Kaba—Afrikafo Atade Bi a Ɛyɛ fɛ
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ GHANA HƆ
KABA—ɛkame ayɛ sɛ wubetumi ahu bi wɔ Ghana ne Afrika Atɔe fam aman a ɛbemmɛn hɔ no mu baabiara. Wɔhyɛ no mmere ahorow—efi ayi ase kosi Kristofo nhyiam horow a ɛyɛ anigye so. Na wɔpam kaba wɔ akwan horow so wɔ kɔla ahorow mu.
Dɛn koraa ne kaba? Ɛyɛ mmea atade bi a agye din kɛse. Edin no kyerɛ soro atade bi a wɔhyɛ fi kɔn mu kɔka sisi. Nanso, wɔnhyɛ ɛno nkutoo. Wofura ntama a wonim no yiye wɔ ha a wogyina sɛnea ɛyɛ papa fa so frɛ no wax anaa java no sini ka ho. Wɔfrɛ ntama yi a wɔde fura fi sisi kɔka nan ase no asetam. Ahosiesie yi di mu bere a wofura ntama sini foforo a wɔfrɛ no nguso ka ho no. Wotumi de nguso no di dwuma ahorow, na wotumi de bɔ duku ma ɛfata, anaasɛ wɔde turu abofra.
Afrika nkutoo na wɔhyɛ kaba, na ne din gu ahorow wɔ asasepɔn no nyinaa so. Liberiafo frɛ no lappa atade. Wɔfrɛ no genwu wɔ Benin. Sierra Leonefo frɛ no docket ne lappa. Nanso, kaba baa Afrika nsase so nkyɛe ahe biara. Sɛ nhwɛso no, wɔ Ghana ha no, na Akanfo mmea taa fura dansenkran ntama. Eyi yɛ ntama asini abien, a ɛtɔ mmere bi a ɛyɛ ntama koro. Ná wofura biako wɔ ase bɔ so abɔso. Na wofura esini a aka a ɛtaa yɛ kɛse no gu so fa nsa benkum abati so ma ɛbea koko ne akyi. Tiyɛ soronko a wɔfrɛ ɛno nso dansenkran na na wɔtaa de fura saa ntama yi.
Nanso, bere a afiri a wɔde pam ade bae no, Afrikafo mmea bi fii ase pam ntade bi a ɛsɛ Atɔe famfo soro atade a wɔfrɛ no blouse no. Na adwene no ne sɛ wɔbɛkata wɔn mmati sɛnea na Atɔe famfo mmea yɛ no. Sɛnea asɛm bi kyerɛ no, na ɛyɛ den ma ebinom sɛ wobetumi aka asɛm “kata mmati.” Enti asɛmfua “kata” na ɛbɛyɛɛ kaba.
Kaba Ba So
Mmea a wɔyɛ office adwuma ne akuafo nyinaa da so hyɛ kaba. Nokwarem no, abɛyɛ ade a wɔde kɔ amannɔne kɔtɔn mpo! Nanso, nnansa yi ara na wɔrekyerɛ ho anigye saa.
Ade biako ne sɛ, ɛnyɛ mmea nyinaa na na wɔpɛ kaba a na ɛwɔ hɔ mfe 40 anaa nea ɛte saa a atwam no. Asetram yiyedi ho dwumayɛni bi a ɔkɔ pɛnhyen a wɔfrɛ no Agnes a wadi mfe 62, ka kyerɛɛ Nyan! sɛ, na sɛnea wɔpam ebi kan no yɛ “serew.” Wɔ mmea binom fam nso na kaba a wɔbɛhyɛ no yiye de asetam ne nguso aka ho no gye abotare ne ahokokwaw pii. Elizabeth a ɔhwɛ adepam adwuma bi so ka sɛ: “Na ɛyɛ den ma yɛn mmabaa no sɛ yebehu asetam ne nguso no fura.” Ɔkae sɛ: “Manhu fura da.”
Animtiaabu nso ka ho bi na anigye a nkurɔfo nyae wɔ saa atade yi ho no ano brɛɛ ase. Serwah a wadi mfe 65 no ka kyerɛɛ Nyan! sɛ, kan no, na nnipa pii te nka sɛ wɔn a wɔakɔ sukuu na wɔhyɛ Atɔe famfo ntade, na wɔn a wɔankɔ sukuu na wɔhyɛ kaba.
Nanso, amammerɛ ho adwene foforo a wɔanya ama Afrikafo mmea pii asan asusuw kaba ho. Adepamfo nso ama atade no atu mpɔn kɛse. Ade biako ne sɛ, wɔpam ntama foforo a wɔfrɛ no slit. Wɔpam no sɛ skirt (fam atade), nanso ɛka nan ase, na eyii ɔhaw a na mmea bi hyia wɔ asetam ne nguso a na wobefura no yiye ho no fii hɔ. Ntade ne ntama a wofura de kyerɛ nkurɔfo nso ka ho pii na kaba agye din kɛse.
Nokwarem no, sɛnea ɛte wɔ nsase pii so ntade ho no, ntade a wɔpam nnansa yi no bi twe adwene si honam akɔnnɔ so kɛse. Clara a wadi mfe 69 ka sɛ, ɛte sɛ nea ntade a ɛtwetwe adwene saa no bɔ “kaba mfitiase atirimpɔw” a na ɛne sɛ “wɔbɛkata mmati so” no gu. Enti, Kristofo mmea ma ɔsomafo Paulo afotu yi tra wɔn adwene mu sɛ: “Saa ara nso na mmea nhyɛ ntade a ɛsɛ, mfa ani a ewu ade ne adwenemtew nkeka wɔn ho.”—1 Timoteo 2:9; 1 Korintofo 10:29.
Wɔ mmea a wofi nyansam paw ntade fam no, kaba betumi ayɛ atade a ɛyɛ fɛ na mfaso wɔ so. Na bere a Afrikafo tete ntade pii atwam no, kaba atumi agyina sɛ atade a ɛda Afrikafo amammerɛ ne wɔn trabea adi anigye mu ne ɔkwan a ɛyɛ fɛ so.
[Kratafa 18 mfonini]
Nguso a wɔde abɔ duku wɔ ha
[Kratafa 19 mfonini]
Nguso, a wɔde turu abofra