Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 2/15 kr. 3-4
  • Sum Ase Kuw—Ɛne Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sum Ase Kuw—Ɛne Dɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Ne Sum Ase Kuw?
  • So Yehowa Adansefo Yɛ Sum Ase Kuw?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Esum Ase Nneyɛe Wɔ Awurade Din Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Apoo a Wɔbɔ Wɔ Nyamesom Din Mu
    Nyan!—1997
  • Dɛn ne Sum Ase Nneyɛe Bebree yi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 2/15 kr. 3-4

Sum Ase Kuw—Ɛne Dɛn?

WƆ FEBRUARY 28, 1993 no—akuw ahorow a wɔhwɛ ma mmara yɛ adwuma mu nnipa bɛboro ɔha kɔto hyɛɛ ofi kɛse bi a mmarima, mmea ne mmofra pii te mu so. Ná wɔn botae ne sɛ wɔbɛhwehwɛ akode a mmara mma ho kwan na wɔakyere obi a wobu no nsɛmmɔnedifo. Nanso, adwumayɛfo no ho dwiriw wɔn bere a wofii ase totoo atuo fii adan no mu baa wɔn so no. Wɔn nso totoo atuo kɔɔ hɔ.

Atutotow yi kunkum nnipa du na bebree pirapirae. Nna 50 a edi hɔ mu no, aban adwumayɛfo a wɔhwɛ ma mmara yɛ adwuma ɔhaha pii kotwaa ofi kɛse no ho hyiae a na wɔwɔ atuo a ɛdɔɔso sɛnea wobetumi de adi ako bere tiaa bi. Esiane sɛ na afannu no mu biara mpɛ sɛ wogyaw nsɛm mu nti, ekowiee akodi a ɛmaa wokunkum nnipa 86 a anyɛ yiye koraa no na mmofra 17 ka ho mu.

Nanso na hena ne ɔtamfo no? So na wɔyɛ nsɛmmɔdifo kuw bi a wɔde nnuru di dwuma ɔkwammɔne so? Atuatewfo kuw bi? Dabi. Sɛnea ebia wunim no, na “ɔtamfo” no yɛ nyamesom kuw bi, sum ase kuw bi mufo. Wɔn awerɛhosɛm no maa amanaman nyinaa adwene baa ɔmansin a wɔntaa nte ho asɛm a ɛda asasetaw a ɛwɔ Texas mfinimfini wɔ U.S.A. no so. Nsɛm ho amanneɛbɔfo de nhwehwɛmu ne nsɛm pii a ɛfa asiane a ɛwɔ sum ase kuw mu ho . . . baa radio ne television so ne atesɛm nkrataa mu.

Wɔkaee amanfo nhwɛso ahorow a asisi a ɛfa sum ase akuw mufo a wɔn akannifo no maa wokunkum wɔn ho no: Manson awudi a esii 1969 mu wɔ California; sum ase kuw bi mufo pii a wokunkum wɔn ho wɔ Jonestown, Guyana wɔ 1978 mu; nhyehyɛe a wɔyɛ de dii wɔn ho awu wɔ 1987 mu a kuw no kannifo Soon-ja a ofi Korea na ɔhyɛɛ wɔn nkuran ma kuw no mufo 32 wuwui no. Nea ehia sɛ yɛhyɛ no nsow no, na saa nkurɔfo yi mu dodow no ara kyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo na wose wogye Bible no di.

Ntease wom sɛ animguase kwan a saa sum ase akuw no mufo nam so de Kyerɛwnsɛm no di dwuma wɔ ɔkwammɔne so no yɛ nnipa pii a wobu Bible no sɛ Onyankopɔn Asɛm no nwonwa. Eyi nti, wɔahyehyɛ akuw ɔhaha pii wɔ mfe dudu a atwam no mu a wɔn atirimpɔw ne sɛ wɔbɛhwɛ adi sum ase akuw ho dwuma na wɔapa wɔn nneyɛe ahorow a asiane wom no ho ntama. Sum ase akuw ho abenfo ka sɛ ebia bere a afeha yi reba awiei wɔ mfe kakraa bi akyi no, sum ase akuw bebree bɛsɔre. Nsɛmma nhoma bi kae sɛ sɛnea akuw a ɛsɔretia sum ase akuw kyerɛ no, akuw yi mpempem pii “wɔ hɔ a wɔayɛ krado sɛ wobedi wo nipadua ne w’adwene so, na wɔasɛe wo kra. . . . Wɔn mu kakraa bi na wɔn ho akokwaw wɔ nnaadaa mu de nanso wɔn mu dodow no ara na wobu wɔn sɛ wɔn ho yɛ hu. Wɔbɛdaadaa wo agye wo sika ne w’ahode, ayɛ w’aware ne w’ayi ho nhyehyɛe.”

Dɛn Ne Sum Ase Kuw?

Ebia nnipa pii a wonnim nea asɛm “sum ase kuw” kyerɛ ankasa no de bedi dwuma wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Nea ɛbɛyɛ na adwenem naayɛ biara mma no, nyamekyerɛfo bi mfa asɛm no nni dwuma.

The World Book Encyclopedia kyerɛkyerɛ mu sɛ “tete no, na asɛm sum ase kuw no kyerɛ ɔsom anaa amanne biara akyidi.” Sɛ yegyina saa nkyerɛkyerɛmu yi so a, ɛnde anka yebetumi abu nyamesom akuw nyinaa sɛ sum ase akuw. Nanso, sɛnea wɔde di dwuma nnɛ no, asɛm “sum ase kuw” no anya ntease foforo. Saa encyclopedia no ara ka sɛ “efi 1900 mfe no mfinimfini hɔ reba no, sum ase kuw ho nsɛm pii a wɔka asakra asɛmfua no nkyerɛase. Ɛnnɛ, wɔde asɛm no gyina hɔ ma akuw a wodi ɔkannifo teasefo bi a ɔde nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe afoforo a wobu sɛ ɛmfra ma akyi.”

Bere a ɛregye asɛm no ho nkyerɛkyerɛmu a ahyeta no atom no, Newsweek nsɛmma nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ sum ase akuw “taa yɛ akuw nketewaa a emufo yɛ nneɛma tra so na wodi onipa bi a ɔwɔ nkɛntɛnso kɛse akyi.” Saa ara na Asiaweek nsɛmma nhoma ka sɛ “wontumi nhu nea asɛm [sum ase kuw] no kyerɛ ankasa, nanso ɛtaa kyerɛ nyamesom mu gyidi foforo bi a egyina ɔkannifo bi a ɔtaa da ne ho adi sɛ Onyankopɔn so.”

Asɛm a wɔde dii dwuma wɔ mpaemuka bi a wɔboom yɛe wɔ Nhyiam a ɛto so 100 a wɔyɛe wɔ Maryland State, U.S.A. no kyerɛ sɛ wobu sum ase kuw sɛ biribi a ɛmfra. Mpaemuka no ka sɛ “sum ase kuw yɛ kuw a emufo de ahofama ntraso ma onipa anaa adwene bi na wɔnam anifere kwan a ɛnteɛ so daadaa afoforo de ma wɔn akannifo no botae ahorow no nya nkɔso.”

Ɛda adi pefee sɛ, pii te ase sɛ sum ase akuw yɛ nyamesom akuw a adwene a wokura ne wɔn nneyɛe ne nea wogye tom sɛ ɛyɛ nnɛyi asetra mu su pa ahorow bɔ abira. Wɔtaa yɛ wɔn som mu nneyɛe ahorow no wɔ kokoam. Saa sum ase akuw yi mu pii tew wɔn ho ankasa kɔtra faako. Ɛtaa ba sɛ ahofama a wɔde ma onipa kannifo no yɛ nea biribiara ntumi ntoto no ase na wɔde ma ɔno nkutoo. Saa akannifo yi taa hoahoa wɔn ho sɛ wofi ɔsoro na apaw wɔn anaasɛ wɔyɛ honhom mufo.

Ɛtɔ mmere bi a, ahyehyɛde ahorow a wɔkasa tia sum ase kuw ne nsɛm ho amanneɛbɔfo bi ka sɛ Yehowa Adansefo yɛ sum ase kuw. Nnansa yi atesɛm nkrataa mu nsɛm bi de Adansefo no fra nyamesom akuw bi a wonim wɔn sɛ wɔn nneyɛe ho wɔ asɛm. Nanso so ɛteɛ sɛ wɔbɛka sɛ Yehowa Adansefo yɛ nyamesom kuw ketewaa bi a atew ne ho? Sum ase akuw mufo taa tew wɔn ho fi nnamfonom, abusuafo, ne amanfo nyinaa mpo ho. So saa na Yehowa Adansefo te? So Adansefo no nam nnaadaa ne anifere kwan a ɛnteɛ so na enya nkurɔfo ma wodi wɔn akyi?

Wonim sum ase akuw akannifo sɛ wɔnam akwammɔne so na enya wɔn akyidifo adwene so nkɛntɛnso. So adanse bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo yɛ eyi? So wɔwɔ ɔsom mu nneyɛe bi a wɔde hintaw amanfo? So wodi onipa kannifo bi akyi yɛ no onyame? Nokwarem no, so Yehowa Adansefo yɛ sum ase kuw?

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Jerry Hoefer/Fort Worth Star Telegram/Sipa Press

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena