Esum Ase Nneyɛe Wɔ Awurade Din Mu
MFRAMA a edi awu ntua a esii wɔ Tokyo, Japan, keteke kwan a ɛda asase ase so a ekunkum nnipa 12 no maa mpempem pii yareyaree, na ɛboa maa asumasɛm bi daa adi wɔ March 1995 mu. Sɛɛ na nyamesom kuw bi a wɔfrɛ no Aum Shinrikyo (Nokware a Ɛkyɛn So) aboaboa mframa a edi awu bi a wɔfrɛ no sarin ano a wɔde bedi atirimpɔw bi a ɛyɛ nwonwa ho dwuma.
Ɔsram biako akyi no, ɔtopae bi bubuu aban dan bi wɔ Oklahoma City, U.S.A., na ekunkum nnipa 167. Ɛdaa adi sɛ ɔkwan bi so no, na ntua no fa asɛm bi a esii aban no ne nyamesom kuw bi a wɔfrɛ no Branch Davidian a ɛwɔ Waco, Texas, ntam wɔ mfe abien a na atwam a na wɔnkaa ho hwee mu no ho. Saa bere no, ɔsom no mufo bɛyɛ 80 wuwui. Ɔtopae a wɔtoe no nso maa nokwasɛm bi a na nnipa dodow no ara nnim daa adi: Sɛ asraafo aboafo akuw pii na wɔredi dwuma wɔ United States, a anyɛ yiye koraa no, wosusuw sɛ wɔn mu bi reyɛ nhyehyɛe wɔ sum ase asɔre atia aban no.
Akyiri yi, bere a 1995 rekɔ awiei no, wohuu nnipa 16 a na wɔahyew wɔ kwae bi mu wɔ baabi a ɛbɛn Grenoble, France. Na wɔyɛ nyamesom kuw ketewa bi a wɔfrɛ no Order of the Solar Temple, a na wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Switzerland ne Canada wɔ October 1994 mu sɛ emufo 53 adi wɔn ho dɔm anaasɛ wɔakunkum wɔn no mufo. Nanso wɔ asiane yi akyi mpo no, sum ase kuw no akɔ so ara. Ebesi nnɛ no, wonnim wɔn akyitaafo ne wɔn botae ahorow ara.
Nyamesom mu Sum Ase Nneyɛe mu Asiane Ahorow
Esiane nsɛm a ɛtete sɛɛ a esisi nti, so ɛyɛ nwonwa sɛ nnipa pii bue wɔn ani hwɛ nyamesom akuw horow dwumadi mu yiye? Akyinnye biara nni ho sɛ obiara rempɛ sɛ ɔbɛboa sum ase ahyehyɛde bi—nea ɛyɛ nyamesom de anaa nea ɛnyɛ nyamesom de—a ɛde no fa ɔkwammɔne so ma ɔyɛ nneɛma bi a n’ani nnye ho esiane emu ahotoso a wanya nti. Nanso, dɛn na nkurɔfo betumi ayɛ na wɔamfa wɔn ho ankɔhyɛ esum ase akuw a asɛm wɔ ho mu?
Ɛda adi sɛ, nyansa wom sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ sum ase kuw bi mu no hu botae ahorow a ekura. Ɛsɛ sɛ ɔko tia nhyɛso a efi nnamfo anaa amannifo hɔ, na gyinae biara a obesi no yɛ nea ennyina nkate so na mmom nokwasɛm so. Kae sɛ, ɛda adi sɛ onii no ankasa—ɛnyɛ afoforo—na nea ebefi mu aba biara no ho asodi bɛda ne so.
Bible nnyinasosɛm akyi a obi bedi ne ɔkwampa a ɔnam so bɛkwati akuw a wɔn botae ahorow nteɛ no. (Yesaia 30:21) Nea ɛka eyi ho ne obi ho a ɔmfa nhyehyɛ amansɛm mu, ɔdɔ a obeyi adi akyerɛ afoforo, n’atamfo mpo, akwati “ɔhonam nnwuma,” na wasow Onyankopɔn honhom aba. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛnsɛ sɛ nokware Kristofo yɛ wiase no fã, sɛnea na Yesu nyɛ wiase no fã no, na saa kwan yi bɔ wiase sum ase akuw mu a wɔde wɔn ho bɛhyɛ no gu.—Galatifo 5:19-23; Yohane 17:14, 16; Yohane 18:36; Romafo 12:17-21; Yakobo 4:4.
Yehowa Adansefo yɛ nkurɔfo a wɔde mmɔdenbɔ sua Bible no a wɔmfa wɔn som nni agoru, na wɔbɔ mmɔden ankasa sɛ wɔbɛbɔ wɔn bra ma ɛne no ahyia. Wiase nyinaa no, wonim wɔn sɛ nyamesom kuw a ‘wɔhwehwɛ asomdwoe na wodi akyi.’ (1 Petro 3:11) Wɔn nhoma Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom ka ma ɛfata sɛ: “Yehowa Adansefo nyɛ esum ase kuw ɔkwan biara so. Wɔkyerɛkyerɛ wɔn gyidi ahorow a egyina Bible so no mu fann wɔ nhoma ahorow a obiara nsa tumi ka bi mu. Afei nso, wɔbɔ mmɔden titiriw to nsa frɛ ɔmanfo sɛ wɔn ankasa mmra wɔn asafo nhyiam ahorow ase mmɛhwɛ na wontie nea ɛkɔ so wɔ hɔ.”
Nokware som nyɛ sum ase nneyɛe ɔkwan biara so. Wɔakyerɛkyerɛ nokware Nyankopɔn asomfo sɛ wɔmmfa wɔn ho nnsie anaasɛ wɔmmma wɔn atirimpɔw sɛ Yehowa Adansefo no so nnkata. Yesu asuafo a wodi kan no de wɔn nkyerɛkyerɛ hyɛɛ Yerusalem ma. Wɔdaa wɔn gyidi ne wɔn adwuma adi wɔ baguam. Yehowa Adansefo yɛ saa ara nnɛ. Sɛnea ntease wom no, sɛ nniso ahorow a ɛyɛ katee di mfomso de anohyeto ba ɔsom mu ahofadi so a, ɛsɛ sɛ Kristofo de anifere ne akokoduru kɔ so yɛ wɔn adwuma, na wotie “Onyankopɔn mmom sen nnipa,” tebea a wɔhyɛ wɔn ma wɔkɔ mu esiane baguam adanse a wodi no akokoduru so no nti.—Asomafo no Nnwuma 5:27-29; 8:1; 12:1-14; Mateo 10:16, 26, 27.
Sɛ woanya adwene bi sɛ ebia Yehowa Adansefo yɛ esum ase som anaa kuw bi a, ɛda adi sɛ wɔn ho nsɛm pii a na wunnim nti na ɛma ɛbaa saa. Ɛbɛyɛ sɛ tebea a ɛte saa ara mu na na afeha a edi kan no mufo pii wom.
Asomafo no Nnwuma ti 28 ka nhyiam bi a ɔsomafo Paulo ne “Yudafo atitiriw” yɛe wɔ Roma no ho asɛm kyerɛ yɛn. Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛpɛ sɛ yetie nea wo ara wudwen, na fekuwsɛm yi de, yenim sɛ wɔkasa tia mmaa nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 28:16-22) Paulo yii ano ‘kyerɛɛ wɔn ase dii Nyankopɔn ahenni ho adanse,” na “ebinom gyee nea ɔkae no dii.” (Asomafo no Nnwuma 28:23, 24) Akyinnye biara nni ho sɛ na nokware Kristosom ho nokwasɛm a wobenya no bɛma wɔanya mfaso daa.
Bere a wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn baguam som adwuma no, ɛbɛyɛ Yehowa Adansefo anigye sɛ wɔbɛka wɔn adwuma ne wɔn gyidi ho nokwasɛm ahorow akyerɛ obiara a ɔpɛ sɛ ohu no. Dɛn nti na w’ankasa wonyɛ nhwehwɛmu, na ama woatumi ahu wɔn gyidi yiye?
[Kratafa 6 mfonini]
Yehowa Adansefo ani gye ho sɛ wɔbɛda nnipa ko a wɔyɛ ne dwuma a wodi adi akyerɛ wo