Sɛnea Akodi Yɛ Mmofra Pasaa
NTƆKWAW pii a Sierra Leone ɔmanko no kɔfa bae no biako sii wɔ 1995 mfiase. Bere a atuo no gyaee toto no, na Tenneh a wadi mfe anan, a na n’awofo awu dedaw wɔ ɔko no mu no apira da hɔ. Ná tuo aboba akowura ne tirim akɔhyɛ n’ani nifa akyi, na na asiane a ɛwom ne sɛ tuo aboba no betumi akɔfa yare bɔne bi aba ma atrɛw aka n’amemene ma wawu.
Asram dunsia akyi no, Britaniafo awarefo bi yɛɛ nhyehyɛe de Tenneh kɔɔ England kɔyɛɛ no oprehyɛn. Oprehyɛn yɛfo kuw bi yii tuo aboba no, na nkurɔfo ani gyei sɛ oprehyɛn no kɔɔ yiye, maa wotumi gyee abofra bi nkwa. Nanso, hu a nkurɔfo no hui sɛ na Tenneh yɛ ayisaa a anka ɛnsɛ sɛ wɔbɔ no tuo koraa no maa anigye no tu yerae.
Akode Ahorow, Ɔkɔm, ne Ɔyare
Ɛwom sɛ tuo na ɛfom kɔbɔɔ Tenneh de, nanso mmofra pii wɔ hɔ a ɛnyɛ sɛ wɔfom kum wɔn, na mmom wɔhyɛ da kum wɔn. Sɛ mmusua ntam ntɔkwaw si a, mpanyimfo a wokunkum wɔn no nnɔɔso; wobu atamfo no mma sɛ wɔyɛ daakye atamfo. Amammui ho sɛnkyerɛwfo bi a ɔwɔ Rwanda kae wɔ radio so amanneɛbɔ bi mu wɔ 1994 sɛ: “Sɛ wubekunkum nkura akɛse no a, ɛsɛ sɛ wukunkum nkura nketewa no.”
Nanso mmofra a wowuwu wɔ akodi mu no fã kɛse no ara nyɛ nea atopae anaa atuo na ekunkum wɔn na mmom ɔkɔm ne yare. Wɔ Afrika akodi mu sɛ nhwɛso no, nnipa dodow a aduan ne nnuru a wonnya nti wowuwu no yɛ wɔn a ɔko ankasa kunkum wɔn no bɛyɛ mmɔho 20. Nneɛma a ɔmamfo hia a wosiw no kwan no yɛ atirimɔdenne a wɔde yɛ nnipa wɔ ɔko mu nnansa yi. Asraafo de atopae ahyehyɛ afusase pii mu, asɛe nnɔbae ahorow ne nsu, na wɔde wɔn nsa ato ahiade a wɔde ma ɔmanfo so. Wɔasɛesɛe ayaresabea ahorow nso, ma ayaresabea adwumayɛfo ahwete.
Mmofra na saa atirimmɔdenne yi ka wɔn kɛse. Sɛ nhwɛso no, efi 1980 kosi 1988 no, mmofra dodow a wowuwui esiane ɔhaw a akodi de ba nti no yɛ 330,000 wɔ Angola ne 490,000 wɔ Mozambique.
Wonni Fie, Wonni Abusua
Ɔko kunkum awofo ma mmofra dan nyisaa, nanso ɛyɛ saa denam mmusua a ɛbɔ wɔn hwete nso so. Wiase nyinaa no, basabasayɛ ho ahunahuna ama nnipa bɛyɛ ɔpepem 53 aguan afi wɔn afie. Ɛno bɛyɛ asase so nnipa 115 biara mu 1! Anyɛ yiye koraa no, wɔn mu fã yɛ mmofra. Bere a nkurɔfo de ehu guan no, mmofra ne wɔn awofo ntam taa tetew.
Nea Rwanda ko no kowiei ne sɛ, eduu 1994 awiei no, na mmofra 114,000 ne wɔn awofo ntam atetew. Sɛnea 1995 akontaabu bi kyerɛ no, Angola mmofra 5 biara mu 1 nyaa osuahu a ɛte saa. Mmofra no pii fam no, wɔne wɔn awofo ntam a ɛtetewee no haw wɔn sen ɔko mu basabasayɛ ankasa, ɛnkanka wɔn a wosusua paa no.
Asase mu Atopae Kunkum Wɔn
Wiase nyinaa no, mmofra ɔpehaha pii na wɔafi adi akogoru, akɔka mmoa so, akɔ nnyina, anaa wokodua ade ma atopae a wɔde ahyehyɛ asase mu pae tetee wɔn pasaa. Asase mu atopae kunkum nnipa 800 ɔsram biara. Wɔ aman 64 mu no, sɛ wɔka bom a, atopae bɛyɛ ɔpepem 110 na ɛhyehyɛ fam. Atopae a ɛtete saa bɛyɛ ɔpepem ason na wɔde ahyehyɛ asase mu wɔ Cambodia nkutoo, abofra biara benya abien.
Aman bɛboro 40 na wɔyɛ asase mu atopae ahorow 340 a ne su ne ne kɔla gu ahorow pii. Ebi te sɛ abo, ebi nso te sɛ aborɔbɛ, afoforo te sɛ afofantɔ ahabammono a efi helikopta mu besi fam bɔkɔɔ, a ɛmpae. Amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ wɔde asase mu atopae bi a wɔyɛ no te sɛ agode gu bɛn sukuu ne agodibea ahorow, faako a mmea ne mmofra behu.
Egye bɛyɛ $3 pɛ na wɔde ayɛ asase mu topae a wɔde di ako, nanso egye $300 kosi $1,000 na wɔatumi ahu topae bi a ɛhyɛ fam ayi. Wɔ 1993 mu no, woyii asase mu atopae bɛyɛ 100,000, nanso wɔde foforo ɔpepem abien hyehyɛɛ fam. Ne nyinaa yɛ nneɛma a ɛhyɛ hɔ dinn retwɛn adi awu, a enhu nsonsonoe a ɛda ɔsraani ne abofra ntam, ɛmfa asomdwoe nhyehyɛe biara nyɛ hwee, na mfe 50 koraa na ɛda so ara wɔ ahoɔden.
Wɔ May 1996 mu, bere a na wɔde mfe abien atu agyina wɔ Geneva, Switzerland awie no, UN agyinatufo no antumi ammara atopae a wɔde hyɛ asase mu wɔ wiase nyinaa. Ɛwom sɛ wotumi baraa atopae ahorow no bi de anohyeto ahorow totoo dwuma a wɔde afoforo di so de, nanso ɛnyɛ ade a wobesusuw bara a wɔbɛbara atopae a wɔde hyɛ asase mu korakora ho bio kosi sɛ wɔbɛyɛ UN nhyiam a edi hɔ, a wɔde ahyɛ afe 2001 mu no. Efi nnɛ kosi saa bere no, asase mu atopae betumi akunkum nnipa 50,000 aka ho, na adi 80,000 dɛm. Wɔn mu bebree bɛyɛ mmofra.
Ayayade ne Mmonnaato
Wɔ nnansa yi akodi mu no, wɔayɛ mmofra ayayade sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtwe wɔn awofo aso anaa wɔbɛma wɔaka wɔn ho nsɛm bi akyerɛ. Ɛtɔ mmere bi a, wɔ akodi mu atirimɔdensɛm mu no, wɔyɛ mmofra ayayade de gyigye wɔn ani kɛkɛ a atirimpɔw biara nni akyi.
Nna mu basabasayɛ, a mmonnaato ka ho, abu so wɔ ɔko mu. Wɔ Balkans ko no mu no, wɔde yɛɛ wɔn botae sɛ wɔbɛto mmeawa mmonnaa, ahyɛ wɔn ma wɔawo mma ama wɔn atamfo. Saa ara na wɔ Rwanda no, asraafo de mmonnaato yɛɛ biribi a wɔde bɛsɛe mmusua ntam biakoyɛ. Wɔ ntua ahorow bi mu no, ɛkame ayɛ sɛ wɔtoo abeawa biara a onyaa ne ti didii mu wɔ asraafo ntua no mu no mmonnaa. Mmeawa a wonyinsɛnee no pii mmusua ne wɔn mpɔtam hɔfo poo wɔn. Mmeawa binom too wɔn mma nketewa no gui; afoforo nso kunkum wɔn ho.
Nkate Fam Ahohia
Mmofra taa fa tebea horow a ɛyɛ asefem sen ahude a ɛsen biara a mpanyimfo pii ahu pɛn mu wɔ akodi mu. Wɔ Sarajevo sɛ nhwɛso no, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ mmofra 1,505 mu no daa no adi sɛ gyama na wɔatow topae ato baabi ma wɔn nyinaa ahu pɛn. Ná wɔatow wɔn mu bɛboro fã tuo pɛn, na wɔn mu baasa biara mu baanu kɔɔ tebea horow a na wosusuw sɛ wobekunkum wɔn mu.
Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Rwanda mmofra 3,000 mu daa no adi sɛ na wɔn mu ɔha biara mu 95 ahu basabasayɛ ne nnipakum wɔ okunkɛse no mu, na bɛyɛ ɔha biara mu 80 ahwere wɔn abusuafo. Ná bɛyɛ wɔn mu baasa biara mu biako ahu mmonnaato anaa nna mu basabasayɛ, na na bɛboro wɔn mu baasa biara mu biako ahu mmofra foforo a wɔakunkum nnipa anaa wɔaboro wɔn. Osuahu a ɛtete saa ma mmofra adwene ne wɔn koma tu fra. Amanneɛbɔ bi a ɛfa mmofra a ahude ayɛ wɔn basaa a wofi kan Yugoslavia ho no kae sɛ: “Wɔda so kae asɛm no . . . na ɛma wɔsoso dae bɔne, na ahude a atwam no begyinagyina wɔn ani so, ehu ka wɔn, wɔnte ahobammɔ nka, na wonni atenka biara mma afoforo.” Wɔ Rwanda okunkɛse no akyi no, adwene ne nneyɛe ho nimdefo bi a ɔwɔ Ɔman Ayaresabea a Ɛhwɛ Nnipa a Ahude Ayɛ Wɔn Basaa no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Nsɛnkyerɛnne a ɛda adi wɔ mmofra ho no bi ne adaeso a ɛyɛ hu, adwene a wontumi mfa nsi ade biako so, adwenemhaw ne daakye ho anidaso a wonni.”
Wɔbɛyɛ Dɛn Atumi Aboa Mmofra?
Nhwehwɛmufo pii gye di sɛ sɛ mmofra ka wɔn nkate ne nneɛma a wɔkaakae no hyɛ a, ɛmma basaayɛ no mfi hɔ. Mpɛn pii no, ahotɔ no fi ase bere a abofra no ko tia nneɛma a ɛyɛ hu a ɔkaakae no denam nea esii no a ɔbɛka akyerɛ ɔpanyin mmɔborohunufo bi a ɔwɔ ho nimdeɛ no so. Asetra mu nsɛm ho dwumayɛni bi a ɔwɔ Afrika Atɔe fam kae sɛ: “Ade biako a ɛho hia titiriw ne sɛ wobetumi ama mmofra a wɔahaw ayi wɔn yam akasa pii.”
Ade foforo a ɛboa ma wonya ahotɔ fi nkate fam yaw mu ne biakoyɛ a emu yɛ den a abusuafo ne mpɔtam hɔfo ne wɔn benya ne wɔn mmoa. Te sɛ mmofra nyinaa no, wɔn a akodi apira wɔn no hia ntease ne tema. Nanso, ntease bi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yegye di sɛ anidaso wɔ hɔ ma mmofra nyinaa sɛ wobenya daakye a ɛyɛ anigye?
[Kratafa 18 adaka/mfonini]
Ná Ɛte Sɛ Bɔɔl
Wɔ Laos no, na abeawa bi ne ne nuabarima nam kwan so de ɛkoɔ rekɔ adidi. Abeawa no huu biribi wɔ amena mu te sɛ bɔɔl. Ɔfae na ɔtow maa ne nuabarima no. Ɛtɔɔ fam paee, na ekum abarimaa no amonom hɔ ara.
[Kratafa 19 adaka]
Nnipa Mpempem Pii mu Biako Pɛ
Bere a ɔko fii ase wɔ Angola mpɔtam a na Maria, ayisaa bi a na wadi mfe 12 te no, wɔtoo no mmonnaa ma onyinsɛnee. Bere a ɔko no mu yɛɛ den no, Maria guanee, ma ɔnantew kilomita 300 kɔɔ baabi a ɛhɔ dwo, na ɔkɔɔ mmofra a wonni atrae asoɛe bi. Esiane sɛ na osua dodo nti, awo kaa no ntɛm, na ɔwoo abofra a na ne bere nsoe wɔ awo a emu yɛɛ den mu. Akokoaa no dii adapɛn abien pɛ. Maria wui dapɛn biako akyi. Maria yɛ mmofra mpempem pii a wɔayɛ wɔn ayayade na wɔato wɔn mmonnaa wɔ nnansa yi akodi ahorow mu no mu biako pɛ.
[Kratafa 19 adaka]
Adwene ne Koma a Etu Fra
Nea ɛtoo Shabana a wadi mfe awotwe wɔ India no yɛ sɛnea basabasayɛ taa ka mmofra no ho mfatoho yiye. Ohui sɛ basabasayɛfo kuw bi aboro ne papa akum no, na afei wɔatwa ne maame ti. N’adwene ne ne koma ayɛ sisirii besi nnɛ, ma akata ehu ne adehwere no so. Ɔka no waa a atenka biara nnim sɛ: “M’ani nnyinaa m’awofo. Wɔn ho adwene mma me tirim.”