyerɛkyerɛfo tuo akunkum wɔn. Opirapiraa afoforo pii, na afei ɔtow ne ho tuo. Ɛda adi sɛ na wanya ɔtan kɛse—ama n’ankasa ho, afoforo, ne ɔmanfo nyinaa. Awofo, nnamfo ne nnipa mpempem pii a wɔredi awerɛhow wɔ wiase nyinaa bisa asɛnkoro no ara sɛ, ‘Dɛn ntia? Dɛn nti na mmofra a wɔn ho nni asɛm wuwu wɔ saa kwan yi so?’

Ɛda adi sɛ woahu ɔtanhunu a ahyɛ wiase ma no. Nokwarem no, ebia esiane biribi nti w’ankasa woahu ɔtan ho amane pɛn. Ebia wo nso woabisa sɛ, ‘Dɛn ntia?’ pɛn—ebia ɛboro pɛnkoro.

Ɔtan a Eye ne Nea Enye

Wɔkyerɛ “ɔtan” ase sɛ “nitan ne okyi a emu yɛ den.” Nokwarem no, mfaso wɔ so sɛ obi benya “nitan ne okyi a emu yɛ den” ama nneɛma bi a epira anaasɛ ebetumi asɛe obi ne afoforo ntam abusuabɔ. Sɛ obiara wɔ saa ɔtan yi bi a, anka wiase bɛyɛ baabi a ɛfata sɛ wɔtra ankasa. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa a wɔnyɛ pɛ tan nneɛma a ɛnsɛ sɛ wɔtan wɔ akwan a ntease nnim so.

Ɔtan a ɛsɛe ade gyina menasepɔw, nimdeɛ a wonni, anaa atosɛm so, na mpɛn pii no, sɛnea nkyerɛase bi kyerɛ no, “osuro, abufuw, anaa opira” na ɛde ba. Esiane sɛ enni nnyinaso pa nti, saa ɔtan yi de bɔne na ɛba, na mpɛn pii no, ɛma asɛmmisa a ɛne, ‘Dɛn ntia?’ na ɛsɔre.

Yɛn nyinaa nim nnipa bi a wɔn nneyɛe anaa wɔn suban betumi ahyɛ yɛn abufuw mmere bi, na ɛyɛ yɛn den sɛ yɛne wɔn bɛbɔ. Nanso abufuw yɛ ade biako; ɔpɛ a obi nya sɛ obepira nkurɔfo nso yɛ asɛm foforo. Enti, ebia ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛte nea enti a obi tumi nya nnipakuw ho tan, a mpɛn pii no, wɔyɛ nnipa a onnim wɔn mpo no ase. Ebia na wɔne no nyɛ adwene wɔ amammuisɛm ho, wɔwɔ ɔsom foforo mu, anaasɛ wofi abusua foforo mu, nanso ɛno yɛ biribi a ɛsɛ sɛ ogyina so tan wɔn?

Nanso, ɔtan a ɛte saa wɔ hɔ! Wɔ Afrika no, ɔtan na ɛmaa Hutufo ne Tutsifo kunkum wɔn ho wɔ Rwanda wɔ 1994 mu, na ɛmaa nsɛm amanneɛbɔfo bi bisae sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na ɔtan bebree a ɛte saa boaboaa ano wɔ ɔman ketewa a ɛte saa mu?” Wɔ Mediterranea Supɔw so no, ɔtan na ama Arabfo ne Israelfo a wɔyɛ katee atow ahyɛ wɔn ho so atirimɔden so no. Wɔ Europa no, ɔtan na ɛmaa kan Yugoslavia mu paapaee. Na sɛnea atesɛm krataa amanneɛbɔ bi kyerɛ no, wɔ United States nkutoo no “akuw a wɔhyɛ ɔtan ho nkuran bɛyɛ 250” na ɛwɔ hɔ a wɔretrɛw nnipa mu nyiyim ho adwene ahorow mu. Dɛn ne ɔtan bebree yi? Dɛn ntia?

Ɔtan agye ntini araa ma sɛ akodi a ɛde ba no kɔ awiei mpo a, ɛkɔ so tra hɔ. Ɔkwan foforo bɛn so na yebetumi akyerɛkyerɛ nea enti a ɛyɛ den sɛ wɔbɛma asomdwoe atra aman a akodi ne basabasayɛ wom mu na wɔama wɔagyae ko no mu? Ɔkwan foforo bɛn so na yebetumi akyerɛkyerɛ nea ɛbae bere a wɔde nsa hyɛɛ asomdwoe apam ase wɔ 1995 awiei wɔ Paris sɛ wɔnka kuropɔn Sarajevo mmom wɔ Bosnia ne Herzegovina-Croat Nkabom man no nniso ase akyi no mu? Serbfo a wɔte hɔ no mu dodow no ara fii ase guan fii kuropɔn no ne ne mpɔtam, a na wosuro sɛ wɔbɛtɔ wɔn so were. Bere a Time rebɔ amanneɛ sɛ nkurɔfo rewia nneɛma, na wɔrehyew adan a wɔreguan agyaw hɔ no, ɛde baa awiei sɛ: “Wɔaka Sarajevo abom; emufo nka mmɔɔ mu.”

Nnipa a wɔtentan wɔn ho ntam asomdwoe yɛ asomdwoe a enni mũ, mfaso nni so, ɛte sɛ sika daadaakra. Esiane sɛ enni nnyinaso titiriw biara nti, ɔhaw ketewaa bi ma etumi sɛe. Nanso ɔtan bebree na ɛwɔ wiase, na ɔdɔ reyɛ asa. Dɛn ntia?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]

Ɔtan a ɛsɛe ade gyina menasepɔw, nimdeɛ a wonni, anaa atosɛm so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena