Dɛn ne Sum Ase Nneyɛe Bebree yi?
“BIRIBIARA nyɛ adesoa kɛse sɛ asumasɛm.” Sɛnea Fransefo bɛ bi repɛ akyerɛ ne no. So ebetumi aba sɛ eyi nti na sɛ yehu asumasɛm bi a yɛn ani gye, nanso ɛtɔ mmere bi a yɛn abam bu bere a yentumi nka ho asɛm no? Nanso, nnipa pii akyerɛ sum ase nneyɛe ho anigye wɔ mfehaha pii mu, na wɔahyehyɛ sum ase akuw de adi botae koro ho dwuma.
Sum ase akuw a akyɛ sen biara no bi ne sum ase som ahorow a na ɛwɔ Egypt, Greece, ne Rome no. Akyiri yi saa akuw yi bi man fii wɔn som ho kodii amansɛm, sikasɛm, anaa asetra mu nsɛm foforo akyi. Sɛ nhwɛso no, bere a wɔhyehyɛɛ aguadifo akuw wɔ Europa wɔ mfinimfini bere mu no, sikasɛm mu ahobammɔ titiriw nti na emufo no yɛɛ wɔn ade wɔ sum ase no.
Sɛnea Encyclopædia Britannica kyerɛ no, nneɛma pa bi nti na wɔtaa hyehyɛ nnɛyi sum ase akuw, na ebia wɔde adi “asetram yiyedi ne ayamye, adɔe ne nkyerɛkyerɛ nnwuma bi a wɔpɛ sɛ wɔyɛ ho dwuma.” Onuadɔ akuw, mmerante ne mmabaa akuw, asetram yiyedi akuw, ne akuw foforo bi nso yɛ sum ase akuw, anaasɛ wɔn nneyɛe no bi yɛ sum ase de. Mpɛn pii na asɛm biara nni saa akuw yi ho, a esum ase nneyɛe na emufo ani gye ho ara kwa. Sum ase amanne a wɔde fi ase no ma wonya nkate fam anigye, na ɛhyɛ ɔsom mu biakoyɛ honhom a wɔwɔ no mu den. Emufo nya abusuabɔ ne botae ahorow. Esum ase akuw a ɛte sɛ eyi no ntaa nyɛ asiane mma wɔn a wɔnyɛ emufo no. Empira wɔn a wɔnyɛ emufo no esiane sɛ wonnim emu nsɛm nti.
Bere a Sum Ase Nneyɛe Yɛ Asiane
Esum ase akuw nyinaa mfa wɔn nsɛm nsie pɛ. Nanso wɔn a wɔde wɔn “nsɛm hintaw fee,” sɛnea Encyclopædia Britannica ka no no, yɛ asiane titiriw. Ɛkyerɛkyerɛ mu sɛ, emu mpanyimfo atitiriw no “nam edin soronko a wɔfa to wɔn ho so, ntanka anaa adiyisɛm so yɛ wɔn ho soronko,” na wɔnam saayɛ so kanyan “emufo nkumaa no ma wɔbɔ wɔn ho mmɔden sɛ wobenya nkɔanim.” Asiane a ɛwɔ akuw a ɛtete saa mu no da adi pefee. Ebetumi aba sɛ emufo nkumaa no nnim ahyehyɛde no botae ahorow ankasa ho hwee, bere a wonnyaa nkɔanim nhuu saa adiyisɛm no mu no. Ɛnyɛ den sɛ wode wo ho bɛhyɛ kuw bi mu bere a wunnim ne botae ahorow ne akwan a wɔnam so du ho papa, a nokwarem no, ebia wɔnkyerɛkyerɛɛ mu yiye mpo nkyerɛɛ wo. Nanso ebetumi ayɛ den ama obi a wadi kan de ne ho ahyɛ kuw a ɛte saa mu no sɛ obefi mu akyiri yi; sɛnea yɛbɛka no no, bere a sum ase nsɛm akyekyere no no.
Nanso, sum ase nneyɛe no bɛyɛ nea asiane kɛse wom mpo bere a kuw no bu mmara so anaa wodi nsɛmmɔne ma enti wɔbɔ mmɔden sɛ wɔremma wɔn kuw no nna adi no. Na sɛ kuw no ne ne botae ahorow bɛda adi a, ebia wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔremma wonhu emufo ne dwuma a wɔrebedi no anim anim yi ara. Eyi te saa titiriw wɔ amumɔyɛfo akuw a wɔwɔ akyitaafo, a bere ne bere mu no, wɔnam wɔn ntua bɔne so ma wiase ho dwiriw no no mu.
Yiw, esum ase nneyɛe betumi ayɛ nea asiane wom ma ankorankoro ne ɔmanfo nyinaa. Susuw mmofra a wɔadu mpanyin afe so sum ase basabasayɛ kuw a wɔyɛ wɔn a wɔn ho nni asɛm basabasa, ne nsɛmmɔnedifo akuw te sɛ sum ase kuw a wɔfrɛ no Mafia, Amerika aborɔfo sum ase akuw te sɛ Ku Klux Klan,a ne amumɔyɛfo akuw bebree a ɛwɔ wiase a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe mmɔden biara a wiase bɔ sɛ ebenya asomdwoe ne dwoodwoo asetra no ho.
Dɛn na Wɔreyɛ Mprempren?
Wɔ 1950 mfe no mu no, Apuei ne Atɔe Fam Ntam Ntawntawdi no ma wɔhyehyɛɛ sum ase akuw wɔ Europa Atɔe fam aman pii mu na sɛ ɛba sɛ Sovietfo bɔ mmɔden sɛ wobedi Europa Atɔe famfo so bere bi a, wɔako atia wɔn. Sɛ nhwɛso no, sɛnea German atesɛm krataa Focus kyerɛ no, wɔhyehyɛɛ “sum ase akode akorae 79” wɔ Austria wɔ saa bere yi mu. Na ɛnyɛ Europa aman nyinaa mpo na na wonim saa akuw no. Atesɛm krataa bɔɔ amanneɛ ankasa wɔ 1990 mfe no mu sɛ: “Ade a wonnim nso ne ahyehyɛde ahorow yi mu dodow a ɛda so ara wɔ hɔ nnɛ, ne nea wɔreyɛ nnansa yi.”
Yiw, ɛyɛ ampa. Hena na obetumi ahu esum ase akuw dodow ankasa a ɛwɔ hɔ mprempren a wɔn ho yɛ hu sen nea yɛn mu biara betumi asusuw?
[Ase hɔ asɛm]
a Saa U.S. kuw yi nam mmeamudua a ɛredɛw a wɔde di dwuma sɛ wɔn agyiraehyɛde so akora tete sum ase akuw no mu ɔsom mu nneyɛe bi so. Bere bi a atwam no, na emufo no hyɛ ntade yuu de ade fitaa katakata wɔn anim de wɔn anibere soɛ abibifo, Katolekfo, Yudafo, ananafo, ne adwumayɛfo nkabom kuw mpanyimfo so.