Mmofra a Wofi Wɔn Awofo Nkyɛn Ho Yawdi
“Ná me kunu aka asɛm yi akyerɛ me ɛda a yɛwoo yɛn abakan no—‘Ɔdɔ, mmofra ntetee yɛ wo nkyɛn a wobefi ho adwuma a egye bere tenten.’”—Ourselves and Our Children—A Book by and for Parents.
AWOFO dodow no ara ani gye—wodi ahurusi mpo—bere a wɔwo wɔn abakan no. Wɔ ahokyere, akodi, ɛyawdi, abasamtu, ne dadwen ahorow a ɔwofoyɛ de ba nyinaa akyi no, mma betumi ayɛ ade a ɛde anigye kɛse ba. Bɛyɛ mfe mpem abiɛsa a atwam ni no, Bible no kae sɛ: “Mma yɛ AWURADE akyɛde; wɔyɛ nhyira ankasa.”—Dwom 127:3, Today’s English Version.
Nanso, Bible no hyɛ nkɔm a ɛsɛ sɛ yesusuw ho yiye yi nso: “Ɔbarima begyaw n’agya ne ne na.” (Genesis 2:24) Esiane nneɛma horow bi nti, mmofra a wɔanyinyin taa fi fie—wokosua nhoma anaa wɔkɔyɛ adwuma, wɔkɔtrɛw wɔn Kristofo som adwuma mu, anaa wɔkɔware. Nanso wɔ awofo bi fam no, saa nokwasɛm yi yɛ biribi a ɛyɛ yaw ankasa. Wɔma awosu mu a wɔn mma fi pere sɛ wobenya ahofadi no ma—sɛnea nhoma kyerɛwfo bi ka no no—“wɔte nka sɛ nea wɔadidi wɔn atɛm, ahyɛ wɔn abufuw, agu wɔn anim ase, ahunahuna wɔn anaasɛ wɔapo wɔn.” Eyi taa kowie abusua mu basabasayɛ ne ntawntawdi mu. Esiane sɛ awofo bi mpɛ sɛ wɔn mma befi fie nti, wɔmmoa wɔn mma wɔmmɛyɛ mpanyimfo. Aba a wotwa fi anibiannaso a ɛte saa mu no betumi ayɛ hu: mpanyimfo a wɔnyɛɛ ahoboa sɛ wɔbɛhwɛ fie, wɔbɛhwɛ abusua, anaasɛ wɔbɛyɛ adwuma mpo.
Ɛyaw a ntetewmu de ba no betumi ayɛ den titiriw wɔ awofo a wonni ahokafo mmusua mu. Ɔwofo a onni hokafo bi a wɔfrɛ no Karen ka sɛ: “Me ne me babea bɔ yiye; yenyaa ayɔnkofa a emu yɛ den ankasa. Ná me ne no na ɛkɔ baabiara.” Ɔwofo ne ɔba ntam abusuabɔ a emu yɛ den no abu so wɔ awofo a wonni ahokafo mmusua mu. Ntease wom sɛ, nsusuwii a ɛne sɛ wɔrebɛhwere abusuabɔ a ɛte saa no betumi ayɛ nea ɛyɛ yaw yiye.
Nanso, Traits of a Healthy Family (Abusua a Ɛyɛ Den Su Horow) nhoma no bɔ awofo nkae sɛ: “Nea abusua asetra kyerɛ ara nen: sɛ wobɛtete abofra a ɔdan wo ma wanyin abɛyɛ ɔpanyin a ɔde ne ho.” Afei ɛbɔ kɔkɔ sɛ: “Mmusua mu ɔhaw ahorow pii fi pɛ a awofo mpɛ sɛ wɔn mma befi wɔn nkyɛn no.”
Wo nso ɛ? Woyɛ ɔwofo? Sɛ saa a, woayɛ ahoboa ama da a wobɛma wo mma afi wo nkyɛn no? Na wo mma no nso ɛ? So woresiesie wɔn ma wɔn ankasa abɔ wɔn bra?