Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 10/8 kr. 25-26
  • Apoo a Wɔbɔ Wɔ Nyamesom Din Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Apoo a Wɔbɔ Wɔ Nyamesom Din Mu
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nyamesom mu Apoobɔ Ahorow
  • Ani a Wɔde Si Nkwakoraa ne Mmerewa So
    Nyan!—1997
  • Hwɛ Yiye! Apoobɔfo Reyɛ Adwuma
    Nyan!—1997
  • Sum Ase Kuw—Ɛne Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Wobu Sika Sɛn?
    Nyan!—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 10/8 kr. 25-26

Apoo a Wɔbɔ Wɔ Nyamesom Din Mu

SƐ APOOBƆ ahorow a yɛaka ho asɛm yi nyinaa ama wo ho adwiriw wo ma wo werɛ ahow a, hu sɛ ɛnyɛ wo nkutoo na ayɛ wo saa. Nanso apoobɔ bi wɔ hɔ a ɛho asodi yɛ kɛse—nea wɔbɔ wɔ nyamesom din mu. Nea abu so kɛse no mu biako fa gye a wogye di sɛ ɔkra kɔ so tra ase wɔ owu akyi, nea ɛkyerɛ sɛ ateasefo betumi aboa awufo no ho. Wɔama nnipa komapafo ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa agye adi sɛ sɛ wotua sika kɛse bi a wobetumi aboa wɔn adɔfo a wɔawuwu na wɔapata wɔn.

Wɔ aman bi mu no, nnaadaasɛm a akyɛ yi ho ade foforo bi wɔ hɔ nnɛ. Sɛ nhwɛso no, nnansa yi wɔ Japan no, wɔkyeree Buddhasom mu asɔfo ne asɔfo mmea a wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ honhom mu tumi bi sɛ wɔabɔ wɔn asɔremma apoo agye wɔn sika yen ɔpepehaha pii. Ná wɔn a wɔkyeree wɔn no abɔ ayaresa ne wɔn nkyɛn abisa kɔ ho dawuru. Wɔka kyerɛɛ wɔn a wɔkɔɔ wɔn nkyɛn abisa a na mmea awarefo baanan ka ho no sɛ wɔn mma a wɔawuwu ahonhom taa wɔn so. Mainichi Daily News bɔɔ amanneɛ sɛ: “Afei wɔka kyerɛɛ mmea no sɛ wontua sika a ano si yen ɔpepem 10 [U.S. $80,000] mma wɔmfa nyɛ wɔn awufo som.” Ɔbea bi a wadi mfe 64 tuaa bɛboro yen ɔpepem 6.65 (bɛyɛ $53,000). Na ɔbea no akohu asɔfo no wɔ ne ba akwahosan ho. The Daily Yomiuri kae sɛ: “Wɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ asiane bɛto no gye sɛ ɔyɛ ɔsom titiriw bi de kae nananom a wɔawuwu akra de pam ahonhom.”

Anka Bible mu nokware nimdeɛ bɛbɔ nnipa yi a wonnim hwee yi ho ban na wɔammɔ wɔn apoo. Ɛka no pefee sɛ ɔkra nyɛ biribi a enwu. (Hesekiel 18:4) Ɔsɛnkafo 9:5 ka sɛ awufo ‘nnim biribiara.’ Enti awufo ntumi mpira ateasefo. Saa ara na ateasefo ntumi mmoa awufo.

Nyamesom mu Apoobɔ Ahorow

Esiane ebinom adifudepɛ nti na wɔhwe nyamesom mu nnaadaafo afiri mu. Wɔ Australia no, ɔbarima bi a na ɔpɛ sɛ ne sika dɔɔso de ne sika $100,000 kɔmaa awarefo bi a wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ tumi soronko bi a wotumi hyira sika so ma ɛdɔɔso. Wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa sika no ngu adaka bi mu na ɔmfa mma wɔn mma “wɔntew ho.” Awarefo no de adaka no kɔɔ ɔdan a edi so mu, na ɔno twɛnee wɔn. Bere a wɔsan bae no, wɔde adaka no maa no, bɔɔ no kɔkɔ sɛ ommmue adaka no so ɔkwan biara so kosi afe 2000. Na sɛ obue so ɛ? Wɔka kyerɛɛ no sɛ “nkonyaa no bɛsɛe, na n’ani befura, ne ti ho bɛpa, ɔbɛyare kokoram, na ɔyare a ɛma obi fã dwudwo na ebekum no.” Nanso, adapɛn abien akyi no, ɔbarima no adwenem yɛɛ no naa ma obuee adaka no so. Awerɛhosɛm! Na nkrataa asinasin na ayɛ mu ma. Onunuu ne ho, na atesɛm krataa a ɛbɔɔ amanneɛ yi no kae sɛ, asɛm a ɛne asɛm hyia no, “ne ti ho afi ase repa.”

Wɔ Italy no, nyamesom mu apoobɔ akyim afa baabi a wɔnhwɛ kwan: Apoobɔfo ayɛ wɔn ho sɛ Katolek asɔremma, na wɔnam so abɔ asɔfo apoo. Apoobɔfo no nam Katolekfo atetesɛm a ɛne sika a wotua ma wɔbɔ Mass ma owufo so na ɛyɛ saa. Wɔyɛ no dɛn? Katolekfo nsɛmma nhoma Famiglia Cristiana kyerɛkyerɛ mu sɛ nnaadaafo no de check a ɛnyɛ papa di kan tua Mass a wɔbɛbɔ ama awufo pii ho ka ma ɛboro so. Wɔdaadaa ɔsɔfo tibɔnkɔso bi ma ɔma wɔn nsesa. Apoobɔfo no gye sika, na ɔsɔfo no gye check a ɛnyɛ papa no!

Wɔ United States no, ɔsom ahorow a wɔrehwehwɛ asɔremma foforo ma wɔayi ntoboa ama wɔn no gu nkwakoraa ne mmerewa so wɔ akwan nyinaa so. Modern Maturity nsɛmma nhoma no kyerɛwee sɛ: “Ɔman yi mu nyinaa no, ɔsom ahorow no de apoobɔ atitiriw ho akwankyerɛ a asɔfo de ma redi dwuma: Di sika akyi. Wɔde biribiara, fi akwahosan, amammui mu nsakrae so kosi ɔsoro ahenni so, hyɛ bɔ.” Wɔfaa obi a ɔsesa nkurɔfo adwene fi ɔsom ho asɛm kae sɛ: “Nkwakoraa ne mmerewa so na ɔsom ahorow mufo nam nya wɔn ano aduan.”

Sika a wonya no betumi ayɛ kɛse. New York mmaranimfo bi a wadi nsɛm a ɛfa ɔsom ho pii kae sɛ: “Minim nnipa pii a ama wɔabɔ fam. Efi nnipa bi a wɔsrɛɛ wɔn ma woyii ntoboa bɛyɛ $100,000 so kosi wɔn a wonni bi gye wɔn Mpanyinyɛ mu Akatua a wɔde ma so.” Ɔde kaa ho sɛ: “Ɛhaw wɔn yiye—wɔn ankasa ne wɔn mmusua.”

Enti hwɛ yiye! Apoobɔfo reyɛ adwuma. Apoobɔfo a wɔyɛ wɔn ho sɛ wosiesie afie, telefon so aguadifo amimfo, ne nyamesom mu apoobɔ yɛ sɛnea wɔyɛ wɔn adwuma no ho nhwɛso kakraa bi pɛ. Ɛnyɛ ade a yebetumi akyerɛ wɔn akwan nyinaa, efisɛ wɔde nnaadaa akwan foforo di dwuma bere nyinaa. Nanso akyinnye biara nni ho sɛ nea yɛaka wɔ ha yi bɛma woahu nea enti a ɛsɛ sɛ woma w’ani da hɔ na wuhu ho nyansa, na ebia ɛne ade a ebetumi abɔ wo ho ban. (Hwɛ “Nea Wobɛyɛ a Wɔremmɔ Wo Apoo” wɔ adaka a ɛwɔ kratafa 24 no mu.) Kɔkɔbɔ a tete Bible mu bɛ bi de ma yi fata: “Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.”—Mmebusɛm 14:15.

[Kratafa 26 mfonini ahorow]

Nnipa ɔpepem pii gye di sɛ wɔnam sika a wobetua so betumi aboa wɔn adɔfo a wɔawuwu na wɔapata wɔn

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena