Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 2/15 kr. 5-7
  • So Yehowa Adansefo Yɛ Sum Ase Kuw?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Yehowa Adansefo Yɛ Sum Ase Kuw?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Adanse Da no Adi
  • Ɔsom a Wonim no Yiye
  • “Wodwen Nnipa Ho”
  • Wɔbata Bible no ho Denneennen
  • Hena Ne Wɔn Kannifo?
  • Sum Ase Kuw—Ɛne Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Kristofo ne Adesamma Abusua Nnɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Yehowa Adansefo Yɛ Nokware Kristofo Anaa?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Henanom Na Wɔsom Nokware Som?
    Ɔkwan a Ɛkɔ Daa Nkwa Mu No—So Woahu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 2/15 kr. 5-7

So Yehowa Adansefo Yɛ Sum Ase Kuw?

WƆBƆƆ Yesu Kristo sobo sɛ ɔyɛ ɔsabofo, odidifo, onni Homeda, ɔdansefo torofo, Onyankopɔn ho abususɛnkafo, ne Satan somafo. Wɔbɔɔ no sobo nso sɛ otutu ɔman ase.—Mateo 9:34; 11:19; 12:24; 26:65; Yohane 8:13; 9:16; 19:12.

Yesu wu ne ne wusɔre akyi no, wɔbɔɔ n’asuafo no nso sobo ahorow a anibere wom. Nnipa bi twee afeha a edi kan mu Kristofo kuw bi kɔmaa kurow no mu mpanyimfo na wɔteɛteɛm sɛ: ‘Saa mmarima yi adan wiase ani.’ (Asomafo no Nnwuma 17:6) Bere foforo nso wɔde ɔsomafo Paulo ne ne yɔnko Silas kɔmaa atumfoɔ no na wɔbɔɔ wɔn sobo sɛ wɔretane Filipi kurow no ani dodo.—Asomafo no Nnwuma 16:20.

Akyiri yi wɔbɔɔ Paulo sobo sɛ “ɔyɛ obusufo a ɔde mansotwe ba Yudafo a wɔwɔ wiase nyinaa mu” na ɔbɔɔ mmɔden sɛ “ɔde efi bɛka asɔrefi” no. (Asomafo no Nnwuma 24:5, 6) Yudafo atitiriw a na wɔwɔ Roma kaa Yesu akyidifo no tebea no ho asɛm yiye bere a wogye toom sɛɛ yi: “Na fekuwsɛm yi de, yenim sɛ wɔkasa tia mmaa nyinaa.”—Asomafo no Nnwuma 28:22.

Ɛda adi sɛ, ebinom buu saa kuw a Yesu hyehyɛe yi sɛ nyamesom kuw a wokura adwene ne nneyɛe soronko a ɛne abrabɔ kwan a na wogye tom saa bere no bɔ abira koraa. Akyinnye biara nni ho sɛ anka nnɛyi nnipa pii besusuw sɛ na Kristofo no yɛ sum ase kuw a ɛsɛe ade. Ná anototofo no taa yɛ nkurɔfo a wɔwɔ dibea na wobu wɔn, na ɛbɛyɛ sɛ eyi na ɛmaa nkurɔfo gyee wɔn ntwatoso ahorow no dii kɛse. Nnipa pii gyee sobo a wɔde bɔɔ Yesu ne n’asuafo no dii. Nanso, sɛnea ebia wunim no, na sobo no mu biara nyɛ nokware! Ka a nnipa kaa saa nsɛm yi no nkyerɛ sɛ na ɛyɛ nokware.

Na ɛnnɛ nso ɛ? So ɛbɛyɛ papa sɛ wɔbɛka sɛ Yehowa Adansefo yɛ nyamesom kuw a wokura adwene ne nneyɛe soronko a ɛne abrabɔ kwan a wogye tom bɔ abira koraa? So Yehowa Adansefo yɛ sum ase kuw?

Nea Adanse Da no Adi

Aban panyin bi a ɔwɔ Russia kuropɔn St. Petersburg kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wɔkaa Yehowa Adansefo ho asɛm kyerɛɛ yɛn sɛ wɔyɛ kuw bi a wɔahinta wɔ sum ase a wokunkum mmofra ne wɔn ho.” Nanso, Russiafo abehu sɛnea Adansefo no te ankasa yiye nnansa yi. Bere a saa aban panyin no ne Yehowa Adansefo yɛɛ adwuma wɔ wɔn amanaman ntam nhyiam bi ho akyi no, ɔkae sɛ: “Afei mihu nnipa a wɔn adwene ye, wɔn anim tew, na wɔyɛ nnipa pa sen nnipa pii a minim wɔn. Wɔpɛ asomdwoe na wodwo, na wɔdodɔ wɔn ho wɔn ho yiye.” Ɔde kaa ho sɛ: “Mente ase koraa sɛ nkurɔfo ka wɔn ho atosɛm a ɛtete sɛɛ.”

Yehowa Adansefo nyɛ amanne a ɛyɛ hu biara wɔ wɔn nhyiam ase, na saa ara nso na wɔnsom wɔ esum ase. Nhoma kyerɛwfo bi a ɔnyɛ Ɔdansefo, Julia Mitchell Corbett ka sɛ: “Sɛ wohyia, a mpɛn pii ɛtaa boro pɛn koro dapɛn biara, wɔ Ahenni Asa so (wɔmfrɛ mmeae a wohyiam no asɔredan) a, wɔde wɔn bere no fã kɛse no ara sua Bible no na wosusuw ho.” Wɔde nkyerɛwde akɛse akyerɛw “Ahenni Asa” (Kingdom Hall) abobɔ wɔn nhyiambea ahorow ho. Obiara tumi ba wɔn nhyiam no ase, na wɔto nsa frɛ amanfo nyinaa sɛ wommetie bi. Wogye ahɔho a wɔba hɔ nyinaa fɛw so.

Corbett de kaa ho wɔ ne nhoma Religion in America mu sɛ: “Adansefo no ada wɔn ho adi sɛ wɔyɛ nokwaredifo, wobu ade, na wɔyɛ mmɔdenbɔfo nso.” Nnipa pii a wɔnyɛ Adansefo gye tom yiye sɛ biribiara nni Yehowa Adansefo ho a ɛyɛ hu anaa ɛmfata. Wɔn suban ne asetra mu su a wogye tom no mmɔ abira. The New Encyclopædia Britannica ka no nokwarem sɛ, Adansefo no “hwehwɛ sɛ ankorankoro biara di abrabɔ a ɛkorɔn ho mmara akyi wɔ asetra mu.”

Television adwumayɛbea bi a ɛwɔ United States no panyin bi a ɔhwɛ nsɛm ho amanneɛbɔ ne nnwuma atitiriw so kyerɛw krataa kɔmaa Yehowa Adansefo wɔ wɔn ho amanneɛbɔ a ɛnteɛ bi a wɔde too gua wɔ TV so dwumadi bi a wɔato din 60 Minutes mu ho. Ɔkae sɛ: “Sɛ nnipa pii tra ase sɛnea mo gyidi kyerɛ no a, anka ɔman yi nte sɛnea ɛte yi. Meyɛ sɛnkyerɛwfo a minim sɛ mo ahyehyɛde no gyina ɔdɔ ne Ɔbɔadeɛ no mu gyidi a emu yɛ den so. Mepɛ sɛ muhu sɛ ɛnyɛ nsɛnkyerɛwfo nyinaa na wɔwɔ afoforo ho adwene a ɛnteɛ saa.”

Ɔsom a Wonim no Yiye

So ɛfata sɛ wɔbɛka sɛ Yehowa Adansefo yɛ nyamesom kuw ketewaa bi? Ɔkwan bi so no, sɛ wɔde Yehowa Adansefo toto ɔsom ahorow bi ho a, wɔn dodow sua. Nanso kae nea Yesu kae no: “Ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a wohu no sua.”—Mateo 7:13, 14.

Adansefo no nyɛ sum ase kuw ketewaa bi ɔkwan biara so. Wɔ 1993 fefɛw bere mu no, nnipa dodow a wɔboro ɔpepem 11 na wɔkɔɔ Adansefo no Kristo wu Nkaedi no ase. Nanso nea ɛho hia sen wɔn dodow no ne wɔn abrabɔ ne nneyɛe pa a ama wɔanya nkamfo wɔ wiase nyinaa no. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi ka ho bi nti na wɔagye wɔn atom wɔ aman pii so sɛ ɔsom a edi mũ.

Ade titiriw biako nso ne nea Europa Asoɛe a Edi Hokwan a Onipa wɔ ho nsɛm ho dwuma kae nnansa yi no. Ɛde too gua sɛ ɛsɛ sɛ Adansefo no nya nsusuwii, ahonim, ne ɔsom mu ahofadi, na afei nso wɔwɔ hokwan sɛ wɔka wɔn gyidi kyerɛ na wɔde kyerɛkyerɛ afoforo. Sɛ Yehowa Adansefo nam nnaadaa ne anifere kwan a ɛmfata so na ɛsakra nkurɔfo anaasɛ wɔnam akwammɔne so na edi wɔn akyidifo adwene so a, anka ɛbɛyɛ den sɛ wɔbɛka saa afa wɔn ho.

Wɔ wiase mmaa nyinaa no, nnipa pii nim Yehowa Adansefo yiye. Yebisa nnipa ɔpepem pii a wɔnyɛ Adansefo a wɔne Adansefo no resua Bible anaa wɔne wɔn asua ade bere bi no sɛ, So wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ mo ma moagye nkyerɛkyerɛ bi atom pɛn? So Adansefo no faa anifere kwan bi so hyɛɛ mo adwene so? Akyinnye biara nni ho sɛ mmuae a mubefi nokwaredi mu de ama ara yɛ “dabi”. Ɛda adi pefee sɛ, sɛ wɔde akwan yi mu biara adi dwuma a, anka wɔn a wɔadaadaa wɔn no mu dodow no ara bedi adanse atia Yehowa Adansefo.

“Wodwen Nnipa Ho”

Sum ase kuw mufo tew wɔn ho fi abusua, nnamfo, ne nnipa nyinaa mpo ho. So saa na Yehowa Adansefo te? Sɛnkyerɛwfo bi a ofi Czech Adehyeman mu kyerɛwee sɛ: “Menyɛ Yehowa Adansefo no mu biako.” Nso ɔde kaa ho sɛ: “Ɛda adi sɛ wɔn [Yehowa Adansefo] da abrabɔ pa adi. . . . Wobu aban ahorow tumidi nanso wogye di sɛ Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebetumi adi nnipa nsɛnnennen nyinaa ho dwuma. Nanso hyɛ no nsow—wɔnyɛ nkurɔfo a wodi biribi akyi katee. Wɔyɛ nkurɔfo a wodwen nnipa ho.”

Na wɔn nkutoo ntew wɔn ho mfi abusuafo ne afoforo ho nkɔtra baabi. Yehowa Adansefo nim sɛ ɛyɛ wɔn Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde sɛ wɔbɛdɔ wɔn mmusua na wɔahwɛ wɔn. Wɔne nnipa a wofi mmusua ne ɔsom ahorow nyinaa mu tra na wɔbom yɛ adwuma. Sɛ asiane bi si a, wɔyɛ ntɛm de nneɛma kɔma wɔn na wɔyɛ nneɛma afoforo de boa wɔn.

Nea ɛho hia titiriw no, wɔyɛ ɔkyerɛkyerɛ adwuma a ɛso nni. Nyamesom akuw dodow ahe na wɔwɔ nhyehyɛe a wɔnam so srasra ankorankoro biara a ɔwɔ wɔn mpɔtam hɔ? Yehowa Adansefo yɛ eyi wɔ nsase bɛboro 200 so ne kasa horow bɛboro 200 mu! Ɛda adi pefee sɛ Yehowa Adansefo ‘dwen nnipa ho.’

Wɔbata Bible no ho Denneennen

Ɛyɛ ampa sɛ Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ yɛ soronko wɔ nea asɔre afoforo kyerɛkyerɛ ho. Yehowa Adansefo gye di sɛ Yehowa yɛ ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn na Yesu yɛ ne Ba, ɔnyɛ nyame baasakoro fã bi. Wɔwɔ gyidi a emu yɛ den sɛ Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebetumi de adesamma amanehunu aba awiei. Wɔbɔ nnipa kɔkɔ wɔ ɔsɛe a ɛreba nneɛma nhyehyɛe a aporɔw yi so no ho. Wɔka Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔde paradise asase bɛma adesamma asoɔmmerɛwfo no ho asɛm. Wɔnsom mmeamudua no. Wonni Buronya. Wogye di sɛ ɔkra wu, ne sɛ hellgya biara nni hɔ. Wonni mogya na wonnye mogya nso. Wɔtwe wɔn ho fi amammuisɛm ho na wɔmfa wɔn ho nhyɛ akodi mu. So woabisa wo ho pɛn sɛ dɛn nti na Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ yɛ soronko saa?

Massachusetts atesɛm krataa, the Daily Hampshire Gazette, kyerɛkyerɛ mu sɛ esiane sɛ Yehowa Adansefo “hwehwɛ Bible no mu kɔ akyiri nti, wɔnyɛ nneɛma ahorow pii a afoforo bu no sɛ ɛteɛ no bi. . . . , eyi a wɔyɛ no nyinaa yɛ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobedi afeha a edi kan Kristofo no nhwɛso ne Bible no mu asɛm akyi.” The Encyclopedia of Religion gye tom sɛ “nea wogye di nyinaa gyina Bible no so. Ɛkame ayɛ sɛ wɔde ‘kyerɛwsɛm si wɔn nsɛm so’ (kyerɛ sɛ, wɔde Bible mu asɛm bi si nea wɔka so dua) wɔ wɔn gyidi ho asɛm biara a wɔka mu, na wɔpene nea Bible ka biara so sɛ nokwasɛm sen atetesɛm.” Nhoma Religion in America ka sɛ: “Kuw no mmane mfii ne botae a ɛne Bible sua no ho da, na ɛde kyerɛw nsɛm mu nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri foa ne nkyerɛkyerɛ so.”

Hena Ne Wɔn Kannifo?

Ɛda adi sɛ ɛyɛ Bible nkyerɛkyerɛ a Yehowa Adansefo di akyi pɛɛ nti na wonni nnipa akannifo a wɔsom wɔn sɛ anyame sɛnea ɛte wɔ nnɛyi sum ase akuw mu no. Wɔpow adwene a asɔre ahorow pii kura a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ nsonsonoe da asɔfo ne asɔremma ntam no. The Encyclopedia of Religion ka Yehowa Adansefo ho asɛm yiye sɛ: “Wonni asɔfo kuw ne abodin atitiriw biara.”

Wodi Yesu Kristo akyi sɛ wɔn Kannifo ne Kristofo asafo no Ti. Yesu na ɔkae sɛ: “Wɔmmfrɛ mo Rabi; na obiako ne mo kyerɛkyerɛfo, na mo nyinaa yɛ anuanom. Na mommfrɛ obiara mo agya asase so; na obiako ne mo agya, ɔne nea ɔwɔ soro no. Nanso wɔmmfrɛ mo akyerɛkyerɛfo, na obiako ne mo kyerɛkyerɛfo, ɔne Kristo no.”—Mateo 23:8-12.

Ɛda adi pefee sɛ Yehowa Adansefo nyɛ sum ase kuw sɛnea na Yesu nyɛ odidifo ne ɔsabofo no. Ampa, ɛnyɛ wɔn a Yesu ne n’asuafo no ho atosɛm a wɔkae no nyaa wɔn so nkɛntɛnso no nyinaa na wɔkaa ne ho nsɛmmɔne. Ebinom wɔ hɔ a ebia na wɔn ho atosɛm na wɔka maa wɔtee ara kɛkɛ. Sɛ wowɔ Yehowa Adansefo ne nea wogye di ho nsemmisa bi a, adɛn nti na wonhwehwɛ mu na wunhu wɔn yiye? Wɔn a wɔrehwehwɛ nokware no nyinaa tumi kɔ wɔn Ahenni Asa so.

Afei nso wubetumi anya ahwɛyiye a wɔde hwehwɛ Bible mu nokware nimdeɛ no mu mfaso, na woasua sɛnea wobɛsom Nyankopɔn ma ɛne Yesu nsɛm yi ahyia sɛ: “Bere no reba, na adu, sɛ nokware asɔrefo bɛsɔre agya no honhom ne nokware mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no nso na agya no rehwehwɛ.”—Yohane 4:23.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena